Wiase Mu Nsɛm
Ɔkɔm Mu Amanehunu
Amanaman Nkabom no mpanyimfo aka Mozambique ho asɛm sɛ ɔman a ɔkɔm wom kɛse a ɛto so abiɛsa wɔ Afrika. Wobuu akontaa sɛ awi a woduaa wɔ hɔ wɔ 1986 mu no rennu nea wohia na wɔde ama ɔman no mu nnipa ɔpepem 18 no mu ɔha biara mu 10. Wɔaka ɔpɛ a asi wɔ hɔ mfe anan a atwam no mu ho asɛm sɛ ɛne ade titiriw a ama ɔhaw no aba no. Nanso ade titiriw a ama ɔkɔm aba Mozambique ne ɔko a akɔ so wɔ ɔman no mu wɔ bɛyɛ mfe du a atwam no mu a asɛe akwantu ne nsu a wɔnom mpo no. Aban mpanyimfo ka sɛ “ɔkɔm reyɛ aka nnipa no mu ɔpepem anum.”
Wɔde Yoma Kɔ Morocco
Ɛkame ayɛ sɛ ɔpɛ a asi wɔ Morocco nnansa yi no ama yoma a wɔwɔ hɔ no dodow so atew na ama aban no retɔ bi asi wɔn ananmu. Nea ɛyɛ nwonwa no wobenya pii wɔ Australia nkuraase. Dɛn nti na Australia? Wɔ 1860 mfe no mu no, wɔde yoma fi India kɔɔ South Australia efisɛ na ɔman no mu wim tebea ne anhwea ye ma wɔn. Ɛwom sɛ na wɔn ho wɔ mfaso kɛse wɔ bere a wofii ase siesiee Australia nkuraase a ɛhɔ asetra yɛ den no mu de, nanso wɔamfa “anhweantam so ahyɛn” yi anni dwuma bio bere a wɔyɛɛ lɔre no. Awiei koraa no, wogyaa wɔn mu pii wɔ nkuraase na wɔadɔɔso ayɛ mpempem pii wɔ Australia mfinimfini a osu ntaa ntɔ wɔ hɔ no. The Sydney Morning Herald Magazine ka sɛ Morocco aban no ayɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛtɔ yoma 2,000 wɔ afe biara mu wɔ mfe anum a edi hɔ no mu. Yoma a wɔbɛtɔn wɔn no bɛma Aboriginfo a mprempren ɛkame ayɛ sɛ Australia aban no na ɔhwɛ wɔn no anya sika.
Nnipa Pii Nnya Aduan Pa Nni
Sɛnea World Bank nhwehwɛmu a wɔyɛe nnansa yi kyerɛ no, nnipa a wonnya aduan pa nni no dodow kɔɔ soro ɔha biara mu 14 wɔ mfe du a efii ase wɔ 1970 mu besii 1980 mu no mu. Wohui sɛ nnipa bɛyɛ ɔpepem 340 a wɔwɔ aman a afei na worenya nkɔso 87 a ɛwɔ Afrika, Latin America, ne Asia mu—China nka ho esiane ɛho kyerɛwtohɔ a wɔannya nti—yɛ nea wonnya aduanpa nni na wodi nnuan a ɛsɛe wɔn akwahosan kɛse a ɛma wɔtɔ ape. Nnipa ɔpepem 390 foforo nso nnya aduan a ɛdɔɔso nni a ɛbɛma wɔakɔ so ayɛ adwuma. Sikakorabea no ka sɛ ɛnyɛ aduan a ɛho ayɛ na wɔ wiase nyinaa, ne bo a ɛreyɛ den, anaasɛ nnipa a wɔadɔɔso sen aduan a wonya no nti ne ɔhaw no. “Aduan a wonya wɔ wiase nyinaa no yɛ nea adɔɔso ntɛmntɛm sen nnipa a wɔredɔɔso wɔ mfe 40 a atwam no mu a ɛso bi mmae da. Awi bo wɔ wiase nyinaa so retew.” Ɛnde dɛn nti na aman yi ne emu nnipa nnya nea ɛdɔɔso? Sikakorabea no ka sɛ efisɛ ohia aka wɔn dodo sɛ wobetumi atɔ aduan a wohia no ne sɛ “efi adwene a ɛnteɛ a wɔanya a ɛkyerɛ sɛ aduankɔm na ɛde ɔhaw, no aba no nti.”
Ɔhempɔn a Wadi Hene Akyɛ Sen Biara
Mprempren Japanfo Ɔhempɔn Hirohito a wadi mfe 85 no ne ɔhene a wadi tumi akyɛ a wanyin sen biara wɔ wiase nyinaa. Afe yi wodii afahyɛ a aban no na ogyina akyi a wɔde kaee Hirohito mfe 60 ahenni no kaa n’awoda afahyɛ no ho. Ɔhempɔn a ansa na ɔko no refi ase no na wobu no sɛ ɔyɛ onyame no kae sɛ, “nsɛm a enye a ɔkae wɔ mfe 60 a atwam no mu yɛ nsɛm a esisii a ɛfa wiase nyinaa ko a ɛto so abien no ho.” Nnipa a wɔn dodow bɛyɛ 56,000 kɔɔ Ɔhempɔn Ahemfie hɔ sɛ wɔkɔma no amo. Wɔyɛɛ ahobammɔ ho nhyehyɛe a emu yɛ den efisɛ nsɛmmɔnedi anya nkɔanim wɔ Japan wɔ nnansa yi mfe no mu.
Sika wɔ Sumina So
Fida bi anwumere Germanfo sikakorabea sikakorafo bi a ɔwɔ Saarlouis antumi ankyerɛkyerɛ nea enti a DM20,000 (¢810,000) yerae no mu. Dwoda a edi hɔ no, kurow no mu sumina so dwumayeni bi huu biribi a ɛyɛ aniwu ma sikakorabea adwumayɛfo no. Ohuu sika pii wɔ nkankyee gow, nkrataa ne nkesua hohono mu. Nnipakuw bi hwehwɛɛ wura no mu na wohuu sika bɛboro DM7,000. Na dɛn na asi? Sikakorabea kasamafo bi kyerɛkyerɛɛ mu wɔ Germanfo atesɛm krataa a wɔfrɛ no Kõlner Stadt-Anzeiger mu sɛ “sika no kan ne ho akontaabu ho dwuma a na yɛredi Fida a etwaam, January 31, no, maa yɛde ahopere kɛse yɛɛ adwuma na ɛno na ebia ɛma ɛbaa saa.