Mpaebɔ bi ho Mmuae
ƆBEA bi a ofi Christchurch, New Zealand ka sɛ na Awake! mu nsɛm a ɛfa “Healing the Wounds of Child Abuse” ho no yɛ ne mpaebɔ ho mmuae. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ:
‘Wɔ August 1991 no mu no, yɛn mu binom nyaa osuahu a ɛyɛ hu a ɛne sɛ yehuu yɛn adamfo bi a ɔredi mmonnaa a wɔtoo no a ɔkae ho yaw. Midii awerɛhow bɛyɛ nnansa, na yɛbɔɔ Yehowa mpae a emu yɛ den sɛ ɔmma yennya nsɛmma nhoma bi a ɛbɛka eyi ho asɛm. Na yehia mmoa. Yɛtwɛn adapɛn anum pɛ. Yegyina nnipa pii a wɔato wɔn mmonnaa no ananmu da mo ase wɔ October 8, 1991,Awake! no mu asɛm a etu mpɔn na edwen afoforo nkate ho no ho.’
Atifi hɔ asɛm no yɛ nkrataa ɔhaha pii a wɔkyerɛw de bɛkyerɛɛ Awake! a ɛkaa mmofra a wɔto wɔn mmonnaa ho asɛm no ho anisɔ no mu biako pɛ. Wɔ krataa bi a yɛn nsa kaa no afe yi mfiase mu no, ɔkyerɛwfo no kae sɛ egyee no mmɔdenbɔ pii ansa na ɔretumi akenkan emu nsɛm no efisɛ na ontumi nnyae su. Ɔka sɛ:
“Mprempren mpo midi ɛyaw wɔ me komam bere a mebɔ mmɔden sɛ mɛda m’anisɔ adi wɔ bere ne ahoɔden a mode boa yɛn a yɛte nka saa sɛ wɔabrɛ yɛn ase na yɛayɛ bɔne bere a obi a ɔkyerɛ sɛ ‘ɔdɔ’ yɛn too yɛn mmonnaa wɔ honam ne adwene fam, bere a na yesusuae koraa na yɛyɛ mmerɛw no. Minnim da sɛ afoforo pii wɔ hɔ a wɔanya osuahu ahorow te sɛ mede no. Ɛda so ara yɛ den ma me sɛ medi nkate no so, nanso nyansahyɛ horow a ɛwɔ nkratafa 10 ne 11 no boa yiye. Mewɔ nsɛm pii ka, nanso nea mɛka ara ne sɛ mebɔ Yehowa mpae ma mo na mode mo ho ato Yehowa so na wama mo akokoduru ma mode akyerɛw nsɛm a ɛte sɛɛ a ne ka nyɛ mmerɛw no.”
Ɔfoforo nso kae sɛ: “Na eyi yɛ nnipa ntam nkitahodi ho nsɛm a eye kyɛn so sen biara a moakyerɛw pɛn no mu biako. Apa Satan nneyɛe yi ne wɔn a wodi saa dwuma no ho ntama, na akyerɛkyerɛ nneɛma a ɛsɛe no mu akyerɛ wɔn a wonnya nkɔɔ asiane no mu no; ɛde awerɛkyekye ne nkyerɛkyerɛ ama wɔn a wɔato wɔn mmonnaa. Ɔkwan a ɛbɛma wɔahwɛ mmɔborɔhunu ne mmoa kwan afi Onyankopɔn nkurɔfo hɔ abue.”
Yehowa Adansefo yɛ amanaman ntam ahyehyɛde a Bible asuafo bɛboro ɔpepem anan a wɔatu wɔn ho ama reboa nnipa ma wɔadi wɔn haw ahorow ho dwuma na wɔasua Onyankopɔn atirimpɔw ho nneɛma pii na wɔwom. Sɛ wopɛ sɛ wunya eyi ho nsɛm afoforo anaa ofie Bible adesua a wontua hwee a, yɛsrɛ wo kyerɛw Watch Tower Society, P.O. Box 760, Accra, anaasɛ address a ɛwɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.