Bible No Adwene
Dɛn Nti Na Nsisi Wɔ Asetra Mu Saa?
NÁ KAR a krataa nni ho a ofirikafo a wadi mfe 17 a wabow nsa a onni tumi krataa a ɛma wotumi ka kar no na ɔreka no de mmirika reba wɔ lɔre kwan no so. Nea wohui ara ne sɛ apem kar bi a ɛnam brɛoo no to na epiaa no kɔɔ n’anim anammɔn 230 na ogya tɔɔ mu. Ɛkame ayɛ sɛ agya bi ne ne babea a wada wɔ kar no akyi no hyew dwerɛbee ntɛm ara. Wɔn babarima twee ne maame fii kar a ɛrehyew no anim a ne nan abien nyinaa ahyew ato dompe. Owui wɔ nnɔnhwerew kakraa bi akyi. Wɔn babarima a wadi mfe 21 a na ɔreka kar no nkutoo ne abusua no muni a wanwu.
Asotwe bɛn na wɔde maa ofirikafo a odi fɔ no? Ɔnkɔyɛ ɔman adwuma nnɔnhwerew ahasa, wɔbɔɔ no ka $3,000 na wɔma ɔde ne nsa hyɛɛ krataa ase wɔ aban mu sɛ ɔbɛyɛ adepa mfe abiɛsa!
Bere a wɔn babarima, Douglas, tee atemmu no, ɔkae sɛ: “Mibu no sɛ ɛyɛ ade a enye sɛ Aban no asiesie ne ho sɛ ɔbɛsɛe dɔla ɔpepem pii wɔ ɔsatu a ɛbɛma wɔagyae nsa a wɔbow de ka kar no ho nanso sɛ wokum obi a, ɛnyɛ nea wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔde asotwe a ɛfata bɛma no.” Eyi yɛ afirika ho atɛnkyea ‘a wɔka ho asɛm daa wɔ Sydney Morning Herald atesɛm krataa no mu wɔ asɛmti a ɛne: “Atɛntrenee Wɔ Lɔre Akwan So” no ase no mu biako.
Ebia wɔasisi wo nso—ebia wɔ asennibea, anaasɛ bere a worehwehwɛ ɔdan anaa adwuma no.
Nsisi Yɛ Ade a Ɛwɔ Wiase Nyinaa
Ɛmfa ho sɛ ɛhe na wohwɛ no, wubehu sɛ sen a ebinom sen afoforo wɔ asetra mu no wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, dɛn nti na nnipa a wɔwɔ aman bi so no wɔ nnuan pii a ɛsɛe kwa na wodidi tra so bere a wɔ aman afoforo so no, nnipa ɔpepem pii nnya aduan a ɛdɔɔso nni anaasɛ ɔkɔm rekunkum wɔn mpo no?”Wɔ July 1983 mu no, Amanaman Nkabom no fã a ɛhwɛ aduan ne kuadwuma ho nsɛm so no kaa hia a ɛho hia sɛ wɔde awi kɔma nnipa ɔpepem pii ntɛm no ho asɛm, sɛ ɛyɛ nea wobetumi asiw ɔkɔm ankasa ano a. Ɔkɔm bae, sɛnea nsɛm a esisii wɔ Ethiopia wɔ 1985 mu no kyerɛ no.
Susuw nhwɛso foforo a ɛfa nsisi ho no ho: Nnipa binom tumi tratra adan akɛse mu bere a esiane ohia buroburo nti, ɛsɛ sɛ wɔn mfɛfo nnipa ɔpepem pii tratra adan nketewaa ne mpapadan mu no. Sɛnea The New Book of World Ranking ma 1984 kyerɛ no, “ohia buroburo aka nnipa a wɔte okyinsoromma no so mu nkyem anan mu biako—nnipa bɛyɛ ɔpepepem biako—araa ma nnipa pii a wɔwɔ Atɔe Fam no nnye nni.”
Eyinom ne nneɛma a nnipa binom wɔ bi sen afoforo a ɛhaw adesamma abusua no nnɛ no mu binom. Nanso dɛn nti na abu so saa? Dɛn nti na Onyankopɔn ma ho kwan, na ɛbɛkɔ so akosi bere bɛn? So ɔbɛyɛ ho biribi?
Onyankopɔn Kyi Animhwɛ
Nea ɛyɛ anigye no, wɔka Ade Nyinaa sɔ Tumfoɔ Nyankopɔn, Yehowa no ho asɛm sɛ ‘ɔnhwɛ nnipa anim,’ na ɔyɛ “nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; Deuteronomium 32:4) Mfe mpempem pii a atwam ni no, Onyankopɔn kyerɛɛ sɛ okyi animhwɛ ne nsisi. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam ahyɛde ahorow a ɔma wɔkyerɛwee wɔ ɔsoro mmara a ɛbara nyiyim ne nsisi biara no mu no so. Ná ɛyɛ Onyankopɔn gyinapɛn ahorow so bu sɛ wɔbɛhwɛ adefo ne nnipa a wɔwɔ tumi anaasɛ nnipa a wɔba fam ne abrɛfo anim. Mmara a ɔde maa ne man a ɔpaw wɔn tete bere no mu no ka sɛ: “Munntwa atemmu mu nkontompo: nhwɛ ɔbrɛfo anim na nyɛ nea ɛbɛsɔ otumfo ani; trenee mu na bu wo yɔnko atɛn.” (Leviticus 19:15) Ɔkasa tiaa ayayade a wɔbɛyɛ mmoa mpo.—Exodus 23:3-5; Deuteronomium 22:10; 25:4; Mmebusɛm 12:10.
Afei sɛ Ade Nyinaa So Tumfoɔ no ka sɛ onipa nsisi ne yɔnko na ɔnnyɛ mmoa ayayade nso a, so ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn ankasa bɛyɛ nsisi a abu so kɛse a yehu nnɛ no ho biribi?
Nea Ɔde Nsisi Bae
Bible no ka Satan Ɔbonsam a ɔne Onyankopɔn tamfo kɛse no ho asɛm sɛ ɔne nsisi ne sen ebinom sen afoforo no farebae. Ɔno na ɔmaa nsisi bae wɔ onipa asetra mfiase pɛɛ. Efi saa bere no, Satan ama nsisi atrɛw na ɔnam saa yɛ so anya anidaso sɛ obetumi akɔ so abɔ Yehowa ne N’akwan a ɛteɛ a ɔnam sɔ ne N’abɔde di no ahohora.—Genesis 3:4, 5; Yohane 8:44; Adiyisɛm 12:9.
Wɔka siei sɛ Satan de ɔhaw ahorow bɛba nnipa a wɔte asase so no nyinaa so wɔ nea Bible frɛ no anibuei a enye no nna a edi akyiri no mu. Dɛn ntia? Efisɛ onim sɛ ne bere a aka a ɔde bɛtra ase no yɛ tiaa. Enti mma nsisi ne nhyɛso afoforo a ɛrenya nkɔanim no nhaw wo. Mmom no, hu sɛ nsɛm a esisi a ɛte saa no yɛ sɛnkyerɛnne a ɛbom a ɛkyerɛ sɛ sakra a nhyehyɛe no bɛsakra koraa no abɛn.—Adiyisɛm 12:12; Daniel 12:4; 2 Timoteo 3:1.
Nsisi a Wobeyi Afi Hɔ
Ebia nsisi a ebefi hɔ korakora no bɛyɛ te sɛ atoro anidaso—biribi a wo yam a anka aba. Sɛ wogyaw ma onipa sɛ n’ankasa nhwɛ ma wonni mmara so na wɔnyɛ nneɛma pɛpɛɛpɛ a, ɛnde yɛbɛka sɛ saa na ɛte. Nanso nsisi awiei abɛn! Yehowa Nyankopɔn betumi asɛe nea ɔma nsisi ba, Ɔbonsam, ne.nneɛma nhyehyɛe a aporɔw a mprempren Satan di so tumi no na ɔbɛyɛ saa nso.—Romafo 16:20; 1 Yohane 2:15-17.
Bio nso, Yesu kyerɛe sɛ “nna a edi akyiri”—nsisi a ɛbɛkɔ so wɔ wiase nyinaa ka ho—bɛba wɔ adesamma awo ntoatoaso biako pɛ mu. (Mateo 24:3, 34) Eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn bɛhwɛ ma wɔabu atɛntrenee wɔ asase so nyinaa na wɔayi nsisi afi hɔ korakora wɔ nnipa binom a na wɔte ase wɔ 1914 mu no nkwa nna mu. ‘Ɛnyɛ nea Ne Hene Yesu Kristo a ɔyɛ ɔnokwafo no aniwa hu so na obebu atɛn, na ɛnyɛ nea n’aso te so na obedi asɛm, na trenee na ɔde bebu atɛn ama mmɔboroni.’ “Ɔde atemmu befi akɔ amanaman mu.”—Yesaia 11:3, 4; 42:1.