Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 1/8 kr. 23-27
  • Nea Ɛho Hia Sen Ahonyade

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛho Hia Sen Ahonyade
  • Nyan!—1987
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Me “Basketball” Adwuma—Mede Nneɛma Abien A M’ani Gye Ho Sii Ananmu!
    Nyan!—1985
  • Obi Ayɛ Ade Ma Ayɛ Wo Yaw—Bere a Yɛwɔ ‘Asɛm Tia Yɛn Yɔnko’
    San Bra Yehowa Nkyɛn
  • Yehowa Atete Me Fi Me Mmofraase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Nkɔso A Aba Ɛyaw Ho Ayaresa Mu
    Nyan!—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 1/8 kr. 23-27

Nea Ɛho Hia Sen Ahonyade

DECEMBER 28 a etwaam yi ne mfe abien a Jess ne Linda Shull waree wɔ Petaluma, California, na ankyɛ na wotuu kwan kɔɔ Nevada kogyee wɔn ahome. Na wɔabɔ wɔn tirim sɛ, sɛ wɔsan ba wɔn kurom wɔ Wyoming a, wobetu akɔ abansoro foforo bi a ɛtoa so abien so.

Jess kyerɛkyerɛ mu sɛ: “M’ankasa na misii. Na minim sɛ ɛrenkyɛ na maware, enti mebɔɔ mmɔden sɛ mesi saa ɔdan no wɔ ɔkwan a yɛpɛ so.” Ansa na wɔretu kwan akogye wɔn ahome no, wɔde Linda nneɛma pii kɔɔ wɔn fi foforo yi mu wɔ Lost Wells Butte mpɔtam hɔ wɔ Riverton, kusuu fam, Wyoming.

Bere a wɔwɔ Nevada no, ogya tɔɔ wɔn fie foforo no mu na ɛhyewee Fida, January 3. Linda kae sɛ: “Obiara ammɛka ankyerɛ yɛn. Na ɛyɛ me dɛ sɛ wɔammɛka. Anka ɛbɛsɛe yɛn ahomegye no.”

Ɛda adi sɛ mframa a ano yɛ den wɔ hɔ no na ɛmaa ogya no tɔɔ ofi no mu. Ɔdan a egyee Jess bɛboro mfe abiɛsa ansa na ɔresi awiei no ayɛ ɔkwa. Nea na ɛyɛ yaw kɛse ne sɛ na insurance nni ɔdan no ho.

Wɔ asɛm bi a epuei wɔ The Riverton Ranger a ɛbae January 14 anim mu no, wɔbɔɔ nea esii bere a nnipa a wobedum ogya no kɔ akyi no ho amanneɛ: “Nnipa kuw foforo a wɔn dodow bɛyɛ sɛ wɔn a wobedum ogya no kɔɔ Lost Wells Butte . . . Na ofie no ahyew asɛe pasaa, na asa no so nyinaa adan nsõ. Adan a wɔda mu no nso saa ara. Na wonhu baabi a ɛsɛ sɛ wofi ase yɛ ho adwuma.

“Nanso wotumi fii ase, na wɔ nnɔnhwerew kakraa bi ntam no wotumi yiyii nneɛma a asɛe no.

“Na ɛrenkyɛ na Jess ne Linda asan aba. Na wonnya ntee nea asi ara ɛ. . . .

“Ansa na Benada, January 7, a ɛyɛ bere a ɔdan no hyewee akyi nnanan redu no, na Yehowa Adansefo 50 a wɔatu wɔn ho ama asan abɔ ɔdan no so bio. . . .

“Jess ne Linda Shull nnamfonom de nneɛma te sɛ odorobɛn a nsu fa mu ne anyinam ahoɔden nhama foforo hyehyɛɛ ɔdan no ho bio na wɔsan de aduru kaa ho.

“Wɔyɛɛ adwuma nnɔnhwerew pii wɔ January mu, wɔ Wyoming . . .

“Yehowa Adansefo a wɔmpɛ sɛ awarefo yi bɛsan aba abehu sɛ wɔn fi no ahyew no pii asan kɔ mprempren. Wɔmpɛ sɛ wobehu nnipa ko a wɔyɛ, nnipa a wɔboa wɔn adamfo esiane sɛ wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔboa a ɛnyɛ pɛ a wɔpɛ sɛ wɔn ho asɛm ba atesɛm krataa mu nti.

Nanso Jess ne Linda Shull pɛ sɛ nkurɔfo hu nnamfo ko a wɔyɛ. Linda kae sɛ: ‘Sɛ wosan ba na wɔka kyerɛ wo sɛ biribiara asɛe a . . . ɛma wunya anisɔ kɛse bere a wuhu biribiara a wowɔ no.’

“Jess ne Linda Shull nneɛma pii sɛee. Ɛkame ayɛ sɛ wɔn fie no sɛe wiei na wɔn nneɛma pii nso hyewee. Nanso mprempren wɔahu nneɛma afoforo pii, nneɛma a sika rentumi ntɔ.

“Nneɛma a wɔ ogya a ɛredɛw mu mpo no, ɛrenhyew.”

[Kratafa 23 mfoni fibea]

Riverton, Wyoming, Fire Department

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena