Wiase Nsɛm
Wɔabɔ Europa Kɔkɔ wɔ Mmusua Ntam Akodi Ho
Jose-María Mendiluce, Amanaman Nkabom no aguanfo nsɛm ho nanmusifo panyin bɔ kɔkɔ sɛ: “Ɛnyɛ den koraa sɛ wobetumi ama nnipa atentan wɔn ho akunkum wɔn ho.” Owura Mendiluce a ɔde asram 19 hwɛɛ Amanaman Nkabom no aguanfo dwumadi wɔ kan Yugoslavia no kae sɛ “ɛyɛ mfomso a ɛyɛ hu yiye” sɛ wobebu Balkanfo sɛ wɔyɛ “soronko koraa wɔ Europafo afoforo ho,” na ɔkae sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ mmusua ntam akodi a ɛte saa ara betumi aba Europa aman afoforo mu. Ɔkae sɛ: “Nea egye ara ne sikasɛm a ɛyɛ basaa ne amammuifo animtiaabufo a wɔka sɛ atubrafo, ahiafo anaa nnipa a wɔyɛ soronko wɔ ɔkwan bi so na wɔama ɔhaw no aba no.” Sɛnea The New York Times amanneɛbɔ kyerɛ no, Owura Mendiluce kae sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ akannifo bɛkanyan nitan “denam atosɛm a wɔbɛka wɔ nsɛm amanneɛbɔ mu ne abufuw a wɔbɛkanyan so,” na ɔkae sɛ wɔn a wɔde wɔn nsa hyɛɛ asomdwoe apam ase no ansakra wɔn nneyɛe, na mmom wɔkɔɔ so “tan afoforo kunkum wɔn.”
Australiafo Asadweam
Asɛmpa a wɔka wɔ Australia ne sɛ nsa dodow a wɔnom wɔ ɔman no mu so retew. Nanso asɛmmɔne a wɔka ne sɛ asadweam ma ɔman no hwere “Australia dɔla ɔpepepem 6 ne nnipa 6,000 afe biara,” saa na The Sydney Morning Herald no ka. Amanneɛbɔ bi a wɔfrɛ no Dimensions and Effects of Alcohol Abuse a wɔde maa nnansa yi ara no daa no adi sɛ Australia mmarima ɔha biara mu nkyem 88 ne mmea ɔha biara mu nkyem 75 nom mmosa, na ɛkaa mmea a wɔnom nsa a wɔredɔɔso, ne mmarimaa ne mmeawa a “wɔbow nsa” no sɛ ade a ɛhaw wɔn titiriw.
Sika a Amanaman Nkabom Nni ma Asomdwoe ho Mmɔdenbɔ Di Nkogu
Wɔhwɛ kwan sɛ ɛka a Amanaman Nkabom bɛbɔ wɔ asomdwoe so kora ho no bedu dɔla ɔpepepem 3.7 afe yi. Nanso The New York Times ka sɛ: “Tow a emu aman no ntua mma wonnye nni sɛ ahyehyɛde no betumi atua ne daakye dwumadi ahorow ho ka anaasɛ ɛbɛtoa asomdwoe ho mmɔden a ɛrebɔ mprempren no so sɛnea ɛsɛ.” Wose ɛsɛ sɛ Amanaman Nkabom no ma aman a wɔboa asomdwoe dwumadi no sraani biara $1,000 ɔsram biara. Asram pii atwam nanso wɔmmaa aman a wɔde asraafo akodi dwuma wɔ kan Yugoslavia no sika. Eduu April awiei no, na asomdwoe so kora ho tow a wontuae no adu dɔla ɔpepepem 1.5, na na wontuaa tow foforo a ɛyɛ dɔla ɔpepem 970 a wɔde ka ne sika ho daa no. Esiane sɛ wɔmma aban ahorow no sika nti, aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu binom ayi wɔn asraafo, anaa wɔapow sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ dwumadi afoforo mu.
Nitan Afe
Newsweek nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Afe te sɛ 1992 ma nnipa su ho nsemmisa dedaw san sɔre kɛse. Mpaapaemu yi—afipamfo ntam de, mmusua ntam de ne aman ntam de—yɛ biribi a yehyia bere nyinaa, na nsɛm a esisii afe yi ma yentumi nnye nni sɛ ebia yɛredi mpaapaemu yi so.” Ɛka sɛ: “Ɛte sɛ nea afe yi fene ne sɛ ‘Tan wo yɔnko.’” Dɛn nti na “nnipa ntam ɔtan” daa adi titiriw wɔ 1992 mu saa? Newsweek ka sɛ: “Afe a etwaam no mu basabasayɛ no pii fi amammui basabasayɛ kɛse” ne “mpofirim sika fam ahokyere” a ɛbae wɔ Sovietfo Komunism a egui no akyi no. Nea ɛka eyi ho ne mmusua ntam ɔtan a aban mpanyimfo na wɔma ɛba no. So hwɛ a asraafo bɛhwɛ ma asomdwoe atra hɔ no ne ano aduru? Newsweek bua sɛ: “Amanaman nkabom asraafo dɔm atra Cyprus bɛyɛ mfe 20 de atew Greecefo ne Turkeyfo ntam. Esiane sɛ afanu no nyinaa nya Amanaman Nkabom no ahobammɔ nti, hwee nka wɔn sɛ wonnyae nsɛm nsiesie.”
Mmea a Wɔn So Retew
Wɔ aman a wɔanya nkɔso te sɛ Britain, France, Switzerland, ne United States mu no, mmarima 100 na wɔwɔ hɔ ma mmea 105 biara. Nanso Amanaman Nkabom no akontaabu kyerɛ sɛ mmea ɔpepem pii wuwu wɔ Asia. Sɛ́ nhwɛso no, wɔ Afghanistan ne Bangladesh no, mmea 94 pɛ na wɔwɔ hɔ ma mmarima 100 biara, mmea 93 na wɔwɔ hɔ ma mmarima 100 biara wɔ India, na mmea 92 pɛ na wɔwɔ hɔ ma mmarima 100 biara wɔ Pakistan. China aban akontaabu kyerɛe sɛ mmarimaa a wɔadi afe biako ne mfe abien 114 na wɔwɔ hɔ ma mmeawa 100 biara. Dɛn nti na nsonsonoe wom? The Washington Post ka sɛ: “Abenfo kyerɛ sɛ efi nyiyim a ɛde nkwa to asiane mu a mmea gyina ano, a ɛma wotumi wu ntɛm sen mmarima: mmea a wɔyem wɔn a wotu wɔn gu ne nkokoaa a wɔyɛ mmea a wokum wɔn, aduan ne ayaresa pa a wonnya, nyinsɛn a wonyinsɛn pii ne adwumaden dodo a wɔyɛ. Afei nso, wɔ aman bi mu no, mmarima a wɔkan nnipa no bu wɔn ani gu mmea so anaasɛ wɔmma wɔne mmea nkasa. Na esiane sɛ ɛyɛ agyanom binom aniwu sɛ wɔwɔ mmabea pii sen mmabarima nti, wodi atoro sɛ wɔn mma no yɛ mmarima.
Abawo so Retew wɔ China
The New York Times bɔ amanneɛ sɛ 1992 akontaabu kyerɛ sɛ abawo so tew sen bere biara wɔ China—fi mmofra 23.33 a wonya wɔ nnipa 1,000 mu wɔ 1987 mu beduu 18.2. Ɛwom sɛ wɔanhwɛ kwan sɛ wobedu saa botae no ho ansa na afe 2010 aba de, nanso Peng Peiyun, Ɔman no Awo ho Nhyehyɛe Bagua no soafo, ka sɛ wotumi duu ho “efisɛ amanyɛkuw ne Aban mpanyimfo nyinaa maa wɔn ani kuu awo nhyehyɛe no ho yiye, na wɔyɛɛ nhyehyɛe ahorow a etu mpɔn kɛse.” Wɔ nhyehyɛe no ase no, wɔde asɛyɛde too aban mpanyimfo no ankasa so sɛ wɔnhwɛ ntew abawo so wɔ mmeae a wɔhwɛ hɔ no, na sɛ wɔanyɛ saa a, wobetumi atwe wɔn aso. Wɔ nsɛm pii mu no, eyi ma wotwaa mmea a wɔwɔ ɔba biako dedaw no awo ɔhyɛ so, na wɔbɔɔ wɔn a wɔwoe a mmara mma ho kwan no ka kɛse. Sɛ nkuraasefo antumi antua ka no a, wogye wɔn agyapade fi wɔn nsam anaasɛ wɔsɛe no, na wɔtaa bubu wɔn adan gu. Mprempren Chinafo ɔpepepem 1.17 no yɛ wiase nyinaa nnipa ɔha biara mu nkyem 22.
‘Akwahosan ho ɔhaw Kɛse wɔ Afe 2000 Mu’
Fransefo nnuruyɛfo reka sɛ “ebedu afe 2,000 no, na mmerɛbo yare a wɔfrɛ no chronic type-C no ayɛ akwahosan mu ɔhaw titiriw wɔ France.” Aduruyɛ ho amanneɛbɔ a epuei wɔ Paris atesɛm krataa Le Monde mu no mu nsɛm bi kyerɛe sɛ nneɛma atitiriw abien na ɛwɔ ɔhaw no mu: “dwuma titiriw a mogya a wɔde ma di wɔ ɔyare mmoawa no a wɔkɔ afoforo ho no mu” ne “[ɔyare mmoawa no] a wɔdɔɔso ntɛmntɛm a wontumi nkunkum wɔn no.” Wobu akontaa sɛ mprempren nnipa 500,000 kosi 2,000,000 anya ɔyare mmoawa no bi wɔ France, na ebia eyinom mu ɔha biara mu nkyem 62 benya mmerɛbo yare a enni sabea, na wɔn mmerɛbo betumi ahonhon anaa wobenya akisikuru wɔ mfe 10 ne 30 ntam. Nnuruyɛfo ka sɛ ɛwom sɛ ɔyare no sɛnkyerɛnne nna adi wɔ nnipa a wɔwɔ mmerɛbo yare a wɔfrɛ no hepatitis C no dodow no ho de, nanso ɛte sɛ nea wobenya ɔyare no ɔkwan biara so.
Ahunmu Nneɛma-Gow ho Asiane
Süddeutsche Zeitung bɔ amanneɛ sɛ: “Ahunmu fĩ kɔ so yɛ ɔhaw kɛse ma ahunmu akwantu.” Europa Nhyiam a edi kan a ɛfa Ahunmu Nwura ho a woyɛe no April wɔ Darmstadt, Germany no, kaa “nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ ahunmu nneɛma gow a ɛredɔɔso, a ɛyɛ ahunmu ahyɛn a asɛe, asraman afa horow a ahyew, anaa nnwinnade a ɛyerae wɔ ahunmu akwantu ahorow a atwam mu.” Wobu akontaa sɛ nneɛma a n’akɛse te sɛ tenis bɔɔl anaa ɛsoso sen saa 7,000 ne nea esusua sen saa 100,000 twa asase ho hyia. Rusia ne United States ahunmu akwantu na ɛde efi no ɔha biara mu nkyem 95 ba. Atesɛm krataa no de kaa ho sɛ: “Wɔ nnansa yi mfe mu no, ɛkaa kakraa bi ma anka ahunmu hyɛn a ɛyɛ adwuma ne nneɛma-gow a ɛnenam wim hyiaam mpɛn pii. Sɛ wɔrennyae ahunmu akwantu wɔ mfe apem a edi hɔ no mu a, ano aduru biako pɛ ne sɛ wobesiw fi a wɔyɛ no ano na wɔayɛ amanaman ntam apam wɔ daakye ahunmu dwumadi ahorow ho.”
Japanfo Ntam Akasakasa wɔ Frankaa ne Ɔman Dwom Ho
Mainichi Daily News ka sɛ kyerɛwtohɔ a woyii no adi nnansa yi wɔ Yamato, Japan no kyerɛ sɛ sukuu akyerɛkyerɛfo mpanyimfo “ahwɛ ama wɔadi nhomasua asoɛe ahyɛde a ese wɔmfa ɔman no frankaa nsɛn hɔ na wɔnto ɔman dwom no so . . . , ɛmfa ho sɛ akyerɛkyerɛfo pii sɔre tia.” “Hinomaru [ɔman frankaa] ne Kimigayo [ɔman dwom] a wɔde ka sukuu aguasodeyɛ ahorow ho no ama akasakasa asɔre wɔ ɔman no mu nyinaa, efisɛ wɔde frankaa no ne ɔman dwom no bata Japan ɔmampɛ ntraso ne wɔn ahempɔnsɛmdi wɔ ɔko bere no mu no ho.” Sɛnea Asahi Evening News kyerɛ no, asɔretiafo de frankaa ne ɔman dwom no bata ahempɔnsom ho, na wɔka sɛ mmofra a wɔhyɛ wɔn ma wɔto ɔman dwom no “bɛyɛ ɔsom mu gyidikasɛm pɔtee bi a wɔde hyɛ mmofra no.” Wose ebu nyamesom ne ahonim ho ahofadi a ɛwɔ ɔmanyɔ mmara no mu no so.
Wɔahu Nuklea Akwanhyia
Paris atesɛm krataa International Herald Tribune a ɛba da biara no ka sɛ wɔde wiase nuklea akwanhyia a ɛyɛ hu sen biara no biako ho asɛm ato gua bere a wɔkataa so mfe pii akyi no. Esiane sɛ na kan Soviet aban pɛ sɛ ɔyɛ nuklea akode nti, osii ade a wɔfrɛ no plutonium adwinnan wɔ Ural Bepɔw so. Efi bere a wofii ase sii adwinnan no wɔ 1948 kosii 1951 no, wɔtow emu awuduru guu hɔnom nsubɔnten a wɔde yɛ mfuw na wɔnom mu. Afei wɔ 1957 mu no, nuklea nneɛma a wɔtow gui no bi paapaee, na ɛmaa awuduru pii kɔɔ asase no ne mframa mu. Asiane foforo sii wɔ 1967 mu, bere a ɔtare bi a ɛbɛn hɔ a na wɔtow nuklea ho nneɛma gu mu yowee no. Mframa bɔɔ awuduru no petee asase kɛse so. Nyansahufo gye di sɛ asiane abiɛsa yi mu awuduru no kaa nnipa bɛyɛ 450,000.