Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 3/8 kr. 28-29
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ogya Bepɔw Ma Okyinsoroma So Yɛ Nwini
  • Nnipadua Akwaa ho Aguadi wɔ Asia
  • Wɔn a Wɔn ho Nni Asɛm a Wokum Wɔn
  • Nnipa a Wɔdɔɔso Kyɛn So​—Dɛn Ntia?
  • Yesu wɔ Video So
  • Nsu a Edi Awu
  • Trampoline mu Opira Horow
  • Awɔ Ntua
  • Venice Ko Tia Ɛpo Mu Nwura
  • So Ɛyɛ Adɔeyɛ Kuw Ampa?
  • Kasa Horow Ne Amemene No
  • Monhwɛ Yiye, Awɔ Wɔ Hɔ!
    Nyan!—1981
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—1994
  • Asase So Nneɛma Dodow so Rehuan
    Nyan!—2005
  • Wɔredi Mmɔdenbɔ no Mu Nkonim?
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 3/8 kr. 28-29

Wiase Nsɛm

Ogya Bepɔw Ma Okyinsoroma So Yɛ Nwini

Bere a Philipine ogya Bepɔw Pinatubo paee wɔ 1991 mu no, nyansahufo kae sɛ ɛbɛma yɛn asase yi so ayɛ nwini kakra. Nea wɔkae no baam ampa. Ogya bepɔw no puw sufre mframa tɔn ɔpepem 20 guu wim. Mframa no dan sufre obosu mununkum kɛse na adapɛn kakraa ntam no mframa a ɛwɔ soro na ano yɛ den bɔ ma ɛtrɛw kɔɔ asase so nyinaa. Obosu no pete na esiw owia hann no bi ano, eyi ma asase no so dwo. Sɛnea Science News kyerɛ no, sɛnea wim hyew te no so atew degree Fahrenheit abien wɔ Asase Atifi fi bere a bepɔw no pae no. Nanso, saa nsakrae yi yɛ bere tiaa mu ade na ɛnsɛ sɛ wɔfa no sɛ asase no so hyew a ɛreyɛ hyew no ano aduru. Ewim tebea ho nimdefo biako se ebedu 1994 no saa onwini a ogya bepɔw no pae de aba no bɛsa.

Nnipadua Akwaa ho Aguadi wɔ Asia

Nsɛmma nhoma Asiaweek ka nipadua akwaa ho aguadi no ho asɛm sɛ “Dodow a wonya ne dodow a wohia ne asase no so mmara.” Wɔ Hong Kong no na nnipa bɛyɛ 600 na wɔretwɛn sɛ wobeyi nnipa afoforo asaabo asi wɔn de ananmu wɔ 1992 fefɛwbere mu, nanso wɔn mu 50 pɛ na na wɔhwɛ kwan sɛ ebedu afe no awiei no, na wɔanya bi. Enti, bebree tu kwan kɔ aman afoforo te sɛ India so, faako a wɔyɛ nnipa afoforo asaabo a woyi si afoforo de ananmu bɛyɛ 6,000 wɔ adwuma bi a ɛma wonya dɔla ɔpepem 20 afe biara. Esiane sɛ wotumi de asaabo biako tra ase ma ɛyɛ yiye nti, ɛtaa ba sɛ wɔn a ahia wɔn anaasɛ wɔn a wɔahyia sikasɛm mu ahokyere no wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛtɔn wɔn de biako. Nanso, Asiaweek kyerɛ sɛ ɔporɔw wɔ nipadua ho akwaa aguadi no mu. Akonkosifo asisifo asisi wɔn a wɔde ma binom no wɔ sikasɛm mu. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ ɔbarima bi de yafunyare ketewaa bi kɔɔ ayaresabea nanso ekowiee ase no na aka n’asaabo biako pɛ​—woyii a wɔammisa no!

Wɔn a Wɔn ho Nni Asɛm a Wokum Wɔn

The Washington Post bɔ amanneɛ sɛ, anyɛ yiye koraa no, wokum mmofra bɛyɛ 1,383 wɔ United States wɔ 1991 mu denam ayayade anaasɛ ani a wobu guu wɔn so so. Saa akontaabu a efi wɔn a wɔkora nneɛma so hɔ yi a Ɔman Boayikuw a Ɛhwɛ Siw Ayayade a Wɔde yɛ Mmofra Ano de mae yi a ɛyɛ hu yi kyerɛ sɛ mmofra anan na wowu da biara esiane ayayade a wɔyɛ wɔn nti, a ɛyɛ nkɔanim ɔha biara nkyem 50 wɔ mfe asia mu. Nea ɛde nkɔanim yi aba no gu ahorow. Animdefo binom ka sikasɛm tebea a ɛresɛe ho asɛm​—nkurɔfo nnwuma a efi wɔn nsa, akatua a esua, ne anidaso a wonni​—sɛ ɛno na ɛka nkurɔfo ma wɔde wɔn anibere kowie mmofra a wontumi mmɔ wɔn ho ban yi so. Post no se bere a nsɛm no mu dodow no a wɔbɔ ho dawuru yiye fa abagyigyefo a wɔyɛ mmofra a wɔhwɛ wɔn so no ayayade ho no, “animdefo no nim sɛ nea ɛde owu pii no ba ankasa no taa fi fie, agya ne ɛna no, a wɔn na anka wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛdɔ mmofra no sen biara no.”

Nnipa a Wɔdɔɔso Kyɛn So​—Dɛn Ntia?

Dɛn nti na aman a ahia wɔn mu na nnipa taa dɔɔso kyɛn so saa? Wɔ nsɛmma nhoma Visão mu no, Paulo Nogueira Neto a kan no na ɔyɛ nneɛma a atwa nnipa ho ahyia ho soafo wɔ Brazil no, maa mmuae no tumi so: “Asɛm bi wɔ hɔ a wɔka no Brazil. Bere a wobisaa ɔbarima bi nea enti a ɔwɔ mma akron no, ɔkae sɛ, ‘Efisɛ abiɛsa wuwu bere a wosusua; abiɛsa tu kwan kɔ São Paulo, Rio de Janeiro, anaa Brasilia, na abiɛsa tra ha hwɛ yɛn bere a yɛanyinyin.’ Ɔba ne ahiafo daakye anidaso.” Neto de ka ho ɔkwan a ɛyɛ hu so sɛ: “Ɛnyɛ den koraa sɛ wubehu wɔ wiase nyinaa sɛ: Baabi a ohia wɔ no, nnipa nkyereso wɔ hɔ. Na sɛ ɛkɔ so saa ara a, asase yi bɛsɛe. Wɔ wiase a ɛso nneɛma dodow wɔ anohyeto no, yentumi nya nkɔso a enni awiei, gye sɛ ɛyɛ honhom, abrabɔ, anaasɛ nyansahu mu de.”

Yesu wɔ Video So

Kristoman mu ahyehyɛde ahorow refa ɔkwan biara so wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛtwe mmerante ne mmabaa adwene ma wɔanya Bible no mu nimdeɛ bi no mu. Sɛ nhwɛso no, American Bible Society no ayɛ Marko 5:1-20 no ho video so mfonini bi a ɛfa sɛnea Yesu saa ɔbarima bi a honhommɔne wɔ ne so yare ho no. The Miami Herald a ɛwɔ Florida bɔ amanneɛ sɛ wɔyɛɛ no sɛ video so dwonto a afã horow no kɔ ntɛmntɛm. Biako yɛ dwom a wɔworo nsɛm so wom, na foforo bi nso yɛ dwom a woti nsɛm mu ka ara. Wɔyɛ Yesu ho mfonini a ɔhyɛ T-shirt ne jacket a ɔne ɔbarima a honhommɔne wɔ ne so a n’ano twa ahuru na ɔhyɛ basketball kyɛw bɔ akuturuku wɔ antweri bi so. Wɔbɔ amanneɛ sɛ video dwom foforo bi a wɔato din Resurrection Rap da Yesu adi sɛ abɔnten so basabasayɛfo kuw bi panyin!

Nsu a Edi Awu

Sɛ ɔko ba awiei a, dɛn na wɔde akode a wɔamfa anni dwuma nyinaa bɛyɛ? Sɛnea Germany atesɛm krataa Hannoversche Allgemeine kyerɛ no, Wiase Nyinaa Ko II akyi no, amanaman a wɔkɔɔ afã ko tiaa Germanfo no nyaa ɛho mmuae a ɛyɛ tiawa, ɛwom sɛ wɔansusuw ho ankɔ akyiri de: Wɔnto ngu po mu. Atesɛm krataa no bɔ amanneɛ sɛ wɔde Germanfo akode fi tɔn 700,000 kosi 1,500,000 guu po ase. na wɔde aman a wo kotiaa Germanfo akode bi kɔkaa ho akyiri yi. Wɔpaw mmeae a wɔbɛtow agu​—nanso wɔanyɛ ho kyerɛwtohɔ yiye​—wɔ Atifĩ Fam Po, Baltic ne Skagerrak mu. Ɛwom sɛ wɔsan koyii nneɛma bɔne a edi awu yi fii mu wɔ 1950 mfe no mu de, nanso wosusuw sɛ bɛyɛ tɔn 500,000 da so wom. Mprempren asiane ahorow a po ase wura no de ba ho haw reyɛ kɛse. Aban nsuguarefo reyɛ nhwehwɛmu wɔ mmeae horow no bi na wɔrebɔ mmɔden ahwɛ sɛ wobehu akode dodow a ɛwɔ hɔ ne asiane a ɛwɔ ho no anaa. Ɔtopae horow no bi da so ara yɛ nea wobetumi de adi dwuma, na nnuru bɔne renwini fi ebi te sɛ lead azide, mercury, ne TNT gu nsu mu.

Trampoline mu Opira Horow

The Toronto Star a ɛwɔ Canada bɔ amanneɛ sɛ nnipa pii ani gye trampoline (ade bi a wohuruhuru na wobu afurupata wɔ so) a wɔde sisi mfikyiri ho, nanso ebetumi ayɛ asiane kɛse. Bere a ebi bu no sɛ nea wɔde di agoru no, nhwehwɛmu a Statistics Canada de mfe abien yɛe ama wɔahu sɛ wɔbɔɔ amanneɛ sɛ trampoline piraa nnipa 324 ɔman no mu nyinaa. Sɛnea Arlene Huhn a ɔyɛ adwuma wɔ Sports Medical Council a ɛwɔ Alberta kyerɛ no, “mmofra a wɔadi mfe ahorow nyinaa wɔ asiane mu, na pira horow a wopira no taa yɛ nea anibere wom sen mmofraberem opira no mu bebree”. Huhn de ka ho sɛ, opira no pii si bere a nkurɔfo reforo anaasɛ wɔresi afi trampoline no so. Ɛho abenfo kamfo kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ trampoline wuranom de sisi mmeae a ɛhɔ yɛ petee mu, na ɛsɛ sɛ wɔn a wodi agoru no nya mpaboa a ase nyɛ toro, na wɔyɛ ahwɛyiye bere a wɔreforo anaasɛ wɔrefi so asi no. Na ɛsɛ sɛ onipa biako na ɔde trampoline no di dwuma wɔ bere koro mu. Ɛho hia yiye sɛ wɔhwɛ agodifo no so.

Awɔ Ntua

Bɛyɛ mfe 30 a atwam ni no, ɔhaw bi too Micronesia supɔw Guam na ɛtɔree ɛhɔ kwaem nnomaa mu dodow no ara ase. Na ɔhaw no nyɛ ɔyare mmoawa anaa nnuru a wɔde kum mmoa a wɔsɛe ade na mmom ɔwɔ​—dua so ɔwɔ a ne ho nnodowee. Awɔ no a ebetumi aba sɛ U.S. asraafo ahyɛn na ɛde wɔn fi New Guinea baa supɔw no so no ase dɔree kɛse wɔ Guam. Mprempren, wɔ mmea bi no, awɔ a wɔwɔ bɔre kakra yi dodow bɛyɛ 30,000 na ɛwɔ asase kwansin biara so. Wɔbɔ amanneɛ sɛ wɔforo aban ne anyinam kanea ahama, wɔhyɛn afie mu, puepue fi nnorobɛn a nsu fa mu pue abonten mu mpofirim, na wɔtow hyɛ nyɛmmoa ne mmofra mpo so. Mprempren wɔn a wosua nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho ade a wɔwɔ Hawaii no suro sɛ awɔ no bɛtow ahyɛ wɔn so saa ara wɔ hɔ. Hawaii supɔw no nni awɔ a efi hɔ ankasa, nanso nnomaa a wɔde wɔn fi nsase bi so baa hɔ na wɔn ho yɛ nã ahorow pii a saa awɔ yi betumi ahaw wɔn yiye wɔ hɔ. Besi nnɛ no, wɔahu dua so awɔ nnodowee yi pii wɔ Hawaii wimhyɛn gyinabea horow​—akyinnye biara nni ho sɛ wowiaa wɔ ho foroo wimhyɛn a efi Guam baa hɔ no.

Venice Ko Tia Ɛpo Mu Nwura

Venice, kurow fɛfɛ a esi baka so wɔ Italy atifi Fam, rehyia efĩ soronko bi ho haw​—po mu nwura. Esiane sɛ aduannuru pii wɔ nsu no mu nti, baka no fuw po mu nwura tɔn 500,000 afe biara! Dɛn na wɔde eyi bɛyɛ? Wɔ nhwehwɛmu a edi kan a ɛte saa wɔ wiase yi mu, a nsɛmma nhoma Le Scienze too no din “nokware nkonimdi” mu no, wɔde nwura a efuw wɔ nsu mu yi yɛɛ krataa. Nyansahufo de nwura a wotwa fi baka no mu bɛyɛ tɔn 40,000 kosi 60,000 no mu bi yɛ krataa wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw a engu asase yi ho fĩ mpo sen ɔkwan a wɔnam so dannan nkrataa dedaw ani san yɛ no foforo no. Krataa a wɔde yɛ no te sɛ krataa a wonya fi tosaw mu no ara pɛ, na ɔkwan bi so no eye sen no. Na ani hwɛbea te dɛn? Ɛyɛ ahabammono a nsisii wom, a ɛhoa​—sɛnea ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan no!

So Ɛyɛ Adɔeyɛ Kuw Ampa?

Nansa yi ara Consumer Reports nsɛmma nhoma no bɔɔ amanneɛ soronko bi faa akisikuru adɔeyɛ kuw bi a ɛde nkrataa menae sɛ wɔmfa mma nnamfo ne ayɔnkofo mfa nnyigye akyɛde ahorow mfa mmra no ho. Amanneɛbɔ no kyerɛ sɛ ntease a wonya wɔ nkyerɛwde ketewa bi a ɛwɔ krataa no akyi ho no ma nokwasɛm horow bi a ɛyɛ anigye da adi. Sɛ nhwɛso no, bere a adɔeyɛ kuw no gyigyee sika a ɛreyɛ adu dɔla ɔpepem 2.5 wɔ afe a etwaam no mu no, sika no mu nea wɔde dii akisikuru yare ho nhwehwɛmu ho dwuma no ankasa nnu kaprɛ wɔ dɔla biako biara mu. Nsɛmma nhoma no kyerɛ sɛ, “Wɔde nea aka no tuaa adɔeyɛ kuw no ho dawurubɔfo ka, tuaa ɛka horow a wɔbɔe wɔ dawurubɔ no ho, de bi yɛɛ sika a wogyigyee no ho adwuma, de bi tuaa asennibea a wɔde wɔn kɔe esiane nnaadaa kwan a wodii kan faa so srɛɛ ade no ho ka, na wɔde bi tuaa ‘ntetee a wɔde maa amanfo’ no ho ka.” Ɛde amanfo ntetee a wɔkaa ho asɛm no ho nhwɛso bi mae​—sɛ akisikuru anosiw ho afotu a aniberesɛm biara nnim te sɛ “Yi nneɛma a ɛde akisikuru ba fi beae a woyɛ adwuma.”

Kasa Horow Ne Amemene No

Sɛnea nhwehwɛmufo Franco Fabbro a ɔwɔ Trieste Sukuupɔn a ɛwɔ Italy kyerɛ no, kasa biara a yɛte, anaasɛ yɛte kakra no wɔ baabi soronko a ɛwɔ wɔ amemene no mu. Ɔkwan bɛn so na ɔnam huu eyi? Nkurɔfo a wɔte kasa horow pii a wɔn adwene asɛe ma wontumi nka wɔn ankasa kasa yiye bio no tumi ka amannɔne kasa a na wosusuw sɛ wɔte kakraa bi no yiye. Nsɛmma nhoma L’Espresso ka sɛ, eyi kyerɛ sɛ “obi ankasa kurom kasa toatoa kasa afoforo no, na ɛma wontumi nka no yiye.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena