AIDS—Ayaresabea Adwumayɛfo Rebɔ Wɔn Ho Ban!
“AYARESABEA adwumayɛfo wɔ asiane a ɛne sɛ wobetumi anya HIV afi ayarefo a wɔwɔ bi no hɔ mu.” Wɔafa kɔkɔbɔ a efi South Africa Aduyɛ Kɔlege hɔ no aka asɛm wɔ South Africa Medical Journal no mu. Kɔkɔbɔ yi aba wɔ bere a ayaresabea adwumayɛfo bebree ahwere wɔn nkwa esiane AIDS a wonyae no akwanhyia so nti no mu.
Wɔrefa akwankyerɛ ahorow a wɔde rebɔ ayaresabea adwumayɛfo ho ban no aniberesɛm yiye mprempren. Nea edidi so yi yɛ nhyehyɛe a kɔlege no ayɛ mu nsɛm a wɔka kyerɛ ayaresabea adwumayɛfo a bere a wɔreyɛ wɔn adwuma no, ebia wobehyia nnipa a wɔwɔ HIV mmoawa no bi no.
Wɔ tebea a ennye ntɛmpɛ mu no, sɛ ɛba sɛ ɔyarefo bi pow sɛ ɔbɛma kwan ma wɔahwɛ ne mogya mu ahwɛ sɛ ebia ɔwɔ AIDS mmoawa no bi a, ayaresabea odwumayeni no betumi “agyaa no hwɛ . . . bere a ɔne ɔyarefo no asusuw biribiara ho akyi no.” Wɔde kɔkɔbɔ ama sɛ wɔ tebea a egye ntɛmpɛ mu no, ɛsɛ sɛ “wɔhwɛ” ayarefo nyinaa “yare te sɛ nea wɔwɔ HIV mmoawa no bi.”
Wɔakyerɛ nhyehyɛe ahorow a wɔbɛyɛ de abɔ wɔn ho ban pii wɔ nsɛm afoforo a ɛka ho no mu. Sɛ nhwɛso no, “sɛ wɔde wɔn nsa reka mogya ne nipadua mu nsu, hohɔre, anaa ɔhonam no baabi a apira a . . ., sɛ wɔredi nneɛma anaa biribi a mogya anaa nipadua mu nsu ayɛ so ho dwuma a . . ., sɛ wɔreyɛ nneɛma bi a ebetumi aba sɛ mogya bɛka wɔn nsa a,” ɛsɛ sɛ wɔhyɛ rɔba ahyɛnsa. Wotu ayaresabea adwumayɛfo fo nso sɛ “wɔnhyɛ biribi nkata wɔn anim mmɔ wɔn aniwa ne wɔn anim ho ban bere a wɔreyɛ nneɛma a ɛbɛma mogya anaa nipadua mu nsu abɔ apete no.”
Wɔde ɔfã bi nyinaa bɔ ayaresabea adwumayɛfo kɔkɔ wɔ mpanee a ɛnhyɛ hwee mu a wokura anaa biribi a ano yɛ nnam a wɔde adi dwuma a wobegyaw atoto hɔ no ho. Ɛsɛ sɛ wɔkwati “nnwinnade a ano yɛ nam a wɔn a wɔyɛ oprehyɛn de mema wɔn ho wɔn ho” bere a wɔreyɛ oprehyɛn no. Afei nso, wotu fo sɛ “ɛsɛ sɛ wɔde mogya anaa nipadua mu nsu biara a wɔatwe gu akorade a enwunu mu,” na ɛsɛ sɛ wɔde hyɛ “rɔba bag anaa akorade a nsuw ntumi mfɔw no mu.”
Sɛ ɛba sɛ mmoawa yi bi kɔ ayaresabea adwumayɛfo yi bi ho denam ebia biribi a ano yɛ nam a mmoawa no bi wɔ ano a etwaa no, anaa ebia mogya bi a ɛkɔ opirakuru bi mu no so a, wotu fo sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi ntɛm so. Nhoma no ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ayaresabea odwumayeni no mogya mu hwɛ sɛ ebia wɔanya HIV mmoawa no bi saa bere no, ne afei adapɛn 6 akyi, adapɛn 12 ne asram 6 akyi. Saa mmere yi mu no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe soronko bi de bɔ afoforo ho ban, na amma ayaresabea odwumayɛni no amfa ansan wɔn a ɔne wɔn da ɔbarima ne ɔbea nna.”
Saa nhyehyɛe ahorow yi kyerɛ sɛnea ayaresabea adwumayɛfo a wonim nea ɛrekɔ so no kɔ so yɛ ahwɛyiye wɔ mogya a wɔde di dwuma no ho.