Nea Wobɛyɛ A Ɛbɛma Woatumi Agyina Ano
MIKE reka ne papa wu ho asɛm no, ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ, “Metee nka kɛse sɛ ɛsɛ sɛ mehyɛ me nkate horow so.” Ɛma osuaa biribi a mfaso wɔ so. Enti bere a Mike adamfo nanabarima wui no, dɛn asɛm na Mike kae? “Sɛ na ɛyɛ mfe bi a atwam no mu a, anka mede me nsa bɛbɔ ne mmati so na maka akyerɛ no sɛ, ‘Yɛ wo ho sɛ ɔbarima.’ Nanso afei misoo ne nsa mu na mekae sɛ, ‘Da nkate biara a wopɛ sɛ woda adi no adi. Ɛbɛboa wo ma woadi ho dwuma. Sɛ wopɛ sɛ mekɔ a, mɛkɔ. Sɛ wopɛ sɛ metra wo nkyɛn a, mɛtra. Nanso nsuro sɛ wobɛda wo nkate adi.’”
Mary Anne tee nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔhyɛ ne nkate so bere a ne kunu wui no. Ɔka sɛ, “Mehaw me ho kɛse wɔ yɛ a mɛyɛ nhwɛso pa ama afoforo no ho ma enti mamma sɛnea mete nka ankasa no anna adi. Metee nka sɛ saa na afoforo hwɛ kwan sɛ mɛyɛ. Nanso awiei koraa no, mihui sɛ mmɔden a mebɔe sɛ mɛyɛ awerɛkyekye ama afoforo no ammoa me ankasa. Mifii ase hwehwɛɛ me tebea no mu na mekae sɛ, ‘Afei hyɛ wo ho den. Woadi awerɛhow akyɛ. Sɛ wopɛ sɛ wusu a, su. Mmɔ mmɔden nyɛ wo ho sɛ wutumi hyɛ wo ho den kɛse. Ma emfi wo mu.’”
Enti Mike ne Mary Anne nyinaa kamfo kyerɛ sɛ: Di awerɛhow! Adwene ho abenfo gye tom. Sɛnea Death and Grief in the Family nhoma no ka no: “Ade a ɛho hia sen biara wɔ di a wodi awerɛhow mu ne sɛ wubedi na ama wo ho atɔ wo. Dɛn ntia? Adwene ne nneyɛe ho ɔbenfo biako ka kyerɛɛ Nyan! sɛ, “Ɛyɛ su a wosu no. Wo nkate horow a wobɛda no adi no betumi ama nneɛma a ɛhyɛ wo so no agyae.” Oduruyɛfo foforo de kaa ho sɛ: “Amanneɛbɔ a edi mũ ne ntease a ɛka awosu mu nkate a wɔda no adi ho no ma onii no da ne nkate adi wɔ kwan pa so.”
Nokwarem no, ɛnyɛ obiara na odi awerɛhow wɔ ɔkwan a ɛte saa so. Na nsɛm a ɛte sɛ ebia obi dɔfo bi a owui mpofirim anaa ɔyaree kyɛe ansa na ɔrewu no bɛka sɛnea wɔn a wawu agyaw wɔn hɔ no bɛda wɔn nkate adi no. Nanso ade biako da adi. Wo nkate a wobɛhyɛ so no betumi apira wo wɔ honam fam ne nkate mu. Enti nsuro sɛ wobɛda awerɛhow a wudi no adi. Nanso wɔ ɔkwan bɛn so?
Awerɛhow a Wɔda No Adi—Ɔkwan Bɛn So?
Kasa a wobɛkasa betumi ayɛ ɔkwan pa a wɔnam so da no adi. Sɛnea Shakespeare kyerɛwee wɔ Macbeth mu no: “Ka awerɛhosɛm kyerɛ; awerɛhow a ɛnna adi no hyɛ koma a awerɛhow ahyɛ no ma no so na ɛma ɛpae.” Enti wo nkate ho asɛm a wobɛka akyerɛ “nokware adamfo” a ɔde boasetɔ ne ahummɔbɔ betie no bɛma woanya ahotɔ kakra. (Mmebusɛm 17:17, NW) Na sɛ otiefo no yɛ obi a ne dɔfo bi awu a watumi adi n’ankasa ade a wahwere no ho dwuma yiye a, ebia wobetumi anya nyansahyɛ ahorow a eye a ɛfa sɛnea wobetumi agyina ano no ho.
