Dɛn Nti Na Ɛnyɛ “Nantew Yiye”?
WƆATE sɛ nnipa a wokura adwempa ka sɛ: “Mempɛ sɛ mɛka sɛ nantew yiye. Ɛte sɛ nea etwa biribiara to—ɛhaw adwene kɛse!”
Ampa, mpɛn pii no obi ka nantew yiye bere a ɔte nka awerɛhow mu sɛ ɔrenhu ɔdɔfo anaa adamfo bi a ɔdɔ no bio no. Ne nyinaa akyi no, ɛda so ara yɛ asɛm a ɛfata a ɛsɛ sɛ wɔka, ɛnyɛ mmere a ɛtete saa nko na mmom wɔ mmere afoforo mu nso. Dɛn ntia? Mmuae no wɔ n’asefi no mu.
“Goodbye” (“Nantew Yiye”) yɛ nnɛyi asɛm ma afeha 16 mu Engiresi kasa “God be with you” (“Onyankopɔn nka wo ho”) . Na sɛ wɔde saa asɛm yi di nkra a, ɛyɛ ɔkwan a emu yɛ hyew a wɔnam so srɛ sɛ Onyankopɔn nhyira ne onii no nkɔ. Ɛkyerɛɛ ɔfoforo ho anigye ne ne ho a wodwen, yɔnkodɔ bi. “Farewell” (“Nantew yiye”) nso yɛ asɛm a ɛkyerɛ “yiyedi a wɔsrɛ ma obi wɔ nkradi mu.” Wɔde nsɛm a ɛtete saa ara di dwuma wɔ kasa afoforo mu. Adieu wɔ Franse mu ne adiós wɔ Spanish mu no nyinaa kura adwene a ɛne sɛ wɔde onipa foforo no rehyɛ Onyankopɔn nsa.
Ampa, ebia ebinom de saa nsɛm yi bedi dwuma bere a wonsusuw ho a enni atirimpɔw foforo biara bio sen sɛ ɛyɛ amanne no. Nanso ɛnsɛ sɛ ɛno bu obi a onim de no aba mu wɔ dwuma a ɔde bedi wɔ nokwaredi ne ntease mu de akyerɛ sɛnea ɔte nka nokwarem no ho.
Bible no ankasa ka nnipa a wosuro Onyankopɔn a wɔde nantew yiye dii dwuma ma ɛfatae ho asɛm. Yesu kaa nantew yiye kyerɛɛ nnipakuw a na wɔakyerɛkyerɛ wɔn bere a ɔregyaw wɔn kwan sɛnea ɛbɛyɛ a obenya bere ama kokoam mpaebɔ no. (Marko 6:46) “Paulo . . . kraa anuanom no na ofii hɔ faa nsu ani kɔɔ Siria.” (Asomafo no Nnwuma 18:18) Ɔmaa nantew yiye wɔ Efeso nso bere a ɔregyaw ne nuanom no wɔ hɔ no ɛwom sɛ ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ [Yehowa] pɛ a, mɛsan maba mo nkyɛn” de. (Asomafo no Nnwuma 18:21) Enti, ɛnyɛ bere nyinaa na wɔde di dwuma sɛ nea ɛde biribiara ba awiei.—Hwɛ Asomafo no Nnwuma 21:6 ne 2 Korintofo 2:13 nso.