Onyankopɔn mu Gyidi Bɔ Me ho Ban
NÁ ƐYƐ May 1945, na afei na Wiase Ko II no aba awiei wɔ Europa. Ná ɛyɛ nnanu pɛ a mebaa fie wɔ Chojnice, Poland. Ɛkaa kakra ma anka akwantu no gyee me asram abien, efisɛ menantewee, na migyinaa mpɛn dodow bi kɔsrasraa nkurɔfo. Ná makodi mfe abien wɔ Stutthof nneduaban a ɛbɛn Danzig (mprempren Gdansk) no mu.
Ná me ne me nuabeanom baanu akɔsra Maame ma yɛte asa so a yɛn ani agye. Obi bɔɔ anim hɔ pon no mu, na me nuabea panyin Elaine kae sɛ ɔrekɔhwɛ onii ko. Yɛamfa yɛn adwene ankɔ so araa kosi sɛ yɛtee sɛ wateɛm. Mesɔre fii m’akongua so prɛko pɛ kɔɔ pon no ano ntɛm. Ná Wilhelm Scheider ne Manfred Licnierski, mfɛfo Adansefo baanu a na misusuw sɛ wɔawuwu fi bere a etwa to a mihuu wɔn no na na wogyina hɔ.
Metɛɛ m’anom de ahodwiriw hwɛɛ wɔn kakra, na Onua Scheider bisae sɛ mɛma wɔn aba dan mu anaa. Efi saa bere no yɛtraa ase bɔɔ nkɔmmɔ kosii anadwo, na yɛkaakaee sɛnea Yehowa Nyankopɔn bɔɔ yɛn ho ban wɔ yɛn nneduaban mu nna mu no. Ansa na mɛka saa osuahu ahorow yi bi no, momma menkyerɛ nea ɛyɛe a wɔde me kɔɔ nneduaban mu no.
Wɔsɔ Me Gyidi Hwɛ wɔ Me Mmofraase
M’awofo bɛyɛɛ Bible Asuafo (sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no) 1923, na saa bere no ara mu na wɔwoo me. Ná mfe a edii Wiase Ko II no anim no mu yɛ den ma Adansefo no. Ná wɔkyerɛ Katolek som wɔ sukuu ahorow mu, na wodii Adansefo ani kɛse. Ná mmofra afoforo taa guan me ho ma ɔkyerɛkyerɛfo no gyina wɔn akyi bere nyinaa. Ná asɛnka adwuma no nso yɛ den. Bere bi a yɛreka asɛm wɔ kurow a ɛbɛn Kamien mu no, kurow no mufo bɛboro ɔha betwaa Adansefo bɛyɛ 20 a na yɛwɔ hɔ no ho hyiae. Poland asraafo duu hɔ ntɛm begyee yɛn fii basabasayɛfo kuw no nsam.
Ɔtaa no mu yɛɛ den bere a Germany to hyɛɛ Poland so wɔ September 1939 no. Awiei koraa no German polisifo a wɔyɛ adwuma sum ase a wɔfrɛ wɔn Gestapofo no kyeree me wɔ 1943 mu esiane sɛ mepowee sɛ mɛsom sɛ German sraani nti. Bere a Gestapofo no kyeree me no, wobisabisaa me nsɛm de bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma mabobɔ mpɔtam hɔ Adansefo afoforo din. Bere a manyɛ saa no, Gestaponi no ka kyerɛɛ me sɛ ebia mɛkɔ akowu wɔ nneduaban bi mu.
Nea edi kan no, wɔde me kɔɔ Chojnice afiase, na afiase ahwɛfo bi de rɔba abaa hwee me sɛnea ɛbɛyɛ na magyae me bo a masi sɛ mɛkɔ so adi Yehowa nokware no mu asiesie. Saa ɔhwe yi kɔɔ so simma 15 anaa 20, na saa bere no nyinaa na merebɔ mpae denneennen. Bere a wɔde ɔhwe no rebɛba awiei no, afiasehwɛfo biako kae sɛ wabrɛ sen me.
Ɛyɛ nwonwa de, nanso bere a wɔhwee me kakraa bi no, afei mante yaw no kɛse bio. Mmom no, ɛte sɛ nea na mete ne nnyigyei kɛkɛ, te sɛ nea wɔreboro ntwene bi wɔ akyirikyiri. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa bɔɔ me ho ban na otiee me mpaebɔ. Ankyɛ na afiase hɔfo no tee hwe a wɔhwee me no ho asɛm, na ebinom fii ase frɛɛ me “Onyankopɔn nipa.” Ɛno akyi no, ankyɛ na wɔde me kɔɔ Gestapo adwumayɛbea ti a ɛwɔ Danzig no. Ɔsram biako akyi no, wɔde me kɔɔ Stutthof nneduaban no mu.
M’asetra wɔ Stutthof
Bere a wɔde yɛn koduu hɔ no, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnto santen wɔ nneduaban no anim. Obi a ɔyɛ kapo (deduani a ɔhwɛ nneduafo afoforo so) de ne nsa kyerɛɛ beae a wɔhyew amu no awisikwan akɛse abiɛsa so, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ ebedi nnansa no na yɛkɔ yɛn Nyankopɔn nkyɛn wɔ soro. Ná minim sɛ wɔde Onua Bruski a na ɔwɔ yɛn asafo a ɛwɔ Chojnice no aba Stutthof, enti mebɔɔ mmɔden hwehwɛɛ no. Nanso, deduani foforo ka kyerɛɛ me sɛ owui ɔsram biako a atwam no. Me ho yeraw me araa ma mehwee fam. Ná mete nka sɛ, sɛ Onua Bruski a na ɔwɔ honam ne honhom fam ahoɔden mpo awu a, ɛnde na me nso mewu.
Nneduafo afoforo susoo me mu de me kɔɔ nneduaban atrae hɔ, na saa bere no na midii kan huu Onua Scheider. Akyiri yi, mibehui sɛ ná ɔno ne Poland baa dwumadibea no sohwɛfo ansa na ɔko no refi ase. Ɔne me bɔɔ nkɔmmɔ pii, na ɔkae sɛ, sɛ mehwere Yehowa mu gyidi a, mewu! Metee nka sɛ Yehowa na ɔsomaa no sɛ ɔmmɛhyɛ me den. Nokwarem no, hwɛ sɛnea abebusɛm yi yɛ nokware sɛ: ‘Onua bi wɔ hɔ a, wɔwoo no maa hiada’!—Mmebusɛm 17:17.
Saa bere no ná me gyidi ayɛ mmerɛw, na Onua Scheider twee m’adwene sii Hebrifo 12:1 so. Ɛhɔ na wɔka kyerɛ Kristofo sɛ wɔnhwɛ yiye wɔ bɔne a ɛkyekyere wɔn ntɛmntɛm, a ɛne gyidi a wonni no ho. Ɔboaa me ma mekaee anokwafo a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Hebrifo ti 11 no, de me gyidi totoo wɔn de ho. Efi saa bere no, mebɛn Onua Scheider sɛnea metumi biara, na ɛmfa ho sɛ na wanyin sen me mfe 20 no, yɛbɛyɛɛ nnamfo paa.
Bere bi, ɔbarima kɛse bi a na ahinasa a ne hwɛbea te sɛ ahabamono wɔ n’atade mu (a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ omumɔyɛfo) ka kyerɛɛ me sɛ mensɔre nnyina pon bi so na menka Yehowa ho asɛm nkyerɛ nneduafo no. Bere a mifii ase yɛɛ saa no, nneduafo afoforo fii ase dii me ho fɛw. Nanso ɔbarima kɛse no kɔhwɛ maa wɔyɛɛ dinn—ná obiara suro no. Saa dapɛn no nyinaa, sɛ yehyiam sɛ yɛrebedidi owigyinae anaa anwummere a, na saa ɔbarima yi ma migyina pon no so ka asɛm no.
Dapɛn a edi hɔ no, wɔde me ne nneduafo afoforo bi kɔɔ nneduaban foforo mu. Odeduani foforo bi a ahinasa a ne hwɛbea te sɛ ahabamono wɔ n’atade mu baa me nkyɛn na obisaa me nea enti a me Nyankopɔn de me aba saa “beae a wohu amane wɔ hɔ” no. Mibuae sɛ wayɛ saa na ama manya kwan aka asɛm akyerɛ nneduafo no, na afei asɔ me gyidi ahwɛ. Bere a me ne saa nneduafo yi wɔ hɔ no, wɔmaa me kwan ma migyinaa wɔn anim kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn anadwo biara adapɛn abien.
Da bi, kaponi bi ka kyerɛɛ deduani foforo sɛ ɔmmoro me. Ɔpowee ɛmfa ho sɛ na ɛno betumi ama wɔaboro no no. Bere a mibisaa no nea enti a wammoro me no, ɔkae sɛ ɔyɛɛ n’adwene sɛ obekum ne ho nanso me kasa ahorow no biako a otiee no boaa no maa ɔsesaa n’adwene. Ɔfaa no sɛ na magye no nkwa, ma enti na ontumi mmoro obi a wayɛ saa no.
Wɔsɔ me Gyidi Hwɛ Kosi Ase
Wɔ 1944 awɔw bere mu no, Russiafo no bɛnee Stutthof. German nneduaban so ahwɛfo yɛɛ wɔn adwene sɛ wobeyi nneduafo no afi hɔ ansa na Russiafo no adu hɔ. Germanfo no fii ase maa yɛn mu 1,900 a yɛwɔ nneduanban no mu tuu aperenten sɛ wɔde yɛn rekɔ Słupsk. Bere a yetwaa kwan no fã no, na aka yɛn mu bɛyɛ 800. Wɔ aperententu no nyinaa mu no, yɛtee atutow pii, enti ɛda adi sɛ wɔtotoo wɔn a wɔaka no atuo anaasɛ woguanee.
Ansa na yɛrefi yɛn akwantu no ase no, wɔmaa yɛn mu biara paano a emu duru yɛ gram 450 ne bɔta gram 220. Nnipa pii dii nea wɔde maa wɔn no nyinaa ntɛm ara. Nanso, mekyekyɛɛ me de no mu sɛnea metumi biara, efisɛ na minim sɛ yɛde bɛyɛ dapɛn abien na ebetwa kwan no. Ná Adansefo a wɔka nneduafo no ho bɛyɛ du pɛ, na me ne Onua Scheider boom nantewee.
Wɔ akwantu no da a ɛto so abien mu no, Onua Scheider yaree. Efi saa bere no, ɛkame ayɛ sɛ na ɛsɛ sɛ mefa no, efisɛ yegyinae a, anka wɔbɛto yɛn tuo. Onua Scheider ka kyerɛɛ me sɛ Yehowa tiee ne mpaebɔ na ɔde me baa hɔ sɛ me mmɛboa no. Da a ɛto so anum no, na mabrɛ, na ɔkɔm de me araa ma metee nka sɛ mintumi ntu anammɔn biako mpo na kampɛsɛ mafa Onua Scheider. Ná ɔkɔm ama ɔno nso rekɔ so yɛ mmerɛw.
Saa awia no, Onua Scheider ka kyerɛɛ me sɛ obegu nsu, enti mefaa no de no kɔɔ dua bi ase. Ná meretwitwa m’ani ahwɛ ahu sɛ Germanfo awɛmfo no bi nhuu yɛn. Bɛyɛ simma biako akyi no, Onua Scheider danee ne ho a okura paano sebɔw biako. Mibisaa no sɛ: “Wunya fii he? Ná ɛsɛn dua no so anaasɛ dɛn?”
Ɔkae sɛ bere a medanee me ho no, ɔbarima bi baa ne nkyɛn na ɔde paano no maa no. Ɛno yɛɛ me ahodwiriw, efisɛ manhu obiara wɔ hɔ. Saa bere no na ɔkɔm de yɛn yiye ma yɛansusuw sɛnea ɛyɛe a ɛbae no ho. Nanso nokwarem no, efi saa bere no, mibenyaa bisa a Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yemmisa yɛn daa aduan no ho anisɔ kɛse. (Mateo 6:11) Sɛ yɛannya saa paano no a, anka yɛantra ase. Misusuw odwontofo no nsɛm yi ho: “Minhuu Onipa trenee a wɔapa no anaasɛ n’asefo srɛ aduan.”—Dwom 37:25.
Bɛyɛ dapɛn biako akyi, bere a yɛatwa Słupsk kwan no bɛyɛ fã no, yegyinae wɔ Hitler nneduaban bi a wɔde mmofra kɔ hɔ mu. Ná yɛrekohyia nneduafo afoforo wɔ hɔ. Ná Onua Licnierski anya atiridii ma wɔde ɔne nneduafo afoforo a wɔyareyare akogu atrae soronko bi mu. Anwummere biara na mifi atrae a mewɔ no wia me ho kɔ Onua Licnierski nkyɛn. Sɛ wohuu me a, anka wɔbɛto me tuo, nanso na ɛho hia me yiye sɛ mɛyɛ nea metumi biara ama n’atiridii no abrɛ ase. Ná mede ntama bɔ nsu mu tra ne nkyɛn de popa ne moma so. Ɛno akyi no, na mesan wia me ho kɔ atrae a mewɔ no. Onua Scheider nso nyaa atiridii ma wɔde no kɔtoo atrae a Onua Licnierski wɔ no.
Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ Germanfo no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔde yɛn bɛkɔ Baltic Po no so, na wode yɛn akogu hyɛmma mu de yɛn akɔ Denmark. Nanso, Russiafo no kɔɔ so bɛnee. Bere a Germanfo no koma tui na wofii ase guanee no, nneduafo no faa hokwan no guanee. Germanfo no ka kyerɛɛ me sɛ menkɔ, nanso esiane sɛ na Onua Scheider ne Onua Licnierski yare dodo sɛ wobetumi atu kwan, na mintumi mfa wɔn nti, na minhu nea menyɛ. Enti mifii hɔ, a na me mpaebɔ ne sɛ Yehowa bɛhwɛ ayɔnkofo adɔfo yi so.
Mifii hɔ akyi dɔnhwerew biako no, Russiafo no baa nneduaban no mu. Ɔsraani bi huu Onua Scheider ne Onua Licnierski, na ɔhyɛɛ Germanni bea bi a na ɔte afuw bi a ɛbɛn hɔ mu sɛ ɔmma wɔn akokɔ nkwan da biara nkosi sɛ wobenya ahoɔden. Ɔbea no ka kyerɛɛ ɔsraani no sɛ Germanfo no awia ne nkokɔ nyinaa. Afei ɔsraani no ka kyerɛɛ no sɛ, sɛ wamma saa mmarima no aduan a, obekum no. Sɛnea wobɛhwɛ kwan no, ɔyɛɛ ntɛm kɔhwehwɛɛ nkokɔ, na na ɛnkyɛ me nuanom adɔfo yi benya ahoɔden!
Me Gyidi a Wɔakɔ so Asɔ Ahwɛ
Bere a yɛwɔ me maame asa so no, yɛkaa eyinom, ne osuahu afoforo ho asɛm kosii ahemadakye. Anuanom no ne yɛn trae nna kakra, na afei wɔkɔɔ wɔn afie. Yehowa de Onua Scheider dii dwuma kɛse ma ɔyɛɛ asɛnka adwuma no ho nhyehyɛe bio wɔ Poland, na ɔsan fii ne kan dwumadi pii ase bio. Nanso, esiane sɛ Komunistfo no begyee ɔman no nti, asɛnka adwuma no bɛyɛɛ den.
Bere rekɔ so no, wɔkyekyee Adansefo a wɔreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no. Mpɛn pii no na meka eyinom ho, a wɔn a na wɔagye me afi Nasifo no nsam yi ara na wobisabisa me nsɛm. Afei yehuu nea enti a na tumidifo no nim yɛn dwumadi no yiye saa no. Ná Komunistfo no de akwansrafo adua ahyehyɛde no mu na wɔahwɛ de yɛn ho amanneɛbɔ akɔma wɔn. Saa adeyɛ yi dii wɔn botae ho dwuma araa maa wɔ 1950 anadwo biako no, wɔkyeree Adansefo mpempem pii.
Bere rekɔ so no, me ne me yere Helena ne yɛn abusua a na ɛreyɛ kɛse no sii gyinae sɛ yebetu akɔtra United States. Yɛkɔɔ hɔ 1966. Bere a mekɔɔ Brooklyn, New York no, mitumi maa wɔn a wokura asɛyɛde akɛse wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti no nsɛm a ɛboaa wɔn ma wotumi huu wɔn a na Komunistfo no de wɔn adua ahyehyɛde no mu no.—Fa toto Asomafo no Nnwuma 20:29 ho.
Mprempren, madi mfe 70, na mesom sɛ ɔpanyin wɔ asafo bi mu wɔ Colarado ha a mete yi. Esiane sɛ m’akwahosan nyɛ pii nti, mintumi nyɛ nneɛma bi a na mitumi yɛ no bere bi a atwam no. Nanso, meda so ara de anigye ka Yehowa Ahenni no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo. Sɛ me ne mmofra kɔ asɛnka nso a, mefa hokwan no ma wohu sɛ ɛmfa ho ahohia biara a ɛbɛto wɔn no, Yehowa ayɛ krado bere biara sɛ ɔde n’ahoɔden bedi aboa wɔn a wofi wɔn koma nyinaa mu gye no di.
Sɛ misusuw m’asetra bere a atwam no ho a, m’ani sɔ sɛ Yehowa gyee me ne me nnamfonom fii tebea a ɛyɛ hu no mu. Saa nsɛm yi a asisi no ama gyidi a mewɔ wɔ ne hwɛ a ahobammɔ wom mu no ayɛ den ankasa. Migye di pefee sɛ ɛnkyɛ, saa nneɛma nhyehyɛe yi bɛba awiei wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛrebɛn ntɛmntɛm no mu, na wɔn a wobenya nkwa no benya hokwan kɛse adan asase yi nyinaa paradise.—Adiyisɛm 7:14; 21:3, 4; Yohane 3:16; 2 Petro 3:13.
M’ani da so sɛ menya adwuma kɛse a wɔbɛyɛ de adan asase no paradise no mu kyɛfa, na saa ara na sɛ wo nso woyɛ Yehowa apɛde sɛnea wubetumi biara, na wode wo ho to bɔ a wahyɛ sɛ ɔbɛbɔ wɔn a wɔkyerɛ ne mu gyidi ho ban no so a, wubenya mu kyɛfa.—Sɛnea Feliks Borys ka kyerɛe
[Kratafa 10 mfonini]
Mifii nneduaban no mu bae akyi afe biako
[Kratafa 1 mfonini]
Me ne me yere Helena