Wo nkate horow ho asɛm a wobɛka nso betumi aboa ma moadi mo adwene a enhyia wɔ nsɛm ahorow ho no ho dwuma. Teresea kyerɛkyerɛ mu: “Yɛtee awarefo afoforo a wogyaee aware bere a wɔn ba wui no akyi ho asɛm na na yɛmpɛ sɛ eyi bɛto yɛn. Enti bere biara a yɛn bo befuw na yɛn mu biara pɛ sɛ obu ne yɔnko fɔ no, yɛka ho asɛm. Misusuw sɛ saa a yɛyɛe no kaa yɛn boom kɛse ankasa.” Enti wo nkate ho asɛm a wobɛka no bɛboa wo ma woate ase sɛ ɛsono ɔkwan a obi foforo nam so di awerɛhow.
Cindy hui sɛ ne nkate ho asɛm a ɔka kyerɛɛ n’adamfo a ɔbɛn no paa no boaa no ma otumi gyinaa wu a ne maame wui no ano. Ɔka sɛ: “Na m’adamfo no te me nkyɛn bere nyinaa. Ɔne me sui. Ɔne me bɔɔ nkɔmmɔ. Na mitumi da me nkate adi na na ɛno ho hia me. M’ani anwu wɔ su a misui no ho.”
Cindy ka biribi foforo nso a ɛmma ɛnyɛ den sɛ wɔbɛda awerɛhow adi ho asɛm—su a wosu. Wɔ nsɛm pii mu no, nusu no ankasa tumi ba ara kwa. Nanso wɔ aman binom mu no, nkurɔfo siw nusu yi kwan. Ɔkwan bɛn so? The Sorrow and the Fury nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nnipa bu obiara a osu bere a wahaw, ne bo afuw anaasɛ wadan ankonam sɛ ɔba fam. Ɔbarima na ɔnom aduru a ɛyɛ nwene, ɛwom sɛ ebia ɛyɛ wo yaw wɔ wo mu de.”
Mpɛn pii mmarima titiriw na wɔte nka sɛ ɛnsɛ sɛ wosu. Efisɛ wɔakyerɛ wɔn sɛ ɔbarima “ankasa” nsu. Ɛyɛ su pa? Recovering From the Loss of a Child nhoma no bua sɛ: “Su a wosu de da nkate adi te sɛ adehon mu a wotwa ma nsu a ɛwɔ mu a ɛma ɛyɛ yaw no fi mu no. Ɔbarima anaa ɔbea wɔ hokwan sɛ odi awerɛhow.”
Na Bible no gye tom. Enti yɛkenkan sɛnea “Abraham bae begyam [ne yere] Sara, na osuu no” ne sɛnea Dawid ‘fii ase twaa adwo na osui’ bere a Ɔhene Saul ne Yonatan wui no. (Genesis 23:2; 2 Samuel 1:11, 12) Na Yesu Kristo nso ɛ? Nokwarem no, na ɔyɛ ɔbarima “ankasa” a wontumi mfa obiara ntoto ne ho. Nanso bere a n’adamfo a ɔdɔ no, Lasaro wui no, Yesu ‘guu ahome honhom mu, na ne ho yeraw no,’ na bere tiaa bi akyi no, “osui.” (Yohane 11:33, 35) Enti afei so su a wubesu no bɛkyerɛ sɛ wonyɛ ɔbarima?
Afobu Ho Dwuma a Wubedi
Sɛnea yɛaka wɔ nsɛm a edi kan no mu no, ebinom te afobu nka wɔ wɔn dɔfo bi wu akyi. Hu a wubehu sɛ ɛyɛ nkate a ɛsɛ sɛ wunya no bɛboa ankasa. Na ɛha nso, ka nkate a ɛte saa no ho asɛm kyerɛ obi. Sɛnea wote afobu nka ho asɛm a wobɛka akyerɛ no betumi ama woanya ahotɔ a wuhia no.
Ebia wobɛte nka sɛ biribi a wubuu w’ani guu so ka ho na ɛmaa wo dɔfo no wui. Sɛ saa a, hu sɛ ɛmfa ho sɛnea yɛdɔ obi foforo no, yentumi nhwɛ ne nkwa so. Yɛrentumi nsiw “ɛbere ne akwanhyia” a ɛbɛto wɔn a yɛdɔ wɔn no kwan. (Ɔsɛnkafo 9:11, NW) Nea ɛka ho no, na botae a wukura no nyɛ nea enye. Sɛ nhwɛso no, so na wopɛ sɛ wo dɔfo no yare na owu esiane sɛ woamma wankohu oduruyɛfo ntɛm nti? Ɛnte saa! Ɛnde so wudi fɔ wɔ wu a saa onii no wui no ho?
Teresea suaa sɛnea obedi afobu no ho dwuma bere a ne babea wui wɔ kar akwanhyia mu no akyi. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Metee afobu nka sɛ mesomaa no. Nanso mibehuu sɛ ɛyɛ nkwaseasɛm sɛ mɛte nka saa. Na mfomso biara nni soma a mesomaa ɔne ne papa no ho. Na ɛyɛ akwanhyia kɛse ara kwa.”
Ebia wobɛka sɛ, ‘Nanso nneɛma pii wɔ hɔ a anka mɛpɛ sɛ meyɛ anaa nsɛm pii wɔ hɔ a anka mɛpɛ sɛ meka.’ Ampa, nanso yɛn mu hena na obetumi aka sɛ meyɛ agya, ɛna anaa ɔba a ɔyɛ pɛ? Bible no kae yɛn sɛ: “Yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu. Sɛ obi mfom nsɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a owie pɛyɛ.” (Yakobo 3:2; Romafo 5:12) Enti gye nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wonyɛ pɛ no tom. W’adwene a wode besi “sɛ anka ahorow” nyinaa so no, rensakra biribiara na mmom ebia ɛbɛma akyɛ ansa na woatumi ahyɛ wo ho den.
Sɛ wote nka sɛ fɔ a wudi no yɛ nokware na ɛnyɛ nea wususuw sɛ ɛte saa ara kwa a, ɛnde susuw ade titiriw a ɛsen biara a ɛremma fɔ a wudi no nhaw wo no ho—Onyankopɔn fafiri. Bible no hyɛ yɛn bɔ sɛ: “Yah, sɛ wudi amumɔyɛde akyi a, [Yehowa], hena na anka obegyina? Na wo na fafiri wɔ wo fam, na wɔasuro wo. (Dwom 130:3, 4) Worentumi nsan wo akyi nkɔsakra biribiara. Nanso wubetumi asrɛ Onyankopɔn fafiri ama kan mfomso ahorow. Ɛnde dɛn? Wiɛ, sɛ Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ obebu n’ani agu kan mfomso so a, so ɛnsɛ sɛ wo nso woyɛ saa ara?—Mmebusɛm 28:13; 1 Yohane 1:9.
Abufuw Ho Dwuma a Wubedi
So ebia wo bo fuw nnuruyɛfo, ayarehwɛfo, nnamfo anaa nea wawu no mpo kakra nso? Hu sɛ eyi nso yɛ ade a wɔtaa yɛ wɔ biribi a wɔahwere ho. Dɛn ntia? Adwene ne nneyɛe ho ɔbenfo biako kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Haw a obi haw no ne abufuw na ɛnam. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi ma wudi yaw a, ɛyɛ a ɛma wo bo fuw. Abufuw yɛ nkate a ɛbɔ biribi ho ban.”
Enti bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn nti na me bo afuw? Sɛ woantumi anya mmuae a ɛfata a, ɛnde ebia w’abufuw no yɛ awosu a ɛka yaw a wudi no ho. Eyi a wubehu no betumi aboa. Sɛnea The Sorrow and the Fury nhoma no kyerɛkyerɛ mu no: “Ɛdenam abufuw no a wubehu—a wunnyina so nyɛ ade na mmom wubehu sɛ wote nka—so nkutoo na wubetumi ade wo ho afi ne tumi a ɛsɛe ade no ho.”
Ebia ɛbɛboa nso ma wɔada abufuw no adi. Ɔkwan bɛn so? Ɛnyɛ wɔ abufuw a wontumi nni so mu. Bible no bɔ kɔkɔ sɛ abufuw a ɛtra hɔ kyɛ no betumi ayɛ nea asiane wom. (Mmebusɛm 14:29, 30) Nanso ebinom kyerɛw wɔn abufuw no ho asɛm to hɔ. Okunafo biako bɔɔ amanneɛ sɛ na ɔkyerɛw ne nkate ho asɛm to hɔ na ɔkenkan nea wakyerɛw no wɔ nna bi akyi. Ohui sɛ eyi boaa no ma ne ho tɔɔ no. Afoforo hu sɛ wɔn apɔw mu a wɔteɛteɛ bere a wɔn bo afuw no boa. Na ebia wo werɛ bɛkyekye bere a woka ho asɛm kyerɛ w’adamfo bi a ɔwɔ ntease no.
