Sigaretnom—Ɛho Adwene A Kristofo Wɔ
NOKWAREM no, Bible nka tawa anaasɛ sigaretnom ho asɛm, efisɛ na ɛnyɛ ade a wonim wɔ tete Mfinimfini Apuei. Nea enti a ɛte saa ara ne sɛ afifide a wɔde yɛ tawa no fi South America, Mexico ne West Indies, na wɔamfa bi ankɔ wiase no fa baabiara kosi afeha ɛto so 16 mfinimfini mu hɔ.
So ɛno kyerɛ sɛ Bible no nka biribiara a ɛfa sigaretnom ho anaa? Dabi da. Ɛde nnyinasosɛm ahorow a wobetumi de adi dwuma wɔ baabiara ma, na ɛyɛ akwankyerɛ ma yɛn abrabɔ. Dɛn ne nnyinasosɛm atitiriw yi bi?
Ɔdɔ ma Onyankopɔn ne Ɔyɔnko
Tumi titiriw a ɛsɛ sɛ ɛkanyan Kristoni ne nea Yesu daa no adi no: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn; na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”—Luka 10:27.
Ɔkwan bɛn so na obi de ne koma, ne kra, n’adwene ne n’ahoɔden nyinaa bɛdɔ Onyankopɔn bere a ofi ne pɛ mu sɛe n’ahoɔden denam ne ho a ɔde hyɛ suban, nneyɛe bɔne a ɛbɛma wayare mpofirim na wawu mu so no? Ɔkwan bɛn so na obi kyerɛ anisɔ wɔ Onyankopɔn nkwa akyɛde no ho, bere a ɔtwe adubɔne a etumi nya adwene so nkɛntɛnso te sɛ nicotine kɔ ne mu no? Onyankopɔn na ɔmaa “nnipa nyinaa nkwa ne ɔhome.” (Asomafo no Nnwuma 17:24, 25) So ɛsɛ sɛ yɛsɛe saa ɔhome a Onyankopɔn de ama yɛn no? Nokwarem no, wɔ Onyankopɔn ani so no ɛyɛ nneyɛe bɔne, “ade bɔne, animguasede, ɔbra bɔne anaasɛ subammɔne.”—The American Heritage Dictionary of the English Language.
Ɔkwan bɛn so na sigaretnom kyerɛ ɔyɔnko dɔ bere a nea ɔnom no anom kãnkãn ne ne ho wusiw ma afoforo ntade mu bɔn na ɔsɛe mframa no? Na wɔn a wɔbɛn sigaretnomfo no pɛɛ no nso ɛ, ne hokafo ne ne mma? So ɛyɛ ɔdɔ sɛ wobɛfa ɔkwan a ebetumi de nkakrankakra akum wo wɔ ɔkwan a ɛyɛ yaw so a wobehu no so no? So nnipa afoforo a wɔbɛhyɛ wɔn ma wɔanom sigaret denam sigaretnomfo mu mframa a ɛyɛ awuduru a wɔbɛma wɔahome no kyerɛ ɔkwan a Kristofo fa so susuw afoforo ho? Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔ turo a ɛwɔ Blanes, Spain no mu no, wɔadua tawa wɔ afifide ahorow a ɛyɛ awuduru no afã!
Na ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn ho no nso ɛ? Eye sɛ obi dɔ ne ho araa kosi sɛ ɔbɛma n’ani aku ne nipadua, adwene ne honhom mu akwahosan ho yiye. Ɔsomafo Paulo kae sɛ “obiara ntan n’ankasa honam, na mmom ɔyɛn no, na ɔhwɛ so yiye.” So ɛyɛ ɔdɔ a obi kyerɛ ma ne ho sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ suban a ɛde nkakrankakra sɛe n’akwahosan mu no anaa?—Efesofo 5:28, 29.
Yehowa Nyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ‘ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu bɛba.’ (2 Petro 3:13) Ɛno bɛyɛ wiase foforo a emu tew, efi biara nni mu. Saa bere no wɔremma sigaretnom ho kwan anaasɛ obiara rempɛ sɛ ɔbɛnom mpo, enti dɛn nti na ɛsɛ sɛ wonom mprempren? Wɔ ntease pa mu no, Paulo afotu no fa eyi ho wɔ ha: “Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfo, momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu, na yɛawie yɛn ahotew Onyankopɔn suro mu.” (2 Korintofo 7:1) Nicotine gu ɔhonam no ho fi ankasa. Sigaretnom mma Kristoni ntumi mfa ne nipadua nsi hɔ mma Onyankopɔn “sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne [ne] nyamesom a adwene wɔ mu no.” (Romafo 12:1) Nyansa da no adi sɛ sigaretnom di awu na ɛsɔre tia Kristofo nnyinasosɛm ahorow. Ɛnde, eyi na sɛ obi pɛ sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani a ebedi kan akanyan no na wagyae sigaretnom.
Dɛn Nti Na Wogyaee?
