Nea Ɛsɛ Sɛ Wuhu Fa Tirim Dwiriw Ho
AHODWIRIW, fɛre ne afɔdi taa ka awofo a wɔn mma dɔ dwiw. Ɛnna biako kae sɛ: “Ɛyɛ aniwu, efisɛ wote nka sɛ nkurɔfo besusuw sɛ wo ho ntew.”
Nanso sɛ wo fifo dɔ dwiw a, so ɛsɛ sɛ ɛma w’ani wu?
Ahorow Abiɛsa
Tirim dwiw yɛ nkoekoemmoa nketenkete bi a wonni ntaban a wɔn tenten bɛyɛ sɛ nsateakwaa mu nkyem dunsia, wɔn kɛse te sɛ sesame aba. Wɔn ho yɛ nsonso ebi nso yɛ nnodoe. Fɛre a ɛka wɔn a wɔdɔ dwiw no fi adwene a ɛnteɛ a ɛne sɛ nnipa a wɔn ho ntew nkutoo na wɔdɔ dwiw no. Nanso, nokwarem no, tirim dwiw pɛ beae a efi nni hɔ, enti wɔn a woguare daa mpo betumi anya bi.
Dwiw ahorow abien a nnipa nim wɔ hɔ ka tirim dwiw ho: honam ani dwiw ne ayaase dwiw. Ayaase dwiw a wonya fi ɔbarima ne ɔbea nna mu no taa tra ayaase, motoam, bɔgyesɛ ne hwene ano ne ɛtɔ mmere bi a anintɔn nhwi mu. Ɛyɛ tiaa na ɛte sɛ ɔkɔtɔ ketewaa, enti ne mmaran ne ɔkɔtɔ dwiw.
Honam ani dwiw no ntra nnipa ho te sɛ tirim dwiw ne ayaase dwiw. Ɛtra ntade ne ntama mu na efi hɔ anom nnipa. Honam ani dwiw tra baabi a nnipa kyere so pii na efi wɔ hɔ. Bere bi a atwam no na ɛde nyarewa dodow bi ba, a nea ɛka ne atiridii, nanso ɛnnɛyi de dwiw ntaa mfa yaredɔm yi mma.
Asɛnnennen a Ɛkɔ Akyiri Kodu He?
Nnuruyɛ ho nsɛmma nhoma Archives of Dermatology kae sɛ: “Dwiw a ɛba nkurɔfo tirim no abɛyɛ asɛnnennen a ɛkɔ akyiri wɔ United States, ayɛ nnipa pii wɔ mmeae ahorow.” Nnuruyɛfo ka sɛ bɛyɛ sɛ nnipa ɔpepem asia kosi ɔpepem du a wɔwɔ United States no nya bi afe biara.
U.S. Nyarewa Anosiw Adwumayɛbea no nhwehwɛmu bi a wɔyɛe ma ɛdaa adi sɛ na sukuufo a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu pii adɔ dwiw. Nokwarem no, Ɔbenfo David Taplin a ɔwɔ Miami Adwumayɛ Sukuupɔn no ka sɛ: “Wɔ mmeae ahorow bi no, ɛyɛ nnipa no mu ɔha mu nkyem 40.”
Nanso nnipa dodow a wɔdɔ dwiw ho adwennwene no nni United States nkutoo. Nyansahu nsɛmma nhoma Discover no bɔ amanneɛ sɛ: “Amanneɛbɔ a efi Canada ne Chile, nea efi England, France, Italy, East Germany, Rusia, mpo Australia ba no kyerɛ sɛ tirim dwiw dɔ mmofra bɛyɛ sɛ ɔha mu nkyem 50 anaasɛ nea ɛboro saa wɔ sukuu ahorow bi mu.”
Ɔkwan Bɛn So Na Wɔde San?
Esiane sɛ dwiw ntumi ntu anaa nhuruw nti, nkurɔfo nam wɔn ho a wɔde fam wɔn a wɔadɔ bi, titiriw no wɔn ti a wɔde tare obi a wadɔ bi ti ho no so na wonya bi. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Pennsylvania sukuu ahorow mu no ma ɛdaa adi sɛ wɔn a wɔadɔ dwiw no mu ɔha mu nkyem 73 nam saa kwan yi so na enyaa bi. Ebinom susuw sɛ wɔn dodow no kɔ soro dodo. Dennis White a ɔyɛ Nsanyare Ho Dwumadi, New York State Akwahosan ho Adwumayɛbea no panyin ka sɛ: “Nkurɔfo ho a wɔde fam afoforo ho ankasa no na ɛma wɔn a wɔdɔ dwiw no nyinaa mu ɔha mu nkyem 90 nya bi.”
