So Wɔahu Hell?
SO WOAHU sɛ ɛte sɛ nea hellgya ɔkyerɛkyerɛ no rebrɛ ase nnansa yi? Ebia ebegu wɔ akyinnyegye nna a yewom yi mu. Anaasɛ ebia nnipa pii rehu sɛ adwene a ɛne sɛ wɔyɛ nnipa ayayade daa wɔ ogya mu no ne atɛntrenee ne ɔdɔ Onyankopɔn a Bible no da no adi no nneyɛe nhyia. Nea enti a wonnye nni no mfa ho, nyamesom akannifo de ahoyeraw reyɛ ho biribi. Susuw eyi ho asɛm biako ho.
Wɔ United States no, ɔman no “Kristofo” TV so dwumadi bi ne asɛnkafo kratawa bi bɔɔ amanneɛ sɛ abɔde ho nyansahufo ahu “hell” bere a na wɔretutu fam wɔ Siberia no! Biblical Archaeology Review nsɛmma nhoma no kyinkyim kyerɛwtohɔ a ɛte saa no biako bɔɔ no mua.
Wɔkyerɛ sɛ na Finlandfo ne Norwayfo abɔde ho nyansahufo kuw bi wɔ Siberia retutu fam sɛ wɔde reyɛ nhwehwɛmu. Ɛyɛɛ wɔn nwonwa yiye bere a wohui sɛ adwinnade a wɔde tutu fam no twaa ne ho baabi a hwee nni wɔ fam akwansin pii! Ɛyɛɛ wɔn nwonwa kɛse mpo bere a wohui sɛ asase no ase hɔ ɔhyew boro 1,100oC! Nanso ɛyɛɛ wɔn nwonwa kɛse sen biara bere a wogyaa akasam kɔɔ amoa no ase hɔ na afei wɔtee nnipa mpempem pii—ebia ɔpepem pii—nne sɛ wɔn nyinaa de yaw reteɛteɛm! Asɛm no ka sɛ abɔde ho nyansahufo no koma tui araa ma wɔn mu pii gyaee adwuma no yɛ. Ebinom yɛɛ apam sɛ wɔbɛyɛ no ahintasɛm, bere a afoforo a wonnye Onyankopɔn nni no nso sakra bɛyɛɛ “Kristofo” esiane hell ho adanse yi nti.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔn a wotintim asɛm yi na wotii mu kae no kyerɛ sɛ ɛwɔ nnyinaso yiye. Rich Buhler a ɔyɛ Radio so ɔkasa dwumadi bi no kyerɛwee wɔ Christianity Today mu sɛ ɔne n’adwumayɛfo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwehwɛ saa amanneɛbɔ ahorow yi mu. Bere a wɔreyɛ nhwehwɛmu no, wohuu nsɛm a atu afra a ɛfaa nsɛm fii nkrataa a ɛno nso afa nsɛm afi nsɛm a adanse biara nni ho saa ara mu aka no kae mu.
Foforo nso yɛ krataa bi a efi Norwayni ɔbarima bi a bere a wobisaa no asɛm no, ogye toom pefee sɛ krataa no mu nsɛm nyɛ nokware no hɔ. Ɔde manae kɛkɛ efisɛ ogye dii sɛ wobegye adi na wɔama atrɛw. Akyinnye biara nni ho sɛ ohuu nyamesom akuw pii ho nokwasɛm ahorow a ɛyɛ awerɛhow—wogye nea wɔpɛ sɛ wogye di.
Wɔ Bible Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔkyerɛ asɛmfua “hell” ase fi Hebri asɛmfua sheol mu. Epue mpɛn 65, na wɔ Authorized King James Bible nkyerɛase no mu no wɔkyerɛ ase mpɛn 31 sɛ “hell,” mpɛn 31 sɛ “ɔdamoa” ne mpɛn 3 sɛ “amoa.” Wɔ saa Bible no Hela Kyerɛwnsɛm nkyerɛase no mu no, wɔkyerɛ asɛmfua Hades ase “hell” wɔ mmeae du a epue no nyinaa. Sheol ne Hades nyinaa kyerɛ adesamma nyinaa ɔdamoa, na ɛmfa ɛyaw anaa ogya mu ayayade anaa obiara a ɔte Siberia asase ase akwansin bebree ho!
[Kratafa 31 mfonini fibea]
Picture Book of Devils, Demons and Witchcraft/Ernst and Johanna Lehner/Dover