Nea Wobɛyɛ A Wubetumi Akae Ade Yiye
WOWƆ tumi a ɛma wokae ade yiye! So ɛyɛ den ma wo sɛ wubegye adi? Wiɛ, susuw nneɛma pii a wokae ntɛmntɛm no ho hwɛ kakra: nneɛma a wohui wɔ wo mmofraase, nnamfo ne abusuafo din—anansesɛm mu nnipa bi a wɔwɔ nhoma mu ne TV so, nnwom a wopɛ yiye mu nsɛm, nkyerɛwde, sɛnea wɔkan ade, nsɛmfua mpempem pii. Yiw, woada no adi sɛ wubetumi akae nneɛma ɔpepem pii!
Ebia wubebisa sɛ: ‘Sɛ mitumi kae nneɛma ma ɛyɛ nwonwa saa a, dɛn nti na me werɛ fi ade? Dɛn nti na metaa yera nneɛma? Dɛn nti na mekɔ aguadidan mu na me werɛ fi nea merekɔtɔ no? Nea enye koraa no, dɛn nti na ɛyɛ me den saa sɛ mɛkae edin ahorow—sɛ menka telefon nɔma ahorow ne nhyehyɛe a me ne afoforo yɛ no ho asɛm a?’ Eyinom yɛ nsɛm a ɛhaw nnipa pii. Nanso, wutumi kae ade yiye sen sɛnea ebia wususuw—na wubetumi ama ayɛ yiye asen saa.
Nea Enti a Yɛn Werɛ fi Ade
Onyankopɔn de tumi a ɛma yɛkae ade a ɛyɛ nwonwa bɔɔ yɛn. Sɛnea ɛfata no, amemene no da nea wɔka wɔ anwensɛm mu wɔ Bible no mu sɛ “sika toa” no mu—nkae kuku a ɛsom bo. (Ɔsɛnkafo 12:6) Ɛnde dɛn nti na ɛtɔ da bi a, yentumi nkae nneɛma bi? Mpɛn pii no ɛyɛ ho anigye a yenni nti. Dwom kyerɛfo a wagye din Arturo Toscanini fii ne tirim kyerɛɛ nnwom a nnwontofokuw nyinaa to. Adwumawura Charles Schwab a ɔyɛ ɔdefo no tumi kaee n’adwumayɛfo 8,000 din. Nanso so na wotumi kae nneɛma a wɔn ankasa ani nnye ho? Entumi mma saa. Ɛnde ɛmfa ho sɛ wutumi kae ade dɛn ara no, ɛbɛyɛ den yiye sɛ wubesua nneɛma a w’ani nnye ho na woakae.
Ade foforo nso a ebetumi ama yɛn werɛ afi ade ne tebea ne beae a ɛsakra. Wɔkae nneɛma yiye wɔ tebea a wosuae wom no mu. Ɔbea bi kyiaa ɔbarima bi a na wakɔsra beae a wɔtetee no wɔ ho no. Sɛnea ɛtaa ba no, ɔfaa no sɛ ɔbea no bɛyɛ obi a na ɔne no te mpɔtam hɔ wɔ ne mmofrabere mu. Nanso ɔkae mpofirim sɛ na ɔyɛ obi a ohu no da biara—obi a ɔne no yɛ adwuma mprempren! Ɔkɔsraa hɔ bere koro no ara mu kwa. Tebea foforo a ohuu ɔbea no wom no ma ne werɛ fii onii ko a ɔyɛ no bere tiaa bi.
Nea eye no, enhia sɛ wokae nsɛm ɔpepem pii a ewura w’adwenem da biara no; emu pii ho nhia ahe biara. Nanso sɛ biribi ho hia a, wubetumi asua sɛnea wobɛkora so. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam w’ani a wobɛma aku ho kɛse so.
Sɛnea Wɔkae Ade
Yɛmfa no sɛ ɛsɛ sɛ wo ne obi ka asɛnhia bi wɔ telefon so anadwo. Sɛ wohyɛ ahiade yi nsow wɔ w’adwenem kɛkɛ na woanyɛ ho hwee a, wo werɛ betumi afi. Enti gyina na susuw nhyehyɛe a woayɛ sɛ wobɛfrɛ obi wɔ telefon so no ho. Nhoma Instant Recall—Tapping Your Hidden Memory Power a Jeff Budworth kyerɛwee no kamfo kyerɛ sɛ fa “simma, ɛnyɛ anibu dodow bi” fa nsɛm a ɛho hia hyɛ w’adwenem. Ka kyerɛ wo ho sɛ woasi wo bo sɛ wobɛkae ne onii no akasa. Sɛ woma wo ani ku asɛm yi ho kɛse a, entumi mma sɛ wo werɛ befi.
Nanso akwan afoforo bɛn nso na wubetumi ama wani aku nneɛma a wompɛ sɛ wo werɛ fi no ho titiriw? Sɛ wode nyansahyɛ ahorow a edidi so yi di dwuma a, ɛnkyɛ ɛbɛyɛ w’asetra fã.
Hu asɛm no sɛnea ɛte pɛpɛɛpɛ: Sɛ wɔamfa nsɛm anhyɛ kɔmputa mu yiye nea edi kan a entumi nna no adi pɛpɛɛpɛ. Akwan pii so no, saa ara na yɛn adwene te. Sɛ nhwɛso no, susuw din sua ho hwɛ. Ɔbenfo Bruno Furst ka wɔ ne nhoma Stop Forgetting mu sɛ: “Sɛ yɛanhu din no pefee ne pɛpɛɛpɛ a, yɛrentumi mpo nka sɛ yɛbɛkae anaa yɛn werɛ befi. Yɛrentumi nkae anaa yɛn werɛ mfi biribi a yennim da. Enti nea edi kan a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ yebehu din no ne sɛnea wɔbɔ anaa wɔkyerɛw no pefee.” Enti sɛ obi ammɔ ne din yiye bere a wɔde no rekyerɛ wo no a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛma wabɔ din no bio. Bisa sɛnea wɔkyerɛw no.
Twa ho mfonini: Bɔ mmɔden twa nea wopɛ sɛ wokae no ho mfonini. So adwuma bi wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ wo werɛ fi? Ɛnde twa mfonini sɛ woreyɛ. Dodow a wususuw adwenem mfonini yi ho no, dodow no ara na ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛkae.
Nneɛma a wotwa no mfonini wɔ adwenem no nso betumi aboa wo ma wama abusuabɔ bi aba nneɛma a ɛne wɔn ho nsɛ no mu. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ ɛsɛ sɛ wokae tɔ nufusu ne aduro a wɔde twitwiw se. Wubetumi abɔ mmɔden atwa nantwi bi a ɔretwitwiw ne sẽ ho mfonini wɔ w’adwenem. Eyi nyɛ mfonini a wo werɛ betumi afi, sɛ wobɔ mmɔden dɛn ara mpo a!
Ka wɔ w’ano: ‘Ɛsɛ sɛ mekɔ John hɔ anadwo yi’ a wobɛka no den akyerɛ wo ho no yɛ ɔkwan biako a wobɛfa so akae sɛ wobɛyɛ saa. Ɔkwan foforo so no, ɛyɛ a wo werɛ taa fi sɛ ebia woato ɔpon no mu anaa woadum fononoo no? Nhoma How to Improve Your Memory a Ɔbenfo James D. Weinland kyerɛwee no se: “Mpɛn pii no yebetumi adi ɔhaw yi so denam nnwuma no ho asɛm a yɛbɛka no den bere a yɛreyɛ no so . . . Sɛ wukyim dɔn no ne emu ade a ɛbɔ dɔn no a, ka sɛ ‘m’akyim dɔn no ne emu ade a ɛbɔ dɔn no.’ Sɛ wotow ɔpon no mu a, ka kyerɛ wo ho sɛ ‘m’ato ɔpon no mu.’” Ebia wubebu eyi yɛ sɛ nkwaseasɛm de, nanso ebetumi aboa wo ma woakae.
Nya w’asɛm no ho anigye: Ebia w’ani nnye ade bi ho, nanso sɛ wokae wo ho nea enti a ɛsɛ sɛ wohu ne nea ebefi mu aba bere a wo werɛ fi no a, ne sua bɛyɛ mmerɛw. Bio nso, dodow a wusua biribi ho ade no, dodow no ara na w’ani gye ho. Bible no ka sɛ: “Nimdeɛ nyɛ nhumufo nyanã.”—Mmebusɛm 14:6.
Kan: Fa no sɛ ɛsɛ sɛ wode nneɛma pii kɔ adwumam ɔkyena anɔpa. Ɛnyɛ ade a wubegyaw bi bere a wohyɛ ne dodow nsow pɛpɛɛpɛ no.
Hyehyɛ: Sɛ ɛsɛ sɛ wototɔ nneɛma pii wɔ aduantɔnbea a, bɔ mmɔden hyehyɛ no akuw. Sɛ nhwɛso no, ebia wubesi gyinae sɛ wuhia nneɛma abiɛsa a wɔde nufusu yɛ, nneɛma abien a wɔde nam yɛ, ne nneɛma afoforo abien. Nneɛma a wobɛhyehyɛ no saa kwan yi so no boa wo ma w’ani ku ho yiye.
Fa di dwuma na ti mu: Daa wobɛkae w’ankasa wo din, nkyerɛwde no, anaa sɛnea wode adinam anaa pɛnsere di dwuma. Dɛn ntia? Efisɛ wode nimdeɛ yi adi dwuma mpɛn pii. Dwuma a wɔtaa de ade bi di ma sɛnea wotumi kae ade no nya nkɔanim ma ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkae. Ɛnde, wɔ bere ne bere mu no, tĩ nneɛma a wopɛ sɛ wokae no mu wɔ w’adwenem anaasɛ fa di dwuma. Bere a wɔde obi akyia wo akyi no, bɔ mmɔden fa ne din di dwuma mpɛn pii. Anaa sɛ wusua biribi foforo a, bɔ mmɔden sɛ wode bɛhyɛ wo nkɔmmɔbɔ ahorow mu, na hwɛ yiye na woanyɛ te sɛ nea wode hoahoa wo ho.
Adekae Ho Mfaso
Ebia wubebisa sɛ: ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mehaw me ho sɛɛ? So ɛnyɛ mmerɛw kɛse sɛ wobɛkyerɛw nneɛma ato hɔ ara kwa?’ Kalenda ahorow, nneɛma din a woakyerɛw, bere dɔn ahorow, nsɛm a woakyerɛw ama w’ankasa wo ho—eyinom ho wɔ mfaso kɛse. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, ɛnyɛ yiye sɛ wobɛkyerɛkyerɛw nneɛma ato hɔ, te sɛ bere a wuhyia nnipa no. Na ebia na kyerɛwdua mmɛn wo bere a nneɛma a worekɔtotɔ ho kyerɛwtohɔ no ho hia nsakrae no. Ɛno akyi no, kyerɛwtohɔ ahorow tumi yera ntɛmntɛm. Na sɛ wo werɛ fi nso sɛ wobɛhwɛ wo kalenda so ɛ? Enti w’adwene a wobɛtete no ma akae ade no yɛ adeyɛ a ɛho wɔ mfaso.
Dodow a wode di dwuma no, dodow no ara na ɛrenyɛ den kɛse sɛ wobɛkae nneɛma. Nokwarem no, ɛbɛyɛ kakra no wubehu sɛ wopɛ sɛ wokaekae nneɛma sen sɛ wobɛkyerɛw. Nanso, nsuro sɛ ebia ɔkwan bi so no wode nneɛma pii bɛhyɛ w’adwenem tɛnkyɛm ma entumi nyɛ adwuma yiye. Te sɛ ntini no, dwuma a wɔde adwene no di no ma enya ahoɔden na ɛyɛ adwuma yiye. Oduruyɛfo Joan Minninger ka sɛ: “Nnipa pii bu nsɛm a wɔde sie adwene no mu kyɛ no sɛ ade a wɔde ntade sensɛn mu kɛse bi a ɛsɛ sɛ bere ne bere mu no woyi nneɛma no fi mu na ama wɔde foforo asensɛn mu. Ɛyɛ atoro. Wonnim baabi a adwene no betumi akora nsɛm so akodu. Wubetumi asua ade akae nneɛma afoforo wo nkwa nna nyinaa mu.
Oduruyɛfo Furst ka no saara sɛ “ɛbɛyɛ atoro sɛ yebesusuw sɛ ɛsɛ sɛ yesiw adwenem nkwammoaa no mmɔden biara ano na yɛkora wɔn so a wɔnyɛ hwee. N’abirabɔ mmom na ɛyɛ nokware.” Dwumadi ma tumi a wɔde kae ade no nya ahoɔden kɛse. (Fa toto Hebrifo 5:14 ho.) Ebinom, te sɛ Harry Lorayne a ɔyɛ The Memory Book akyerɛwfo no biako no gye di mpo sɛ “adwene a wɔde kae nsɛm no bɛyɛ papa ankasa bere a wunyin no.”
Sɛ ɛte saa anaa ɛnte saa no, wonhwere biribiara na mmom wubenya mfaso pii denam adwene a wɔde kae ade a Onyankopɔn de ama a wode bedi dwuma no so. Ebia wo werɛ remfi mfaso horow no.