Akwan afoforo a wubetumi anya dwiw afi obi a wadɔ bi hɔ ne sɛ wo ne no nyinaa de afẽ, berrete, dukuu, kyɛw, mpopaho, stereo head phone, asuguare kyɛw ne nneɛma afoforo bedi dwuma. Nea enti a eyi te saa ne sɛ dwiw tumi tra ase bɛyɛ nnɔnhwerew 20 (ebi tumi di 48) bere a onni obi tirim no.
Ade biako nti a dwiw dɔ nkurɔfo pii nnɛ ne sɛ awofo pii nyɛ asɛnnennen no ho hwee. Deborah Altschuler a ɔyɛ National Pediculosis Association no so panyin no ka sɛ “mpɛn pii no nnipa nni adagyew a wɔde bɛkae sɛ ɛsɛ sɛ wogye bere de bɔ mmɔden hwehwɛ sɛ wobehu dwiw nkesua wɔ wɔn mma tirim.” Nokwasɛm a ɛyɛ awerɛhow ne sɛ wɔ 1980 mfe no mu no, ade biako nti a nkurɔfo dɔɔ dwiw no yɛ nea efi nimdeɛ a wonni ne anibiannaso mu ɛbae.
Bɔ W’abusua Ho Ban
Sɛnkyerɛnne a edi kan a ɛkyerɛ sɛ obi adɔ dwiw ne sɛ ne tirim bɛkeka no. Tirim dwiw ka nunu tiri ase, ɛma ɛkeka na ɛtɔ mmere bi a ɛhɔ yɛ kɔkɔɔ. Sɛ wo ba huane ne tirim pii a, ɛsɛ sɛ wunya adwene sɛ woanya bi. Dwiw hwehwɛ hia beae a hann wɔ ne ahwɛniwa a ɛma ma yɛ akɛse. Esiane sɛ dwiw ntra faako na etumi tɛw nti, hwehwɛ ne nkosua no a ɛtare nhwi no ase pɛɛ no. Nkesua no bi su yɛ akokɔ srade na ebi yɛ nnodowee. Honam ani nyarewa ho nnuruyɛfo ahu sɛ anyɛ yiye koraa no nneɛma 12 wɔ hɔ a nkurɔfo di mfomso de kyerɛ sɛ dwiw nkesua wɔ obi tirim. Enti, fa ahwehwɛ a ɛma nneɛma yɛ akɛse no di dwuma na hwehwɛ tiri no mu yiye. Hwehwɛ aso no akyi ne ne kɔn akyi hɔ yiye.
Sɛ wuhu dwiw anaa ne nkesua a, shampoo, srade anaasɛ nku (a ɛyɛ dwiw aduru) titiriw bi bekum dwiw no. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobesiw trɛw a ɛbɛtrɛw ano no, ɛsɛ sɛ wokum wɔn a wɔwɔ bi no nyinaa de ma wɔn wɔ bere koro mu. Enti hwehwɛ abusua mũ no nyinaa tirim ansa na wafi ase ayɛ aduru no.
Ɛnyɛ bere nyinaa na dwiw aduru tumi sɛe dwiw nkesua a ɛtetare nhwi ho no. Nkesua a ɛbɛka biara betumi ahuan wɔ nnanson anaa nnafua du mu, enti ebia ebehia sɛ wode aduru no san yɛ mu bio na akum dwiw biara a aka. Nanso ehia ahwɛyiye: Aduru a wɔde kum nkoekoe mmoa kakraa wɔ dwiw aduru biara mu a, sɛ wɔamfa anni dwuma wɔ ɔkwan pa so a, ebetumi de opira a anibere wom aba. Enti, di akwankyerɛ a nea ɔyɛɛ aduru no de ama no akyi.
Sɛ dwiw aduru a wɔfrɛ no pediculicides no bi nni beae a wowɔ no a, wubetumi de nnuru afoforo adi dwuma. Nnuruyɛfo pii kyerɛ sɛ wobetumi de afe titiriw bi a ano yɛ nnam aporow dwiw nkesua no agu. Nea ɛka ho bio no, nnuruyɛ nhoma Clinical Dermatology: A Color Guide to Diagnosis and Therapy no de nyansahyɛ ma sɛ: “Wobetumi de ntamasin a wɔde vinegar afɔw no akyekyere tiri no simma 15 de annan amane a aka nkesua no atare nhwi no ho no.”
Nea etumi di dwuma yiye ne sɛ wobeyi ti nhwi no. Ebinom nso ahu sɛ kerosene kakraa a wɔde bɛsra ti no mu bɛyɛ sɛ simma 15 kosi 20 no bekum dwiw ne nkesua no nyinaa. Nanso ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahwɛyiye efisɛ kerosene betumi aworɔw ti ase, na sɛ ɛkɔ aniwa mu a ɛhyehye yiye. Afei kerosene hua a wɔbɛhome no nnye, na sɛ ɛbɛn ogya a ebetumi adɛw.
Nea ɛho hia bio ne mpa so nneɛma, ntama ne ahode afoforo a ɛsɛ sɛ wokum mmoa no fi mu no. Horo ne nyinaa na hata wɔ beae a ɛhɔ yɛ hyew pii bɛyɛ simma 20 na dwiw no ne nkesua no nyinaa nwuwu. Poroporow mattress ahorow ne nkongua a wɔde kushin adura ho ne nneɛma afoforo a wontumi nhoro no nyinaa mu fa yi nkesua anaasɛ dwiw biara a aka no hɔ. Ne yɛ gye bere, nanso ɛho hia na wode abɔ w’abusua no ho ban afi dwiw a wɔbɛdɔ bere nyinaa no ho.
Ɛwom sɛ wubetumi adɔ dwiw de, nanso akwankyerɛ kakraa bi a wode bedi dwuma no betumi ama ayɛ den sɛ wobɛdɔ bi. Hyɛ wo mma nkuran sɛ wɔmfa afoforo afe, brush ne ahode ahorow a etumi ma dwiw san nkurɔfo no nni dwuma. Sɛ ebetumi a, ma wo mma no mu biara nya ne nkutoo mpa. Wɔn a wɔn nhwi yɛ atenten no kyekye, anaasɛ bu bɔ ho na fa biribi bɔ mu na fa brɛ nhwi no a ɛbɛka afoforo de no ase. Na nea edi akyiri koraa no, sɛ wo ba dɔ dwiw a mmɔ hu. Dwiw a ɛba obi ho no ntaa nyɛ yare a anibere wom. Afei nso abu so, na ɛyɛ ahintasɛm a ɛsen biara wɔ kurom no mu biako.
[Kratafa 30 adaka]
Asɛnnennen a Akyɛ
Tirim dwiw adɔ adesamma mfe mpempem pii. November 15, 1988 Medical Post bɔ amanneɛ sɛ: “Wohuu sɛ dwiw adɔ Misraim amu a wɔahyɛ wɔn aduru a ɛwɔ hɔ ansa na Peru Indiafo a wɔtraa ase ansa na Columbus rekɔ hɔ ne tete Indiafo a wofi Amerika kesee fãm atɔe bere no reba.
“Te sɛ mprempren no, wɔ saa bere no mu no, na dwiw nnim ɔdehye, ɔpanyin anaasɛ ɔsɔfo.
“Wohuu pii wɔ afẽ ne nhwi ahorow a efi Herode ahemfi wɔ tete atrae ahorow wɔ Masada, ne abodan ahorow mu wɔ Qumran, beae a wohuu Po a Awu Nhoma Mmobɔwee a ɛne Bible mu nsaano nkyerɛwee nhoma a akyɛ sen biara a wonim wɔ hɔ no.”
Afẽ ahorow a wɔde porow dwiw nkesua a wɔde dii dwuma mfe mpempem a atwam no te sɛ nnɛyi de no ara. Ɛkame ayɛ sɛ wɔde dua na ɛyɛɛ afẽ no nyinaa, nanso wohuu afẽ ahorow a wɔde asonse ayɛ wɔ tete Megiddo ahemfi. Bere a wɔhwɛɛ tete afe a na wɔde porow dwiw nkesua a ɛwɔ tete nneɛma akorae no ho yiye no, wohui sɛ na dwiw ne wɔn nkosua pii wɔ ho.
Oduruyɛfo Kosta Mumcuoglu a ɔwɔ Hebrew University Hadassah nnuruyɛ sukuu mu no kae sɛ: “Sɛ yɛhwɛ dwiw ne wɔn nkesua dodow a ɛwɔ ho no a, ɛda adi sɛ na ɛyɛ adwinnade a wɔde ko dwiw a eye.”
[Kratafa 31 mfoni]
Tirim dwiw (wɔayɛ no kɛse)
[Asɛm Fibea]
Photo by courtesy of Beecham Products U.S.A.