Wɔ wiase nyinaa no nnipa ɔpepem pii agyae sigaretnom. Ebetumi ayɛ yiye. Nanso ɔkwan bɛn so? Dɛn na ɛho hia? Nkanyan a tumi wom. Wɔ nnipa pii fam no, ɛyɛ wɔn akwahosan, obu a wɔwɔ ma wɔn ho, ne ɔdɔ a wɔwɔ ma abusua no nti. Nanso ebinom wɔ nyamesom ho adwene—ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani.
Enti, Ray, Bill, Amy ne Harley a yɛkaa wɔn ho asɛm wɔ yɛn asɛm a ɛto so abien no mu no nso ɛ? Dɛn nti na wogyaee sigaretnom?
Bill a anka wagyaw abɔgyesɛ na ne ti nhwi atenten a ɔyɛ mfoniniyɛfo no ne Yehowa Adansefo suaa Bible. Afei dɛn bio? “Misii gyinae sɛ mepɛ sɛ mesɔ Onyankopɔn ani na mede nipadua ne adwene a emu tew som no. Migyaee nom ntɛm ara. Mantwentwɛn me nan ase koraa. Wɔ January 1, 1975 mu no, menom me sigaret a etwa to na afei metow sigaret pakɛt no kyenee. Efi saa bere no me ho asan kakra. Meda so te mpafe nka kakra. Nanso mpo migyaee sigaretnom akyi yi mitumi hu su ahorow yiye.”
Amy, ɔyarehwɛfo a ɔboa oprehyɛnyɛ no kyerɛkyerɛ sɛnea ogyaee no mu. “Na meboa koma mu oprehyɛn yɛ, na m’ahu ahrawa ahorow nyinaa bi pɛn—kɔkɔɔ a ɛhoa na ɛkyerɛ sɛ ɛwɔ ahoɔden, tuntum a ɛkyerɛ sɛ asɛe. Ɛwom mpo sɛ mihuu saa ahrawa ahorow a ɔyare aka no ma ɛyɛ hu a ɛte sɛ nea wɔde wisa ahyehyɛ mu yi de, nanso mannyae sigaretnom ara. Medaadaa me ho kae sɛ, Wo da so ara yɛ abofra. Eyi remma wo so.
“Afei wɔ 1982 mu no me tee nka sɛ ɛho hia sɛ misiesie m’asetra kwan, na mifii ase ne Adansefo no suaa Bible. Ɛwom po sɛ me ne Ɔdansefo bi na na ɛte ne fi de,nanso na metaa wia me ho foro kɔhyɛ ɔdan no so nom sigaret! Enti na ɛsɛ sɛ midi me ho so. Mebɔɔ mpae tenten a emu yɛ den. Nanso esiane sɛ na masi gyinae no nti, na ɛyɛ mmerɛw. Nna abien a edi kan no na sɔhwɛ no mu yɛ den, nanso mpae a mekɔɔ so bɔe no boaa me.”
Ɛyɛɛ den maa Harley a anka ɔyɛ Po so Sraani wimhyɛnkafo no sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nicotine ho. “Mebɔɔ mmɔden sɛ megyae sigaretnom, nanso anyɛ yiye. Afei bere a misii gyinae sɛ mɛbɔ asu sɛ Yehowa Adansefo mu biako no, migyaee mpofirim. Meyɛɛ basaa nnanu anaasɛ nnansa. Me ho popoe, me ho hiahiaa na me ho yeraw me. Me kɔn dɔɔ sigaret sɛ! Na afei Ɔdansefo bi de afotu fɛfɛ bi boaa me. Bere a wokɔn dɔ sigaret no na ɛsɛ sɛ wobɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo. Ɛboaa me. Adwene biako a m’ani gyee ho no ne sɛ, so na Yesu de sigaret tua n’ano? Na ɛrentumi nyɛ yiye saa. Nanso mihui sɛ ɛsɛ sɛ tumi bi kanyan sigaretnomfo ma ogyae. Na metaa ka kyerɛ me mama sɛ, mama merepira me ho kɛkɛ. Nokwarem no na merepira ɔno nso wɔ akwan horow pii so.”
Ɛyɛɛ den maa Ray a anka ɔyɛ Po so sraani panyin no nso sɛ obegyae sigaretnom. “Na masɔ ahwɛ mpɛn dodow bi ansa na mihyiaa Yehowa Adansefo no, nanso anyɛ yiye da. Na metaa ne wɔn a wɔnom sigaret bɔ fekuw, na na ɛyɛ den sɛ mɛpow sigaret a wɔde ma me no. Nanso bere a mihuu Bible mu nokware no, mepɛe sɛ mesom Yehowa, sɛnea na Kristo ayɛ no. Enti migyaee da koro pɛ. Wɔ adapɛn abien mu no na ɛyɛ den. Na me nipadua su frɛ nicotine. Nanso na nsakrae bɛn ara na na ɛyɛ sɛɛ yi! Minyaa ahoɔden pii bio mpofirim. Me ho sanee me. Minyaa tumi bio.”
So Ɛfata Saa?
Nyansa da no adi sɛ ɛsɛ sɛ wogyae nneyɛe biara a epira. Nanso wɔ sigaretnom ho no ɛnyɛ opira ara kwa ho asɛm na yɛka. Ekum nnipa, edi awu. Ɛyɛ awuduru. Sɛnea Patrick Reynolds a ɔyɛ tawa tɔnfo sikani bi ɔdedifo kae wɔ n’adanse a ɔde kɔmaa U.S. Baguafo boayikuw no mu no: “Migye di sɛ sigaret ho dawuru a wɔbɔ no yɛ ade a awuduru wom a wɔkamfo kyerɛ ne sɛ ɛfa abrabɔ ho, ɛteɛ na eye sɛ wogyae sigaret ho dawuru a wɔbɔ no nyinaa.”
Wɔ Kristofo a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani nyinaa fam no, ɛyɛ ɔbra pa, ɛteɛ na eye ampa sɛ woyi nneɛma a wɔde tawa yɛ nyinaa fi wɔn asetra mu na ɛnyɛ tawa ho dawurubɔ nko. Sigaret (“nea eye ne nea enye”) , cigar, tawa a wɔde hyɛ abua mu ne asra—ne nyinaa fi tawa afifide a nicotine awuduru wom koro no ara mu. Na ɛho nhia sɛ wo ma ɛda adi sɛ woadu akyiri, anaasɛ sɛ wubenya ne dɛ mu anigye wɔ w’asetra mu. Nea wɔn a wɔtɔn ɔyare ne owu bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛka akyerɛ wo nyinaa akyi no anibuei nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obi ma ne ho awuduru!
[Kratafa 15 adaka]
Wɔn a Wɔagyae Sigaret Aguadi
WƆ 1875 MU no, R. J. Reynolds buee tawa adwumakuw wɔ Northern Carolina. Wɔ 1913 mu no, wɔyɛɛ wɔn sigaret a edi kan—Camel. Efi saa bere no, adwuma no adi yiye ara ma ayɛ nea edi Philip Morris akyi wɔ sigaret tɔn ne sika a wonya fi mu no mu wɔ United States. Adwumawura no nena nkansoa ne Patrick Reynolds a mprempren ɔwɔ ne mfirihyia 40 mfiase mu no. Ɔnom sigaret mfirihyia 15 na ɔkasa tiaa tawa ho adwumayɛ.
Wɔ 1986 mu no, ɔkɔɔ baguafo boayikuw bi anim kodii adanse tiaa sigaretnom! Efi saa bere no wɔayɛ obi a bere nyinaa ɔkasa tia tawa a wɔde di dwuma. Dɛn na ɛkanyan no ma ɔsɔre tiaa ade a ama n’abusua ayɛ adefo no? Ɔkae sɛ bere a ɔyɛ abarimaa no ohuu sɛ mpafe de nkakrankakra kum ne papa a na ɔnom sigaret pii no. Patrick kae sɛ: “Nea mede kae me papa nyinaa ne sɛ na ɔyɛ ɔbarima bi a bere nyinaa ɔhome a ensi so a ɔrekan ne nkwa nna a aka.”
Patrick sii gyinae sɛ ɔde n’asetra bɛyɛ nea eye. “Mihui sɛ metumi ayɛ nsakrae na mede m’asetra ayɛ biribi.” Ɔkae sɛ, sɛ ɔbɛkɔ so ama “ade a edi awu” anya nkɔso no bɛyɛ “ɔbra bɔne.”
“Sɛ nsa a bere bi ɛmaa me aduan no ne tawa ho adwumakuw a, ɛnde nsa koro no ara akunkum nnipa ɔpepem pii na ɛbɛkɔ so akunkum ɔpepem pii gye sɛ nnipa ani ba wɔn ho so wɔ asiane ahorow a ɛwɔ sigaret mu no ho.”—The New York Times, October 25, 1986.
David Goerlitz ne obi a ogyee din sɛ Winston ɔbarima wɔ Winston sigaret ho dawurubɔ mu no. Wagyae ne sigaret ho dawurubɔ no ma mprempren wabɛyɛ American Cancer Society no kasamafo. Dɛn na ɛma ɔsakrae? Ɔkaa wɔ nsɛm a wobisabisaa no wɔ TV so, December 29, 1988 mu no mu sɛ: ‘Me kɔsraa menua barima wɔ akisikuru ayaresabea wɔ Boston. Ɛma mihuu nea efi m’adwuma no mu ba no pefee—ayarefo a wɔwɔ akisikuru a wɔrehu amane esiane sigaretnom nti. Mihuu ade bɔne a aba wɔn a sigaretnom ama wohu amane ne wɔn a wohu saa amanehunufo no nsam amane, wɔn mmusua so no. Mihuu mmarima a wɔwɔ wɔn mfe aduanan mu a wɔn ti so apa a, rɔba ahamma na ɛhyehyɛ wɔn menewam ne wɔn afuru mu. Metee afobu nka na misii gyinae sɛ megyae tawa ho dawurubɔ.’
[Kratafa 14 mfoni]
“Na meboa koma mu oprehyɛn yɛ, na m’ahu ahrawa ahorow nyinaa bi pɛn”