Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 9/8 kr. 18-19
  • Oprehyɛn a Wɔmma Mogya Wom—Wɔagye So Mfaso Horow Atom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Oprehyɛn a Wɔmma Mogya Wom—Wɔagye So Mfaso Horow Atom
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Etu Mpɔn na Asiane Nnim
  • “Nea Wogyina so Bu Ka”
  • Sɛnea Nnipa Pii Agye Ayaresa ne Oprehyɛn a Wɔmfa Mogya Nka Ho no Atom
    Nyan!—2000
  • Yehowa Adansefo Aboa ma Koma Mu Oprehyɛn Anya Nkɔanim
    Nyan!—1996
  • Dɛn ne Aduruyɛ a Edi Mũ Paa?
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Mogya A Wɔde Gye Nkwa​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 9/8 kr. 18-19

Oprehyɛn a Wɔmma Mogya Wom—Wɔagye So Mfaso Horow Atom

WƆ 1996 no, Royal College of Surgeons a ɛwɔ England no tintim nhomawa bi a wɔfrɛ no Code of Practice for the Surgical Management of Jehovah’s Witnesses. Wɔ saa nhomawa yi mu no, oprehyɛnyɛfo no ka sɛ: “Asiane a ɛwɔ mogya a wɔde ma mu no ama ɛho abehia sɛ wosusuw nnuru a wobetumi de asi mogya ananmu ho bere biara a ɛbɛyɛ yiye.”

AHA NEWS, a Amerika Ayaresabea Fekuw no tintimii no nso bɔɔ amanneɛ faa nea enti a wɔagye oprehyɛn a wɔmma mogya wom so mfaso horow atom ho. Nsɛmma nhoma a ɛba dapɛn dapɛn no kae sɛ: “Ade a efii ase sɛ ɔsom mu gyidi no rebɛyɛ ade a wogye tom wɔ aduruyɛ ne nyansahu mu nimdeɛ mu nkɔanim mu. Aduruyɛ ne oprehyɛn a wɔmma mogya wom, a Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ hyɛ ho nkuran no yɛ nea ɛnyɛ honhom fam ahyehyɛde bi ahiade ho dwuma nkutoo na ɛredi, na mmom mmeae a wɔyɛ oprehyɛn wɔ ɔman mũ no nyinaa mu nso.”

Nea enti a nnuruyɛfo pii rehyɛ oprehyɛn a wɔmma mogya wom ho nkuran no yɛ asɛm a wotintimii wɔ krataa bi a na ɛhyɛ Time nsɛmma nhoma mu wɔ 1997 otwa bere mu no mu. Asɛm no kae sɛ: “Ade biako ne AIDS ho suro.” Asɛm no bɔɔ amanneɛ titiriw faa dwumadi a ɛrekɔ so wɔ Englewood Ayaresabea Asoɛe a Ɛwɔ New Jersey a Ɛhwɛ Ma Aduruyɛ ne Oprehyɛn a Wɔmma Mogya Wom Nya Nkɔso, a ɛwɔ Englewood, New Jersey, hɔ no ho.

Time kae sɛ: “Asoɛe no na edi U.S. ayaresabea bɛboro 50 a seesei wɔyɛ oprehyɛn a wɔmma mogya wom no anim. Bere a wɔmfa mogya a efi obi mu nni dwuma koraa no, wɔfa akwan pii so yɛ oprehyɛn a sɛ ɛnyɛ saa akwan no a, anka wɔbɛka sɛ wɔmfa mogya nka ho, na wɔfa akwan a ɛmma onii no nhwere mogya koraa so.”

Etu Mpɔn na Asiane Nnim

Ná Time mu asɛm no nnianim asɛm no fa Henry Jackson a mogya nwini guu ne mu araa ma ne mogya so tewee ɔha biara mu 90, na ɛmaa ne mogya kaa desilita biara mu gram 1.7 ma ɛde ne nkwa too asiane mu no suahu ho. Wɔde Jackson fi New Jersey ayaresabea bi a na wɔkyerɛ sɛ wɔrenhwɛ no bere a wɔmmaa no mogya na ɛkɔɔ Englewood Ayaresabea hɔ.

Wɔ Oduruyɛfo Aryeh Shander ɔhwɛ ase wɔ Englewood ayaresabea no, wɔmaa Jackson “nnuru a iron ne nnuannuru pii wom, ne ‘nnuru a ano yɛ den’ a ɛma mogya, ne nnuru a ɛkanyan dompe mu hon ma ɛde nkwammoaa kɔkɔɔ ba mogya mu no. Awiei koraa no, wɔde nsu sii no so de maa mogya kakra a aka no yɛɛ adwuma.”

Time bɔɔ amanneɛ sɛ nna kakraa bi akyi no, “ayaresabea a edi kan no frɛɛ telefon so bisae sɛ ebia Jackson awu anaa. Shander de anigye kɛse ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ɛnyɛ owu nko na onwui, na mmom ne ho atɔ no na aka kakra na wɔayi no, na ɛrenkyɛ na wafi ase reyɛ n’adwuma.’”

Wɔ nsɛm bi a wobisabisaa Oduruyɛfo Edwin Deitch a ɔyɛ oprehyɛn a wɔmma mogya wom ho dwumadi ho kwankyerɛfo wɔ Sukuupɔn Ayaresabea wɔ Newark, New Jersey, mu wɔ television so wɔ November 28, 1997, mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ nea ɛyɛe a oprehyɛn a wɔmma mogya wom ho nhwehwɛmu no fii ase no mu sɛ: “Yehowa Adansefo . . . bɔɔ mmɔden biara sɛ wobehu nnipa a wɔbɛyɛ oprehyɛn a wɔmma mogya wom. Nea efi saa nhwehwɛmu ahorow no mu bae no bi ne sɛ esii wɔn a wɔamma wɔn mogya no yiye sen sɛnea na wɔhwɛ kwan, [sen] nnipa a wɔmaa wɔn mogya no.”

Oduruyɛfo Deitch de kaa ho sɛ: “Mogya betumi ama nipadua mu nkwammoaa a ɛko tia nyarewa no ahoɔden so atew, na ama onii no anya yare foforo wɔ oprehyɛnyɛ no akyi; ebetumi ama asiane a ɛne sɛ obi benya kokoram bere ne bere mu no ayɛ kɛse, enti ɛwom sɛ wɔ tebea horow bi mu no, mogya a wɔde ma ye de, nanso etumi pira akyiri yi.” Ɛdefa oprehyɛn a wɔmma mogya wom ho no, Oduruyɛfo Deitch kae sɛ: “Ɛda adi pefee sɛ ɛma ɔyarefo no ho yɛ den yiye, na akyi haw nnɔɔso, na [ɛho] ka sua. Na, enti, mfaso wɔ so wɔ tebea biara mu.”

Enti, sɛnea Time kae no, “ayarefo pii na wɔrekyerɛ oprehyɛn a etu mpɔn na ahobammɔ wom no ho anigye sen sɛ wobegye mogya.” Nsɛmma nhoma no san bɔɔ amanneɛ sɛ: “Sɛnea akontaabu bi kyerɛ no, mogya a wɔde ma wɔ U.S. no mu ɔha biara mu 25 na ɛho nhia. Nneɛma foforo nso kyerɛ sɛ ayarefo nhia mogya pii sɛnea na wosusuw kan no, na mmofra titiriw nipadua tumi kora mogya. . . . [Shander] gye di sɛ mogya a wɔmfa nni dwuma no yɛ ade a ayarefo dodow no ara rekyerɛ ho anigye.”

Ɛwom sɛ yare a obi tumi nya yɛ mogya a wɔde ma mu asiane titiriw de, nanso afoforo wɔ hɔ. Oduruyɛfo Shander kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ wɔde mogya si hɔ ma ɛyɛ nwini na wɔkora so a, enni ahoɔden sɛ mogya foforo na atumi de oxygen ayɛ adwuma. Afei na yɛrete nea ɛba bere a yɛde mogya ma obi no ase ankasa.”

“Nea Wogyina so Bu Ka”

Time kae sɛ: “Awiei koraa no, ɛka wom: sɛ wɔde ɛka a wɔbɔ wɔ mogya a wɔde ma biara ho a ɛyɛ $500 no ka ɛho dwumadi ho ka nketenkete no ho a, ɛka a wɔbɔ wɔ ho nyinaa afe biara no besi dɔla ɔpepepem 1 kosi dɔla ɔpepepem 2, a ɛboro ka a wɔbɔ wɔ nnuru foforo a wɔde besi mogya ananmu ho no so.” Ɛte sɛ nea mogya a wɔde ma ho ka a ɛreyɛ kɛse no ne ade titiriw a enti wɔrekyerɛ oprehyɛn a wɔmma mogya wom ho anigye kɛse no.

Sharon Vernon a ɔyɛ Aduruyɛ ne Oprehyɛn a Wɔmma Mogya Wom Asoɛe a ɛwɔ St. Vincent Charity Ayaresabea a ɛwɔ Cleveland, Ohio, no kwankyerɛfo no kaa ayarefo a wɔhwɛ wɔn a wɔmma wɔn mogya no ho asɛm sɛ: “Ɛrenya nkɔanim efisɛ nnuruyɛfo rehu sɛ aduruyɛ a wɔmma mogya wom no ne nea wogyina so bu oprehyɛnyɛ ho ka na wotumi tew so. Yɛn suahu ada no adi sɛ insurance nnwumakuw a wɔntaa ne yɛn nni nkitaho no mpo ma nkurɔfo ba yɛn hɔ, efisɛ ɛmma wɔmmɔ ka pii.”

Ɛda adi pefee sɛ wɔregye oprehyɛn a wɔmma mogya wom atom kɛse wɔ aduruyɛ mu, na nneɛma pii nti na wɔyɛ saa.

[Kratafa 19 adaka]

GYINAE A ASƐNNIBEA ASISI NNANSA YI

Ná gyinae ahorow abien a asɛnnibea sii wɔ Illinois mantam mu wɔ U.S.A., wɔ November ne December 1997 mu no yɛ biribi titiriw. Wɔ nea edi kan mu no, wɔma wotuaa $150,000 maa Mary Jones a ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo no efisɛ wɔmaa no mogya ntoa abien wɔ 1993 mu ɛmfa ho sɛ ɔdaa no adi sɛ ɔmpɛ saa ayaresa yi no. Eyi ne sika a ɛsen biara a Ɔdansefo bi agye wɔ nkate fam yaw ho esiane sɛ wɔmaa no mogya bere a na ɔmpɛ nti no ho.

Asɛm a ɛto so abien no fa Ɔdansefo Darlene Brown a na ɔyem saa bere no a wɔhyɛɛ no maa no mogya esiane ne yafunum ba a wadi adapɛn 34 no nti ho. Wɔ December 31, 1997 no, Illinois Asɛnnibea a Wɔde Asɛm Dan No no kyerɛkyerɛɛ ne gyinaesi no mu kae sɛ “mogya a wɔde ma yɛ aduruyɛ mu ntua a ɛmma ɔpanyin a ɔwɔ ahoɔden nnya nipadua mu ahotɔ.” Asɛnnibea a Wɔde Asɛm Dan No no bɔɔ ne gyinaesi no mua sɛ “wɔ saa Ɔmantam yi mmara mu no, . . . yɛrentumi nhyɛ ɔpemfo bi wɔ mmara mu sɛ ɔmpene aduruyɛ mu ntua so.”

Wɔ February 9, 1998 no, Tokyo Asɛnnibea Kɛse no sakraa asɛnnibea ketewa bi a ɛhyɛe sɛ oduruyɛfo bi teɛ sɛ ɔmaa Misae Takeda mogya wɔ oprehyɛnyɛ mu wɔ 1992 mu no gyinaesi. Asɛnnibea Kɛse no kae sɛ “ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma hokwan a ɔyarefo wɔ sɛ ɔbɛpaw ayaresa a ɔpɛ no. Ná ɛto mmara sɛ ɔbɛma no mogya.” Wɔmaa Misae Takeda sika yen 550,000 ($4,200).

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena