‘Ɛma Wɔte Ahintasɛm no Ase’
Wɔaka Baasakoro no ho asɛm sɛ ahintasɛm, nanso ɔkenkanfo bi a ofi Australia se So Ɛsɛ sɛ Wogye Baasakoro No Di? brochure no “ma wɔte ahintasɛm no ase ma ho asɛm twa koraa.”
Wɔ New York no, obi a anka ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Roman Catholic Church’s Confraternity of Christian Doctrine dwumadi mu no kae sɛ ɛkaa ne nko a anka nhoma yi bae wɔ mfe du du a atwam ni no mu. Ɔkyerɛw sɛ ɔde mfe dunum gyinaa akuw a emu sukuufo dodow fi 30 kosi 35, a wɔadi mfe 7 kosi 12 anim “yɛɛ ahaban a wɔfrɛ no shamrock mfonini de kyerɛkyerɛɛ wɔn Baasakoro no ho ade—nhwiren no afã horow abiɛsa no gyina hɔ ma Nnipa ankorankoro baasa, wɔn mu biara yɛ Onyankopɔn, a etua dubaa biako so ma wɔyɛ Onyankopɔn biako! Nanso saa na na asɔfo ne asɔfo mmea no aka akyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ.”
Ɔtoa so sɛ: “Na ɛhaw me saa bere no. Mprempren manya mmuae a ɛteɛ no ne nokwasɛm ahorow afi Onyankopɔn ankasa Asɛm mu. Hwɛ sɛnea ɛkaa me nko a anka matumi aboaboa mmofra nkumaa no a mekyerɛɛ wɔn ade no nyinaa ano, na mede nneɛma yi nyinaa ho nokware akyerɛ wɔn!”
Nnipa bebree kyerɛ anisɔ kɛse wɔ Baasakoro a ɛne Kristoman Asɔre no mu fã kɛse no nkyerɛkyerɛ titiriw ho brochure a wɔnam nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri so kyerɛwee no ho. Nea ɛka nsɛm a wɔafa aka asɛm wɔ brochure no mu ho ne nea The New Encyclopaedia Britannica ka yi: “Asɛmfua Baasakoro anaa ɛho nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ fann nni Apam Foforo no mu.”
Sɛ wopɛ sɛ wonya eyi ho nsɛm a ɛkɔ akyiri anaa ofie Bible adesua a wontua hwee wɔ ho a, yɛsrɛ wo kyerɛw Watch Tower, P.O. Box 760 Accra, anaasɛ address a ɛwɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.