Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 11/8 kr. 25-30
  • Wɔhyɛɛ Yɛn De Yɛn Kɔɔ Malta—Nanso Minyaa Nkwa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔhyɛɛ Yɛn De Yɛn Kɔɔ Malta—Nanso Minyaa Nkwa
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Atuo a Wɔde Koe Wɔ Wim
  • Yeduu Malta
  • Wofii Ase Kunkum Nkurɔfo
  • “Woayɛ Komm Dodo!”
  • Ogye ne Yɛn Ti a Yenya Didii Mu
  • Wɔ Ayaresabea
  • Wɔnyɛ Nkonyaayifo Anaa Anyame
    Nyan!—1994
  • Aberante A Wobɛko So Ayɛ Bere A Wurenyin
    Nyan!—1982
  • W’ahobammɔ a Wobɛma Ahia Wo
    Nyan!—2002
  • Wɔamma Mmonnaatofo Kwan
    Nyan!—1984
Nyan!—1986
g86 11/8 kr. 25-30

Wɔhyɛɛ Yɛn De Yɛn Kɔɔ Malta​—Nanso Minyaa Nkwa

BƐYƐ 8 p.m. wɔ November 23 a etwaam no mu no, me ne me yɔnko dwumayɛni George Vendouris duu Athens wimhyɛn gyinabea. Ná yɛrekɔ Dubai wɔ United Arab Emirates akɔhwɛ yɛn adwumayɛkuw no po so ahyɛn no mu biako. Bɛyɛ mfe bi ni no, me na meyɛ yɛn adwumayɛkuw no mfiridwumayɛfo panyin na na George rekɔboa me wɔ adwuma yi mu.

Na yɛde EgyptAir Flight 648 rekɔfa Cairo akɔ Dubai. Bere a yetwaam wɔ mmeae ahorow a wɔhwehwɛ nneɛma mu wɔ hɔ akyi no, yeduu wimhyɛn a ɛyɛ Boeing 737 no ho. Esiane sɛ bag nkutoo na na yekura nti, yetumi kɔtraa wimhyɛn no mu ntɛm. Sɛ metumi akae a, na yɛte nkongua a ɛto so ason no so, A ne B.

Awiei koraa no, bere a obiara atra wimhyɛn no mu akyi no, etui wɔ 9.00 p.m. akyi bere tiaa bi. Wimhyɛn no anyɛ ma na na akwantufo a wɔwɔ mu no nnu ɔha. Bere a etui akyi bere tiaa bi no, emu adwumayɛfo no fii ase maa yɛn nsa a ɛmmow. Bere a wimhyɛn no tui bɛyɛ simma 25 anaa nea ɛboro saa akyi no, ɔbarima bi begyinaa wimhyɛnkafo no pon no ano. Na okura otuo wɔ ne nsa biako mu ne ɔtopae bi wɔ foforo no mu na ofii ase de Arabic kasa teɛteɛɛm. Ɛwom sɛ meyɛ Greekni a mente Arabic kasa de, nanso ɛdaa adi pefee maa me sɛ wɔafa yɛn nnommum.

Enti yetiee akwantufo a wɔyɛ Egyptfo no nsa a wonyam de frɛɛ yɛn no na yɛmomaa yɛn nsa so. Bere a nea wafa yɛn nnommum no de ahyɛde ahorow rema yɛn no, na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔde ne sẽ nso bɛtwe biribi afi ɔtopae no mu. Nanso wantumi nti ɔsan de hyɛɛ atade a ɛhyɛ ne soro atade ase no kotoku mu.

Afei nea wafa yɛn nnommum a ɛbɛdaa adi sɛ ɛnyɛ ne nkutoo na ɔnam no, maa wɔn a wɔtete anim no sɔree kɔɔ akyi kɔtraa faako a wobetumi. Afei ɔkae sɛ yɛmfa yɛn kɔnmu dukuu mma no. Afei, wɔn a wɔafa yɛn nnommum no fii ase de nnipa no baa anim mmiako mmiako, wogye n’amannɔne akwantu tumi krataa fi ne nsam, wɔhwehwɛ ne ho ntɛmntɛm na afei wɔma ɔkɔtra nkongua a ɛwɔ anim a obiara nte so no mu biako so.

Bere a wɔn a wɔtete anim no sɔre kɔɔ akyi no, Egyptni bi bɛtraa me nkyɛn. Akyiri yi na mihui sɛ ɔyɛ wimhyɛn no mu awɛmfo no so panyin. Bere a wɔfrɛɛ no kɔɔ anim no, nea wafa yɛn nnommum no gyee n’amannɔne akwantu tumi krataa no, ɔhyɛɛ no ma ɔdaa fam na afei ɔde kɔnmu dukuu kyekyeree no. Ansa na ɔrebɛyɛ eyi mpo no, na wakyekyere wimhyɛn no mu adwumayɛfo no so panyin no dedaw.

Bere a eduu me a na midi Egyptni ɔwɛmfo no akyi no so no, ogyee m’amannɔne akwantu tumi krataa no, wanhwehwɛ me ho na ɔkyerɛe sɛ menkɔtra ase. Ɔde ne nsa kyerɛɛ nifa so, akongua a ɛto so bɛyɛ abiɛsa no so.

Atuo a Wɔde Koe Wɔ Wim

Wɔ simma kakraa bi akyi no, wɔtotow atuo wɔ m’akyi pɛɛ. Yɛn nyinaa kotowee ntɛm ara. Mframa a ɛwɔ wimhyɛn no mu no mu sakrae efisɛ atuo no mmoba no yiyii oxygen nnaka no fii nsɛmso no so guu fam. Akwantufo no mu pii san de hyehyɛɛ hɔ nanso na mente nkasɛ mihia oxygen. Na migye di sɛ wimhyɛnkafo no de wimhyɛn no aba fam.

Bere a wogyaee atuo no totow no, mehwɛɛ m’akyi na mihui sɛ ɛte sɛ nea wɔn a wɔafa yɛn nnommum no panyin no da fam kagyaa. Ná ɛte sɛ nea wawu. Ná obi foforo nso da fam na na wimhyɛn no mu adwumayɛfo ne akwantufo no bi apirapira.

Na ɛte sɛ nea wafa yɛn nnommum no ka kyerɛɛ obi sɛ ɔmfa n’amannɔne akwantu tumi krataa mma no. Ɛdaa adi sɛ ɔbarima no yɛ awɛmfo no mu biako, na sɛ anka obeyi n’amannɔne akwantu tumi krataa no, ɔtwee ne tuo na ɔtow no. Nanso wɔn a wɔafa yɛn nnommum no mu biako tow ɔwɛmfo no tuo wɔ n’akyi.

Ɔwɛmfo a wahwe ase no tuo bɛtɔɔ me nan ho na minyaa adwene sɛ mɛfa. Nanso mamfa​—na minhu tow mpo.

Afei wimhyɛnkafo no pon no buei na ɔbarima tenten bi a ɔde biribi akata ne ti puei a okura ɔtopae bi ne otuo wɔ ne nsam. Ɔne wɔn a wɔafa yɛn nnommum no mu biako a ogyina m’akyi no kasae, afei ɔhwɛɛ m’anim tẽẽ na ɔde ne tuo no nyam me sɛ mensɔre. Ɔkaa asɛm bi nanso ne nsa a ɔtotoe no ma metee ase sɛ ɔpɛ sɛ metwe wɔn a wɔafa yɛn nnommum no mu biako a ɔda fam no kɔ faako a wimhyɛnkafo no wɔ no.

Bere a mifii ase twee no no, nea wafa yɛn nnommum no nyam me sɛ mennan no. Esiane sɛ me nkutoo atumi anyɛ nti, ɔfrɛɛ obi foforo sɛ ɔmmɛboa me na Demetris Voulgaris bae. Ná minim Demetris mfe pii esiane sɛ ɔyɛ adwuma ma yɛn adwumayɛkuw no nti. Demetris soo ɔbarima no nan mu; misoo ne mmati na yɛdanee no. Na wɔpɛ sɛ yɛyɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayi ɔtopae no wɔ ne kotoku mu.

Bere a wɔn mu biako yii ɔtopae no akyi no, yɛsrɛɛ kwan sɛ wɔmma yɛmma no nsu nanso wɔkae sɛ yennyae. Ebia wosusuwii sɛ obewu. Enti yɛde no twerii ɔpon no na wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛntwe ɔwɛmfo no mmra anim. Wɔ saa bere yi mu no, wɔn a wɔafa yɛn nnommum no mu biako huu atuo a egu fam hɔ no, na ɔsesawee.

Bere a yɛde ɔwɛmfo no rekɔ anim no, na yɛn adwene ne sɛ yebeyi n’atade na yɛayɛ no aduru. Nanso bere a ne ti bɛn nkongua a edi kan no ho no, nea wafa yɛn nnommum no ka kyerɛɛ yɛn sɛ yennyae. Ɔka kyerɛɛ me sɛ minsesaw aduan a ɛwɔ mpaawa abien bi mu no mfi mu​—ngu fam. Ɔka kyerɛɛ me sɛ memfa nsisi akongua a edi kan no so na onyam me sɛ minso ɔwɛmfo no ti mu wɔ mpaawa no so.

Minyaa adwene sɛ ɔpɛ sɛ okum ɔbarima a wapira no, enti meteɛɛm sɛ “Dabi!” Bere a mede me nsa akata m’anim no, medan me ho de m’anim kyerɛɛ akwantufo no na mekae sɛ, “Ɔpɛ sɛ okum no!” Nea ɛyɛ nwonwa no, wanyɛ me hwee. Osoo ɔwɛmfo no ti mu nanso wankum no. Afei ɔtraa akongua a edi kan a ɛbɛn me no so.

Wɔ bere tiaa bi akyi no, mantumi antra hɔ bio enti memaa me nsa so na mesɔree kɔɔ akyi kɔtraa akongua a ɛto so anum anaa asia no so. M’abadiakyiri, George Vendouris, bɛtraa m’akyi.

Wimhyɛn no mu adwumayɛfo panyin a watumi asan ne ho no frɛɛ adwumayɛfo no mu biako a wɔma ogyigyee amannɔne akwantu tumi krataa no. Na wimhyɛn no rebesi fam. Nanso ansa na ɛresi no, wɔka kyerɛɛ wimhyɛn no mu adwumayɛfo no sɛ wonsiesie wɔn ho ne wɔn a wɔafa yɛn nnommum no mu biako a wawu no anaasɛ ɔreyɛ awu no ansa na asi fam.

Yeduu Malta

Sɛ ebia ɛhɔ ne faako a wɔn a wɔafa yɛn nnommum no pɛ sɛ wɔkɔ anaasɛ dabi no, wimhyɛn no sii wɔ Malta wɔ bɛyɛ nnɔnhwerew abienakyi. Bere a wimhyɛn no sii akyi bere tiaa bi no, wobuee ɔpon no na oduruyɛfo bi baa mu. Wɔde wɔn a wɔafa yɛn nnommum no mu biako a wawu no kyerɛɛ no na wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnhwɛ no. Oduruyɛfo no yɛɛ saa, ɔbɔɔ ne ti nko na onyam wɔn sɛ ɔbɛkɔ akɔhwɛ ɔwɛmfo no. Nanso nea wafa yɛn nnommum no kyerɛɛ no sɛ ɔnnkɔ.

Wɔka kyerɛɛ Greekfo nyinaa sɛ wɔntra nifa so wɔ wimhyɛn no mu wɔ faako a mete dedaw no. Na Greekfo no yɛ 17 na awiei koraa no, wɔn mu 5 pɛ na wonyaa nkwa.

Wimhyɛn no mu adwumayɛfo no mu biako bɔɔ amanneɛ sɛ mmea a wofi Philippines a wɔwɔ wimhyɛn no mu no nyinaa mmra anim. Wɔfrɛɛ mmea afoforo bi nso sɛ wɔmmra anim na wɔmaa mmea 11 kwan sɛ wɔne oduruyɛfo no mfi wimhyɛn no mu nkɔ.

Wofii Ase Kunkum Nkurɔfo

Wimhyɛn no mu odwumayɛni no bisaa faako a Israelfo mmeawa no wɔ. Esiane sɛ ababaa biako susuwii sɛ wɔrebegyaa wɔn nso nti, ogyee so ntɛm ara. Nanso bere a oduu anim hɔ no, wɔn a wɔafa yɛn nnommum no mu biako a ɔde biribi akata ne ti no soo no mu. Osum no faa atrapoe no so, enti mantumi anhu nea esii. Nanso yɛtee sɛ wɔtow otuo bi enti yɛn nyinaa kotokotowee na afei yɛtee nnyigyei bi. Akyiri yi yɛtee sɛ abeawa no dan ne ti kɔɔ nkyɛn ma enti aboba no wɔtetew ne ho kɛkɛ. Ɔkɔhwee atrapoe no ase na ohintaw wimhyɛn no ase na awiei koraa no, oguanee.

Akyiri yi yɛtee sɛ wɔn a wɔafa yɛn nnommum no kae sɛ wɔbɛkɔ so akunkum akwantufo no akosi sɛ wɔbɛma wɔn petrol. Wɔ simma kakraa bi akyi no, wɔfrɛɛ Israelni abeawa a ɔto so abien no nanso wɔansɔre. Wimhyɛn no mu odwumayeni no de n’amannɔne akwantu krataa no baa hɔ, ohuu no na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnsɔre nanso wanyɛ saa. Enti nea wafa yɛn nnommum no somaa akwantufo no mu baanu a na wɔboa no esiane sɛ wɔte Arabic kasa nti no na wɔbɛtwee no kɔɔ anim hɔ. Saa bere no na ehu fii ase kaa yɛn nyinaa.

Ná abeawa no resu. Ɔhwee ase na ɔdaa fam hɔ. Bere a nea wafa yɛn nnommum no ne wimhyɛnkafo no kɔkasae na ɔsan bae no, ɔde ne nan bɔɔ no na osum no fii wimhyɛn no mu. Bio nso, yɛtee sɛ wɔatow otuo, yɛtee nnyigyei na ɔhwee ase a wapira kɛse. Afei de na anadwo dumien abɔ apa ho kakra.

Wɔ ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔfrɛɛ nnipa baasa bio, aberante bi ne mmabaa baanu. Sɛnea wɔn din te no ma yetumi hui sɛ wɔyɛ Amerikafo. Ɔde wɔn kɔɔ anim na ɔmaa n’aboafo baanu no de kɔnmu dukuu kyekyeree wɔn nsa guu wɔn akyi. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔntra nkongua a edi kan no so.

Ná bɛyɛ dɔnhwerew biako atwam. Afei ɔfrɛɛ Amerikani abarimaa no. M’ani gyee komm a abarimaa no yɛe no ho. Ɔsɔre gyinaa hɔ na ɔnantew kɔɔ ne nkyɛn te sɛ nea ɔrekogye akyɛde bi anaasɛ biribi​—ɔde kommyɛ kɛse na ɛyɛɛ saa. Afei yɛtee otuo a wɔtowee ne nnyigyei no, na ɔtow ɔpon no mu. Ɛwom sɛ manhu de, nanso abarimaa no hwee ase wɔ atrapoe no so. Nea ɛyɛ nwonwa no, te sɛ Israelni abeawa a odi kan no, aboba no wɔterew ɔno nso ho na onyaa nkwa.

Bɛyɛ dɔnhwerew biako anaa nea ɛboro saa akyi no, ɔfrɛɛ Amerikafo mmeawa no mu biako. Ɔsɔre gyina hɔ na asɛm koro no ara na esii. Afei de na bɛyɛ anɔpa nnɔnabiɛsa anaasɛ nnɔnnan abɔ. Ná osu retɔ. Na akwantufo no tete wɔn nkongua so a ehu aka wɔn.

Na ɛhɔ ayɛ komm​—wonte osu, nteɛteɛm, anaasɛ dede biara. Nanso na mitumi te nsɛm a wɔka brɛoo no: “Hwɛ, wakum Israelni abeawa no,” “N’asɛm yɛ mmɔbɔ,” anaasɛ “Afei wakum Amerikani no.” Nea ɛka ho nso ne nsɛm a wobisa brɛoo no: “Dɛn ni?” “Ɔkwan bɛn so na eyi betumi akɔ so?” “Dɛn na ɔbɛyɛ afei?”

Me de, sɛ okum obi a, mebɔ Yehowa mpae.Mesrɛe sɛ, sɛ ɛyɛ ne pɛ a, ɔbɛkae onii no wɔ owusɔre no mu sɛnea ɛbɛyɛ a obenya hokwan atra ase wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu.

Wɔ saa bere yi mu no, owia fii ase puei. Afei wobuee ɔpon no na nnipa baanu a wɔreboa wɔn a wɔafa yɛn nnommum no puei na wɔkɔfaa aduan bae. Ebinom dii na afoforo nso anni. Wɔmaa yɛn nsu nso.

Bere a na wɔrekunkum nnipa no, yesusuwii sɛ ɛbɛyɛ sɛ nneɛma a wɔn a wɔafa yɛn nnommum no regye no bo kɔ anim kɛse ma enti nnipa a wɔwɔ abɔnten no mpene so. Na yesusuw sɛ yɛn mu biara betumi ayɛ onipa a odi hɔ a wobekum no. Nanso bere a wokum Amerikani abeawa no akyi no, yefii ase gye dii sɛ wɔreka ho asɛm.

Bɛyɛ awia dumien no, wobuee wimhyɛn no pon no, wɔfrɛɛ Amerikani abeawa biako no na wokum no. Bere a eyi sii no, yɛn mu biara suroe sɛ ebia ɔno na ɔbɛyɛ nea odi hɔ a wɔbɛfrɛ no akum no. Nanso bere a ade resa no, wɔamfrɛ obiara bio na yesusuwii sɛ ebia wɔaka ho asɛm awie.

“Woayɛ Komm Dodo!”

Wɔ da no mu no, meka kyerɛɛ me ho sɛ, ‘Ɛnnɛ yɛ Kwasida na mprempren wɔrema baguam ɔkasa wɔ yɛn asafo no mu wɔ Piraeus.’ Mebɔɔ mpae brɛoo te sɛ nea mewɔ nhyiam no ase. Akyiri yi, bere a ɛbɛyɛ sɛ wɔama ɔkasa no awie no, mefaa me Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no na meyɛɛ sɛnea mewɔ yɛn asafo no nhyiam ase. Asɛm a ɛwɔ Dwom 118:6 no baa m’adwene mu. Ɛka sɛ, sɛ Yehowa wɔ yɛn afã a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesuro onipa?

M’abadiakyiri a wɔfrɛ no George Vendouris a ɔte m’akyi no kae wɔ bere bi mu sɛ: “Me wura, minim sɛ wompɛ kasa de, nanso woayɛ komm dodo!”

Mibuae sɛ, “Hwɛ, me ba, yɛrehyia ɔhaw a ɛho asɛm nyɛ den. Sɛ́ yebewu anaasɛ yɛbɛtra ase. Yɛrentumi nyɛ ho hwee. Fa wo ho to Onyankopɔn so, sɛ ɔma kwan ma yewu a, ɛno ara nen. Enti nkɔ so nhaw wo ho.”

Ɔkae sɛ, “Dɛn nti na womma me biribi ma menkenkan”? na mede Ɔwɛn-Aban no maa no.

Bere a ɛbɛyɛ sɛ wɔawie adesua no wɔ Piraeus a mesom wɔ hɔ sɛ Kristoni ɔpanyin no, mebɔɔ mpae bio, mede me ho hyɛɛ Yehowa nsa na meka kyerɛɛ no sɛ masiesie me ho sɛ megye nea ɔbɛma kwan ma aba biara no atom.

Minyaa adwene sɛ mɛkyerɛw asɛntiaa bi akɔma me yere: ‘Katie ne mmofra no, yebehyia wɔ Ahenni no mu.’ Nanso bere a miyii me kyerɛwdua ara pɛ, minyaa adwene sɛ, ‘Dɛn na woreyɛ no? So wurebu atɛn? So wonkae sɛ asɛm no wɔ Yehowa nsam?’ Minyaa adwene sɛ minni ho kwan biara sɛ mekyerɛw biribi a ɛkyerɛ sɛ mewu. Enti mede me kyerɛwdua no hyɛɛ baabi a ɛhyɛ no a mankyerɛw hwee.

Ogye ne Yɛn Ti a Yenya Didii Mu

Mpofirim ara, wɔ bɛyɛ 8.30 p.m. no, wofii ase totow atuo a na ɛda adi sɛ emfi wimhyɛn no mu. Nanso wɔtotow atuo nso wɔ wimhyɛn no akyi a na ɛda adi sɛ ɛyɛ wɔn a wɔafa yɛn nnommum no na wɔyɛɛ saa. Yɛdedaa fam hɔ. Biribi towee wɔ ɛno akyi na nkanea no nyinaa dunnumii.

Esiane sɛ na nkanea no adunnum nti, meka kyerɛɛ me ho sɛ ‘Afei de metumi asɔre akɔ.’ Misɔre gyinaa hɔ nanso bere a meyɛɛ saa no ara pɛ metee sɛ biribi hyehye me. Ná ɛyɛ mframa bɔne bi enti mituaa ahome. Metee sɛ George reka sɛ “Ei, wɔrebɛhyew yɛn.” Mantumi ankasa na mehomee kakra sɛnea ɛbɛyɛ a merenwu.

Na baabi a m’ani kyerɛ hɔ no aduru sum. Nanso afei metee nne bi sɛ “Ɔfã biako no.”Medan me ho na mihuu hann bi na mede m’ani kyerɛɛ hɔ. Ankyɛ biara miduu ɔkwan bi ano. Ebetumi ayɛ ɔkwan bi a ɛwɔ wimhyɛn no ntaban no ho a wɔfa mu guan bere a asiane bi aba no. Sɛ́ mihuruwii anaasɛ mewatiriwii no, ɛnyɛ nea mekae.

Ade a edi hɔ a mekae ne sɛ na meda fam a obi gyina me nkyɛn a okura me ti mu. Mihui sɛ mafi wimhyɛn no mu na ɛbɛyɛ sɛ eyinom yɛ nnipa a wɔabegye yɛn no.

Mifii ase homee bio. Na ɛwom mpo sɛ mframa pa wɔ hɔ de, nanso metee nka sɛ nea meda so ara home mframa bɔne no. Wɔ ɛno akyi no, ɛkɔɔ so saa ara nna pii. Ná nnipa afoforo ahwehwe ase wɔ m’akyi na yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛsɔre agyina hɔ nanso wɔamma yɛn kwan. Enti yɛweaweae wɔ nnaka bi akyi. Bere a yɛwɔ hɔ no, wɔhwehwɛɛ yɛn ho. Afei wɔde yɛn traa kar bi mu na wɔde yɛn kɔɔ ayaresabea.

Akyiri yi yɛtee sɛ nnipa bɛyɛ 60 a wowuwui wɔ mmɔden a wɔbɔe sɛ wobegye yɛn nkwa no mu no mu pii wuwui esiane wusiw a efi ɔtopae ahorow a Egyptfo asraafo a wɔbaa wimhyɛn no mu no totowee no mu nti. Nea ɛyɛ awerɛhow no, me yɔnko dwumayeni George Vendouris ka wɔn a wokunkum wɔn no ho.

Wɔ Ayaresabea

Bere a yeduu ayaresabea hɔ no​—na ɛyɛ St Luke Ayaresabea​—metee asɛmfua a ɛne “Emergency!” (Nnipa a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn ntɛm) Wɔde yɛn too ayarefo mpa nketewa so na oduruyɛfo bi ba bɛhwɛɛ nea asi. Woyii me ho nyinaa ma ɛkaa me twakoto nkutoo. Afei wɔde me kɔɔ adan a ayarefo no deda mu no biako mu. Na mete yaw nka na na mintumi nhu ade yiye. Wɔ bere tiaa bi mu no, na mintumi nhu hwee koraa enti mifii ase teɛteɛɛm na oduruyɛfo bi bae. Ɔde biribi guu m’ani so.

Wɔde ntama kyekyeree me ho na wofii ase de aduan faa me ntini mu. Wɔde mpopaho popaa me ho na ɛyaw no nti wɔwoo me mpaane. Mede Engiresi kasa kakraa bi a mete no ka kyerɛɛ wɔn sɛ mempɛ sɛ wɔbɛma me mogya efisɛ meyɛ Yehowa Adansefo mu biako. Afei obi ka kyerɛɛ me sɛ ɔdansefo bi a ɔyɛ Maltani yɛ adwuma wɔ afiri a wɔde fa ayarefo a wɔde baa wimhyɛn gyinabea ho no mu. Bere a ɔne me bɛkasae akyiri yi no, ɔkae sɛ, “Mma ɛnhaw wo, wɔremfa mogya nni dwuma.”

Awiei koraa no, oduruyɛfo bi bae. Ná obu ade yiye. Mantumi anhu no, nanso mekae ne nne. Mibisaa no sɛ ebia obetumi abɔ m’abusua amanneɛ denam telefon so sɛ mete ase. Wɔn asɛm haw me.

Obi baa hɔ na mekae sɛ ɔkae sɛ ɔne ayaresabea no so panyin. Osoo me nsa mu na obisaesɛ, “Wɔfrɛ wo dɛn,?” no meka kyerɛɛ no. Akyiri yi metee sɛ Adansefo a wɔwɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Greece no nam telefon so ne wɔn akasa na na wɔretwɛn mmuae. Na ayaresabea no panyin no aba sɛ ɔbɛhwɛ sɛ mete ase ampa na ama watumi aka akyerɛ wɔn. Eyi sii bɛyɛ Dwoda anɔpa.

Me yere ne me babarima baa Malta Benada. Bere a ɔde ne nsa too me nsa mu no, mihui sɛ ɛyɛ me yere. Meyɛɛ no atuu no medaa Yehowa ase. Me babarima biako ne yɛn adwumayɛkuw no so panyin nso bae.

Wɔ saa bere yi nyinaa mu no, na wɔrema me oxygen sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ahome. Bio nso, na ɔyarehwɛfo bi ba bɛdan m’ani butuw hɔ, na ɔbɔ me sɛnea ɛbɛyɛ a mɛfe. Bere a mitumi huu ade bio no, mihui sɛ ɛfe no yɛ tuntum. Ɛbɛyɛ sɛ mframa bɔne no na ɛma ɛbaa saa. Wɔsan ntama a wɔde kyekyeree m’ani no Wukuda nanso na mintumi nhwɛ kanea.

Saa da no, bere a nsɛnkyerɛwfo pii baa hɔ no, oduruyɛfo no pam wɔn. Wɔ saa bere no mu no, polisifo baa hɔ na wɔka kyerɛɛ me sɛ menkyerɛw m’anom asɛm. Akyiri yi wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Wunim ho asɛm pii, wubetumi akyerɛw nhoma.” Wɔ ɛno akyi no, Greek aban no nanmusini ne aban no mmaranimfo bi de afiri a wɔde kyere nsɛm gu hama so bae na wɔkyeree m’anom asɛm guu so denam nsɛm asekyerɛfo bi so.

Bere a wowiee eyi no, me yere ne me babarima no fii ayaresabea hɔ kɔe. Wɔne Malta Adansefo bi trae kosii sɛ me ho tɔɔ me yiye a na metumi ne wɔn abom afi Malta akɔ. Mede aseda kɛse ma sɛ meka nnipa kakraa bi a wonyaa nkwa wɔ EgyptAir Flight 648 akwantufo a wɔfaa wɔn nnommum no ho.​—Sɛnea Elias Rousseas ka kyerɛe.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 26]

Ɔtwee ne tuo na ɔtow nea wafa yɛn nnommum no

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 28]

Ɔfrɛɛ Amerikani abeawa foforo no na okum no

[Kratafa 29 mfoni]

Na mintumi nhu ade na na mete yaw nka kɛse

[Asɛm Fibea]

Reuters

[Kratafa 30 mfoni]

Me yere ne me babarima bɛsraa me wɔ ayaresabea

[Asɛm Fibea]

Reuters

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena