ASETENAM NSƐM
Yehowa Atete Me Fi Me Mmofraase
MEHWƐƐ krataa a onua no de maa me no so; ná wɔakyerɛw so sɛ, “David Splane, April 8, 1953: ‘Ka Wiase a Ɛrebɛsɛe Ho Asɛm.’” Ɛhɔ ara na mibisaa onua no sɛ, “Na wei nso ɛ?” Onua no kaa sɛ, “Ɛyɛ wo dwumadi a wobɛyɛ wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu.”a Ɛnna mekaa sɛ, “Sɛ́ menkaa sɛ momma me dwumadi biara!”
Asɛ mereyɛ apere me ho; wo de, ma menkɔhyɛ ase. Wɔwoo me wɔ Calgary, Canada. Saa bere no, na Wiase Ko a Ɛtɔ So Mmienu no gyina mu. Ɛrekeka kɔ afe 1950 mu hɔ no, aberante kwampaefo bi a ne din de Donald Fraser bɛbɔɔ yɛn pon mu. Ɔbae sɛ ɔrebɛka asɛmpa no bi akyerɛ yɛn, na me maame penee so sɛ obesua Bible no. Ná n’ani gye nokware no ho paa, nanso esiane yare a na ɛreteetee no nti, ɛnyɛ daa na na otumi kɔ adesua. Nanso nkakrankakra, eduu afe 1950 mu no, ɔbɔɔ asu. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛno akyi no, annu mfe mmienu mpo na owui. Saa bere no, na me papa nyɛ Ɔdansefo, nanso ɔpenee so maa Adansefo no yɛɛ ayi no.
Yɛyɛɛ me maame ayi no wiei no, nna kakraa bi akyi no, onuawa bi a ne mfe akɔ anim a na wɔasra no too nsa frɛɛ me sɛ memmra adesua; ná ne din de Alice. Ná onim me, efisɛ bere a na me maame tumi kɔ adesua no, na me ne no kɔ. Enti mibisaa me papa sɛ metumi akɔ anaa, na ɔpenee so. Ɔkaa sɛ ɔne me bɛkɔ saa da no nko ara na wakɔda onua a ɔmaa me maame ayi kasa no ase. Saa da no na na wɔyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam adesua. Me papa ani gyee adesua no ho yiye, efisɛ na ɔno nso akɔ sukuu bi akosua sɛnea wɔkasa yiye wɔ baguam, na ɔkasa ahorow no kaa ne koma paa. Enti me papa yɛɛ n’adwene sɛ nnawɔtwe biara ɔbɛkɔ saa adesua no bi, na eduu baabi no, ɔkɔɔ adesua no nyinaa bi.
Saa bere no, nea ɔhwɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no so no, sɛ ɔrebefi ase a, obiara a wakyerɛw ne din wɔ sukuu no mu no, na ɔbɔ ne din. Enti obiara a ɔbɛte ne din no, na wagye so sɛ “Mewɔ ha.” Da bi, meka kyerɛɛ nea ɔhwɛ adesua no so no sɛ, adesua a edi hɔ no, me nso mepɛ sɛ mete me din. Onua no kamfoo me, nanso wankyerɛkyerɛ biribiara mu ankyerɛ me.
Bere a mekaa sɛ wɔnkyerɛw me din no, sɛɛ na minnim sɛ merebɛma ɔkasa wɔ sukuu no mu; me de, nea na mepɛ ara ne sɛ wɔbɛbɔ me din. Nnawɔtwe a edi hɔ no, wɔbɔɔ me din, na mede anigye gyee so sɛ, “Mewɔ ha.” Yɛpɔn adesua no, anuanom kamfoo me. Nnawɔtwe kakra akyi no, onua bi de krataa a mekaa ho asɛm mfiase no bɛhyɛɛ me nsam.
Me yam hyee me! Saa bere no, obiara a obenya dwumadi no, na ɛsɛ sɛ ɔde simma nsia kosi nwɔtwe ma ɔkasa; ná Bible akenkan dwumadi biara nni hɔ. Me papa boaa me ma misiesiee ɔkasa no, na ɔma mebobɔɔ so kyerɛɛ no mpɛn 20 ansa na merekɔma. Miwiei no, nea ɔhwɛ sukuu no so no maa me afotu, na ɛboaa me paa. Mfe pii ni, Yehowa nam me papa, anuanom mmarima ne mmea a wɔn ho akokwaw, ne n’asafo no so atete me.
YEHOWA AKƆ SO ATETE ME
Bere a mifii asɛnka ase no, Alice a midii kan kaa ne ho asɛm no, ɔno na ɔtetee me. Saa bere no, na yɛkenkan kyerɛwnsɛm mmiɛnsa kyerɛ ofiewura no, yewie a na yɛama no nhoma. Sɛ edu me so sɛ mekasa a, na Alice bɔ ne din kyerɛ ofiewura no, na wafi nkɔmmɔ no ase. Afei, na wama makenkan kyerɛwsɛm a edi kan no. Ɛno akyi no, na matoa nkɔmmɔ no so akenkan kyerɛwsɛm a ɛtɔ so mmienu ne nea ɛtɔ so mmiɛnsa no. Miwie a, na mama no nhoma. Akyiri yi, misuaa sɛnea me ne obi befi nkɔmmɔ ase. Afe 1954 rekɔ n’awiei na me papa bɔɔ asu, na ɔtoaa so tetee me wɔ asɛnka adwuma no mu. Ɔyɛɛ nea obetumi biara tetee me wɔ nokware no mu. Ɛba adesua ne asɛnka a, na ɔmfa nni agorɔ koraa. Adesua biara bere so a, na minim sɛ ɛyɛ dɛn ara a, yɛbɛkɔ, na Memeneda ne Kwasida anɔpa biara nso, yɛbɛkɔ asɛnka.
Bere a na mekɔ sukuu no, na minnim ade mmoro so, nanso mfe 12 a mede kɔɔ sukuu no, misuaa nneɛma pii a aboa me wɔ m’asetenam. Mɛyɛ nhwɛso a, misuaa akontaa ne Borɔfo kasa ho mmara. Afei nso, misuaa sɛnea merekyerɛw asɛm bi a, mɛhyehyɛ me nsɛm ma ayɛ dɛ. Ɛno ne Borɔfo kasa ho mmara a misua kaa ho no, aboa me paa wɔ adwuma a meyɛ seesei wɔ Akyerɛw Dwumadibea hɔ no.
Nkurɔfo taa bisa me nea enti a mepɛ nnwom saa. Nea ɛwom ne sɛ, na me papa ne me maame nyinaa pɛ nnwom paa. Midii mfe nson no, mifii ase suaa sanku bɔ, nanso nea na ɔkyerɛ me no, na ɛyɛ no sɛ menyɛ ade saa. Enti ɔka kyerɛɛ me papa sɛ ɔmma minnyae. Minim nea enti a ɔkaa saa, efisɛ me koraa saa bere no, na m’ani nhyɛ da nnye ho.
Abosome kakra akyi no, me papa kɔpɛɛ obi foforo a ɔbɛkyerɛ me sanku no bɔ. Wei de, ɛnyɛ sankubɔ nko ara na misuae; misuaa nnwonto nso kaa ho, na ɛkɔɔ yiye. Meyɛ abofra no, na me nne yɛ dɛ, na midii nkonim wɔ nnwonto akansi ahorow bi mu. Nea enti a na meresua nnwom ne sɛ, na mepɛ sɛ minya abodin krataa sɛnea ɛbɛyɛ a metumi akyerɛ nnwom, na manya sika de atwitwa me ho ayɛ akwampae adwuma. Nanso aka kakra ma makyerɛw sɔhwɛ anya abodin krataa no, mibehui sɛ, sɛ metumi akyerɛw sɔhwɛ no atwa a, ebehia sɛ mede bere pii sua nnwom ho ade bebree. Enti migyaee, na mebɛyɛɛ daa kwampaefo. Ná ɛyɛ afe 1963.
