Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 10/8 kr. 29-31
  • Gilead Adesuafo Brɛ Wɔn Ho Ase Hyɛ Onyankopɔn Akwankyerɛ Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gilead Adesuafo Brɛ Wɔn Ho Ase Hyɛ Onyankopɔn Akwankyerɛ Ase
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Ɛyɛ Ahobrɛase wɔ Wiase a Enni Gyidi Mu?
  • “Nea Wonnim ho Suro” a Wɔde To Nkyɛn
  • “Adamfo Pa a Wodɔ No na Wopɛ N’asɛm”
  • Bere Nyinaa Asomfo Di Asɛnka Adwuma no Anim
    Yehowa Adansefo—Wɔde Biakoyɛ Reyɛ Onyankopɔn Apɛde Wɔ Wiase Nyinaa
  • Fa Wo Ho Ma!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Yehowa Akwankyerɛ a Migye Toom Anigye So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • “Wɔn a Wotie Wo No” Benya Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 10/8 kr. 29-31

Gilead Adesuafo Brɛ Wɔn Ho Ase Hyɛ Onyankopɔn Akwankyerɛ Ase

ƐNNƐ, nnipa pii mpɛ sɛ wobegye akwankyerɛ afi afoforo nkyɛn. Esiane eyi nti, yɛntaa nhu nnipa a wɔpɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ afoforo ase.

Nanso wɔ March 2, 1986 mu no, adesuafo 24 a wowiee Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu a ɛwɔ Brooklyn, New York, no fi wɔn pɛ mu de wɔn ho mae sɛ wɔbɛkɔ baabi a wobetumi de wɔn adi dwuma kɛse wɔ hɔ sɛ asɛmpatrɛwfo. (Mateo 28:19, 20) Wɔte nka dɛn wɔ soma a wɔresoma wɔn mmom sen sɛ anka wɔn ankasa bɛpaw faako a wɔde wɔn asetra mu mfe a ebinom besusuw sɛ ɛho hia kɛse no bɛtra no ho?

So Ɛyɛ Ahobrɛase wɔ Wiase a Enni Gyidi Mu?

Anne bua sɛ: “Na mepɛ sɛ Yehowa paw faako a mɛyɛ me bere nyinaa som adwuma ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ mefa so yɛ no.” Ɔne ne kunu a wɔfrɛ no Teuvo afi wɔn kurom wɔ Finland na mprempren wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔrekɔ wɔn kurow foforo a ɛwɔ Papua New Guinea no mu.

Wayne te nka saa ara. Ɔne ne yere a wɔfrɛ no Barbara a wofi United States no wɔ anigye wɔ adwuma foforo a wɔrekɔyɛ wɔ Guatemala a ɛwɔ Central America no ho. Wayne kae sɛ. “Bere a yɛhyehyɛɛ Gilead ntetee ho akwammisa kratasin no, yɛkae sɛ Yehowa ahyehyɛde no nim faako a ɛsɛ sɛ wɔde yɛn kɔ sen yɛn na yegye dii. Bere a yeduu Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti a yehuu Yehowa ahyehyɛde no sɛ ɛreyɛ adwuma nea edi kan no, yegye dii ampa sɛ ahyehyɛde no na ebetumi akyerɛ faako a yebetumi ayɛ adwuma pa wɔ hɔ.”

Wɔ wiase a enni gyidi mu no, ɔkwan bɛn so na mmerante ne mmabaa yi betumi de wɔn ho ato ahyehyɛde bi so kɛse araa ma wɔama kwan sɛ ensi gyinae a emu yɛ duru a ɛte saa mma wɔn? Elizabeth a ofi Australia kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ bere nyinaa som adwuma no afã afoforo pii mu no, yetumi paw nea yɛpɛ. Nanso wɔ asɛmpatrɛw adwuma a yɛbɛyɛ no mu de, ɛte sɛ nea Yehowa redi yɛn asɛyɛde ho dwuma ama yɛn na n’ankasa repaw nea eye kyɛn so ama yɛn. Eyi ma mete nka sɛ mebɛn Yehowa kɛse. Ne kunu a wɔfrɛ no Daryl de ka ho sɛ: “Wɔ m’ankasa fam no, ɛho hia sɛ mekɔ so susuw nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa na ɔma wosii gyinae ahorow yi nyinaa no ho. Mewɔ sɛnea wodi adwuma a mɛyɛ no ho dwuma no mu ahotoso.”

“Nea Wonnim ho Suro” a Wɔde To Nkyɛn

Wɔ adesuafo no nyinaa fam no, asɛmpatrɛwfo a wɔabɛyɛ no kyerɛ sɛ wɔagyaw wɔn abusuafo ne wɔn nnamfo hɔ na wɔrenni wɔn kan asetra kwan no akyi. So ɛma wosuroe? Rachel a ɔno nso fi Australia no, bua sɛ: “Yiw. Nea minnim ho suro, suro a misuro sɛ megyaw nea ɛma minya ahotɔ ne nea minim nyinaa hɔ ne te a metee nka sɛ memfata ho suro. Nanso sɛ honhom kronkron paw m’adwuma a, honhom kronkron bɛboa me ma matumi ayɛ.” Saa na ne kunu a wɔfrɛ no Edi no te nka wɔ wɔn kan asetra kwan a wɔde abɔ afɔre no ho: “Bere dodow a minni pii yɛ wɔ faako a mɛkɔ ne nea mɛyɛ a mɛpaw no mu no, bere dodow no ara na mete nka kɛse sɛ mede me nkwa bɔ afɔre wɔ Yehowa adwuma mu na ɛnyɛ sɛ meredi m’ankasa pɛsɛmenkominya akɔnnɔ ahorow ho dwuma.” Wɔapaw wɔn sɛ wɔnkɔsom wɔ South Pacific.

Saa nnipa yi yɛ nnipa a wɔba fam a wɔpɛ nneɛma a obiara pɛ a wɔde nneɛma a wɔn ankasa pɛ no ato nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya bere de ayɛ pii wɔ Yehowa adwuma mu. Sɛnea Gun ka no: “Mewɔ ahotoso kɛse sɛ Yehowa de n’ahyehyɛde no redi dwuma de kyerɛ ne nsɛm kwan. So ɛsɛ sɛ meto akwankyerɛ ahorow a ɔde ma me wɔ m’asetra mu no anohye?Bere a yehyiraa yɛn nkwa so sɛ yɛbɛyɛ n’adwuma no, yɛde gyinae ahorow a ɛte saa no hyɛɛ ne nsa sɛ ɔno na onsi na ɛnyɛ yɛn. Mehwɛ kwan sɛ metumi akura su pa mu wɔ asɛm yi mu a biribiara a ebesi no mfa ho.’”Wafi ne kurom wɔ Sweden sɛ ɔrekɔsom wɔ Honduras a ɛwɔ Central America no.

Na sika ne adwuma a wɔbeyɛ wɔ wiase yi mu no nso ɛ? Chris a ofi United States no buae sɛ: “Adwuma a obi yɛ wɔ wiase no mu no mma onnya anigye, akomatɔyam anaasɛ atirimpɔw ankasa. Nanso bere nyinaa ɔsom adwuma a obi yɛ ma Yehowa no ma onya eyi ne pii ka ho.”

“Adamfo Pa a Wodɔ No na Wopɛ N’asɛm”

Bere a wobisaa Monet sɛ so ɔbɛkamfo akyerɛ afoforo sɛ wɔmma kwan ma ahyehyɛde no mfa wɔn nkɔ baabiara wɔ asase so na wɔnkɔyɛ asɛnka adwuma no, obuae sɛ: “Sɛ wogye di kɛse sɛ ɛyɛ akwankyerɛ a efi Yahowa hɔ a. Sɛ anyɛ saa na wohyia ɔhaw ahorow a, worenya ahoɔden a wɔde bedi ho dwuma anaasɛ anyɛ yiye koraa no, wɔrennya ano a wobegyina no mu anigye.”

So obiara a ɔde nneɛma ahorow yi bɛbɔ afɔre no benya anigye? Elizabeth twa no tiaa sɛɛ se: “Sɛ wowɔ adamfo pa a wodɔ no na wopɛ n’asɛm a, ɛnyɛ den sɛ ne nti wode nneɛma a wopɛ bɛbɔ afɔre. Saa na mete nka wɔ yɛ a mene Onyankopɔn ahyehyɛde no yɛ biako no ho. Ɛte sɛ nea yɛde nea yɛpɛ bɔ afɔre ma Yahowa yɛn Adamfo a oye sen biara no.”

[Kratafa 29 adaka]

ADESUAFO NO HO ASƐM:

Aman a wofi so: 6

Aman a wɔde wɔn kɔ so: 10

Mmarima ahokwafo: 4

Mmea ahokwafo: 2

Awarefo: 9

Adesuafo no dodow: 24

Mfe a wɔadi mu nkyekyem: 31.1

Mfe a wɔanya wɔ wɔn asubɔ akyi mu nkyekyem: 13.7

Mfe a wɔde ayɛ bere nyinaa som adwuma mu nkyekyem: 8.8

[Map/Pictures on page 30]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

[Mfoni]

Deborah and Yale Kooperstein, United States

Evelyn and David Fritz, Barbara and Wayne Sullivan, Guatemala

Timo Kurkaa/Tommy Petersson, Colombia

Cam and Donnie Doerschler, Dominican Republic

Peter Davies/Barry Hill, Ecuador

Gun Stenz, Honduras

[Map/Pictures on page 31]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

[Mfoni]

Pauline and Geoffrey Hendry, Hong Kong

Anne and Teuvo Hyörtti, Papua New Guinea

Mary and Christopher LaPrath, Monét Carleton, Taiwan

Elizabeth and Daryl Bryon, Papua New Guinea

Rachel and Edi Possamai, South Pacific

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena