Bible No Adwene
So Bible Pene Awɔ A Wogoru Wɔn Ho No So?
GYIDIFO hyia wɔ nsɔre nketewa mu. Wɔbɔ guitar na wɔto asɔre nnwom. Wɔbɔ mpae de hwehwɛ ayaresa. Wotie asɛm a wɔbɔ srɛ mu ka no na wɔka kasa basabasa a wɔfrɛ no “kasa foforo” no. Wɔ eyi yɛ mu no, nsonsonoe ahe biara nni wɔne Kristoman mu Sunsumsɔrefo ntam. Afei woyiyi awuduru, ogya ne awɔ.
Awuduru a wɔtaa de di dwuma no ne strychnine, a wɔahono wɔ nsu mu. Ogya no yɛ ntamasin bi a wɔafɔw no kerosene na wɔde gya atom anaasɛ acetylene gya, na awɔ no nso yɛ sare so akyereben anaa akumabɔmmɔfo a wɔnyɛ nã wɔ Apalakyi Mmepɔw a ɛwɔ United States a saa nsɔre yi wɔ hɔ pii no so no. Sɛ wɔte nka sɛ “honhom no” asi wɔn so a, wɔnom awuduru no na wɔde wɔn nsa hyɛ Ogya mu. Wɔkyere awɔ nso de wɔn kyebaw wɔn nsa ne wɔn abati ho, wɔde wɔn fam wɔn ho na wɔde ma wɔn ho wɔn ho. Dɛn ntia?
Dewey, a ɔyɛ asɔre ketewaa bi a ɛwɔ West Virginia no kannifo no se “migoru awɔ ho efisɛ ɛwɔ Bible no mu te sɛ ahyɛde.”* Dewey ka sɛ awɔ aka no mpɛn 106, n’atwã wɔ ne ho a edi ho adanse. So Bible no hyɛ ankasa sɛ wɔnyɛ saa nneɛma no?
“Nsɔ Awurade Nhwɛ”
Bible no ka wɔ 1 Yohane 4:8, King James Version sɛ: “Nea ɔnnɔ no nnim Onyankopɔn; na Onyankopɔn ne dɔ.” So Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ bɛhwehwɛ sɛ n’asomfo bɛyɛ wɔn ho ayayade a ɛho nhia? Dewey ka sɛ: “ɔwɔ ka no yɛ yaw. Ɛyɛ yaw mpɛn ɔha sen ɔkekaw . . . Wote nka sɛ nea woda ogya mu.” Ɛwom sɛ wɔn a ɔwɔ keka wɔn no mu pii nwu de, nanso akunkum nnipa binom a Dewey nuabea a owui wɔ 1961 mu no ka ho.
Ɛwom sɛ, Kristofo asiesie wɔn ho bere nyinaa sɛ wobewu ama wɔn gyidi de, nanso esiane sɛ wɔpow sɛ wobegyaa wɔn Bible nnyinasosɛm mu asiesie nti nnipa afoforo na wokunkum wɔn. Nea ɛne eyi bɔ abira no, bere a Satan kae sɛ Yesu mfi ne pɛ mu mfa ne nkwa mo asiane mu kwa denam Yerusalem asɔredan atifi a obehuruw afi hɔ abesi fam so no, “Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, Wɔakyerɛw bio sɛ, Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ.” (Mateo 4:7,KJ) So ɔwɔ, ogya anaa awuduru a wɔde di agoru no nyɛOnyankopɔn a wɔsɔ no hwɛ anaasɛ ahomaso a wɔyɛ de tia no? So sɔhwɛ a ɛte saa no nkyerɛ sɛ n’asomfo no nni gyidi koraa, mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛhyɛ Onyankopɔn na ɔnam anwonwa kwan so nneɛma so akyerɛ sɛ n’Asɛm yɛ nokware?
Ahyɛde Bɛn Na Kyerɛwnsɛm No De Ma?
Wɔn a wogoru awɔ ho no ka sɛ Onyankopɔn Asɛm no na ɛde wɔn nneyɛe no ho ahyɛde ma, na wɔkyerɛ sɛ Mark 16:17, 18 ne ɛho adanse. Nkyekyem ahorow yi kenkan wɔ King James Version no mu sɛ: “Na nsɛnkyerɛnne yi bedi wɔn a wobegye adi no akyi: Me din mu, wobetu ahonhommɔne, wɔbɛkasa kasa foforo, wɔbɛma awɔ so, na sɛ wɔnom awuduru biara a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa begu ayarefo so ama wɔn ho ayɛ wɔn den.”
Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wohyɛ no nsow sɛ ɛkame ayɛ sɛ Bible ho abenfo nyinaa gye tom sɛ mfitiase no na nkyekyem ahorow yi nka Marko Asɛmpa no ho. Ɔkyerɛwfo Charles Ryrie a wagye din yiye no kae sɛ “Nkyekyem 9-20 a ɛyɛ den sɛ wobegye atom no ma ɛyɛ nea nyansa nnim sɛ wɔde nkyerɛkyerɛ anaasɛ osuahu begyina so (titiriw nky. 16-18) .”
Nanso, wɔn a wogoru awɔ ho wɔ wɔn som mu no ani ntaa nnye sɛnea Bible abenfo susuw sɛ Marko 16:9-20 rentumi nyɛ nokware no ho. Nkyekyem ahorow yi wɔ King James Bible a ɛno nkutoo ne Bible a wɔn mu pii wɔ mu gyidi no, na wɔ wɔn fam no asɛm no awiei ara nen.
Nanso sɛ nkyekyem ahorow yi yɛ nokware mpo a, ɛnhyɛ sɛ wongoru awɔ ho anaa wɔnnom awuduru na ɛnka ogya ho hwee. Enti ɛnsɛ sɛ wobu sɛ ɛyɛ ɔsom mu ahwehwɛde. Nokwarem no, ɔwɔ kaa ɔsomafo Paulo wɔ Malta (Melita, KJ) supɔw so de, nanso na ɛyɛ akwanhyia ɛfisɛ na ɛhyɛ mmobaa a ɔde resɔ ogya mu. Ɛwom sɛ ɔwɔ kaa Paulo na ɔsoro ahobammɔ nti hwee anyɛ no de, nanso wamfa ahurutoa no amma afoforo sɛ wonso mu. Mmom no, “ɔpetee aboa no too gya mu.” Sɛ anka ne ho bɛhyehye no te sɛ wɔn a wogoru awɔ ho nnɛyi no, “hwee anyɛ no.”—Asomafo no Nnwuma 28:3-6, KJ.
So Ɛyɛ Gyidi A Wɔsɔ Hwɛ?
The Encyclopaedia of American Religions ka sɛ, awɔ a wogoru wɔn ho no yɛ nnɛ bere yi mu adeyɛ. Ɛka sɛ: “Wɔ 1909 mu no, George Went Hensley, abofra bi a na ɔte Grasshopper Valley, akuraase wɔ Tennessee, begye dii sɛ awɔ ne awuduru ho asɛm a wɔka wɔ Marko 16:17-18 no yɛ ahyɛde ankasa. Ɛno akyi nna kakraa no, ɔkyeree ɔkyereben wɔ Asuten Sale a ɛbɛn hɔ no ho bere a asɔre rekɔ so, ɔde ɔwɔ no bae sɛ asɔrefo no nso mu mfa nni wɔn gyidi ho adanse.” Nanso, Kyerɛwnsɛm ne abakɔsɛm nyinaa mu adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ tete Kristofo no ‘sɔɔ wɔn gyidi hwɛe’ wɔ saa kwan no so.
Bio nso, susuw eyi ho: Onyankopɔn de Paulo dii dwuma de nyan awufo; nanso ɔhwɛɛ n’akwahosan ne n’ahokafo no akwahosan so yiye wɔ ɔkwan a nyansa wom so. (1 Timoteo 5:23; 2 Timoteo 4:13) Paulo ammɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ biribi a ɛbɛma wanya hokwan anyan awufo.
Enti, sɛ anka Kristofo bɛma awɔ akeka wɔn ma wɔate ɛyaw kɛse nka na wɔn ho ayeyɛ atwa mmom no, wɔde afotu ma wɔn sɛ wɔmfa ‘wɔn nipadua mma sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne wɔn nyamesom a adwene wom.’ (Romafo 12: 1, KJ) Sɛ anka ɔsomafo Paulo bɛhyɛ Kristofo sɛ wɔmfa nneyɛe a nyansa nnim nsɔ wɔn gyidi nhwɛ no, n’afotu a nyansa wom ne sɛ: “Monsɔ mo ho nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa? Mummisa mo ho nhwɛ!” (2 Korintofo 13:5, KJ) Fa wo gyidi toto Onyankopɔn Asɛm ho. Wo ho a wubefi nokwaredi mu asɔ ahwɛ, wo gyidi a wode bɛtoto Kyerɛwnsɛm no ho no bɛboa wo ma woahu sɛ wo gyidi no betumi adi sɔhwɛ a ɛsen biara a ɛne Onyankopɔn ani a wobɛsɔ no mu nkonim anaa.
[Ase hɔ nsɛm]
May 1, 1989 People nsɛmma nhoma.