AKWAMPAE ADWUMA DE ANIGYE PII BA
Mebɛyɛɛ ɔkwampaefo afe baako akyi no, wɔma mekɔyɛɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Kapuskasing, Ontario. Me ne Daniel Skinner boom yɛɛ akwampae adwuma no wɔ hɔ; ná wanyin sen me bam. Ɔkyerɛɛ me sɛnea yɛtoto nneɛma wɔ asafo no mu. Midii mfe 20 no, wɔpaw me kaa Asafo Ɔsom Boayikuw no ho, enti na mewɔ nneɛma pii sua. Ɛyɛ me dɛ paa sɛ ɛnnɛ nso Yehowa asafo no si so dua sɛ yɛntete mmerante. Sɛ wɔyere wɔn ho a, Yehowa betumi de wɔn ayɛ adwuma wɔ wɔn mmeranteberem mpo.
Ná Kapuskasing asetena nna fam. Sɛ awɔw ba a, ɛhɔ tumi yɛ nwini paa te sɛ frigye mu. Baabi a me ne Dan bɛkɔ biara, na yɛtaa nantew. Nanso, ade baako a ɛmaa m’ani gyei wɔ hɔ ne sɛ, mihyiaa onuawa bi a ne din de Linda Cole. Akyiri yi, ne din sesa bɛyɛɛ Linda Splane.
Ná Linda de nsi yɛ asɛnka adwuma no, na na ɔwɔ sankɔhwɛ bebree. Ná ne yam ye, na na ɔpɛ nnipa nso. Ná ne maame Goldie yɛ obi a ɔdɔ Yehowa. Ne papa Allen de, mfiase no na n’ani nnye nokware no ho koraa. Ɔsɔretia a Linda papa de baa wɔn so nyinaa akyi no, na ne maame Goldie taa de ɔne ne nua mmarima John ne Gordon kɔ Ahenni Asa so, na ɔtetee wɔn wɔ asɛnka adwuma no mu nso. Eduu baabi no, Goldie, Linda, John, ne Gordon bɛyɛɛ akwampaefo. Mfe bi akyi no, wɔn papa Allen begyee nokware no, na ɔyeree ne ho paa wɔ Yehowa som mu.
Afe 1965 no, asafo no too nsa frɛɛ me sɛ menkɔ Ahenni Som Sukuu no bi wɔ Canada Betel nkogye ntetee bosome baako. Mekɔɔ sukuu no, wɔka kyerɛɛ me sɛ menhyehyɛ Gilead akwammisa krataa no bi. Asɛmpatrɛw adwuma de, na minnwen ho da, efisɛ na minnye nni sɛ metumi ayɛ. Nanso mehyɛhyɛɛ akwammisa krataa no. Wɔtoo nsa frɛɛ me kɔɔ adesuakuw a ɛtɔ so 42 no bi. Yɛwɔ Gilead no, na akyerɛkyerɛfo no taa ka mmɔden a yɛrebɔ no ho asɛm kyerɛ yɛn. Mfiase no wɔhyɛɛ me nkuran sɛ, bere a mewɔ sukuu mu hɔ no, biribiara a ɛfa Yehowa asafo no ho no, memmɔ mmɔden sɛ mehu. Afei ara na na manya mfe 21, enti na ɛyɛ afotu pa paa.
Nea wɔkyerɛɛ yɛn wɔ Gilead no, baako ne sɛnea yɛne dawurubɔ nnwuma te sɛ radio ne TV steehyin ahorow bedi nkitaho. Ná m’ani gye ho paa, nso na minnim sɛ sɛɛ ɛbɛboa me daakye. Akyiri yi mɛkyerɛ mu.
WƆDE ME KƆƆ SENEGAL
Yewiee sukuu no, wɔmaa me ne Michael Höhle dwumadi sɛ yɛnkɔyɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Senegal a ɛwɔ Afrika. Enti nna kakraa bi akyi no, yesiim kɔe. Saa bere no, na adawurubɔfo bɛyɛ 100 na ɛwɔ ɔman no mu.
Mifii asɛmpatrɛw adwuma no ase no, anni afe mpo na wɔka kyerɛɛ me sɛ nnawɔtwe biara, memfa da koro mmɛyɛ adwuma wɔ Betel. Ná “Betel” no yɛ dankora baako bi a ɛwɔ asɛmpatrɛwfo fie foforo bi mu. Ɛwom sɛ na ɛhɔ sua, nanso Emmanuel Paterakis a na ɔhwɛ Betel no so no ka kyerɛɛ me sɛ, ɛnsɛ sɛ mema me werɛ fi da sɛ, saa dankora no gyina hɔ ma Yehowa asafo a ɛwɔ saa ɔman no mu no. Bere bi, Onua Paterakis ka kyerɛɛ me sɛ yɛnkyerɛw krataa nkɔhyɛ asɛmpatrɛwfo a ɛwɔ ɔman no mu no nkuran. Saa bere no, sɛ wokyerɛw biribi a, na ɛnyɛ mmerɛw koraa sɛ wobɛyɛ fotokɔpe anaa wobɛprinte. Enti, na ɛsɛ sɛ yɛde typewriter bɔ nkrataa no nyinaa. Ná ɛnyɛ adwuma ketewa koraa, efisɛ sɛ wuti a, na worentumi mpopa, enti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ.
Ansa na merekɔ fie saa anadwo no, Onua Paterakis maa me envelope bi, na ɔkaa sɛ: “David, Asafo akyerɛw wo.” Akyiri yi, bere a metew envelope no ano no, na krataa a mekyerɛwee no baako hyɛ mu. Saa asɛm no ma mihui paa sɛ, sɛ Betel bi sua sɛ dɛn mpo a, ɛnsɛ sɛ mibu no animtiaa.
Me ne asɛmpatrɛwfo afoforo wɔ Senegal, afe 1967
Me ne anuanom a ɛwɔ asafo no mu bebree faa adamfo, na na metaa kɔsra wɔn Memeneda anwummere. Mekɔsra wɔn saa a, na yɛn ani gye paa. Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa meda so ara ne wɔn di nkitaho. Esiane sɛ mete French kasa nti, sɛ mekɔsra Betel ahorow a wɔka French a, ɛboa me paa.
Me ne Linda yɛɛ aware nhyehyɛe afe 1968. Ɛno akyi no, meyɛe ara sɛ menya adwuma bi a mede nnanu anaa nnansa bi bɛyɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a me ne Linda nyinaa betumi ayɛ akwampae adwuma no wɔ Senegal. Nanso na aban no pɛ sɛ adwumawuranom fa ɔman mma, na ɛnyɛ ahɔho. Ewiee ase no, mesan kɔɔ Canada, na yɛwaree wɔ hɔ. Ɛno akyi no, wɔma yɛkɔyɛɛ akwampaefo atitiriw wɔ Edmundston, a ɛwɔ New Brunswick. Ɛyɛ kurow ketewaa bi a ɛne Quebec mantam bɔ hye.
Yɛn ayeforohyia da, afe 1969
YƐKƆYƐƐ AKWAMPAE ADWUMA NO WƆ NEW BRUNSWICK NE QUEBEC
Ná adawurubɔfo nni kurow no mu, na na Bible asuafo a yɛwɔ nso nnɔɔso. Ná Katolek som na edi kurom hɔ tintimman. Ɛkame ayɛ sɛ ofie biara mu no, na wɔakyerɛw abɔ hɔ sɛ “Yɛmpɛ Yehowa Adansefo Wɔ Ha.” Saa bere no, na wɔntaa nsi so dua sɛ biribi a ɛte saa bɔ ofie bi anim a, mma yɛnnkɔ hɔ. Enti sɛ ebi bɔ fie bi anim koraa a, na yɛkɔ. Nnawɔtwe biara, na Katolek asɔre no de ba atesɛm nkrataa mu sɛ: “Yɛnkɔhwehwɛ Yehowa Adansefo no nkyere wɔn.” Ná yɛyɛ Adansefo nnan pɛ na yɛwɔ kurom hɔ; Victor ne Velda Norberg, ne me ne Linda. Enti sɛ wɔrekɔpɛ Adansefo bi akyere wɔn de a, ɛnde na ɛnyɛ obiara sɛ yɛn ara!
Ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ a edi kan no, ɛnyɛ ade a me werɛ befi da. Bere a ɔne yɛn somee nnawɔtwe baako akyi no, ɔkaa sɛ: “Ebia nea mubetumi ayɛ paa ne sɛ mobɛboa nkurɔfo ama wɔasesa adwene a wɔwɔ wɔ yɛn ho no.” Efi hɔ rekɔ no, na yɛn botae ara no no, na ɛkɔɔ yiye nso! Nkakrankakra nkurɔfo behui sɛ, Yehowa Adansefo brɛ wɔn ho ase, na Katolek asɔfo no de, ahantan afura wɔn ntama. Yɛrekasa yi, asafo ketewa bi aba saa kurom hɔ.
Yedii bɛyɛ afe wɔ saa kurom hɔ no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔboa asafo kɛse bi wɔ Quebec. Ná anuanom a wɔwɔ hɔ yam ye, enti abosome nsia a yedii wɔ hɔ no, yɛn ani gyei paa. Ɛno akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn ma yɛkɔyɛɛ ɔmansin adwuma no bi.
Mfe 14 a edi hɔ no, yɛsom amansin a ɛwowɔ Quebec. Yɛn ani gyei saa bere no paa! Ná asɛnka adwuma no kɔ yiye wɔ Quebec, na na yɛtaa hu mmusua a wɔwɔ asafo baako mu a wɔn nyinaa resua ade akɔbɔ asu!
YƐKAE ANUANOM A WƆYƐƐ ADWUMADEN NO
Anuanom a wɔtete mmeae a wɔka French kasa wɔ Canada no, wɔyɛ nnipa paa. Wɔmfa wɔn nsɛm nsie, wɔwɔ anigye, na wɔbɔ hye. Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na na ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbegye nokware no, na na abusuafo nso tumi tan wɔn ani denneennen. Mmerante ne mmabaa no bi wɔ hɔ a, na wɔn awofo tumi bɔ wɔn ntrɛnee sɛ, sɛ wɔne Yehowa Adansefo annyae adesua a, wɔbetu wɔn afi fie! Nanso saa mmerante ne mmabaa no amma nsɛm a ɛtete saa anhunahuna wɔn. Wunhu sɛ wɔn nokwaredi no bɛma Yehowa ani agye paa?
Besi ha yi, adwumaden a akwampaefo ne akwampaefo atitiriw yɛe wɔ Quebec saa bere no, sɛ manka ho asɛm a, ɛnde na biribi atew aka mu. Ná wɔn mu dodow no ara fi Canada mmeaemmeae. Ná ɛsɛ sɛ wɔsua French kasa no. Ɛno da nkyɛn a, na ɛsɛ sɛ wɔsua kurom hɔfo amammerɛ na wɔhu sɛnea wɔdwen, efisɛ na Katolek som no anya wɔn so nkɛntɛnso paa.
Ná wɔtaa de akwampaefo atitiriw kɔ mmeae a atew ne ho a adawurubɔfo nni. Esiane sɛ na nkurɔfo mpɛ Adansefo asɛm nti, na ɛyɛ den sɛ wɔbenya dan na wɔanya adwuma bi ayɛ de atwitwa wɔn ho. Awarefo a wɔaware foforo mpo, na wɔn mu nnan, nsia anaa nwɔtwe tumi bom tena fie baako mu, efisɛ, sɛ wɔanyɛ saa na obiara ka sɛ ɔrekɔpɛ ne dan a, na wɔrentumi ntua ho ka. Ná akwampaefo yi yɛ mmɔdenbɔfo paa. Sɛ wɔne obi sua ade a, na wɔmfa adesua no nni agorɔ koraa. Seesei adawurubɔfo pii wɔ Quebec, enti akwampaefo a na wɔwɔ hɔ no, wɔn mu bebree atu kɔ mmeae afoforo a mmoa ho hia.
Bere a na yɛreyɛ ɔmansin adwuma no, sɛ yɛkɔsra asafo bi a, na yɛne mmerante ne mmabaa a ɛwom no taa kɔ asɛnka Memeneda anɔpa. Wei boaa yɛn ma yetumi huu ɔhaw a na wɔrehyia. Seesei saa mmerante ne mmabaa no bi resom wɔ aman afoforo so sɛ asɛmpatrɛwfo ne nea ɛkeka ho.
Saa bere no, nsafo no bi wɔ hɔ a, sɛ yɛkɔsom wɔn a, na wɔntumi ntua ɛka a yɛbɔ no. Enti ɛtɔ da a, bosome no bewu no, na yɛn sika asa. Mmere a ɛtete saa no, na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so paa, efisɛ ɔno nko ara na na onim nea yɛrefa mu. Na ampa ara nso, wanni yɛn huammɔ da. Ne nyinaa mu no, amma da sɛ yɛannya sika ankɔsra asafo bi.
NEA MISUA FII AFOFORO HƆ
Sɛnea midii kan kae no, mekɔɔ Gilead no, wɔkyerɛɛ yɛn ɔkwan yɛbɛfa so ne dawurubɔ nnwuma adi nkitaho, na ɛboaa me paa. Bere a yɛwɔ Quebec no, yenyaa hokwan bebree dii adanse wɔ radio ne TV so. Afei yɛkyerɛw nsɛm no bi wɔ atesɛm nkrataa mu nso de dii nkurɔfo adanse. Ná wɔtaa ma me ne Léonce Crépeault na ɛyɛ saa adwuma no. Ná ɔno nso yɛ ɔmansin sohwɛfo. Sɛnea yɛne wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ dawurubɔ nnwuma mu di nkitaho no, na waben wom paa. Mpanyimfo a ɛda dawurubɔ nnwuma no ano no, sɛ ɔne wɔn rekasa a, na ɔnyɛ ne ho sɛ waben wɔ dawurubɔ adwuma no mu. Mmom na ɔka sɛ: “Owura, me ne nea ɔka me ho yi yɛ asɛmpakafo kɛkɛ. Yennim sɛnea yɛkasa wɔ TV ne radio so papa. Nanso wɔasoma yɛn sɛ yɛmmɛbɔ nhyiam kɛse bi a Yehowa Adansefo rebɛyɛ ho dawuru. Enti mmoa biara a mubetumi de ama yɛn no, ɛbɛyɛ yɛn dɛ paa.” Ahobrɛase kasa a ɛte saa nti, adwumayɛfo no bebree boaa yɛn.
Akyiri yi, Betel kaa sɛ, nsɛm a ne ka yɛ ka nna a nkurɔfo betumi ate ho asɛm wɔ TV ne radio so no, me ne Onua Glen How nhwɛ nni ho dwuma. Ná Onua How yɛ yɛn mmaranimfo no mu baako. Ntetee a minya fii Gilead ne suahu a minya fii Léonce hɔ no boaa me paa. Onua How a me ne no yɛɛ adwuma no nso, na ɛyɛ nhyira kɛse. Sɛ ɔnam mmara kwan so retwitwa agye Yehowa nkurɔfo a, na onsuro hwee, nanso na osuro Onyankopɔn paa.
Afe 1985 mu no, wɔma yɛkɔyɛɛ ɔmansin adwuma no wɔ Canada atɔe baabi a ɛbɛn me papa fie, na ɛma yetumi de mmoa a ohia maa no. Abosome mmiɛnsa akyi no, owui. Yɛkɔɔ so somee wɔ amansin a ɛwɔ Canada atɔe kosii afe 1989, na saa bere no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛka United States Betel abusua no ho. Yɛn ho dwiriw yɛn papa! Ná yɛde bɛyɛ mfe 19 na ayɛ ɔmansin adwuma no. Saa mmere no nyinaa, yɛtenaa anuanom ɔhaha pii afie mu, na yɛne anuanom bebree boom didii. Anuanom a wɔbuee wɔn apon maa yɛn na wɔmaa yɛn aduan dii no, yɛda wɔn nyinaa ase!
YƐKƆSOMEE WƆ UNITED STATES BETEL
Yɛkɔɔ Brooklyn Betel no, wɔma mekɔyɛɛ adwuma wɔ Ɔsom Dwumadibea. Ntetee a minyae wɔ hɔ no, me werɛ remfi da. Ade baako a misuae ne sɛ, ɛnsɛ sɛ mede m’adwene bu biribiara, mmom ɛsɛ sɛ mehwehwɛ mu hu nokware a ɛwom. Afei, afe 1998 mu no, wɔma mekɔyɛɛ adwuma wɔ Akyerɛw Dwumadibea, nanso ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, me nsa mpo ntɔɔ akyerɛw adwuma no so. Me ne Onua John Barr boom yɛɛ adwuma mfe kakra; ɔno na na ɔda Akyerɛw Boayikuw no ano. Ntetee ne suahu a minya fii ne hɔ no, me werɛ remfi da. Ná ne suban yɛ fɛ paa.
Yɛne John ne Mildred Barr
Anuanom a yɛne wɔn yɛ adwuma wɔ Akyerɛw Dwumadibea no brɛ wɔn ho ase, enti sɛ wo ne wɔn reyɛ adwuma a, ɛyɛ dɛ sɛ! Daa wɔbɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wɔn, na wɔnim paa sɛ, adwuma biara a wɔtumi yɛ no, sɛ Yehowa amfa ne honhom no ammoa wɔn a, wɔn nimdeɛ ne wɔn dom akyɛde rentumi mmoa wɔn ahe biara.
Afe 2009 afe afe nhyiam; migyina Asafo Nnwontofo Kuw anim reboa wɔn ma wɔato nnwom
Mede Bible rema anuanom wɔ afe 2014 amanaman ntam nhyiam ase wɔ Seoul, Korea
Me ne Linda anya hokwan akɔsra anuanom wɔ aman 110 so. Sɛnea bere nyinaa asomfo te sɛ asɛmpatrɛwfo, Baa Boayikuw mufo, ne wɔn a wɔkeka ho nyinaa dɔ Yehowa no, yɛn ara yɛde yɛn ani ahu bi. Yɛahu nso sɛ, ɛmfa ho ɔko, sikasɛm mu ahokyere, ne ɔsɔretia no, adawurubɔfo yere wɔn ho som Yehowa, na wɔde Ahenni no di kan wɔ wɔn asetenam. Yegye di sɛ Yehowa dɔ wɔn papaapa!
Linda mmoa nti, nnwuma a egu me so wɔ Yehowa som mu no, mitumi yɛ. Ɔpɛ nnipa paa, enti daa na ɔrepɛ kwan a ɔbɛfa so aboa afoforo. Ɔyɛ ade wɔ bɔnnɔ so adansedi nso mu. Waboa nnipa pii ama wɔabɛsom Yehowa; wɔn a na wɔagyae Yehowa som mpo, watumi aboa wɔn mu bi ama wɔasan abɛsom Yehowa. Migye di paa sɛ Yehowa de no kyɛɛ me. Seesei, yɛn mfe akɔ anim, enti mmerante ne mmabaa a wɔsuso yɛn mu nkakrankakra no, yɛda wɔn ase papaapa!—Mar. 10:29, 30.
Sɛ mehwɛ nea Yehowa ayɛ ama me mfe 80 a abɛsen kɔ yi a, minhu nea menka mpo; meda no ase. Me ne odwontofo a ɔkyerɛw asɛm a edi so yi yɛ adwene paa: “O Onyankopɔn, woakyerɛkyerɛ me fi me mmofraase, na maka w’anwonwadwuma ho asɛm de abesi nnɛ.” (Dw. 71:17) Meda so te ase yi de, mɛkɔ so aka Yehowa anwanwadwuma ho asɛm!
a Ɛnnɛ, ɛka adesua a yɛyɛ wɔ nnawɔtwe mfinimfini no ho.