Nea Enti A Ɛyɛ Den Kɛse Ma Awofo Sɛ “Wɔbɛma Wɔakɔ’
“MEREKRA WO MAMA! MEREKRA WO PAPA!” ɔka no mprɛnsa so. Wɔ merekra wo a ɔka biara ntam no, onya biribi a obegyina so de atwɛn kakra.
Nanso afei de, ɛte sɛnea “merekra wo” yi yɛ nea etwa to. Bere a mode nusu ayɛ no atuu, akyia ne nsam denneennen no, ofi hɔ kɔ. Sɛ́ awofo no, mode awerɛhow hwɛ mo ho mo ho anim na muhu sɛ ɔrensan mmɛtra hɔ bio ampa. Ɛte sɛnea afei de ofie a na bere bi ne kasa ne ne serew ahyɛ mu ma no mu ayɛ dinn.
Moasɛe bere, ahoɔden ne nkate pii wɔ mo mma no ho. Wɔ bɛyɛ sɛ mfirihyia 20 mu no mo asetra mu dwumadi ahorow nyinaa ayɛ nea ɛfa wɔn ho. “Nnɛra” anka biribi reyɛ wo bere a wotee wo ba no su no. Wode ahopere wuraa oduruyɛfo no dan no mu bere a atiridii bɔɔ wo ba a wadi mfirihyia asia no. Wode ahoɔhare buee wɔn sukuu dwumadi ho amanneɛbɔ krataa no mu, na wuguu ahome kɛse bere a wuhuu sɛ wɔapaase no. Wosɔre tiaa wo mma a wɔrebɛn mpanyin afe so no bere a wɔbɔɔ wɔn nnwom a ano yɛ den no, nanso wusui bere a wɔkae sɛ wɔrefi fie akɔ no. Na afei, wɔn nyinaa nyinyin mmiako mmiako na wɔkɔ.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛyɛ den ankasa ma pii sɛ wɔbɛba tebea foforo a ɛte saa mu. “Nea edi kan wɔ m’asetra mu no,” saa na ɔbarima bi paee mu kae bere a ne babea fii fie no akyi, “misui, sui, sui.”
Ɛwom sɛ na Whelan ne Evelyn atete wɔn mma no ama de a awiei koraa wɔbɛde wɔn ho no de, nanso bere a wɔn mma no kɔe no, “ná ɛyɛ nsakrae a emu yɛ den,” saa na wɔkae.
“‘Woyɛ obi a wunni adagyew, worefa ha, worepue ha. Na bere a wɔkɔ no, ɛka wo ne wo hokafo nkutoo. Ade a ɛyɛ yaw sen biara ne sɛ wobɛba fie na wubehu sɛ mmofra no nni hɔ.” Norma, ɛna a ɔwɔ babea a wanyin no gye tom sɛ: “Egyee bere ansa na m’adwene refi so sɛ Lynn nni ne dan no mu bio. Enti na metow ɔpon no mu, efisɛ sɛ migyaw ano to hɔ a, bere nyinaa ɛyɛ me sɛ ɔwɔ ho a mepɛ sɛ me ne no kɔkasa.”
Ɛkame ayɛ sɛ awofo nyinaa nya nkate ahorow bi a ɛte sɛɛ bere a mmofra no fi fie no. Ɛyɛ wɔn dɛ sɛ abofra no adu mpanyin afe so na ɛyɛ wɔn anigye nso sɛ wobenya bere pii de ayɛ wɔn ankasa nneɛma. Nanso, ebia wɔn adwene mu bɛyɛ wɔn naa kɛse nso (“So yɛtetee yɛn babea no yiye?”) , ehu (“So yɛn ba no asiesie ne ho awie ankasa sɛ ne nko kɔ?”) , huammɔdi (“Dɛn nti na yɛn babea no anware saa aberante fɛfɛ a wɔfrɛ no Kwadwo no na wannyae ɔkwahweabaa yi?”) ne afobu mpo. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi kyerɛ sɛ mmarima di awerɛhow titiriw sɛ
“wɔannya bere pii amma wɔn mma no bere a na wɔyɛ mmofra no.”
Fi a wofi fie no nso betumi ama nsakrae aba mo aware no mu. Awarefo binom ne wɔn ho tra wɔ anigye mu. Afoforo ntumi nyɛ saa. “Ɛnnɛ aware ahorow pii kowie ntetewmu anaa awaregu mu bere a mmofra no afi fie no,” saa na wɔn a wɔkyerɛw Ourselves and Our Children no ka.
Afei nso mpɛn pii mo ba no fi fie bere a ɔhaw ahorow pii wɔ asetra mu dedaw. Mmea fi ase twa bra, a sɛnea ɔkyerɛwfo biako kyerɛ no, “ebia ɛbɛma wate nka sɛ ɛte sɛnea wɔresi asɛm ‘worenwo mma bio’ no so dua akyerɛ no.” Ebia mmarima behyia adwuma mu ɔhaw ahorow a ano kɔ so yɛ den anaasɛ adwumayɛ a akomatɔyam nnim. Ebia adwuma a onyin ma wogyae yɛ nso ho asɛm bɛba abɛtom. Ebia nneɛma a ne bo kɔ so ara yɛ den ama sika a abusua no de asie nyinaa asa. Ebia wɔn ahoɔden so befi ase ahuan. Bere a ɛte sɛnea wɔnyɛ awofo no, ɛmma ebinom nhu mfaso mpo a ɛwɔ wɔn so.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ awofo binom we hinam so sɛ wɔremma wɔnkɔ! Sɛ́ wɔremma wɔnkɔ no betumi ayɛ ade a ɛte sɛnea wontumi nyɛ ho hwee. Nanso sɛ́ mubedi nkra no nyɛ biribi a ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ sɛ momma no afi mo nsa koraa. Ɛkyerɛ mo ne wɔn ntam abusuabɔ no a mode asi nhyɛase foforo so ne mo asetra a wɔn kɔ a wɔkɔ no ama atɔ sin no ho adwuma a mobɛyɛ.
Nanso ɔkwan bɛn so? Na dɛn nti na kɔ a wɔbɛma wɔakɔ no yɛ ade a ɛho hia saa wɔ mo ne mo mma a wɔanyinyin no abusuabɔ pa mu?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 3]
“Wɔ nea edi kan wɔ ma’setra mu no, misui, sui, sui”