Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 6/8 kr. 3-5
  • Amumɔyɛsɛm—Henanom Na Ɛka Wɔn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Amumɔyɛsɛm—Henanom Na Ɛka Wɔn?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Ne Amumɔyɛsɛm?
  • Ɛnyɛ Ade Foforo
  • Amumɔyɛsɛm—Dɛn Na Ɛhyɛ Akyi Na Dɛn Ntia?
    Nyan!—1987
  • Amumɔyɛsɛm—Dɛn Ne Ano Aduru?
    Nyan!—1987
  • Amumɔyɛsɛm—Ɛbɛba Awiei Nnansa Yi Ara!
    Nyan!—2001
  • Enti Amammɔsɛm To Betwa?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 6/8 kr. 3-5

Amumɔyɛsɛm​—Henanom Na Ɛka Wɔn?

Nyan! mfa ne ho nhyehyɛ amammuisɛm mu. Enni afã biara wɔ wiase yi amammuisɛm mu ntawntawdi ahorow no mu. Nanso nea ɛne nea enti a wotintim no hyia no, ɛhwehwɛ nsɛm mu kɔ akyiri na ɛda nea nsɛm a esisi no kyerɛ ankasa adi. Esiane eyi nti, Nyan! hwehwɛ adwen horow a ɛkɔ akyiri a ɛma wodi amumɔyɛsɛm sɛnea ɛho abenfo hu no no mu. Yegyaw ma yɛn akenkanfo ma wɔn ankasa asi wɔn gyinae.

“Ɛnnɛ wɔrema nkurow akɛse a ɛwɔ wiase no mmorɔn so, wimhyɛn gyinabea, ne asraafo atrae adan akono bere a amumɔyɛfo akuw nketewa ne nnipa ankorankoro a wodi awu hwehwɛ sɛ wodu wɔn amammuisɛm mu botae ho no.”

“Efi 1973 de besi 1984 no, amumɔyɛfo dii amumɔyɛsɛm bɛboro 5,000 a ɛmaa nnipa bɛboro 4,000 wuwui na bɛyɛ sɛ saa dodow no mmɔho abien pirapirae wɔ wiase nyinaa.”

“Wɔ mfe dunum a atwam no mu no, wodii amumɔyɛsɛm tiaa aban ananmusifo a wofi aman 113 mu wɔ amumɔyɛsɛm a wodii wɔ aman 128 mu no mu.”​—Fighting Back​—Winning the War Against Terrorism.

SO AMUMƆYƐSƐM ka wo? So wutwaa akwantu nhyehyɛe bi mu wɔ 1986 mu anaasɛ wosakraa no esiane amumɔyɛfo ho hu nti? Mprempren amumɔyɛsɛm yɛ ade a ɛhaw nnipa pii nnɛ. Sɛnea Yitzbak Rabin a ɔyɛ Israelfo ɔsoafo a ɔhwɛ ahobammɔ ho nsɛm so kyerɛwee no: “Amumɔyɛ ho hu abɛyɛ nnipa pii asetra fã wɔ wiase nyinaa.” Ɛyɛ nea ɛda adi kɛse sɛ woreboa ma woatua ka a amumɔyɛsɛm ma wɔbɔ no. Ɔkwan bɛn so? Ebia wɔde tow a wutua no fã tua ka a nniso ahorow rebɔ wɔ ahobammɔ a eye ne siesie a wosiesie wɔn ho kɛse esiane amumɔyɛsɛm ho hu nti no ho.

Wɔadi amumɔyɛsɛm wɔ Northern Ireland ne Middle East mfe dudu pii. Wɔ nnansa yi mfe yi mu no, amumɔyɛsɛm agyaw n’agyiraehyɛde wɔ Europa ne Central ne South America aman pii mu. Na ɛdenam television, radio ne nsɛm ho amanneɛbɔ so no, yɛn nyinaa ate amumɔyɛfo basabasayɛ ho asɛm. Ɛkame ayɛ sɛ aba abɛyɛ ade a ɛkɔ so da biara wɔ yɛn asetra mu. Atopae a amumɔyɛfo totow, awudi, ne nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie yɛ nea ɛtaa sisi kɛse ma enti ebia yɛayɛ nnipa a wonni nkate biara ma afoforo. Esiane eyi nti, ɛte sɛ nea ade a enye no abɛyɛ nea eye, wosusuw ne ɛnsɛ sɛ wosusuw ho no ho, na wɔ aman ahorow bi te sɛ Lebanon mu no, wogye nea ɛnsɛ sɛ wogye tom no tom.

Yiw, amumɔyɛsɛm yɛ asetra mu nokwasɛm​—nsɛm a nsɛm ho amanneɛbɔfo a wɔama amumɔyɛfo akannifo ne akuw ahorow agye din no bɔ ho dawuru no fã. Mprempren amumɔyɛsɛm yɛ ɔhaw a ɛwɔ wiase nyinaa.​—Hwɛ asase mfonini a ɛka ho no.

Dɛn Ne Amumɔyɛsɛm?

Ebia ɛbɛyɛ te sɛ́ nea ɛnyɛ den sɛ wobɛkyerɛkyerɛ obi a ɔyɛ omumɔyɛfo no mu. Nanso egyina faako a wugyina wɔ ɔsɛmpɔw no mu no so. So nnipa a wotutu El Salvador aban no ase no yɛ amumɔyɛfo anaasɛ ‘nnipa a wɔreko apere ɔman no ahofadi’? So contrafo a wɔwɔ Nicaragua no yɛ amumɔyɛfo anaasɛ “nnipa a wɔreko apere ahofadi”? Amumɔyɛsɛm te sɛ ahoɔfɛ a ɛsono sɛnea obiara hu no no. Amammui adwene a obi wɔ no betumi asakra ɛho nkyerɛkyerɛmu bi.

Benjamin Netanyahu a ɔyɛ Israel aban no nanmusini wɔ Amanaman Nkabom no mu de amumɔyɛsɛm ho nkyerɛkyerɛmu yi ma: “Awu a wɔhyɛ da kɔ so di, nnipa a wopirapira wɔn kɛse, ne nnipa a wɔn ho nni asɛm a wohunahuna wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobesuro na ama wɔadu wɔn botae ho wɔ amammuisɛm mu.” (Terrorism​—How the West Can Win) Sam Sarkesian a ɔwɔ Loyola Sukuupɔn mu wɔ Chicago no kyerɛkyerɛ mu sɛ “wɔtaa fa akwan ahorow so, te sɛ nnipa a wokunkum wɔn, nkurɔfo a wɔfa wɔn nnommum, nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie, nneɛma a, wɔsɛe no ne nnipa a ‘wɔn ho nni asɛm’ a wɔde wɔn di dwuma de haw afoforo. Ne tiaa mu no, amumɔyɛsɛm yɛ ehu a wɔma ɛka ɔmanfo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhyɛ nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ no ma adi nea amumɔyɛfo no hwehwɛ ne/anaasɛ wɔn botae ho dwuma.”​—Hydra of Carnage.

Wɔ ɔkwan foforo so no, Katolekni James Burtchaell a ɔyɛ nyamesom ho ɔdenimfo no kyerɛw sɛ: “Amumɔyɛsɛm yɛ ko a nnipa a wɔn ani abere no ko. . . . [Ɛyɛ] ade a nnipa a wɔte nka sɛ wɔn ho akam no yɛ bere nyinaa.”​—Fighting Back.

Sɛnea wubu amumɔyɛsɛm biara no mfa ho, ɛtaa kyerɛ basabasayɛ ne owu ma nnipa a wɔn ho nni asɛm. Sɛnea Jan Schreiber kyerɛw wɔ ne nhoma a wɔfrɛ no The Ultimate Weapon no mu no: “Te sɛ asraafo dɔm no, amumɔyɛfo kuw yɛ ade wɔ atirimɔden kwan so na wɔma atirimɔdenne kɔ so da biara.”

Ɛnyɛ Ade Foforo

Ɛwom sɛ amumɔyɛsɛm akɔ so mfehaha pii de, nanso sɛ́ amammui adwene no, wɔde adi dwuma titiriw wɔ nnansa yi mfe yi mu. Bere a ɛbɛdaa adi wɔ 1945 mu sɛ Britania Labour nniso no remfa Palestina mma Yudafo no, wɔtew amumɔyɛfo akuw ahorow a “Irgun Zva’i Leumi (Ɔman Sraadi Kuw a wɔfrɛ no Etzel) ne Lohamei Herut Yisrael (Akofofo ma Israel Ahofadi) a [wɔfrɛ wɔn nso sɛ Lehi anaasɛ Stern amumɔyɛfo kuw]​—[a wodii] amumɔyɛsɛm no ka ho. Wɔ July 22 mu no, Etzel bubuu King David Ahɔhodan a ɛwɔ Jerusalem a ɛyɛ nniso no dwumadibea gui na Yudafo, Britaniafo ne Arabfo bɛyɛ 100 wuwui.”​—The Jews in Their Land a David Ben-Gurion kyerɛwee.

Ɛnyɛ Northern Ireland ne Mfinimfini Apuei nkutoo na wodi amumɔyɛsɛm wɔ hɔ. Spain wɔ Basque ETA amumɔyɛfo; Sikhfo a wɔpɛ sɛ wɔtew wɔn ho no haw Indiafo; ɔko apaapae Sri Lanka mu esiane Tamil akofofo nti; Maoist Sender Luminoso (Ɔkwan a Ɛhyerɛn) akofofo wɔ Peru.

Nanso dɛn nti na amumɔyɛsɛm ka demokrase aman no kɛse? Dɛn ankasa na ɛma wodi amumɔyɛsɛm? So amumɔyɛfo yɛ akuw ahorow a wɔhyɛ wɔn so a wɔrehwehwɛ atɛntrenee ne wɔn haw ano aduru? Anaasɛ nneɛma pii ka ho? Na so wɔbɛkɔ so adi amumɔyɛsɛm daa? Nsɛm a edidi so yi bɛhwehwɛ eyi ne nsemmisa afoforo mu.

[Asase mfoni a ɛwɔ kratafa 5]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)]

Aman horow bi a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ nnansa yi esiane amumɔyɛsɛm nti

United Kingdom

N. Ireland

Germany

France

Spain

Italy

Turkey

Lebanon

Israel

Afghanistan

Bangladesh

India

Sri Lanka

Japan

S. Korea

Philippines

Angola

SW Africa

S. Africa

United States

El Salvador

Nicaragua

Panama

Venezuela

Colombia

Peru

Argentina

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena