So W’adwenem Yɛ Wo Naa Wɔ Wɔ A Onyankopɔn Wɔ Hɔ No Ho?
Wunim Nea Enti A Ɛte Saa?
EBINOM bua denam ka a wɔka wɔn mmati no so. Afoforo nso ka pefee sɛ wɔn adwenem yɛ wɔn naa wɔ ho. Ɛno ne ɔkwan a nnipa pii fa so yɛ wɔn ade wɔ asemmisa a ɛfa wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ ho no ho. So woyɛ wɔn mu biako? Sɛ saa a, so ɛnyɛ nwonwa, efisɛ nnipa a wonnye wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ nni no redɔɔso.
Nea Enti a Wonnye Onyankopɔn Nni
Germani ababaa biako kyerɛkyerɛ ne tebea mu wɔ ɔkwan yi so: “Na m’awofo nnye Onyankopɔn nni na na wɔnyɛ nyamesomfo enti minyin a na minni asɔre ne Onyankopɔn. Na asɔre din a wɔbɔ ma meserew na mante nea enti a nnipa binom gyee Onyankopɔn dii no ase. Wɔ bere koro no ara mu no, mantumi ankyerɛ nea enti a minnye nni no.”
Bere a obi a ofi Belgium a wadi mfe 32 rekyerɛkyerɛ gyidi a onni mu no, ɔkae sɛ: “Bere a na mekɔ sukuu mpo no, m’awofo hyɛɛ me nkuran sɛ mempɛ sika na menhwehwɛ honam fam nneɛma. Honam fam ade dodowpɛ ho adwen horow sii adwene biara a na mewɔ wɔ nyamesom ne gyidi ho no ananmu.”
So w’adwenem yɛ wo naa wɔ wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ no ho? Wunim nea enti a ɛte saa? So ebetumi aba sɛ woredi nnipadɔm akyi ara kwa? Sɛ ɛte saa a, so wunim “adanse” a nnipadɔm no de ma no ankasa? So wode nokwaredi ne anibere kɛse ahwehwɛ wɔn nkyerɛkyerɛmu no mu sɛ ɛyɛ nokware?
Hia a Mmuae Horow a Ɛma Akomatɔyam Ho Hia
Hu a wubehu pefee sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no yɛ asɛm a ɛsen hu a wubehu nea n’asɛm yɛ nokware ne nea ne de nyɛ nokware. Ɛyɛ gyinaesi a ebetumi aka obi asetra kɛse. Ɛyɛ ɔkwan titiriw a yɛfa so nya saa nsemmisa a ɛfa nea asetra kyerɛ ho no ho mmuae. Ma yɛnhwehwɛ “adanse” abien a nkurɔfo taa de ma de kyerɛkyerɛ gye a wonnye wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ nni no mu no mu.
Bere a wofii ase kɔɔ ahunmu wɔ bɛboro mfe aduonu a atwam no mu no, The New York Times bɔɔ amanneɛ sɛ wɔkaa asɛm a edi so yi wɔ Moscow radio so dwumadi bi mu: “Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ahunmu ahyɛn antumi anhu Onipa bi a ɔkorɔn sen obiara, ɔsoro abɔfo ne nneɛma a ɛkeka ho no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ nyamesom mu gyidi horow nyɛ nokware na ɛhyɛ gye a wonnye Onyankopɔn nni no mu den.”
So wususuw sɛ eyi yɛ adanse? Sɛ saa a, so wubefi wopɛ mu agye nea nsusuwii a ɛte saa kyerɛ no nyinaa atom?
Atumi ayɛ yiye sɛ nnipa bɛte na wɔahu nneɛma ahorow a ɛwɔ ɛkyirikyiri wɔ amansan yi mu denam kyikyi ahorow a ano yɛ den so. Ma yɛnka eyi ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn ma yɛate ase so. Ma yɛmfa no sɛ asase no kɛse te sɛ aprɛ. Sɛ yɛfa no saa a, amansan a yehu yi trɛw bɛyɛ akwansin ɔpepepem 2.9. Na ahunmu ahyɛn a nnipa wom ne nea nnipa nni mu atumi afi saa “aprɛ” yi so akodu he?
Nea ɛka ho no, wɔ faako a ahunmu ahyɛn betumi akodu wɔ ahunmu nyinaa akyi no, nnipa ntumi mfa wɔn aniwa ankasa anaa mfiri a wɔde twa mfonini nhu Onyankopɔn da. Wɔkasa te sɛ nea Onyankopɔn yɛ onipa a ɔwɔ honam ne mogya, nanso Bible no ka sɛ, “Onyankopɔn yɛ honhom”—Yohane 4:24.
Nokwarem no, nneɛma ahorow a onipa aniwa ntumi nhu atwa yɛn ho ahyia bere nyinaa. Bere a wususuw nea worekenkan mprempren yi ho no, nsusuwii pii rekɔ so wɔ wo hon nkwaadɔm a ɛboro 10,000,000,000, a ɛwɔ w’adwene mu no mu. Mfiridwuma ho nimdeɛ a anya nkɔanim kɛse tumi ma wosusuw sɛnea amemene no keka ne ho bere a adwene no susuw ade ho, na wotumi yi gu krataa so mpo ma wohu. Nanso wɔrentumi nyi NEA woresusuw ho no nkyerɛ mma wonnhu. Asɛm biara a woka ne keka a wokeka wo ho no yɛ nea efi biribi a onipa aniwa ntumi nhu. Esiane nea yɛahu yi nti, ntease bɛn wom sɛ wubekura nnyinasosɛm yi mu: “Nea mitumi hu nkutoo na migye di”?
Nanso nnipa pii ka asɛm a edi so yi:
Ná asɛm bi a ɛkanyan adwene a ɛka adannandi nkyerɛkyerɛ ho asɛm wɔ Schweizerische Akademiker- und Studentenzeitung (Switzerlandfo Nhomasua ne Sukuufo Atesɛm Krataa) no mu. Wɔ asɛmti a ɛne “So Biribi a Wɔahyehyɛe No Pɛpɛɛpɛ Betumi Aba Ara Kwa” ase no, ɛkae sɛ: “Sɛ yɛbɛhyehyɛ nhoma anaa stampo wɔ ɔkwan a ɛyɛ fɛ so no hia nhyehyɛe, nyansa ne mmɔdenbɔ bi. Sɛ yɛtow biribiara gu ɔdan no mu ara kwa bere a yɛakata yɛn ani a yɛn hwɛ kwan sɛ ebia ‘wɔbɛhyehyɛ’ ama yɛn a, ɛrenkyɛ yebehu sɛ eyi nyɛ ɔkwan a wɔnam so hyehyɛ nneɛma pɛpɛɛpɛ. Wɔ nokwarem no, sɛ yɛamma yɛn ani anku yɛn nneɛma ho bere nyinaa bere a mmofra ma so na wɔmfa nto baabi a ɛsɛ sɛ wɔde to anaa bere a mframa a ɛbɔ mpofirim ‘hyehyɛ’ stampo a yɛaboaboa ano no a, ɛrenyɛ den sɛ nneɛma betumi ayɛ basaa bio. Da biara osuahu ma yehu sɛ biribi a wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ no mma ara kwa. . . . Wɔ ɔkwan foforo so no, nneɛma a wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ betumi ama yɛahu sɛ wɔde nyansa na ɛyɛe. Sɛ nhwɛso no, nhoma a wɔhyehyɛ no kama di adanse sɛ nhomakorabea so hwɛfo a ɔyɛ n’adwuma yiye wɔ hɔ. Wɔ nnyinasosɛm mu no, yɛde ade koro no ara di dwuma wɔ biribiara a wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ ho.”
Sɛ nhwɛso no, susuw onipa adwene no ho. Susuw nneɛma ahorow a ɛyɛ nwonwa a onipa adwene betumi de kasa ayɛ no ho. Ɛdenam nkyerɛwde ahorow ahorow 20 kosi 30 mmoa so no, yɛn adwene tumi yɛ nsɛmfua pii na ɛte nsusuwii ahorow a wopɛ sɛ wɔda no adi no ase. Kasa ahorow bi wo nsɛmfua mpemhaha pii. Nea ɛka ho no, etumi yɛ nsɛmfua afoforo ne nsɛmfua a wɔka bom biako ahorow bere nyinaa. Ɛyɛ eyinom nyinaa denam nkyerɛwde kakraa bi pɛ yi so. Obi a woanya sɛnea wɔyɛ dwom ho ntetee betumi de n’adwene ayɛ biribi a ɛte saa ara. Hena na obetumi akan nnwom ahorow ahorow a wɔde nnwom mu agyiraehyɛde atitiriw ason ayɛ no?
Wɔ nneɛma afoforo a onipa adwene tumi yɛ ho no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe ka ne “hon nkwaadɔm ɔpepepem 10 a emu biako biara tumi ne afoforo a wɔn dodow yɛ 25,000 di nkitaho no ho asɛm. Sɛ woka nkitahodi ahorow no bom a ɛbɛma ɔsoro abɔde ho ɔdenimfo ho adwiriw no mpo—ɔsoro abɔde ho adenimfo na wodi akontaahyɛde pii ho dwuma.” Germanfo nhoma Architektur der Schopfung (Ɔkwan a Wɔnam So Yɛɛ Abɔde Ho Nimdeɛ) de ka ho sɛ: “Wɔn a wɔyɛ adwuma a adwene yɛ no ho nhwehwɛmu de atoto telefon adwumayɛbea mpempem pii a ɛwɔ kuropɔn kɛse bi mu a ɛyɛ adwuma bere nyinaa no dwumadi ho. Woabu akontaa sɛ onipa adwene no nya mfe 70 a, ebetumi de osuahu mmiako mmiako 15,000,000,000,000 asie.”
So nokwasɛm ahorow yi ne ka a wɔka sɛ “biribiara bae ara kwa a ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔbɔe no” hyia? Anaa, so ɛne Bible asɛm a ese “ofi biara, obi na osi, na nea osiesie nneɛma nyinaa ne Nyankopon” no hyia yiye?—Hebrifo 3:4.
Nyansa a Ɛyɛ Sɛ Wubesi Gyinae
Wɔ 1981 mu no, Hans-Jochen Vogel a ɔyɛ Federal Republic of Germany mmarahyɛ bagua no mu amanyɛkuw a enni nniso no afã no kannifo no kae sɛ: “Misusuw sɛ nkurɔfo pii suro sɛ ebia mprempren tebea horow no bɛsɛe kɛse mpofirim, yiw, asiane ahorow a emu yɛ den a wonnhuu bi da mpo nyɛ nea ɛrentumi mma. Na nnipa pii bu sakra a nneɛma resakra wɔ saa kwan yi so no sɛ ɛyɛ nneɛma pii a afi ase dedaw a ɛrebɛn ɔsɛe ho ntɛm a worentumi nyɛ ho hwee anaasɛ worentumi nsiw ano.” So ɛno ne nea daakye kyerɛ ma wo?
Wɔama nkurɔfo a wogye di sɛ Onyankopon wɔ hɔ a wode ahwɛyiye sua n’Asɛm no ahu sɛ Onyankopɔn rekyerɛ nneɛma kwan wɔ ɔkwan pa so. Esiane sɛ egyina Bible no so nti, wohu sɛ daakye pa bi wɔ hɔ ma adesamma a wɔwɔ gyidi a mprempren wiase tebea horow no mfa ho.
Esiane nea eyi kyerɛ wɔ w’ankasa asetra mu nti, sɛ w’adwenem yɛ wo naa wɔ wɔ a Onyankopon wɔ hɔ no ho a, yɛhyɛ wo nkuran sɛ bisa wo ho sɛ, ‘ntease ahorow bɛn na mewɔ?’ Bɔ mmɔden kyerɛw to hɔ. Ahe na wowɔ? Akomatoyam bɛn na ɛma wunya?
So ɛrenyɛ papa sɛ wubefi ase asusuw asemmisa a ɛne no bɔ abira no ho: Adanse bɛn wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopon wɔ hɔ?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]
“Nea mitumi hu nkutoo na migye di na minhuu Onyankopɔn da”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
“Biribiara bae ara kwa a ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔbɔe”
[Kratafa 15 mfoni]
Biribi a wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ hia nyansa sɛnea nhoma a wɔahyehyɛ no nnidiso nnidiso kyerɛ no
Susuw nnwom ahorow ahorow a wubetumi de nnwom mu agyiraehyɛde atitiriw kakraa bi pɛ ayɛ no ho