Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 11/8 kr. 19-22
  • M’abusua A Meboaa Wɔn Ma Wɔbɛyɛɛ Adefo Wɔ Honhom Fam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • M’abusua A Meboaa Wɔn Ma Wɔbɛyɛɛ Adefo Wɔ Honhom Fam
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Zululand Asetra
  • Honam Fam Ahonyade Hwehwɛ
  • Honam Fam anaa Honhom Fam Ahonyade?
  • Nhyira Ahorow a Ɛsom Bo Kɛse
  • Nokware no a Yɛtrɛw mu wɔ Zululand
  • Nsɛmmisa Mmiɛnsa Bi Sesaa M’asetena
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Yehowa Ahyehyɛde a Me ne no Renyin wɔ South Africa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Asomdwoe, Biakoyɛ Ne Ɔdɔ Wɔ Faako A Basabasayɛ Rekɔ So
    Nyan!—1986
  • Manya M’abusuafo Nokwaredi So Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 11/8 kr. 19-22

M’abusua A Meboaa Wɔn Ma Wɔbɛyɛɛ Adefo Wɔ Honhom Fam

Sɛnea Josephat Busane ka kyerɛe

Me werɛ remfi ɔkwan bi a mede keteke tu kɔɔ Johannesburg, South Africa, wɔ January 1941 no da. Ná me ne me mmofraberem adamfo, Elias Kunene, resan akɔ beae a yɛyɛ adwuma bere a yɛkɔ gyee yɛn ahome wɔ Zululand akyi no.

NÁ ABERANTE bi ka yɛn ho wɔ keteke no mu a okura muti bi, aduru a wɔtaa gye fi akɔmfo hɔ a wogye di sɛ ɛwɔ tumi a ɛkorɔn sen nnipa de. Ɔbarima no de muti no sraa n’ani akyi nhwi no so a na ogye di sɛ ɛbɛma wanya n’adwumawura a ɔyɛ oburoni no anim dom. Bere a yɛresi afi keteke no mu no, Elias kae sɛ: “Saa muti no ne ne nyame.” Saa nsɛm no wɔɔ me komam te sɛ sekan, efisɛ na mewɔ m’ankasa muti a mayɛ no sɛnea ɔkɔmfo bi kyerɛɛ me no wɔ me bag mu.

Ná Yehowa Adansefo ne me ne Elias resua Bible no, enti mihui sɛ wanya honhom mu nkɔso kɛse sen me. Metow aduru no kyenee bɔɔla adaka bi mu ntɛm ara, na ɛno akyi no me ne Elias kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow daa.

Na me ne Elias nyinaa aware. Ɛnde dɛn nti na na yɛyɛ adwuma wɔ kurow a ɛne yɛn kurom ntam kwan bɛyɛ kilomita 400 mu? Sɛ wɔde kurow kɛse mu asetra toto akuraa ase asetra wɔ Zululand ho a, na ɛte dɛn? Na so Yehowa Adansefo a yɛne wɔn bɔe no de mfaso horow brɛɛ yɛn mmusua a wɔwɔ yɛn kurom no?

Zululand Asetra

Wɔwoo me wɔ Zululand, South Africa, wɔ 1908 mu. Yɛn abusua traa Msinga mantam mu, beae a sare asasetaw, mmepɔw, ne nsɔe nnua wɔ. Ɛha, wɔ twabere mu no, dua bi a wɔfrɛ no aloe nhwiren nteanteaa kɔkɔɔ no trɛw kata asase no ani. Anantwi ne mmirekyi didi wɔ mmepɔw no ho wɔ nnua no ntam. Kraal ahorow (asese akuw) ne mmurofuw ahwete wɔ asasetaw no so, efisɛ aburow yɛ Zulufo aduan titiriw.

Te sɛ afoforo nyinaa asese no, na yɛn awofo dan, me nuabea de, me de, ne me nuabarima de na ɛka bom yɛ yɛn ɔsese no. Ná ɔdan biako yɛ abusua no mukaase, na biako nso yɛ adekora dan. Ná ɔdan biara yɛ kurukuruwa a ne fasu sorokɔ yɛ mita biako na wɔde sare akuru so. Na nkokɔ hwete adan no ntam de hwehwɛ wɔn aduan, na na anantwi buw bɛn ɔsese no. Na yɛn abusua no nya abotɔyam fi kuadwuma mu. Na yɛwɔ nnuan ne dabere, na na enhia sɛ me papa kɔyɛ adwuma wɔ baabi.

Nanso, na wɔtaa sɛe asomdwoe a ɛwɔ Zululand nkuraase no. Na wɔaka nnipa mogya agu wɔ mmepɔw fɛfɛ yi so ne nsubɔnten no mu. Wɔ afeha 19 mfiase mu hɔ no, na mmusua pii a wɔwɔ ahofadi tete Zululand. Afei Zuluni ɔkofo bi a ɔde Shaka sɔree. N’asraafo tow hyɛɛ mmusuakuw a wɔwɔ hɔ no nyinaa so. Wɔn a wofii mu kae no guanee anaasɛ wɔma wɔyɛɛ Zulu man no mufo.

Akyiri yi Zulufo ne Holland atubrafo no dii ako. Wɔkoo ɔko no biako wɔ asubɔnten bi a ɛbɛn yɛn ne ho. Wɔkaa mogya pii gui araa ma asubɔnten no ani yɛɛ kɔkɔɔ, ma enti wɔtoo asubɔnten no din sɛ Mogya Asubɔnten. Afei Britania asraafo nso bae. Wɔ Britania ne Zulu asraafo ntam ɔko bi a emu yɛɛ den mu no, wokunkum nnipa mpempem pii wɔ bepɔw bi a wɔfrɛ no Isandlwana, a ɛbɛn yɛn fie no ho. Nea ɛyɛ awerɛhow no, yennyaa asomdwoe a ɛtra hɔ kyɛ wɔ baabi a yɛte wɔ Zululand asase so no da. Kan mmusuakuw ntam nitan sɔre wɔ bere ne bere mu.

Honam Fam Ahonyade Hwehwɛ

Me maame wui bere a na madi mfe anum. Me papa ne me nuabea panyin, Bertina, hwɛɛ me na wɔboaa me ma mekɔɔ sukuu mfe asia. Afei, midii mfe 19 no, mifii ase yɛɛ adwuma sɛ aguadidan mu adetɔnfo boafo wɔ Dundee a ɛbɛn yɛn no.

Metee sɛ mmerante renya sika pii wɔ kuropɔn Johannesburg mu, kurow a wotu South Africa sika kɔkɔɔ wom titiriw. Enti, afe a edi hɔ no, mitu kɔtraa Johannesburg, na mede mfe pii yɛɛ adwuma sɛ nea ɔde aguade ho dawurubɔ nkrataa tetare kurom.

Wɔ Johannesburg no, nneɛma a ɛtwetwe adwene ne hokwan ahorow nyaa me so tumi ntraso, nanso ankyɛ na mihui sɛ kuropɔn mu asetra asɛe me nkurɔfo tete abrabɔ. Ɛwom sɛ mmerante pii pow wɔn mmusua a wɔtete nkuraase no de, nanso me werɛ amfi me de da, na memenaa wɔn sika bere nyinaa.

Me papa wui 1938. Sɛ́ ɔbabarima panyin no, Zulufo amammerɛ hyɛɛ me sɛ mensan “nkyekye” yɛn abusua asese no. Enti, afe a edi hɔ no, mewaree abeawa bi a ofi Zululand, Claudina Madondo. Ɛwom sɛ na maware de, nanso mekɔɔ so yɛɛ adwuma wɔ Johannesburg a ɛne me kurom ntam kwan yɛ kilomita 400 no. Na m’atipɛnfo dodow no ara reyɛ saa ara. Ɛwom sɛ na ɛyɛ yaw sɛ mɛtew me ho afi m’abusua ho bere tenten de, nanso metee nka sɛ ɛyɛ m’asɛyɛde sɛ meboa wɔn ma wonya asetra pa.

