“Minnsuro Owu!”
NÁ CHRISTOPHER Heslop a wadi mfe akron no yɛ Yehowa Adansefo mu biako, te sɛ ne nua Matthew a wadi mfe 14 no. Na wɔne wɔn wɔfa, ne yere ne ne mma baanu de saa October anɔpa no akɔ afie afie wɔ wɔn Kristofo som adwuma no mu wɔ baabi a ɛbɛn Manchester, Engiresi Aburokyiri. Awia no mu no wosiim sɛ wɔrekɔhwehwɛ Blackpool a ɛyɛ mpoano ahomegyebea bi a ɛbɛn hɔ no. Na wɔn baasia nyinaa ka nnipa dumien a wowuwui atɔe mu wɔ lɔre kwan so asiane bi a polisifo kaa ho asɛm sɛ ɛyɛ “awudi pasaa” no ho.
Anadwo ansa na awerɛhosɛm no resi no, na wɔaka owu ho asɛm wɔ ofipamfo bi Bible adesua a Heslop abusua no kɔyɛe no ase. N’agya David kae sɛ: “Na Christopher yɛ abofra a odwen kɛse. Saa anadwo no, ɔkaa wiase foforo bi ne ne daakye anidaso ho asɛm fann. Afei, bere a nkɔmmɔbɔ no rekɔ so no, Christopher kae mpofirim sɛ: ‘Ade biako a ɛwɔ Yehowa Adansefo mu biako a obi yɛ no mu ne sɛ bere a owu yɛ yaw no, yenim sɛ yɛbɛsan ahu yɛn ho wɔ asase so bio da bi.’ Ná yɛn a yɛwɔ hɔ no mu biara nnim sɛnea saa nsɛm no bɛyɛ nea yɛbɛkae daa no.”
Wɔ asiane no akyi no, Manchester Evening News mu asɛmti bi kenkanee sɛ: “Abofra bi a owui wɔ lɔre akwanhyia mu kae sɛ, minnsuro owu,” na asɛm no faa Christopher nsɛm tee na ɛkae. Ɔkwan bɛn so na na abofra a wadi mfe akron betumi akasa wɔ ahotoso mu saa? Dɛn na na wɔakyerɛkyerɛ Christopher ma wagye adi?
Owusɔre—Nokware Anidaso No
New Bible Dictionary se: “Ade biako a ɛyɛ nwonwa wɔ Kristofo asɛmpaka a edi kan no mu ne owusɔre so duasi no.” Ɛde ka ho sɛ: “Na asɛmpakafo a wodi kan no gye di sɛ Kristo asɔre, ne sɛ wɔ nokwarem no, ne saa nti, gyidifo nso bɛsɔre wɔ bere bi akyi. Eyi maa wɔdaa nsow fii tete wiase no mu akyerɛkyerɛfo biara ho.”
Nokware Kristofo nso yɛ soronko saa ara nnɛ. Wɔmmfa Helafo nyansapɛ nni agoru na wonnyina atoro so nka sɛ onipa wɔ “ɔkra a enwu da.” Mmom no, wonya ahoɔden fi nea Yesu paeem kae sɛ ‘wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte me nne, na wɔafi adi’ no mu. Ɛno ne Kristofo gyidi nnyinaso—wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu no a wobenyan wɔn afi owu mu aba nkwa mu wɔ paradise asase so.—Yohane 5:28, 29; hwɛ Asomafo no Nnwuma 17:31; 1 Korintofo 15:14 nso.
David Heslop ne ne yere Ailene de saa Bible mu mfitiase nokware yi kyerɛkyerɛɛ wɔn mma baanu no na nea afi mu aba ne sɛ wɔn ankasa anya awerɛkyekye kɛse mprempren. David se: “Sɛnea ɛte no, mprempren yedwen owusɔre no ho kɛse, na sɛ ɛba sɛ yɛn werɛ how sɛnea ɛyɛ bere ne bere mu no a, yefi ase ntɛm dwen daakye ho na yehu sɛ yɛn adehwere no yɛ bere tiaa mu de kɛkɛ.” Ailene de ka ho sɛ: “Ɛte sɛ nea wo dɔfo bi atu kwan kɔ akyirikyiri. Wunnim bere tenten a wobedi nanso wohwɛ kwan sɛ sɛ wɔsan ba a wubehu wɔn bio.”
Nsato a Efi Anigye Mu
So wobɛpɛ sɛ wunya gyidi a ɛte sɛɛ bi? Ɛnyɛ den sɛ wubenya.
Yɛn asɛm a edi kan no twee adwene kɔɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Engiresi Aburokyiri nnansa yi no so. Nea ɛyɛ anigye no, bere a wobisaa wɔn a wɔnkɔ asɔre ɔsom beae a sɛ wosi gyinae sɛ wɔbɛkɔ a wɔbɛpaw no, ɔha biara mu 27 (ɛne dodow a ɛsen biara) kyerɛe sɛ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so.
Bio, wɔ asemmisa: “Sɛ wo ho pere wo kɛse sɛ wubehu biribi afa Bible, Kristofo Gyidi, ne nea ɛtete saa ho a, henanom na wubebisa wɔn?” ho mmuaema mu no, ɔha biara mu 19 buae sɛ: Yehowa Adansefo.
Ɛmfa ho sɛ ɛhe na wote no, Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma wode wo gyidi asi nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Bible mu no so. Wɔde wɔn Ahenni Asa ahorow so nhyiam ne wɔn ankasa ofie Bible ɔkyerɛkyerɛ no ma kwa. Dɛn nti na wunni kan nkɔ wɔn nkyɛn? Ɛdefa owu ne owusɔre ho nimdeɛ ho no, ɛnyɛ awerɛkyekye nko na wubenya ntɛm ara na mmom trenee wiase foforo a emu no “owu nni hɔ bio” ho anidaso nso.—Adiyisɛm 21:4.
[Kratafa 11 adaka]
So Wɔsan Fi Owu mu Ba?
Ɛnyɛ nea wonnim sɛ wotumi san nyan nnipa a “wɔatɔ dobosã.” Sɛ ebinom ani so tetew wɔn a, wɔka sɛ wɔanya ‘asetra foforo’ mu osuahu. Nanso, wobetumi akyerɛkyerɛ eyi mu wɔ nnuruyɛ mu. London, Engiresi Aburokyiri atesɛm krataa “The Independent” kyerɛ sɛ: “Ɛte sɛ nea ɛda adi sɛ saa nneɛma a wohu wɔn ani so yi ba bere a nkurɔfo bɛn owu no efisɛ mframa bɔne pii kɔ amemene no mu beae koro no ara anaasɛ wonya mframa pa kakraa bi wɔ nea ɛnenam wɔn ho no mu.” Sɛ wɔn ani so tetew wɔn a, nneɛma a wohu wɔn ani so yi betumi ama wɔate nka sɛ wowui na wɔasan aba nkwa mu bio.