Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 12/8 kr. 12-13
  • So Ɛsɛ sɛ Kristofo de Nyamesom mu Abodin Ahorow Di Dwuma?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛsɛ sɛ Kristofo de Nyamesom mu Abodin Ahorow Di Dwuma?
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Nea Ɔfata Nnidi,” “Ɔsɔfo Panyin,” ne “Ɔsɔfopɔn“
  • “Owura,” “Me Wura,” ne “Agya“
  • Nyamesom mu Mfomso
  • Onyankopɔn Ne Kristo Ho Nokwasɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
  • “Yesu Kristo ne Awurade” Ɔkwan Bɛn so ne Bere Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Ɔwae—Wosiw Ɔkwan a Ɛkɔ Onyankopɔn Nkyɛn No
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Ɛyɛ Ampa sɛ Petro Yɛ Pope a Ɔdi Kan?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Nyan!—1992
g92 12/8 kr. 12-13

Bible No Adwene

So Ɛsɛ sɛ Kristofo de Nyamesom mu Abodin Ahorow Di Dwuma?

WƆAKA asɔfo a wɔn ho ayɛ na wɔ Kristoman mu nnɛ ho asɛm pii, nanso nyamesom mu abodin ahorow abu so wɔ wɔn mu. Abodin horow no bi yɛ tiawa; afoforo korɔn. Nhwɛso kakraa bi ni:

Ɔsɔfo: “Nea Ɔfata Nidi.”

Anglikan sɔfo panyin: “Nea Ɔfata Nidi Kɛse Owura Sɔfo Panyin.”

Roma Katolek sɔfo panyin (a ɔwɔ Italy) : “Nea Ɔsen Biara, Nea Ɔwɔ Din Sen Biara ne Sɔfo a Ɔfata Nidi Sen Biara.”

Ɔsɔfopɔn: “Nea Ɔkorɔn.”

Paapa: “Agya Kronkron a Ɔsen Biara.”

Wɔde abodin “nea ɔfata nnidi” ne “ɔsɔfopɔn” no adi dwuma araa ma atɔ asɔremma no mu dodow no ara asom. Nanso so Bible no ma abodin ahorow yi ho kwan?

“Nea Ɔfata Nnidi,” “Ɔsɔfo Panyin,” ne “Ɔsɔfopɔn“

Wɔ King James Version mu no wɔde asɛm ‘nea ɔfata nidi’ no di dwuma pɛnkoro pɛ, wɔ Dwom 111:9, a ese: “Ne din yɛ kronkron na ɛfata nidi.” Hena din? Nkyekyem a edi hɔ no se:”Nyansa mfiase ne AWURADE suro.” (Dwom 111:10) Wɔ Katolekfo nkyerɛase bi mu no, saa nkyekyem abien yi kenkan sɛ: “Ne din yɛ Kronkron na ɛyɛ hu. Nyansa nnyinaso ne Yahwe [Yehowa] suro.” (The New Jerusalem Bible) Enti, sɛnea Onyankopɔn Asɛm kyerɛ no, ɔsuro pa anaa nidi fata Yehowa Ade Nyinaa So Tumfo no nkutoo. Ɛnde, so ɛyɛ papa sɛ yɛde bɛma nnipa?

Paulo kyerɛw kɔmaa Timoteo sɛ: “Sɛ obi pɛ ɔpanyin (bishop) adwuma no a, wapɛ adwuma pa. (1 Timoteo 3:1, KJ) Nanso nkyekyem no kan wɔ The New Jerusalem Bible mu sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ ɔpanyin adwuma no a, wapɛ adwuma pa.” Na wɔfrɛ tete Kristofo a asɛyɛde ahorow hyɛ wɔn nsa no “mpanyimfo” ne “ahwɛfo.” So wɔde saa nsɛm no dii dwuma sɛ abodin ahorow? Dabi. Wɔamfrɛ mmarima a wɔte sɛɛ yi “Ɔsɔfo Panyin Petro” anaa “Ɔpanyin Yakobo” da. Ɛno nti na Kristofo mmarima a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ Yehowa Adansefo mu a wɔsom asafo no sɛ mpanyimfo no mfa asɛm “ɔpanyin” no nni dwuma sɛ abodin da no. Wɔde nsɛm “ɔpanyin” ne “ɔhwɛfo” (bishop) no di dwuma ma wɔn a wɔde tumi ne asɛyɛde ahyɛ wɔn nsa. Nsɛm no kyerɛkyerɛ nneɛma ahorow awɔhwehwɛ wɔ mmarima a wɔapaw wɔn no ho ne adwuma ko a wɔyɛ no nso mu.

Na abodin “ɔsɔfopɔn” (cardinal) nso ɛ? So ɛwɔ Bible no mu? Dabi. Enni nkyerɛase biara mu. Nokwarem no, Roma Katolek Asɔre no gye tom sɛ saa abodin no nni Bible mu. New Catholic Encyclopedia no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Woyii asɛmfua no fii Latin asɛmfua cardo a ɛkyerɛ ‘mpontɛre’ no mu, na sɛnea Paapa Eugene IV kae no, ‘sɛnea ofie apon gyina ne mpontɛre so no, saa ara na Asomafo Tumidi, asɔre mũ no nyinaa pon no, gyina asɔfopɔn adwuma no so na enya mmoa.’” Saa nhwehwɛmu nhoma yi bɔ yɛn amanneɛ nso sɛ “asɔfopɔn wɔ hokwan sɛ wɔfrɛ wɔn tee sɛ wɔn a ‘Wɔkorɔn.’” Wɔn dibea no nso ma wɔn kwan sɛ wɔbɛhyɛ atade yuu kɔkɔɔ ne ɛkyɛw kɔkɔɔ. So na asomafo no wɔ saa ‘hokwan ahorow’ no? Bible no bua sɛ dabi.

“Owura,” “Me Wura,” ne “Agya“

So ɛsɛ sɛ wɔfrɛ asɔfo awuranom? Wɔfrɛ Anglikanfo asɔfo mpanyin “owura.” Wɔtaa frɛ Katolekfo asɔfo mpanyimfo “monsignor,” a ɛkyerɛ “me Wura.” Wɔ aman bi mu no, wɔfrɛ Duteh Reformed Asɔre no asɔfo dominee, abodin a wonya fii Latin asɛmfua dominus, a ɛkyerɛ “owura” no mu. Nanso Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Munim sɛ wiase amanaman ahene di wɔn so sɛ awuranom . . . nanso ɛrenyɛ saa wɔ mo mu.” (Mateo 20:25, 26, The New English Bible) Afei nso ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Munnni kuw a wɔde ahyɛ mo nsa no so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no.” (1 Petro 5:3, NJB) Bere a Yesu fi ahobrɛase mu hohoroo n’asuafo no nan ho no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mofrɛ me Kyerɛkyerɛfo ne Awurade, na moka nokware; meyɛ saa.” (Yohane 13:13, NJB) So ɛteɛ sɛ nnipa bɛfa nyamesom mu abodin bi a ɛyɛ Nyankopɔn ne ne ba dea ato wɔn ho so?

So nyamesom mu abodin “agya” no teɛ? Roma Katolekfo ne Anglikanfo na wɔde di dwuma kɛse. Wɔde “Padre,” a ɛkyerɛ”agya,” nso di dwuma kɛse. Nanso Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Ɛnsɛ sɛ mofrɛ obiara mo agya asase so, efisɛ mowɔ Agya biako pɛ, na ɔwɔ soro.” (Mateo 23:9, NJB) The New English Bible kenkan saa ara sɛ: “Mommfrɛ onipa biara a ɔwɔ asase so ‘agya.’” Dɛn nti na asɔfo ne wɔn akyidifo bu Awurade Yesu Kristo ahyɛde yi so?

Wɔtaa frɛ Roma paapa no sɛ “Agya Kronkron.” Nanso n’adwumayɛfo a wɔyɛ Italiafo taa frɛ no sɛ Santissimo Padre, a ɛkyerɛ “Agya Kronkron a Ɔsen Biara.” “Agya Kronkron” yɛ abodin bi a epue pɛnkoro pɛ wɔ Bible no mu. (Yohane 17:11) Ɛyɛ Ɔteasefo Pumpuni no nkutoo abodin. So ɛteɛ sɛ wɔde abodin no bɛfrɛ asase so abɔde a wɔtɔ sin?

Nyamesom mu Mfomso

Yesrɛ wo, kenkan na hyɛ nsɛm a ɛwɔ Mateo 23:1-12 no nsow. Yesu fi ase ka Farisifo a na wɔyɛ Yudasom mu fekuw a wɔagye din no ho asɛm. Na wɔyɛ wɔn a wodi mmara akyi na wɔpɛ sɛ obiara di Mose mmara no so pɛpɛɛpɛ. Ná wɔpɛ sɛ wosiesie wɔn ho na wɔyɛ wɔn ade sɛnea nnipa behu wɔn. Ná wɔn som no yɛ nea wɔde hoahoa ho​—wɔn ahosiesie, wɔn trabea a ɛkorɔn wɔ adidi ase, wɔn anim nkongua wɔ hyia adan mu, ne wɔn nidi abodin ahorow. Wobuu wɔn kɛse mpo sen sɛnea na wobu awofo. Na wɔpɛ sɛ wɔfrɛ wɔn agya. Nanso, Yesu kyerɛ sɛ n’akyidifo nyinaa yɛ pɛ sɛ Onyankopɔn mma. Abodin biara a ɛte sɛ nea ɛne eyi bɔ abira no yɛ biribi a ɛyɛ Onyankopɔn dea a wɔde ahantan refa ama wɔn ho. Enti Yesu bara asɛmfua “agya” a wɔde bedi dwuma sɛ nidi abodin wɔ nyamesom mu no. Yesu si so dua sɛ Agya biako pɛ na n’akyidifo wɔ wɔ gyidi no mu, Yehowa.

So ɛnna adi sɛ asɔfo pii gyina ‘asase kronkron’ a ɛyɛ Onyankopɔn ne ne Ba no nkutoo dea so ne sɛ wɔde obu a ɛsɛ sɛ wɔde ma wɔn no pii rema nnipa a wɔtɔ sin? Nnɛyi nokware Kristofo pow sɛ wɔde nyamesom mu abodin ahorow a ɛdɛfɛdɛfɛ nnipa bedi dwuma, na wɔ pow sɛ wobebu nnipa sɛ wɔkorɔn wɔ nyamesom mu. Wɔ Yehowa Adansefo mu no, nea wɔde frɛ asomfo ara ne “Onua.” (2 Petro 3:15) Ɛne nea Yesu kae no hyia sɛ: “Mo nyinaa yɛ anuanom.”​—Mateo 23:8, NJB.

[Kratafa 12 mfonini]

[Picture Credit Line on page 12]

The Three Bishops, a Albrecht Dürer yɛe 1507 mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena