Mmofra Bisa Sɛ. . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi Aka Dabi Wɔ Ɔbarima ne Ɔbea Nna A Edi Aware Anim Ho No?
ƆBARIMA ne ɔbea nna mu nneyɛe bɔne ahyɛ yɛn wiase yi mu ma, na nneɛma pii wɔ hɔ a ɛhyɛ wo sɛ fa wo ho hyem. Nanso mmofra pii nim nneɛma a ɛma wɔte yaw nka a ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim de ba no na wɔpɛ biribi a eye ama wɔn ho. Ɔman ho nhwehwɛmu bi a’Teen nsɛmma nhoma no yɛe daa no adi sɛ ade titiriw a mmofra pɛ sɛ wonya ho asɛm ne: “Sɛnea wɔbɛka dabi wɔ ɔbarima ne ɔbea nna mu nhyɛso ho.” So eyi kyerɛ sɛ Bible gyinapɛn a ɛfa abrabɔ ho no yɛ nea ɛkorɔn a wɔrentumi nni so? Ɛnte saa koraa! Mmofra mpempem pii atumi akura wɔn mmaabunyɛ mu.
Asɛm a ɛho hia a wobisa wɔ Dwom 119:9 ne sɛ, “Ɛdɛn na aberante [anaasɛ ababaa] de bɛtew ne kwan ho?” Mmuae no ne sɛ: “Ɛne sɛ ɔhwɛ ne ho so sɛnea wo [Onyankopɔn] nsɛm te.” Nanso pii ho hia sen tirim nimdeɛ. Ababaa biako kae sɛ: “Wunim nea Bible ka wɔ ɔbarima ne ɔbea nna mu nneyɛe bɔne ho wɔ w’adwenem. Nanso wo koma kɔ so piapia nsusuwii yi kɔ w’adwenem.” Sɛnea ɛfata no, odwontofo no toaa so sɛ: “Mede wo nsɛm akora me komam, na manyɛ wo bɔne bi.”—Dwom 119:11.
Bɔ Koma no Ho Ban
Nea edi kan no, kyerɛ a wobɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn asɛm som bo wɔ wo komam no hwehwɛ sɛ wobɛkenkan Kyerɛwnsɛm no ne Bible nhoma ahorow na woasua. Eyi boa ma wugye di sɛ Onyankopɔn mmara yɛ nea ɛsom bo ankasa ma wo—ɛyɛ ademude. Wɔkyerɛw nsɛm yi a ɛne “Mmofra Bisa Sɛ . . . ,” na aboa wo ma woanya anisɔ a ɛte saa. So wode boasetɔ kenkan emu biara?
Nea ɛne eyi bɔ abira no, nhoma a ɛkanyan ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ a obi kenkan, otie emu nsɛm anaasɛ obu no sɛ anigyede no bɛkanyan “ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ.” (Kolosefo 3:5) Kwati nhoma a ɛte saa! Susuw nneɛma a ɛho tew ho na ɛbɛbrɛ ɔpɛ a wo koma nya ma ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ.
Nea ɛyɛ anigye no, nhwehwɛmu ada no adi sɛ abofra nnamfo paa nya no so nkɛntɛnso kɛse wɔ sɛ ebia ɔbɛkɔ so akura ne baabunyɛ mu no mu. Enti, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn koma ho ban no tie Odwontofo no nsɛm no: “Meyɛ wɔn a wosuro wo [Onyankopɔn] nyinaa ne wɔn a wodi w’ahyɛde so no adamfo.”—Dwom 119:63, NW.
So wo nnamfo yɛ wɔn a wɔrebɔ mmɔden ankasa sɛ ‘wobedi Onyankopɔn ahyɛde horow so’? Joanna a ɔyɛ ababaa a osuaa sɛ ɔbɛka dabi no bɔ nea ɛboaa no ho amanneɛ: “Sɛ wo ne nnipa a wɔdɔ Yehowa wɔ hɔ a, wuhu sɛ bere a moka abrabɔ pa ho asɛm no, wufi ase te nka sɛnea wɔte no. Sɛ nhwɛso no, sɛ wote sɛ wɔka sɛ abrabɔ bɔne yɛ abofono a, wufi ase te nka saa ara. Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ wo ne obi a biribiara mfa ne ho wɔ hɔ a, wɔ bere tiaa bi mu no, wobɛyɛ sɛ ɔno.”—Mmebusɛm 13:20.
Bere a ɛho hia sɛ wohwɛ yiye wɔ nea ɛkɔ wo koma mu no ho no, mmofra pii taa de wɔn ho hyɛ abrabɔ bɔne mu bere a abarima bi fi ase sɛe bere pii ne abeawa bi nkutoo tra baabi no. Ɔman no ho nhwehwɛmu bi a Robert Sorensen yɛe no ma wohui sɛ mmerante a wɔyɛɛ wɔn ho nhwehwɛmu no mu ɔha biara mu 56 ne mmabaa no mu ɔba biara mu 82 ne obi a na wɔne no bɔ kɛse anaasɛ anyɛ yiye koraa no wonim no yiye na wɔpɛ n’asɛm kɛse na edii kan nya ɔbarima ne ɔbea nna nni kyɛfa. Enti sɛ woanyin sɛnea wubetumi aware a, ɔkwan bɛn so na wubetumi ahu obi yiye na woakɔ so ara akura wo baabunyɛ mu?
Kwati Asiane Ahorow Wɔ Nantew a ɛdi Aware Anim Mu
Sɛ nnipa baanu fi ase srasra wɔn ho hwɛ a, ɛrenkyɛ biara wɔn koma betumi aka amakyem mu. Nanso, Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Koma wɔ hɔ yi ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na emuɔ, hena na obenya mu ahuye‘l” (Yeremia 17:9) Ebia obi benya obi foforo ho anigye a mfomso biara nni ho. Nanso bere dodow a wokɔ so ne no bɔ kɛse no, bere dodow no ara na anigye no yɛ kɛse. Wɔyɛɛ yɛn wɔ saa kwan no so. Nanso saa ɔpɛ a wubenya yi betumi adaadaa wo koma. Yesu Kristo kae sɛ, “Koma mu na adwemmɔne, . . . aguamansɛm . . . fi.” (Mateo 15:19) Sɛ wubekwati yi hwehwɛ sɛ wobɛkyerɛ wo koma kwan sen sɛ wobɛma ɛno mmom akyerɛ wo kwan. Wobɛyɛ eyi wɔ ɔkwan bɛn so?—Mmebusɛm 23:19.
ƐYƐ ASƐM A ƐFA NKITAHODI HO:
“Ahantan de atutuw nko na ɛba, na wɔn a wɔbom tu agyinae no, nyansa ne wɔn te.” (Mmebusɛm 13:20. NW.) Mpɛn pii nnipa baanu ntumi nte nea wɔn mu biara hwɛ kwan wɔ ɔdɔ a wobeyi adi kyerɛ wɔn ho no ase. Mpɛn pii ebia ɔbarima no bɛte nka sɛ ɔbea no hwɛ kwan sɛ ɛsɛ sɛ ofi ase few n’ano na osuso no mu bere a ebia wɔ nokwarem no, ɔbea no nte nka saa. Enti, ma onhu sɛnea wote nka wɔ asɛm no ho denam ‘agyinae a mobɛbom atu’ no so. Nanso sɛnea obiara te nka no mfa ho, fi nyansa mu to ɔdɔ a wuyi adi kyerɛ no anohye. Wɔ bere koro no ara mu no, nyɛ biribi a ɛmma onhu w’adwene. Ntade a ɛkyekyere wo ho papee a ɛma wohu wo ho a ɛkanyan akɔnnɔ a wobɛhyɛ no bɛma wo yɔnko no anya adwene a ɛne nea wukura no nhyia.
FA BOASETƆ HWƐ TEBEA NO YIYE: Bible no ka ɔbaabun bi a n’adamfo abarimaa bi too nsa frɛɛ no sɛ ɔne no nkɔpase kokoam baabi wɔ mmepɔw bi so wɔ baabi a wɔn baanu nyinaa betumi anya fefɛw bere mfiase mu nneɛma a ɛyɛ fɛ no mu anigye ho asɛm. Nanso, abeawa no nuabarimanom tee ho asɛm na wɔde abufuw twaa wɔn nhyehyɛe no mu. Na ɛnyɛ sɛ wɔte nka sɛ obu bra bɔne na mmom na wonim sɛnea tebea horow a ɛte saa no mu sɔhwɛ te. (Nnwom mu Dwom 1:6; 2:8-15; 8:10) Ɛmfa ho sɛ nsusuwii bɛn na wo koma a ɛyɛ ɔdaadaafo no bɛma woanya, sɛ woyɛ abarimaa a, kwati tra a wone abeawa bi nkutoo bɛtra ofi, ɔdan anaasɛ kar bi a esi kokoam baabi mu no.
HU WO SINTƆ AHOROW: Ɛtɔ bere bi a, wutumi nya ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ ntɛmntɛm sen mmere afoforo. Ebia na w’aba mu abu esiane biribi a woantumi anyɛ anaasɛ adwene a wɔne afoforo anyɛ wɔ biribi ho nti, ebia w’awofo. Wɔ mmere a ɛte saa mu no, ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye kɛse. Bio nso, hwɛ yiye wɔ nsa a wonom no ho. Wɔ eyinom nkɛntɛnso ase no, wubetumi ahwere w’ahosodi. “Nsa ne mmosa sɛe ntease.”—Hosea 4:11.
KA DABI NA DI SO: Dɛn na abarimaa ne abeawa betumi ayɛ bere a wɔn nkate sɔre na wohu sɛ wɔreyɛ de wɔn ho afam wɔn ho kɛse no? Ɛsɛ sɛ wɔn mu biako ka anaasɛ ɔyɛ biribi a ‘ɛbɛma wɔagyae.’ Ababaa biako a wɔfrɛ no Debra hui sɛ ɔne n’adamfo abarimaa bi nkutoo na wogyina baabi bere a wogyina wɔn kar wɔ kokoam baabi sɛ “wɔrebɔ nkɔmmɔ no.” Bere a wɔn nkate fii ase sɔre no, Debra ka kyerɛɛ n’adamfo no sɛ: “So eyi nyɛ yɛn ho yɛn ho ano a yefifew ne yɛn ho mu a yesuso? So ɛnsɛ sɛ yegyae?” Ɛno ma wogyaee. Wotuu wɔn kar kɔɔ fie ntɛm ara. Ebia dabi a wobɛka wɔ tebea horow yi mu no bɛyɛ ade a ɛyɛ den sen biara a woayɛ pɛn nanso sɛnea abeawa bi a wadi mfe 20 a ɔbɔɔ aguaman ka no: “Sɛ woantwe wo ho a, wubenu wo ho sɛ!”
MA OBI NKA WO HO: Ɛwom sɛ wobu eyi animtiaa wɔ aman ahorow bi so de, nanso wɔ nnipa afoforo fam no, ɛsɛ sɛ wonya obi ka wɔn ho. Mmofra binom nwiinwii sɛ, “Ɛte sɛ nea wontumi nnye yɛn nni.” Ɛnyɛ wo na wontumi nnye wo nni, na mmom ɛyɛ wo koma! Mmebusɛm 28:26 ka no pefee sɛ: “Nea ne ho da ne koma so no yɛ ɔkwasea, na nea ɔnam nyansa mu no benya aguanye.” Nantew nyansam denam bere a moayɛ nhyehyɛe refi adi no so. Debra daa no adi sɛ: “Mibu onii a ɔde obi ka ne ho ba no ankasa. Minim sɛ n’ani gye ho sɛ me ne no nyinaa bɛkura yɛn mmaabunyɛ mu. Ɛmma nsɛnnennen biara nsɔre, efisɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛka kokoam asɛm a, yekogyina baabi a afoforo rente. Ahobammɔ a ɛma wunya no fata ɛho ɔhaw biara.”
Nanso, dɛn ne mmoa kɛse a ɛsen biara wɔ wo baabunyɛ a wobɛkɔ so akura mu no mu?
Adamfofa a Wo Ne Onyankopɔn Benya
Mpɛn pii ebia wubegyae biribi a ɛsɛ sɛ woyɛ no esiane sɛ wompɛ sɛ w’adamfo bi bedi yaw nti. Saa ara na adamfofa a emu yɛ den a wo ne Onyankopɔn benya na woasusuw ne ho sɛ ɔyɛ onipa a ɔwɔ nkate no bɛboa wo ma woakwati su a n’ani nnye ho no. Koma mu a wubefi aka wo haw pɔtee ho asɛm akyerɛ no ma wo bɛn no kɛse. Mmarima ne mmeawa a wɔpɛ sɛ wɔkɔ so kura wɔn mmaabunyɛ mu no abom abɔ Onyankopɔn mpae bere a wɔn nkate sɔre no, na wɔsrɛ no sɛ ɔmma wɔn ahoɔden a wohia no.
Yehowa tie denam “tumi a ɛboro so” a ɔde ma saafo no so. (2 Korintofo 4:7) Ɛwom, ɛsɛ sɛ woyɛ wo fam de. Nanso nya ahotoso sɛ ɛdenam Onyankopɔn mmoa ne ne nhyira so no, wubetumi aka dabi wɔ ɔbarima ne ɔbea nna mu nneyɛe bɔne ho.
[[Kratafa 11 mfoni]
Wɔ nantew a edi aware anim mu no, munkwati aguamammɔ denam mo ho a morentwe mfi afoforo ho no so