Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 3/8 kr. 18
  • “Nnuruyɛfo Susuw Mogya A Wɔde Ma Ho Bio”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nnuruyɛfo Susuw Mogya A Wɔde Ma Ho Bio”
  • Nyan!—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Nnipa Pii Agye Ayaresa ne Oprehyɛn a Wɔmfa Mogya Nka Ho no Atom
    Nyan!—2000
  • Mogya A Wɔde Gye Nkwa​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Oprehyɛn a Wɔmma Mogya Wom—Wɔagye So Mfaso Horow Atom
    Nyan!—1998
  • Dɛn ne Aduruyɛ a Edi Mũ Paa?
    Yɛn Ahenni Som—2007
Nyan!—1993
g93 3/8 kr. 18

“Nnuruyɛfo Susuw Mogya A Wɔde Ma Ho Bio”

“Nhyehyɛe a Woayɛ Reboa Yehowa Adansefo no yɛ ma Obiara”

Wɔ saa nsɛmti yi ase wɔ Rocky Mountain News mu no, nnuruyɛ ho nsɛnkyerɛwfo Kris Newcomer bɔ amanneɛ sɛ: “Denver nnuruyɛfo bɛboro 100 aka abom apene Yehowa Adansefo asɔre a ebu mogya sɛ ɛyɛ ade kronkron a ɛnsɛ sɛ woyi ma anaasɛ wɔde ma obi bere a wɔreyɛ oprehyɛn ne aduruyɛ mu nneɛma afoforo no so.” Oduruyɛfo Greg Van Stiegmann a ɔwɔ Bloodless Medicine and Surgery Program a ɛwɔ University Hospital a ɛwɔ Denver, Colorado wɔ United States, kae sɛ: “Nea asi ne sɛ yɛaboaboa nnipa a wɔwɔ nimdeɛ a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ nsakrae wɔ sɛnea wɔyɛ wɔn ade no ho.”

Van Stiegmann kae sɛ bere a nhyehyɛe no bedi Yehowa Adansefo ho dwuma no, ɛnyɛ wɔn nkutoo na wɔrepow mogya gye. Nnipa a wɔredɔɔso wɔ hɔ a sɛ wɔannye mogya a anka ebeye ama wɔn. Van Stiegmann kae sɛ, “Yɛbɔ mmɔden biara a yebetumi sɛ yɛremma obiara mogya . . . Amanneɛbɔ a ɛreda adi afi nhwehwɛmu ahorow pii mu kyerɛ sɛ, sɛ wɔmmaa wo mogya ansa na wɔreyɛ wo akisikuru ho oprehyɛn ne wɔ ɛno akyi a, akwanhwɛ a ɛwɔ hɔ sɛ wubenya ahoɔden wɔ oprehyɛn a edi kan mu no ye paa.

Asɛm no kɔɔ so kae sɛ: “Nsakrae a aba wɔ nnɛ yi nnuruyɛ mu no yɛ asɛm pa ma Yehowa Adansefo bɛyɛ 10,000 a wɔwɔ Colorado no. Asɛm bi wɔ Apam Dedaw nhoma Genesis mu a ese: ‘nam a ɛwɔ ne kra, ɛne sɛ ne mogya mu nko na munnni no’, na Adansefo fam no, ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde mogya kɔ wɔn nipadua mu ɔkwan biara so a mogya a wɔtwe kɔ wɔn mu ka ho.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena