Wiase Nsɛm
AIDS Anosiw Mfiri
Wɔmaa Australia aban AIDS ho agyinatufo akwankyerɛ sɛ wɔnkamfo akwan a wɔnam so bɛbrɛ trɛw a ɔyare no retrɛw ase nkyerɛ. Brisbane The Courier-Mail kyerɛe sɛ wɔkamfo kyerɛɛ denneennen sɛ wɔmma mmofra nhu akwan a wɔnam so siw AIDS ano no yiye, efisɛ sɛnea ne guamtrani a ɔne Oduruyɛfo Charles Watson kyerɛkyerɛɛ mu no, ntoaso sukuu adesuafo dodow ara de wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu. Nea wɔkamfo kyerɛe no bi ne kɔndɔm a wɔbɛma wɔn nsa aka denam mfiri a wɔde tɔn a wɔde besisi ntoaso sukuu mu no so. Oduruyɛfo Watson nnye nni sɛ saa mfiri no a wɔde bedi dwuma no bɛma sukuufo nkumaa de wɔn ho ahyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu ntɛm. Wɔankamfo ankyerɛ sɛ wonnya abrabɔ mu ahosodi wɔ amanneɛbɔ no mu.
Ankorankoro Helikɔta
So nnɔnherew pii a wode twɛnee wɔ kar a ɛtoatoa so mu ama woayɛ baasa pɛn? So woasusuw sɛnea ɛbɛyɛ anigye sɛ wɔbɛma wo so akɔ wim na wɔde wo akosi beae a worekɔ no ho pɛn? Helikɔta a woankasa wubenya nso ɛ? Italiafo atesɛm krataa Il Messaggero bɔ amanneɛ sɛ, helikɔta a emu yɛ hare a wɔyɛ nnansa yi ara no yɛ wim akwantu mu ade foforo. Emu duru yɛ kilogram 230 pɛ na dɔnhwerew biako biara etumi twa kilomita 150. Wubehia ¢30,000,000 na wode atɔ biako, na ɔkwansin biako biara begye ¢500. Ɛwom sɛ esua sen ne “nuanom akɛse no” de nanso ebetumi atu akɔ soro bɛyɛ mita 4,000 na etumi twa kilomita 320.
Asraafo Mmonnaato
Wɔ Wiase Ko II mu no, Japanfo asraafo kyeree mmeawa ne mmabaa mpempem fii Asia Apuei Fam aman no mu sɛnea ɛbɛyɛ na wɔne asraafo a wɔwɔ akono no adeda. Wogyaw mmea a wɔde sɛnkyerɛnne kwan so din a ɛne “awerɛkyekyere mmea” frɛɛ wɔn mmaninyare ankunkum wɔn no hɔ ma wowuwui bere a asraafo no san wɔn akyi kɔe no. Mfe aduonum akyi no, ɔbarima biako agye atom wɔ baguam sɛ ɔde ne ho hyeem na wapa ho kyɛw. Mainichi Daily News ka sɛ Seiji Yoshida a wadi 78 no “werɛ rentumi mfi Koreafo mmofra a wɔfomfam wɔn nanom ho resu a wɔde wɔn anan sum wɔn kyenee bere a n’asraafo no soaa ɛnanom nkumaa no guu lɔre mu ma wɔkɔyɛɛ nna mu mfenaa maa Japan Ɔhempɔn Asraafo no.” Bere a wobisaa no sɛnea ɔtee nka saa bere no, atesɛm krataa no bɔɔ amanneɛ sɛ Yoshida buae sɛ: “Yedii ahyɛde horow so ara kwa. Na yɛayɛ mmerɛw wɔ adwene fam saa bere no. Na ɛyɛ adwuma kɛkɛ. Na yentumi nnya adwene foforo biara. Mante hwee nka. Ná minni adagyew, na m’ani abere, na biribi anya me so tumi.” Aman pii mu asraafo mpanyimfo ahwɛ ahu sɛ wobenya mmea ama wɔn asraafo dɔm, sɛ wɔbɛfa wɔn nnommum anaa wɔbɛfa wɔn sɛ tuutuufo a wotua wɔn ka.
Asase Pa No—Reyera
Sɛnea Science nsɛmma nhoma mu amanneɛbɔ bi kyerɛ no, wiase asase pa resa, “nsu hohoro ntɛmntɛm kɔ anaa ɛredan mfutuma wɔ mframa mu.” Wɔ March mu, WRI (World Resources lnstitute) a ɛwɔ Washington D.C. no daa nea afi mfe abiɛsa nhwehwɛmu a animdefo ɔhaha pii hwɛɛ sɛnea asase no tebea asakra wɔ wiase nyinaa fi Wiase Nyinaa Ko ll aba mu aba no adi. Dɛn na efii mu bae? Esiane sɛ adesamma de asase no di dwuma akwammɔne so—ne titiriw kwae a wɔresɛe no, mmoa a wɔwe afifide tra so, ne kuadwuma nneyɛe a ɛsɛe nneɛma—nti, ama kan asasebere a ne kɛse te sɛ China ne lndia a wɔaka abom asɛe yiye. Nneɛma rekɔ bɔne, efisɛ, sɛnea WRI titrani Gus Speth akontaabu kyerɛ no, ɛsɛ sɛ wiase no ma aduan a wonya no bu bɔ ho mprensa wɔ mfe aduonum a edi hɔ no mu na ama wɔatumi ahwɛ nnipa a wɔredɔɔso no.
“Yenyaa Mmofra So Nkɛntɛnso Bɔne”
So wɔyɛ mmofra ayayade? Ɛnyɛ ayayadeyɛ ankasa. Agodifo David Goerlitz a ne mfonini baa Winston sigaret ho dawurubɔfo mu sɛ obi a ɔforo abotan na ɔsɔ sigaret ano bere a ɔsɛn ɔbotan ho no na ɔkaa atifi hɔ nsɛm no. The Boston Globe bɔ amanneɛ sɛ Goerlitz ne Wayne McLaren (a wɔde no yɛɛ Marlboro sigaret ho dawurubɔ no) kasa kyerɛ sukuufo mmofra de dan wɔn adwene sɛ wɔnnom sigaret. Goerlitz kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yɛmaa mo mmarimaa yi gye dii sɛ sɛ monom sigaret a, mubenya ahoɔden McLaren de awerɛhow kae sɛ: “Me nkwa nna so atew kɛse esiane sɛ mepaw sɛ mɛnom sigaret nti,” bere a akisikuru ama mahwere m’ahrawa biako no.
Mmoa a Edi Kan Ma Se a Atu
Germanfo atesɛm krataa Frankfurter Allgemeine Zeitung bɔ amanneɛ sɛ: “Wobetumi asan asi ɛse a ade abɔ no ma atu nna pii wɔ akwanhyia akyi, sɛ wotumi de sie yiye nkutoo a.” Wɔayɛ adaka bi a wobetumi de ɛse a atu no atom. Nea ɛwɔ adaka no mu ne nsu a wɔanoa, ne aduannuru a wɔafrafra, ne nuru a ekum ɔhonam yaw a wɔde si beae soronko. Wobetumi aka nnuru abien yi afra denam potwom bi a womia so so. Adwinnade no bo nyɛ den na wobetumi de asie bɛyɛ mfe abiɛsa a ɛho nhia sɛ wɔma ɛyɛ nwini. Nnuru adaka a ɛte saa ho betumi aba mfaso titiriw wɔ mmeae te sɛ asuguare abura, agodibea ne sukuu mu a akwanhyia a ɛma ɛse tutu taa sisi wɔ hɔ no.
Akwamma Mu Ɔhaw
Su horow bia wɔsakra no ho betumi aba obi a wahaw so mfaso sen sɛ ɔbɛkɔ akwamma. Veja faa Oduruyɛfo Sérgio Tufik, School of Medicine a ɛwɔ São Paulo, Brazil, kyerɛkyerɛfo asɛm kae sɛ: “Wɔahyehyɛ yɛn nipadua no ma ɛyɛ adwuma te sɛ wɔkye. Nsakrae biara a ɛbam, dapɛn biako taamudi akwamma wɔ Caribbean mpo, betumi ama nipadua no abrɛ.” Sɛ dwumadi bi yɛ den anaa ɛnyɛ den no, nea ɛbɛyɛ na woakwati ɔhaw a ebetumi apira wo no, ɔkamfo kyerɛ sɛ: “Ma nea [woreyɛ] no ara nnɔɔso mma wo.” Sɛ anka wobɛbɔ mmɔden ayɛ biribi foforo a ebetumi ama woahaw kɛse asen nea woyɛ daa no, oduruyɛfo no de nyansahyɛ ma sɛ: “Ebia ahintasɛm no ne sɛ ‘kɔ akwamma’ da biara da. Ɛno kyerɛ sɛ, wɔ adwuma no akyi no, nya dwumadi ahorow a ɛma akomatɔyam mu kyɛfa.”
Mogya a Wɔde Ma a Asiane Wom
Nnipa bɛboro apem a wɔwɔ France anya AIDS afi mogya a wɔde maa wɔn no mu. Dɛn nti na wɔn dodow kɔ soro fi mpɛn anum kosi du sen Europa Atɔe Fam aman afoforo mu fã kɛse no ara mu de ho? Le Monde kyerɛkyerɛ mu sɛ afiase so ahwɛfo kɔɔ so gyee mogya a nneduafo de mae no ara kosii 1985, bere a aman a ɛbemmɛn hɔ no agyae saa adeyɛ no akyi mfe abiɛsa. Amanneɛbɔ no kɔ so ka sɛ na mogya a wɔtwe ma no “yɛ ade a wɔayɛ akyɛ a na wobu wɔ mmeae pii sɛ ɛboa ma wɔsesɛw nneduafo. Mogya a wɔtwe ma kyerɛ ogye, na afei nso ɛma ɔdeduani nya kwan . . . nom bobesa kuruwa biako, na nnubɔnenomfo fam no, wɔte anigye bi nka wɔ paane a wɔde wɔ wɔn twe mogya no mu. Mogya a wɔtwe ma nso tumi boa ma wɔtew nneduafo no afiase nna so.
Ntadehyɛ ho Ɔyɛkyerɛ wɔ Asɔredan Mu
“Gregoria nnwonto, nsambɔ dennen ne ɛdɔn a ɛwosow wɔ baabi a ɛkame ayɛ sɛ ɛhɔ aduru sum koraa mu no, asɔfo mmea baason a wɔde nkataso atenten akatakata wɔn anim pue ɔdan no mu. Wɔsosɔ akanea no mpofirim, na asɔfo mmea no yi wɔn nkatanim no, [na] wɔdan wɔn a wɔhyɛ ntade kyerɛ.” Saa nsɛm yi na atesɛm krataa Jornal da Tarde de kaa ntade hyɛ ho ɔyɛkyerɛ a wɔyɛe wɔ Metropolitan Cathedral a ɛwɔ Porto, Brazil, asɔredan no ase asa bi so ho asɛm. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ ɔsɔfo panyin a ɔbaa ase no kae sɛ: “Masusuw bere nyinaa sɛ ɛsɛ sɛ ɛha yi yɛ beae a wɔyɛ anigyede ne asetra mu dwumadi horow.” Ɛwom sɛ wɔde ɔyɛkyerɛ yi gyegyee sika de kɔboaa wɔn a nnubɔnenom aka wɔn hɔ de, nanso ɔsɔfo panyin a ɔwɔ Novo Hamburgo annye saa adeyɛ no antom koraa. Ɔkae sɛ: “Sɛ wodu botae no ho mpo a, ɔkwan a wɔfaa so no nteɛ.”
Nnɛyi Odwowtwa
Sɛnea Brazil atesɛm krataa O Estado de S. Paulo ka no: “Nea ɛne afeha a ɛto so 17 ne 18 mu adwowtwafo nneyɛe bɔ abira no, wɔmfa nkatanim anaa nkrante nni dwuma. Ɛnnɛ, wɔwɔ po so ahyɛn a ɛho yɛ hare ne akode a ano yɛ den. Wɔyɛɛ odwowtwa 185 ho kyerɛwto wɔ Rio de Janeiro wɔ mfe abiɛsa a atwam no mu. Nnansa yi ara adwowtwafo du de atuo a ɛtow ntɛmntɛm tow hyɛɛ po so hyɛn bi a
fam ngo wom so kum emu adwumayɛfo baanu, piraa afoforo baanu ansa na wɔrewia sika ne nneɛma. Saa nsɛmmɔnedifo akuw a wɔahyehyɛ no di dwuma wɔ po so ahyɛn gyinabea a adagyew nni hɔ koraa te sɛ Santos ne Rio de Janeiro, na wɔte po so ahyɛn mu nneɛma ne ho ahobammɔ ho nhyehyɛe fi ɛhɔnom tuutuufo hɔ. Sɛnea atesɛm krataa no de baa awiei no, odwowtwa a anya nkɔanim ne nnaka a wowia no ma Brazil amannɔne aguadi bɔ ka nso.
Mfiri a Wogye Fi Wɔn Wuranom Nsam Abu So
Kar a wogye ti wɔn wuranom nsam no yɛ ɔhaw a ɛwɔ wiase nyinaa nanso sɛnea South Africa atesɛm krataa Financial Mail kyerɛ no, wɔ South Afrika no, “kar a wogye fi wɔn wuranom nsam no atrɛw kɛse.” Sɛ wote beae a ɔhaw yi kɔ so wɔ hɔ a, ɔkwan bɛn so na wobɛfa atumi ama tumi a wobetumi agye wo kar afi wo nsam no so atew? Bɔ mmɔden sɛ wobɛsakra akwan a wofa so daa no mu. Fa akwan afoforo so, anaa fi fie ntɛm anaa ka akyi kakra. Toto apon ne mfɛnsere no nyinaa mu. Nnyina mfa nkurɔfo, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wo nkutoo ntu kwan. Ansa na wubegyina wɔ baabi a wɔasiw kwan no, bisa wo ho sɛ ɛfata sɛ wɔyɛ saa anaa? Hwehwɛ ɛhɔnom afirikafo mfrankaa ne wɔn akanea, na hyɛ ntade a wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ kwan no so hyɛ no nsow. Polisifo panyin bi tu ofirikafo a ɔwɔ tebea a ɛyɛ hu mu fo sɛ: “Fa kar no ma no, sɛ wo nkwa da asiane mu a. Mfaso nni so sɛ wobɛyɛ ɔdɔmmarima a wawu.
Awofo a Wɔboro Wɔn
Nea wɔaka ho asɛm sɛ “mmofra abufuhyew a ɛyɛ hu a ahintaw” a wohwie gu awofo so no retrɛw wɔ Australia. Polisifo ne nnipa yiyedi ho akuw horow bɔ amanneɛ sɛ mmofra a wɔboro wɔn awofo redɔɔso ntɛmntɛm wɔ ɔman yi mu. Ɛwom sɛ ɛnanom na wɔtaa boro wɔn de, nanso wɔatow ahyɛ agyanom ne nananom mpo so. Sydney atesɛm krataa Sunday Telegraph faa asɛm bi a ahyehyɛde a ɛhwɛ nnipa yiyedi so kwankyerɛfo panyin kae no kae sɛ: “Ɛyɛ nkurɔfo nwonwa sɛ wɔbɛte sɛ mmofra a wɔadi mfe 10 tumi yɛ basabasa—wɔpoopoo wɔn nanom ne wɔn nuanom afoforo. Wɔ mpɔtam baabi no, awofo a wɔboro wɔn ho nsɛm a wɔde brɛ adwuma a edi afoforo yiyedi ho nsɛm ho dwuma no abu so araa ma wɔreyɛ dwumadi titiriw bi ama wɔn a wɔboro wɔn ne wɔn a wɔboro afoforo no.