Honam Fam anaa Honhom Fam Ahonyade?

Ná me maame nkutoo ne yɛn abusua no muni a ɔkɔ asɔre, na na ne Bible ne nhoma biako pɛ a ɛwɔ yɛn fie hɔ. Ne wu akyi bere bi no, mihuu akenkan ne akyerɛw, na mifii ase kenkan Bible no ntɛm ara. Nanso asɔre ahorow no nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe fii ase haw me. Sɛ nhwɛso no, asɔremma no kɔɔ so nyaa gyinabea pa, ɛwom mpo sɛ na wɔbɔ aguaman de. Mibisaa asɛnkafo nsɛm faa abirabɔ ahorow a ɛtete sɛɛ ho, nanso obiara amma me mmuae a ɛfata.

Bere a mewɔ Johannesburg no, me ne Elias Kunene sii gyinae sɛ yɛbɛhwehwɛ nokware som. Yɛkɔɔ ɛhɔ asɔre ahorow mu nanso yɛn ani annye emu biara ho. Afei Elias hyiaa Yehowa Adansefo. Bere a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ nea osua fii wɔn hɔ mu akyerɛ me no, meka kyerɛɛ no sɛ wɔadaadaa no. Nanso bere a mitiee ɔne asɔre mpanyimfo ntam nkɔmmɔbɔ akyi, na mihui sɛ wɔantumi ankyerɛ sɛ odi atoro no, mifii ase kenkan Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow a Elias de maa me no. Saa bere yi na mede keteke tuu kwan a me werɛ remfi da a Elias boaa me ma mihuu ho a wɔde to muti so mu asiane no.​—Deuteronomium 18:10-12; Mmebusɛm 3:5, 6.

Afei me ne Elias ne Yehowa Adansefo abibifo asafo a edi kan wɔ Johannesburg no bɔe daa. Wɔ 1942 mu, bere a mehyiraa me nkwa so maa Yehowa akyi no, wɔbɔɔ me asu wɔ Orlando, Soweto. Sɛ mesan kɔ fie wɔ Zululand a, na mebɔ mmɔden sɛ mɛka me gyidi ho asɛm akyerɛ Claudia, nanso na ɔde ne ho ahyɛ asɔre dwumadi ahorow mu kɛse.

Nanso, ofii ase de yɛn nhoma ahorow no totoo ne Bible ho, na Onyankopɔn Asɛm no mu nokware no kɔɔ ne komam nkakrankakra. Wɔbɔɔ no asu 1945. Ɔbɛyɛɛ Kristoni ɔsomfo mmɔdenbɔfo, na ɔkaa Bible mu nokware ho asɛm kyerɛɛ ne mpɔtam hɔfo na ɔde hyɛɛ yɛn mma komam.

Saa bere no, minyaa hokwan boaa ebinom ma wobenyaa Bible mu nokware nimdeɛ wɔ Johannesburg. Eduu 1945 no, na abibifo asafo ahorow anan na ɛwɔ Johannesburg mpɔtam hɔ, na mesomee sɛ Small Market Asafo no guamtrani. Bere bi akyi no, wɔde Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ maa mmarima awarefo a wɔyɛ adwuma wɔ mmeae a ɛmmɛn wɔn kurom no sɛ wɔnsan nkɔ wɔn mmusua nkyɛn, na wonkodi wɔn mmusua asɛyɛde sɛ abusua ti no ho dwuma kɛse.​—Efesofo 5:28-31; 6:4.

Elias na odii kan fii Johannesburg kɔe, na wamfi n’abusua ho bio. Eyi nti, ne yere ne ne mma baanum nyinaa bɛyɛɛ Yehowa Adansefo a wɔyɛ nnam. Elias tetee ne wɔfaasenom baanum a wɔyɛ nyisaa nso ma wɔbɛyɛɛ Adansefo a wɔahyira wɔn ho so. Owui 1983 a wayɛ nhwɛso pa wɔ nokwaredi a wɔde di akwankyerɛ ahorow a Yehowa nam n’Asɛm ne n’ahyehyɛde so de ma no mu.

Wɔ 1949 mu no, migyaee m’adwuma a na meyɛ wɔ Johannesburg no kɔhwɛɛ m’abusua wɔ Yehowa kwan so. Mebaa me kurom no, me ne mmoa yɛmmea sohwɛfo bi yɛɛ adwuma sɛ nea ɔde nnuru guare nyɛmmoa. Na ɛyɛ den sɛ mede akatua ketewaa a na migye no bɛhwɛ abusua a emu mmofra yɛ baasia no. Enti nea ɛbɛyɛ na manya sika atɔ nea yehia no, metɔn mfude te sɛ nnuadewa ne aburow a yeduae no nso.

Nhyira Ahorow a Ɛsom Bo Kɛse

Ɛwom sɛ na yɛn abusua no nyɛ adefo wɔ honam fam de, nanso na yɛwɔ honhom mu ademude esiane Yesu akwankyerɛ ahorow a yedii akyi nti: “Monnhyehyɛ ademude asase so, nea nwewee ne nkannare sɛe no, na awifo bubu kowia. Na monhyehyɛ ademude ɔsoro, nea nwewee ne nkannare nsɛe no na awifo mmubu nkowia.”​—Mateo 6:19, 20.

Egye adwumaden ansa na obi anya honhom fam ademude yi, te sɛ nea sika kɔkɔɔ a wotu wɔ Johannesburg mpɔtam te no ara pɛ. Na me ne me mma susuw Bible mu asɛm biako ho anwummere biara, na mibisa wɔn mu biara ma ɔka nea wasua no kyerɛ me. Na me ne wɔn kɔ asɛnka nnidiso nnidiso wɔ adapɛn awiei. Na me ne wɔn bɔ Kyerɛwnsɛm mu nsɛm ho nkɔmmɔ, na mebɔ mmɔden sɛ mede Bible mu abrabɔ pa ho gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn bɛhyɛ wɔn komam bere a yefi ɔsese biako mu kɔ foforo mu no.​—Deuteronomium 6:6, 7.

Sɛ nhwɛso no, nea ɛbɛyɛ na yɛn mma ammɔ korɔn no, mehwɛ hui sɛ biribiara a wɔde ba fie no nyɛ akorɔnne. (Efesofo 4:28) Saa ara nso na sɛ wɔn mu bi di atoro a, memfa nteɛso abaa nkame no. (Mmebusɛm 22:15) Na mehwehwɛe nso sɛ wɔkyerɛ obu a ɛfata ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim.​—Leviticus 19:32.

Sɛ abusua ti no, meyɛɛ nhwɛso denam nhyiamkɔ a na mentoto mu so, na mehwehwɛe sɛ mmofra no nso kɔ. Mehwɛ hui sɛ abofra biara wɔ nnwom nhoma, Bible, ne nhoma foforo biara a yɛde di dwuma wɔ nhyiam ahorow ase no bi. Na yebom siesie yɛn ho ma nhyiam horow nso, na sɛ abofra bi amma mmuae a, mebɔ mmɔden boa no ma ɔyɛ saa wɔ nhyiam a edi hɔ ase.

Mfe pii no, na yɛn abusua no nkutoo na etumi gye ahwɛfo akwantufo sɛ ahɔho. Ɔwɛn Aban Asafo no ananmusifo yi nyaa yɛn mma so nkɛntɛnso pa, na wɔma wonyaa ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo anaa bere nyinaa asɛmpakafo. Me ne me yere ani gyei bere a yɛn babarima panyin, Africa, fii ase yɛɛ akwampae adwuma bere a owiee mfe du sukuu no. Awiei koraa no, ɔsomee sɛ ɔhwɛfo kwantufo, na akyiri yi wɔtoo nsa frɛɛ no kɔɔ Ɔwɛn Aban Asafo no South Africa baa dwumadibea, beae a ɔyɛɛ adwuma sɛ nsɛm asekyerɛfo no. Mprempren waware wɔ mma. Ɔsom sɛ ɔpanyin wɔ asafo bi mu wɔ Zululand, na onya hokwan boa South Africa baa dwumadibea no wɔ mmara mu nsɛnnennen a ɛsɔre bere ne bere mu esiane nokware som ho nsɛm nti no mu.

Yɛwɔ mmabarima baanum ne abeawa biako. Mmofra baasia no nyinaa anyinyin mprempren na wɔyɛ den honhom mu. Eyi ama anigye ahyɛ yɛn koma ma​—abotɔyam kɛse a wontumi mfa honam fam nneɛma nnya da. Me mmabarima no mu baanan som sɛ mpanyimfo wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow a wɔwɔ mu no mu. Wɔn mu biako, Theophilus, resom wɔ Betel mprempren wɔ South Africa baa dwumadibea.

Nokware no a Yɛtrɛw mu wɔ Zululand

Bere a awiei koraa no mesan ne m’abusua bɛtrae wɔ Zululand wɔ 1949 mu no, na Ahenni adawurubɔfo baasa pɛ na wɔwɔ yɛn Collessie Asafo no mu. Bere bi akyi no, asafo no dɔe, na yɛtew asafo a ɛto so abien wɔ akuraa Pomeroy a ɛne yɛn hɔnom ntam kwan yɛ kilomita 30 no ase.

Wɔ mfe a atwam no mu no, ɛtɔ mmere bi a, na mpɔtam hɔ akuw ntam akodi sɛe yɛn asɛnka adwuma no. Asɔrekɔfo de wɔn ho hyɛ mmusua ntam akodi yi mu. Yehowa Adansefo nkutoo na wonim sɛ wonni obiara afa wɔ akodi no mu. Bere bi, ɔko sii Mabaso ne maBomvu mmusuakuw no ntam wɔ beae a na mede nnuru guare anantwi no. Na nnipa a wɔwɔ saa beae no yɛ Mabaso abusuakuw no mufo, na anka wobetumi akum me efisɛ wonim sɛ mifi maBomvu abusuakuw no mu. Nanso, na wonim nso sɛ meyɛ Yehowa Ɔdansefo, ma enti wɔanyɛ me bɔne.

Wɔ 1970 mfe no mu no, mmusuakuw ntam akodi no mu yɛɛ den, na Msinga mantam mu tra bɛyɛɛ hu yiye. Me ne afoforo sii gyinae sɛ yɛde yɛn mmusua bɛkɔ Zululand fã bi a asomdwoe wɔ hɔ. Yɛkɔtraa kurow Nongoma mu 1978, na yefii ase ne Lindizwe asafo no bɔe. Afe a edi hɔ no, me yere a medɔ no, Claudina, wui. Ne wu no haw me yiye, na m’akwahosan sɛee yiye.

Nanso, ɛdenam Yehowa dom so no, minyaa ahoɔden a ɛsɛ ma mitumi de me ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu wɔ mfe abien akyi. Hwɛ sɛnea meda Yehowa ase sɛ asɛnka adwuma a meyɛ no kɛse no ama manya ahoɔden! Mprempren madi mfe 85, na sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, meda so ara tumi de bɛboro nnɔnhwerew 90 yɛ asɛnka adwuma ɔsram biara. Wɔ January 1992 mu no, me ne me babarima Nicholas tu kɔtraa Muden, Zululand fã bi a wohia Ahenni adawurubɔfo pii wɔ hɔ.

Hwɛ aseda araa a mede ma wɔ akwankyerɛ a Yehowa ahyehyɛde de ma a ɛhyɛ nkurɔfo te sɛ me nkuran ma yedwen yɛn mmusua honhom mu ahiade horow ho yiye no ho! Nhyira ahorow a afi mu aba no sen biribiara a sika betumi atɔ. (Mmebusɛm 10:22) Mekamfo Yehowa wɔ eyi nyinaa ho, na mebɔ bere a n’Ahenni no bɛdan asase yi paradise ho mpae. Saa bere no asomdwoe bɛba Zululand mmepɔw ne abon fɛfɛ yi mu bere a ɛsotefo ‘bɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdoma ase,’ a ‘obi renyi wɔn hu’ bio no.​—Mika 4:4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena