Bible No Adwene
So Ɔmanfo Asoɔdenyɛ Fata Wɔ Ɛbere Bi Mu?
KATOLEKNI ɔsɛmpatrɛwfo bi a wayɛ ɔsɛmpatrɛwfo mfe 30 kae sɛ: “Sɛ wuhu sɛ wɔto w’ankasa nkurɔfo mmonnaa na wokunkum wɔn, sɛ wuhu sɛ asraafo sɛe nkurow mũ nyinaa, na wɔtwe mmofra fi wɔn afi mu ma wokodi sraa, na sɛ wuhu sɛ nnipa no dodow mu ɔha biara mu 2 di ahonyade no anan biara mu nkyem abiɛsa so a, wurentumi mfa wo ti nhyɛ Bible mu na wummu w’ani ngu saa nokwasɛm ahorow yi so.”—Yɛn na yɛde nkyerɛwee soronko akyerɛw afã bi no.
Sɛ wone saa ɔsɛmpatrɛwfo yi a, dɛn na anka wobɛyɛ? So anka wode wo ho bɛhyɛ ɔsɔretia bi mu? Na sɛ eyinom amfa nsakrae a wohia no amma nso ɛ? So basabasayɛ bɛyɛ nea ɛfata? Ɔman anidan anaasɛ nniso a wotu gu? Dɛn na nnɛyi “honhom mu akwankyerɛfo” no kamfo kyerɛ? Hyɛ amanneɛbɔ ahorow yi nsow:
◻ Ɔsɔfo bi a ɔwɔ Nicaragua se ɔnam ɔmanfo som ne ɔman anidan a ɔde ne ho hyem so na ɛsom Onyankopɔn.
◻ Wɔ Phillipines no wɔpamoo ɔsomfo bi fii ɔman no mu efisɛ ɔkanyan amammuisɛm mu basabasayɛ na ɔdaa Yesu adi sɛ ɔyɛ otuatewfo.
◻ Asɔfo ne mmea nkokorafo de wɔn ho abɔ akofofo dɔm wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobetu nniso bi agu wɔ Amerika Mfinimfini no mu.
Wɔn nneyɛe no de nkrasɛm bi a ano yɛ den na emu da hɔ ma: ɔmanfo asoɔdenyɛ fata anaasɛ wobu no sɛ Kristoni asɛyɛde mpo. Nanso sɛ adwene no ne botae ahorow no fi nokwaredi mu na ɛho wɔ mfaso ma nnipa mpo a, so eyi yɛ nokware? Dɛn ne Bible no adwene?
‘Wɔne Onyankopɔn di Asi’
Onyankopɔn akyerɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ nnipa nniso anaa tumi ho no mu pefee. Bible no kyerɛ sɛ: “Tumi biara nni hɔ sɛ nea efi Onyankopɔn; nanso tumi a ɛwowɔ hɔ no, Onyankopɔn na wahyɛ ato hɔ.” Yiw, Yehowa Nyankopɔn wɔ tumi a ɛsɛ sɛ́ ebia ɔde ne ho bɛhyehyɛ tumi bi a ɛwɔ hɔ mu anaasɛ obeyi afi hɔ wɔ bere biara mu. Sɛ wɔwɔ hɔ a, ɛte saa efisɛ wama kwan.—Romafo 13:1.
Bere a kyerɛwsɛm no de nokwasɛm yi asi hɔ akyi no, ɛde ka ho sɛ:”Enti obiara a ɔne tumi no di asi no, ɔne nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ di asi; na wɔn a wodi asi no benya afobu.” (Romafo 13:2) Esiane saa nsɛm yi nti, so Kristoni betumi de ahonim pa aka sɛ ‘ɔnam ɔman anidan a ɔde ne ho hyem so som Onyankopɔn’? Sɛ obi nya adeyɛ bi a ɛne nniso tumidi a ɛwɔ hɔ di asi mu kyɛfa anaasɛ ɔhyɛ ho nkuran mpo a, so na ɔne Onyankopɔn redi asi?
Ma yɛnhwɛ Bible abakɔsɛm mu mpɛ mmuae. Ɛde besi afeha a ɛto so ason A.Y.B. awiei no, na Yehowa ama kwan ama Babilon ahemman no adi Israel so a na ama Israel hene Sedekia abɛyɛ ɔhenewa. Nanso, bere a Sedekia abrɛ ne ho ase mfe awotwe akyi no, ɔtee nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔsɔre tia nhyehyɛe a ɛte saa. Ɔkɔhwehwɛɛ mmoa fii Misraim. Ná ɔremma amanɔnne tumi bi—abosonsomfo mpo—nni Onyankopɔn nkurɔfo so bio. Ná ɛte sɛ nea n’adwene no ye. Nanso, Onyankopɔn buu no dɛn? So na Sedekia reba abɛyɛ “ahofadi ho ɔkofofo” a wofi ɔsoro pene no so? Dabi! Efisɛ bere a ɔtew atua tia Babilon no, na ɔretew atua atia Onyankopɔn nso. Esiane saa ɔsɔretia yi nti, Yehowa hyɛe sɛ Sedekia bewu sɛ dommum wɔ Babilon.—2 Ahene 24:17-20; Hesekiel 11:15, 16.
Sedekia asɛm no nyɛ nea ɛda mu biako. Abakɔsɛm akyerɛ mpɛn pii sɛ ɔmanfo asoɔdenyɛ a adwempa wɔ akyi mpo ntumi mfa nnipa nsɛnnennen ano aduru a ɛtra hɔ daa mma. Nokwasɛm no ne sɛ ɔsɔretia ne ɔman anidan ahorow no taa sɛe tebea no kɛse mpo. Wɔ nsɛm no pii mu bere a ɛte sɛ nea ɔman anidan no adi nkonim no, “agyefo” no ankasa bɛyɛ wɔn a wodi atirimɔden ne nhyɛso ho fɔ. Wɔ bere bi akyi no, nnipa a wɔhyɛ wɔn so no awo ntoatoaso bi fi ase sɔre tia. Wɔahu saa kyinhyia yi wɔ aman pii mu. Sɛ nhwɛso no, ɔman bi a ɛwɔ Amerika Kesee Fam nyaa ne nniso a wotu gu a ɛto so 189 wɔ mfe 154 mu nnansa yi ara!
Onipa Huammɔdi—Dɛn Ntia?
Dɛn nti na nnipa anokwafo ntumi mma adesamma nne wɔn ho mfi nsisi ne nhyɛso mu? Ne tiawa ne sɛ nneɛma abien bi nni hɔ—ɛho nyansa ne tumi. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Mommfa mo ho nto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.”—Dwom 146:3.
Sɛ yɛbɛyɛ ho nhwɛso a, fa wo ho sɛ wowɔ ayaresabea a woretwɛn sɛ wɔbɛyɛ wo oprehyɛn. Wode yaw ne ɔhaw teɛm. Mpofirim no, ɔpon ano hwɛfo bi a ɔretwam te wo nka, ɔfa sekan a wɔde yɛ oprehyɛn, na ɔka sɛ ɔpɛ sɛ ɔboa wo ma wunya ahotɔ a wuhia no. So wobɛma no kwan ma wayɛ oprehyɛn no? Dabida! Dɛn ntia? Efisɛ ne dɔ ne mmɔborohunu no nkutoo mma ɔmfata sɛ ɔbɛyɛ adwuma dennen a ɛte saa. Nea ɔbɛyɛ no bɛma w’amanehunu no ayɛ kɛse mmom, na mpo ɛde wo ato owu asiane mu. Adeyɛ a ɛte saa no bɛyɛ nea wɔyɛ ma ɛtra so ne nea nyansa nni mu na ebu ani gu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔde bere asi hɔ a oduruyɛfo a ɔfata bɛyɛ oprehyɛn no so. Nea obetumi ayɛ ara ne sɛ ɔbɛma wo awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ na mmoa aba.
Saa ara na nokware Kristofo mfa wɔn ho nhyɛ ɔmanfo asoɔdenyɛ mu nnɛ. Wɔtwɛn ɛda ne dɔn ko a Onyankopɔn a ɔfata no de ne ho begye nsɛm mu. Ɔno nkutoo na ɔwɔ nyansa ne tumi a ɔde bɛma adesamma anya ano aduru a ɛtra hɔ daa. Yehowa Adansefo nam wɔn asɛnka adwuma no so ma wɔn a wohu ntɛnkyea mu amane no awerɛhyem sɛ ogye a ɛte saa bɛba nnansa yi ara.—Yesaia 9:6, 7; 11:3-5.
Ansa na ɛno bɛba no, yebetumi afa mmara kwan so anya hokwan a yɛwɔ na yɛabɔ ho ban na yɛde ahwehwɛ ogye afi nhyɛso mu. Nanso sɛ eyi anyɛ yiye a, ɛbɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛdan akɔ ɔmanfo asoɔdenyɛ so. Nea ɛne eyi hyia no, ɔsomafo Paulo tuu fo sɛ: “Sɛ ebetumi a, mo fam de mone nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu. Adɔfo, munnidi mo ho were, na mmom munnyaw mma [Onyankopɔn] abufuw! Na wɔakyerɛw sɛ: Me na aweredi wɔ me, me ara metua ka, [Yehowa] na ɔka saa.” Nokware Kristofo a wɔyɛ osetie tie saa afotu a nyansa wom yi.—Romafo 12:18, 19.
[Kratafa 23 mfoni fibea]
Reuters/Bettmann Newsphotos