Wɔhyew Ofie a Wɔsom Wom
KWASIDA awia bere, October 4, 1992 no, ɔbarima bi a ne tirim ka no bɔ wuraa abansoro dan a ɛto so abien so Ahenni Asa ketewa bi a ɛwɔ Wŏnju wɔ Republic of Korea, a asomfo bɛboro 90 ayɛ hɔ ma so. Ɔteɛteɛm mpɛn pii sɛ: “Momfa me yere mfi mmra!” Ne yere tee no, ɔfaa akyi hɔ kwan a asɛm si a wɔfa hɔ guan no mu fii adi ntɛm ara.
Ɔbarima no hwiee pɛtro guu kapɛt a ɛsɛw ɔkwan kɛse no ano no so. Wɔ kyɛw a wɔn a wɔwɔ hɔ paa no nyinaa akyi no, ɔde ogya too kapɛt no mu. Pɛtro no dɛwee ankasa, ɛde ogyaframa ne wusiw tuntum kɔɔ nsɛmso no so wɔ asɛnka agua no anim na ɛbɔ faa asa no so nyinaa. Anibu kakraa bi mu no, na atwa atiefo no mu dodow no ara ho ahyia. Ogyaframa ne wusiw pue faa mfɛnsere biara mu.
Nnipa pii guan faa akyi hɔ kwan no anaa mfɛnsere ahorow mu sii bamma hihiaa bi so. Wɔfaa hɔ foro kɔɔ ɔdan bi a ɛbɛn no atifi na afei wohuruw sii fam. Afoforo huruw fii abansoro dan a ɛto so abien no so sii fam kɛkɛ. Bere a nea ɔde gya too hɔ no tumi fii adi no, ofii animtiaabu mu de n’anan bobɔɔ wɔn a wohuruhuruw sii fam a wɔapirapira no.
Ɔhwɛfo kwantufo a na ɔrema baguam ɔkasa no teɛm sɛ: “Monyɛ ntɛm nnye mmofra no nkwa.” Wɔn a wonyaa nkwa no gye di sɛ sɛ ɔne ne yere ammɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa afoforo a, anka wobetumi anya nkwa. Wɔka nnipa 15 a wowui no ho; afoforo 26 pirapirae. Ɔbarima foforo a akyiri yi owui wɔ ayaresabea no de ne nkwa too asiane mu boaa wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ma wofii adi.
Ná wɔn a wowui no tete anim wɔ asa no so. Wusiw kumɔnn kataa ɔhwɛfo kwantufo no ne ne yere so na etuaa wɔn ahome. Wɔn a wowui no fi mmusua akron mu; wɔn mu baasa yɛ mmofra a wɔadi mfe 3, 4, ne 14. Ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛ nwonwa sɛ nnipa pii anwu, efisɛ na nnipa no akyere so, na ogyaframa no siw ɔkwan kɛse no.
Lɔre a wɔde dum gya ason ne dumgyafo 30 baa hɔ ntɛm ara, nanso na ebinom awuwu dedaw esiane sɛnea na ogyaframa no trɛw ntɛmntɛm no nti. Wodum ogya no wɔ dɔnhwerew biako ntam. Nanso, esiane sɛ na ogya no ano yɛ den nti, na ɛyɛ den yiye sɛ wobehu nnipa ko a wɔn a wɔawuwu no yɛ, na edii nnɔnhwerew abien ne akyi.
Akyiri yi, Wŏnju polisifo kyeree ɔbarima a ɔde gya too hɔ no na wɔbɔɔ no sobo sɛ wadi awu ahyew agyapade. Bere a na ɔda police station no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obekum ne ho nanso anyɛ yiye.
Ogyinaa Aninyanne Ano
Bere a nea ɔde gya too hɔ no yere kyerɛɛ Bible nkyerɛkyerɛ ho anigye no, ɛbɛyɛɛ ɔbarima no su sɛ obehunahuna no. Wɔ September mfinimfini, bere a aka bɛyɛ adapɛn abien ma ɔhwɛfo kwantufo no akɔ sra Yehowa Adansefo Asafo a ɛwɔ Wŏnju no, nea ɔde gya too hɔ no hwee ne yere kosii sɛ ade tɔɔ ne so. Afei, bere a n’ani so tetew no no, ɔbarima no hwiee aduru bi guu no so na ɔde ogya toom. Nanso ogya no fii ase ara pɛ, ɔbarima no huu nea wayɛ na odum no ntɛm ara.
Kwasida a awerɛhosɛm yi sii no, ɔbarima no hyɛe sɛ ɛnsɛ sɛ ne yere kɔ Ahenni Asa no so. Ɛwom sɛ ne bo fuw kɛse de, nanso ɔbea no ammɔ hu. Ɔtee nka sɛ ɛsɛ sɛ otie Onyankopɔn mmom sen onipa biara, a ne kunu ka ho wɔ ɔsom asɛm yi mu. (Asomafo no Nnwuma 5:29; Hebrifo 10:24, 25) Enti ɔkɔɔ adesua no.
Bere a ne kunu hyew Ahenni Asa no akyi no, ɔbarima no mmaranimfo bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ ɔbea no ma ɔde ne nsa ahyɛ krataa bi a ɛkae sɛ pow a ɔpow sɛ obegyae nyamesom bi a ɛyɛ katee ne ɔyere pa a wanyɛ amma ne kunu nti na odii nsɛmmɔne yi ase. Nanso, wamfa ne nsa anhyɛ krataa no ase. Wampene sɛ ɔbɛyɛ nea ɛne nokware no bɔ abira denam ka a ɔbɛka sɛ Bible a osua no na ɛde amumɔyɛsɛm no bae no so.
Dapɛn a asɛm no sii awiei no, ɔbea no dii ne gyinaesi sɛ ɔbɛma wabɔ no asu de ayɛ n’ahosohyira sɛ ɔbɛsom Yehowa Nyankopɔn, amansan Sodifo, no ho sɛnkyerɛnne so wɔ Yehowa Adansefo ɔmansin nhyiam bi ase.—Dwom 83:18.
Mmoa a Efi Mmeae Pii
Bere a wɔtee awerɛhosɛm no wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Ansung, a ɛne Wŏnju ntam kwan bɛyɛ kilomita 100 no ara pɛ, wɔde nneɛma kɔboaa wɔn a wopirapirae no ne wɔn mmusua, ne wɔn a wowui no abusuafo nso. Ɛnyɛ sika nko na wɔde mae na mmom wɔsomaa Kristofo mpanyimfo fii baa dwumadibea hɔ sɛ wɔnkɔhwɛ mmoa afoforo a ɛho behia.
Wɔyɛɛ nhyehyɛe maa asafo no kɔɔ Ahenni Asa foforo so wɔ Wŏnju, na wɔde nneɛma afoforo kɔmaa wɔn a ahia wɔn. Ankyɛ na mfɛfo Kristofo a wɔwɔ Republic of Korea nyinaa fii ase boae. Nokwarem no, asiane no akyi pɛɛ no, nnipa pii fi nkurow afoforo mu ba bɛboae. Eyinom bi ne ntoboa $1,200 a asafo bi a Adansefo 75 wom de mae, ne ntoboa $2,200 a asafo foforo a emufo yɛ 87 de mae.
Asafo a awerɛhosɛm no sii wom no mu Kristofo mpanyimfo yɛɛ nea wobetumi biara de boaa afoforo, nanso na wɔka wɔn a wɔhweree nneɛma sen biara no ho. Ná ɔhwɛfo guamtrani no mma baanu ka wɔn a wowui no ho, Kristoni panyin foforo babarima wui, na ɔpanyin foforo anim hyew kɛse. Wɔ nea Kristofo yi hweree nyinaa akyi no, wɔne asafo mũ no nyinaa anhaw, na wogyinaa pintinn wɔ gyidi no mu.
Awerɛhow no akyi nna kakraa bi no, baa dwumadibea no nanmusifo bi hwɛ ma wɔyɛɛ awufo no ayi boom. Adansefo pii a wofi ɔman no mu nyinaa kɔɔ bi, na wɔnam saayɛ so daa no adi sɛ wɔdɔ wɔn nnamfonom na wodwen wɔn ho. Yehowa Adansefo baa dwumadibea ahorow a ɛwɔ wiase afanan nyinaa bɛmaa wɔn hyɛden.
Polisifo Dwumadibea a Ɛhwehwɛ Nsɛm Mu no panyin kɔɔ ayi no bi, na n’ani gyee Adansefo no abrabɔ ho. Ɔhwɛɛ sɛnea na wɔayɛ dinn ne bɔkɔɔ ne sɛnea wɔdaa ayamye adi kyerɛɛ wɔn a ogya no ma wɔhweree nneɛma no. Ɔmanfo ne Aguadi Asoɛe panyin nso kɔɔ ayi no ase. Akyiri yi bere a ɔtee ntoboa a efi ɔdɔ mu a wɔn nsa ka fii ɔman no nyinaa mu ho asɛm no, ɔkae sɛ sɛ ɛnyɛ gyidi a, anka wontumi nyɛ. Wŏnju dikro abadiakyiri nso kyerɛɛ nokware anigye. Ɔkae sɛ n’ankasa ani gyee sɛnea Adansefo no yɛ bɔkɔɔ, wɔdodɔ wɔn ho, na wotumi yɛ nhyehyɛe pa no ho.
Awerɛhosɛm yi yɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ‘nna a edi akyiri a mmere a emu yɛ den wom mu.’ (2 Timoteo 3:1) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ ahude a ɛte sɛɛ bɛba. Nanso Wŏnju Yehowa Adansefo aba mu mmui ɛ. Wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so asom nokware Nyankopɔn koro, Yehowa, no, na wɔakɔ so ayɛ n’apɛde.—Republic of Korea Nyan! kyerɛwfo na ɔbɔɔ ho amanneɛ.
[Kratafa 26 mfonini]
Nifa so: Ahenni Asa no, ne (ase hɔ) asɛnka agua a ahyew a nnipa pii wuwui wɔ hɔ no
Asehɔ: Suh, Sun-ok, a ogya no kum ne mma baanu, a ne yɔnko Ɔdansefo bi rekyekye ne werɛ, ne Shim, Hyo-shin, Kristoni panyin bi a ne mma baanu pirapirae