Fi Owu Bɔn Ano
BERE a mehwɛɛ me yere Bonnie sɛ ɔda ayaresabea mpa no so no, midwen sɛnea biribiara kɔɔ ntɛmntɛm no ho. Na ɔda hɔ a wɔatetare n’ani sɛnea ɛbɛyɛ a anibu mpo rentwe ahoɔden kakraa bi a aka wɔ ne mu no mfi ne nipadua mu. Na ne were ayɛ fitaa; na ne samanya ani hwɛbea mpo asakra. Saa anɔpa no mu no, na oduruyɛfo no aka sɛ, “Obewu ɔkwan biara so nnɛ.” Ayarehwɛfo no mu biako kae sɛ, “Ɛrennu awiabere mu na wawu.”
Dɛn nti na na Bonnie wɔ tebea a ɛyɛ ahoyeraw saa no mu? Ɔkwan bɛn so na na ɔba foforo awo mu nhyira no bɛdan ayɛ nea ɛde nkwa to asiane mu saa? Ma menka nneɛma a esisii a ɛde me yere sɔhwɛ bere a emu yɛ den no bae no.
Bere a Bonnie hui sɛ wanyinsɛn bio no, yɛn ani gyei nanso na yɛn tirim ntene yɛn. Na yɛn tirim ntene yɛn efisɛ wɔnam oprehyɛn so na ɛwoo yɛn babea Ashley a wadi mfe du no ne sɛ efisɛ efi saa bere no na Bonnie apɔn mprenu. Nea ɛka saa nokwasɛm ahorow a ɛhaw adwene yi ho ne nea na ebetumi aba sɛ ebia mogya a wɔde bɛma ho asɛm bɛsɔre no. Yegye di sɛ yɛn Bɔfo no na onim nea eye kyɛn so bere a otu fo wɔ Asomafo no Nnwuma 15:29 sɛ: “Munyi mo ho mfi . . . mogya ho” no.
Mpofirim Asɛnnennen
Ɛyɛ bere a na aka bɛyɛ adapɛn anum pɛ ma Bonnie awo no na yesii gyinae sɛ yɛbɛkɔ akodi Memeneda, February 28, 1987, wɔ San Diego Mmoa Turom no. Na yennim sɛ wɔ nea ennu nnɔnhwerew 24 mu no, abofra no bɛba. Yiw, anɔpa a edi hɔ no ara no, yɛn kommyɛ nkate no baa awiei bere a Bonnie sɔre fii mpa so a na mogya retu no no. Yɛfrɛɛ oduruyɛfo ntɛm ara, na wɔ simma kakraa bi ntam no na yɛnam kwan so rekɔ ayaresabea.
Ná oduruyɛfo no nim yɛn gyinabea wɔ mogya a wɔde ma ho no, na esiane eyi nti, osii gyinae sɛ ɔbɛyɛ oprehyɛn ntɛm ara. Yɛkɔɔ oprehyɛn dan no mu faako a wɔ bere tiaa bi akyi no, oduruyɛfo no de yɛn babea foforo no maa ɔyarehwɛfo no. Ɔyarehwɛfo no de abofra no kyerɛɛ Bonnie bere tiaa bi, na afei ɔde no kɔɔ faako a wɔhwɛ mmotafowa no. Wɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔ ɔdan a wɔtwɛn wom no mu ne sɛ metumi ne me yere no akasa wɔ ɔdan a wɔn ani so tetew wɔn wom no mu wɔ bɛyɛ dɔnhwerew fã mu.
Wɔ bere no mu no, na yɛn nnamfonom bi aboa wɔn ho ano wɔ ɔdan a wɔtwɛn wom no mu, enti mifi kɔe a na misusuw sɛ biribiara ye na mebɔɔ yɛn babea foforo no awo ho amanneɛ. Nea na minnim ne sɛ wɔ oprehyɛn no mu no, oduruyɛfo no hui sɛ na Bonnie wɔ tebea bi a enti ɛhwehwɛe sɛ oyi n’awotwaa no fi hɔ. Wɔ bɛyɛ nnɔnhwerew abien akyi no, oduruyɛfo no bae na ɔbɔɔ me nea asi no ho amanneɛ. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ bere a awoko no fii ase no, na Bonnie mogya mmoawa kɔkɔɔ no anoden yɛ 12.5 nanso na ɛso atew aba 6.1. Wosusuwii sɛ na ɔbɛn baabi a emu yɛ den, nanso oduruyɛfo no susuwii sɛ biribiara bɛyɛ kama ara. Nanso, ankyɛ na nsɛnnennen fii ase sɔree.
Bere a mene oduruyɛfo no kasae akyi simma 15 pɛ no, wɔbɔɔ me din wɔ akasam afiri no so sɛ memmra mmofra ahwɛe hɔ. Bere a miduu hɔ no, wɔbɔɔ me amanneɛ sɛ me babea foforo no ho hwɛbea sakrae na na ontumi nhome. Na wɔakanyan abofra no ma wanyan nanso na ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhwehwɛmu afei a na nneɛma hwanyann pii betumi afi ebi mu aba. Na ɛsɛ sɛ mede me nsa hyɛ nkrataa bi ase ma wɔyɛ nhwehwɛmu no na wɔ bere koro no ara mu no mede me nsa hyɛɛ biako ase sɛ wɔmmma no mogya biara.
Awiei koraa no, wɔ nnɔnhwerew bi akyi no, mihuu me yere no na mene no kasae. Na n’ani so da hɔ na ne ho ye. Yɛn baanu nyinaa daa Yehowa ase sɛ ɛte sɛ nea biribiara ye. Mannka ankyerɛ no sɛ abofra no nyaa nsɛnnennen bi efisɛ na mempɛ sɛ mɛma wahaw.
Bonnie Tebea mu yɛ Den
Akyiri yi wɔ saa da, Kwasida, no ara mu no, Bonnie tebea no mu yɛɛ den. Bere a wɔhwɛɛ ne mogya bio no, na ne mogya mmoawa kɔkɔɔ no anoden so atew adu 2.5. Na mogya retu no wɔ ne mu! Afei ne mogya anoden no kɔɔ fam, na sɛnkyerɛnne ahorow a ɛho hia nyinaa reyɛ mmerɛw, na n’ahome yɛɛ den. Eduu Dwoda anɔpa no, na Bonnie adwene nyinaa atu afra na mmere bi no na ɔkasa basabasa. Na oduruyɛfo no ne abenfo akasa anadwo mũ no nyinaa. Na wabisa mogya a wɔde nnuru ahorow ayɛ a ɔde bedi dwuma mpo ho asɛm. Wosii gyinae sɛ ayaresa a ebia ebegye no nkwa no ne mframa pa afiri a ɛbɛma wanya mframa pa pii a wɔde no bɛto mu nkutoo.
Nyan! (Borɔfo de) a ɛbae May 22, 1979 no kaa saa ayaresa yi ho asɛm sɛ nea ɛma nipadua no gye mframa pa ɔha biara mu 100 wɔ anoden a ɛso kyɛn nea ɛwɔ yɛn wi yi mu no. Anoden a wama ayɛ kɛse no nan mframa pa no wɔ nipadua no mu nneɛma mu wɔ ɔkwan a ɛsen sɛnea ɛsɛ sɛ ɛyɛ no so. Wɔde afiri no di dwuma de sa mogya a wɔhwere, nhyehye a emu yɛ den, ne nsan a enye mpo. Na ɛsɛ sɛ woyi Bonnie de no kɔ Memorial Medical Center a ɛwɔ Long Beach, faako a wɔwɔ mframa pa afiri no bi ne mfiri ho adwumayɛfo a wɔatete wɔn ma wɔyɛ ho adwuma no mu.
Ebeduu saa bere yi no, na Bonnie tebea no mu ayɛ den araa ma na ɔrentumi ntra ambulance mu ntwa simma 30 kwan wɔ ayaresabea abien no ntam no. Enti wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔde wimhyɛn (helicopter) a ɛde simma anan pɛ na ebetwa kwan no na ɛde no bɛkɔ. Bere a ɔyarehwɛfo bi a na ɔka wimhyɛn no nnuruyɛfo kuw no ho ne ayaresabea no akasa na ɔtee sɛ Bonnie mogya mmoawa kɔkɔɔ anoden no so atew adu 2.2 no, obuae sɛ: “Ebia moadi mfomso. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea wawu dedaw!”
Wofii mframa pa afiri ayaresa no ase Dwoda anadwo na ɛtoaa so anadwo no nyinaa, dɔnhwerew biako wɔ afiri no mu na nnɔnhwerew abien ne fã wɔ akyi. Na ɛte sɛ nea ayaresa abien a edi kan no kanyan Bonnie na ɛpagyaw n’ahoɔden. Nanso afiri no mu a esua no maa ne ho fii ase yeraw no. Afiri no wɔ akasam afiri a wɔde kasa wom, enti mede dii dwuma de dwudwoo no. Ɛdenam Paradise asase a Bible no ka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 21 ne Yesaia atiri 35 ne 65 no so a medan adwene kɔe ne Yehowa ɔhwɛ a ɔdɔ wom no a mekaee no no so no, mitumi ma ɔyɛɛ komm kɛse wɔ afiri no mu.
Wɔhyɛ Me sɛ Mempene Mma Wɔmma no Mogya
Benada anɔpa no, oduruyɛfo no baa me nkyɛn na obisae sɛ ebia mɛsan asusuw me gyinabea wɔ mogya ho no ho anaa. Ɔkae sɛ nsu kɔkɔɔ bi fi faako a wɔde sekan twaa Bonnie no ba a ɛda no adi sɛ mogya da so tu no. Na yɛn gyinaesi no yɛ pintinn: yennye mogya biara, sɛ obewu anaasɛ obenya nkwa no. Yɛremmu Yehowa gyinapɛn ahorow so. Enti oduruyɛfo no kae sɛ ɔde asaawa titiriw bi a wɔahyɛ da ayɛ sɛ ebetumi atwa mogya bɛhyɛ faako a wotwae no. Na ɛte sɛ nea ɛyɛɛ adwuma.
Saa bere yi na yɛn abusuafo binom a wɔnnyɛ Yehowa Adansefo rehyɛ yɛn sɛ yɛmpene mma wɔmma no mogya. Ntease wɔ eyi mu efisɛ na oduruyɛfo biara a ɔka ho no reka asɛm koro no ara: “Sɛ wobegye no nkwa a, nea ɛsɛ sɛ woyɛ nyinaa ne sɛ wobɛpene so ma mama no mogya.” Obusuani bi fii ase dennen hwehwɛɛ akwan horow a ɔbɛfa so de mogya no ama wɔ ɔhyɛ so, na ɔne polisifo, ɔtemmufo, ne atesɛm krataa bi mpo dii nkitaho.
Ebeduu saa bere yi no na ayaresabea akwankyerɛfo no ahaw sɛ sɛ Bonnie ansɔre a ebia wɔde wɔn bɛkɔ asennibea esiane sɛ wannye mogya no nti. Wɔne ayaresabea no odwumayeni bi a ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako yɛɛ nhyiam. Ɔde simma 45 kaa Bible no gyinabea a ɛfa mogya ho no ho asɛm kyerɛɛ ayaresabea akwankyerɛfo no. Ɛda adi sɛ wɔtee no ase efisɛ wɔpenee so sɛ wɔne yɛn apɛde no bɛyɛ biako koraa.
Wɔ Owu Pon Ano
Saa bere yi mu no, Bonnie tebea no kɔɔ so sɛee. Ekoduu Wukuda anɔpa no na ɔkasa basabasa mmere pii, na ne koma bɔ wɔ ahome bere mu no yɛ 170, ɛboro sɛnea anka ɛsɛ sɛ ɛyɛ bɛyɛ 70 no so koraa. Na ne mogya anoden no sakra wɔ ɔkwan a emu twe so. Na ne mogya mmoawa kɔkɔɔ no anoden no yɛ 2.2, na na nkwammoawa a wɔwɔ mogya a ɛnenam ne mu no nsusuwii yɛ 6 a ɛyɛ hu. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ 40-65.
Me werɛ remmfi saa Wukuda anɔpa no da. Nnuruyɛfo a na wɔakɔ Bonnie mpa no ho hwehwɛe sɛ wohu me. Wɔkae sɛ: “Nea yɛreka ni. Frɛ abusuafo ne ne nnamfo no. Ɔkwan biara so no Bonnie bewu nnɛ. Biribiara nni hɔ bio a yebetumi ayɛ. Komayare anaasɛ dwudwo a obedwudwo bekum no. Mogya a wɔde bɛma no mpo rentumi nyɛ hwee saa bere yi. Watra ɛnonom nyinaa. Yɛasakra no akɔ ‘munnyan no’ tebea mu a ɛkyerɛ sɛ yɛremma no nnuru bio na sɛ ne mogya anoden so tew a, yɛremmɔ mmɔden sɛ yɛbɛkanyan no.”
Efi saa bere no rekɔ no, ɛnyɛ abusuafo nkutoo na wɔma wɔbɛsraa no. Wɔmaa mfɛfo Adansefo pii a na wɔatwɛn wɔ ɔdan a wɔtwɛn wom no mu no kwan ma wɔbɛhwɛɛ Bonnie ansa na wagyae mu. Bere a wɔn nyinaa adi wɔn nkra awie no, oduruyɛfo no ma wɔde aduru bi a wɔfrɛ no Pavulon maa Bonnie sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka mmubui tebea no mu. Saa aduru yi ma wuntumi nkeka wo ho. Onipa no da hatee. Ná ɛte sɛ nea Bonnie atɔ mum. Oduruyɛfo no kae sɛ sɛ ɛba sɛ komayare ka no a ɔrente yaw biara wɔ saa tebea no mu ne sɛ obewu bɔkɔɔ. Wɔ saa bere yi mu no wɔtetaree n’ani akyi hono nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a anibu mpo rentwe ahoɔden kakraa a aka ne nipadua mu no.
Wɔ bere a edi kan mu no, mene me babea Ashley san kɔɔ fie kosiesiee hɔ na yɛhomee. Bere a yɛhyɛn ofi no mu no, yɛn baanu buu nkotodwe na yesui bere a yebuee yɛn komam maa Yehowa no. Na ɛte sɛ nea baabiara a yɛbɛhwɛ wɔ fie hɔ no kae yɛn Bonnie. Ɛna ne ɔyere pa a ɔyɛ no fii ase tɔɔ yɛn so kɛse. Yɛde yɛn ano bobɔɔ nneɛma ahorow a na Bonnie yɛ ma yɛn no a yɛn ankasa bɛyɛ afei no mpo. Na yenim sɛ nokwaredi wɔ yɛn fam bɛma yɛahu no bio bere a Onyankopɔn asɛe nhyehyɛe dedaw yi na ɔde foforo asi ananmu no.
Yɛsan kɔɔ ayaresabea hɔ Wukuda anwummere, faako a na nea yebetumi ayɛ nyinaa ne sɛ yɛbɛtwɛn no, ɛwom sɛ ɛnyɛ yɛn nkutoo na na yɛretwɛn de. Na abusuafo ne mfɛfo Adansefo ka yɛn ho wɔ hɔ bere nyinaa sɛ wɔbɛkyekye yɛn werɛ. Wukuda twaam, na nea ɛmaa ayaresabea adwumayɛfo no ho dwiriw wɔn no, na Bonnie da so ara te ase Yawda. Ɛrekɔ saa awia no awiei no, oduruyɛfo no baa me nkyɛn na ɔkae sɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ mframa pa afiri ayaresa no hwɛ bio. Ayaresa no toaa so anadwo no nyinaa.
Tebea no Yɛ Yiye
Fida anɔpa no, na mada wɔ abranaa no so hɔ bere a nnuruyɛfo baanu benyanee me. Wɔmaa me awerɛhyem ntɛm ara sɛ asɛm a wɔde bae no yɛ papa na ɛnyɛ bɔne. Na Bonnie tebea no atumi agyina faako wɔ ɔkwan a eye so. Oduruyɛfo biako kae sɛ: “Wunim? Yesusuw sɛ yɛwɔ ntease ankasa a enti yebetumi anya anidaso. Sɛ ne mogya anoden no so tew a, afei de ɛrenyɛ papa sɛ yɛremma no nnuru, enti mayɛ nsakrae wɔ ne nkrataa no so dedaw. Ɛsɛ sɛ wokae sɛ yegyina nsu a yennim mu nsɛm mu wɔ ha efisɛ yenkoduu akyiri sɛɛ a yɛmmfaa mogya nnii dwuma da.”
Memeneda anadwo no mene Bonnie ɔyarehwɛfo no kogyinaa ne mpa no ho. Yɛde yɛn ba foforo no mfonini sɛn Bonnie ti so ɛwom sɛ na wommuee n’ani no de. Yɛyɛɛ eyi sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wobue n’ani a, ade a edi kan a obehu ne ne ba foforo no mfonini. Na yɛwɔ anidaso sɛ eyi bɛma no nea ɛbɛma wakɔ so ako atra ase. Wɔ saa tebea horow no mu no, medaa no adi kyerɛɛ ɔyarehwɛfo no sɛ ɛda a edi hɔ no bɛyɛ yɛn ayeforohyia afe a ɛto so 18. Bere a ɔtee eyi no, ɔpopaa nusu fii n’ani ase.
Na Kwasida yɛ ɛda pa efisɛ Bonnie mogya mu mmoawa kɔkɔɔ no anoden no kɔɔ soro koduu 11, na wogyaee Pavulon a wɔde ma no no na wonyan no fii mmubui tebea a na wakɔ mu nna nnan no mu. Nanso oduruyɛfo no bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Mma w’anidaso nyɛ kɛse pii efisɛ biribiara betumi akɔ bɔne. Sɛ ne mogya mu mmoawa kɔkɔɔ no anoden no kodu 20 a, ɛnde wubetumi abɔ ose.”
Ɛno mu mpo no, m’anidaso kɔɔ soro. Na me yere no a mihui sɛ wabue n’ani bere a edi kan wɔ nna nnan mu no te sɛ nea wɔama no nkwa foforo. Na Bonnie ntumi nkasa efisɛ na wɔde mframa asi ne so na na wayɛ mmerɛw kɛse. Memaa no afeda pa. Otumi buebuee n’ano kɛkɛ, nanso kasa biara antumi amfi mu amma. Na wayɛ mmerɛw araa ma na ontumi nso pɛnsere mu mpo nkyerɛw.
Saa bere yi no, wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔde yɛn ba foforo no befi Long Beach Memorial aba sɛnea ɛbɛyɛ a Bonnie behu abofra no ankasa na mmom ɛnyɛ ne mfonini. Bere a wɔde abofraa no bedui na wɔde no baa faako a wɔhwɛ yare a emu yɛ den no, ayarehwɛfo no de no kyerɛɛ Bonnie. Wɔkan ne nsamma ne n’anansowaa na wɔde ne nipadua no afã horow no kyerɛɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a obehu sɛ abofraa no ho biribiara yɛ pɛ na ɔte apɔw. Nea yɛdaa ho ase no, na abofraa no ate apɔw fɛfɛ.
Nanso, bere a oduruyɛfo no kae sɛ mma yɛmmɔ ose ntɛm no, na ne de no teɛ. Nsɛnnennen afoforo sɔree. Nea edi hɔ no Bonnie nyaa ahurututu mu yare ahorow abien bi na na n’ahurututu a ɛwɔ benkum no fã adwudwo. Wɔ eyi akyi no, wohui sɛ ɔwɔ Legionnaires yare. Na eyinom mu biara betumi akum no. Ɛyɛ me anigye sɛ mɛka sɛ emu biara anyɛ saa. Wɔ mfe 15 mu no, na Bonnie asom sɛ ɔkwampaefo, sɛnea wɔfrɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo no. Enti nantew pii a wanantew wɔ ɔsom adwuma no mu ne apɔw mu ateɛteɛ a na wayɛ daa no ama wanya honam mu tebea a eye. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi hyɛɛ no den ma onyaa nkwa wɔ saa amanehunu ahorow yi mu.
Wɔ bere a wahwere ne mogya mu ɔha biara mu 80, wadi nnafua 28 wɔ ayaresabea (emu 22 wɔ ɔyare a emu yɛ den ɔhwɛ ase) , na wagye mframa afiri mu ayaresa mpɛn 58 akyi no, awiei koraa no woyii Bonnie sɛ ɔnkɔ fie. Bere a oduruyɛfo no ho adwiriw no no, ɔteɛɛm sɛ: “Ne ho ye kɛse. Ɛyɛ anwonwade, nea metumi aka ara nen.”
Ɛwom sɛ na ɛyɛ mmere a emu yɛ den na ɛhaw adwene de, nanso na nneɛma pa a efii mu bae nso wɔ hɔ. Ɛboaa nnuruyɛfo, ayarehwɛfo, akwankyerɛfo, nnipa a wɔwɔ gyidi afoforo, ne sɛnkyerɛwfo ma wɔtee Bible no adwene wɔ mogya ho no ase yiye. Afei nso wohuu gyidi a enhinhim adwumayɛ ho adanse.
Asram abien pɛ wɔ Bonnie amanehunu a ɛyɛ hu no akyi no, ofii baguam asɛnka adwuma no a ɛyɛ adwuma a ɔpɛ sen biara no ase bio. Na sɛ́ nhyira foforo a abɛka ho no, na ɔwɔ akwampae ɔhokafo foforo a ɔne yɛn babea Allie Lauren.—Sɛnea Steven M. Beaderstadt ka kyerɛe.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
Ɔyarehwɛfo bi a ɔka wimhyɛn ayaresa kuw no ho kae sɛ, “Ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea wawu dedaw!”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
Oduruyɛfo no kae sɛ: “Yegyina nsu a yennim mu nsɛm mu wɔ ha efisɛ yenkoduu akyiri sɛɛ a yɛmmfa mogya nnii dwuma da”
[Kratafa 13 mfoni]
Wɔsaa me yere yare wɔ mframa pa afiri bi a ɛte sɛ eyi mu
[Asɛm Fibea]
Memorial Medical Center of Long Beach
[Kratafa 15 mfoni]
Me yere ne yɛn babea no wɔ bere a wɔtee apɔw no akyi