Kratafa Abien
“Nea Egye Ntɛmpɛ A Wonhu”
Saa na James P. Grant a ɔyɛ UNICEF (Amanaman Nkabom no fã a ɛhwɛ mmofra ho nsɛm so) no kwankyerɛfo panyin no kaa mmofra ɔpepem pii wu wɔ Wiase Aman a Ɛto so Abiɛsa mu a wɔmmɔ ho amanneɛ no ho asɛm. Nanso, ɛnyɛ Afrika ɔkɔm a wɔkaa ho nsɛm pii no mu atɔfo no ho asɛm na na ɔreka, na mmom wɔn a amanehunu ahorow a wɔnte ho asɛm akunkum wɔn no: wɔn a aduan pa a wonnya kunkum wɔn; wɔn a wɔn ho nsu a ɛsa na ɛnyɛ sukɔm na ekunkum wɔn; owu a yare na ɛde ba na mmom ɛnyɛ ɔpɛ.
Dɛn nti na awerɛhosɛm a ɛte saa no kɔ so? Dɛn na awofo betumi ayɛ de abɔ wɔn mma ho ban? Nyan! pɛɛpɛe saa nsemmisa yi mu wɔ ɔkwan a ɛbɛma emu ada hɔ na ebia ama wɔahu sɛnea ɛhaw adwene no so afei.
[Kratafa 2 mfoni fibea]
WFP/FAO photo by B. Imevbore