Bere a ɛho hia sɛ wobɛka wo nkate horow ho asɛm akyerɛ na woayɛ saa wɔ nokwarem no, ahwɛyiye ho hia. The Ultimate Loss nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛma nsonsonoe da [abufuw anaa abasamtu] a wɔda no adi no ntam. . . . Ɛho hia sɛ yɛma yɛn ho yɛn ho hu sɛ bere a yegyina yɛn nkate so yɛ ade no, yɛn mu biara mmu ne yɔnko fɔ sɛ ɔno na ɔma ɛbae.” Enti hwɛ yiye na woanka wo nkate ho asɛm wɔ kwan a ɛkyerɛ sɛ worehunahuna afoforo so.—Mmebusɛm 18:21.
Wɔ nyansahyɛ ahorow yi akyi no, mmoa foforo wɔ hɔ a ɛbɛma woagyina awerɛhowdi ano. Wubisa sɛ, ‘Ɛno ne dɛn?a
Mmoa a Efi Onyankopɔn Hɔ
Bible no hyɛ yɛn bɔ sɛ: “[Yehowa] bɛn wɔn a wɔn koma abubu, na ogye wɔn a wɔn honhom apɛtɛw.” (Dwom 34:18) Yiw, nea ɛsen biribiara no, abusuabɔ a wo ne Onyankopɔn wɔ no betumi aboa wo ma woagyina obi a wodɔ no wu ano. Ɔkwan bɛn so?
Nea edi kan no, ɛbɛboa wo ma woadi w’awerɛhow no ho dwuma mprempren. Nyansahyɛ ahorow a eye no mu pii a yɛde ama dedaw no yɛ nea egyina Onyankopɔn Asɛm a ɛne Bible no so. Nnyinasosɛm ahorow a ɛte saa a wode bedi dwuma no betumi aboa wo ma woagyina ano.
Nea ɛka ho no, mmu bo a mpaebɔ som no sɛ ɛnyɛ ahe biara. Bible no hyɛ yɛn sɛ: “Dan w’adesoa to [Yehowa] so, na obeso wo mu.” (Dwom 55:22) Sɛ wo nkate ho asɛm a wobɛka akyerɛ w’adamfo a ɔwɔ ahummɔbɔ no betumi aboa sɛnea yɛaka dedaw no a, ɛnde nea ɛwɔ wo komam a wobɛka akyerɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no bɛboa wo kɛse.—2 Korintofo 1:3, 4.
Ɛnyɛ sɛ mpaebɔ ho mfaso horow no yɛ adwene mu de ara kwa. “Mpaebɔ tiefo” no hyɛ bɔ sɛ ɔde honhom kronkron bɛma n’asomfo a wofi koma pa mu srɛ no. (Dwom 65:2; Luka 11:13) Na saa honhom kronkron anaasɛ adeyɛ tumi no, betumi ama woanya “tumi a ɛboro so” na ama woatoa so da biara da. (2 Korintofo 4:7) Kae: Asɛnnennen biara nni hɔ a ɔsomfo nokwafo hyia a Onyankopɔn ntumi mmoa no ma onnyina ano.—Fa toto 1 Korintofo 10:13 ho.
Ɔkwan a ɛto so abien a abusuabɔ a obi ne Onyankopɔn wɔ boa yɛn ma yetumi gyina awerɛhowdi ano ne sɛ ɛma yenya anidaso. Susuw ho: Wobɛte nka dɛn, sɛ wunim sɛ ebetumi aba sɛ wo ne wo dɔfo a wawu no behyiam bio daakye bi wɔ asase so ha wɔ trenee tebea horow mu a? Anidaso a ɛyɛ anigye ampa! Nanso so ɛyɛ nokware? Yesu hyɛɛ bɔ sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi.”—Yohane 5:28, 29; Adiyisɛm 20:13; 21:3, 4.
So yebetumi agye bɔhyɛ a ɛte saa adi ankasa? Wiɛ, esiane sɛ nea edi kan no, Yehowa na ɔdee nkwa mae nti, so ɔrentumi mfa nkwa mma obi a watra ase pɛn? Bio nso, esiane sɛ “Onyankopɔn a onni atoro” na wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ saa nti, so yɛrentumi mfa yɛn ho nto no so sɛ ɔbɛma n’asɛm aba mu?—Tito 1:2; Yesaia 55:10, 11.
Mike gye di pintinn. Esiane sɛ ɔwɔ gyidi a emu yɛ den wɔ owusɔre ho anidaso no mu nti, ɔka sɛ: “Ɛsɛ sɛ misusuw nea ɛsɛ sɛ meyɛ na masɔ Onyankopɔn ani mprempren no ho, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ me papa san ba wɔ owusɔre no mu a, mehyia no wɔ hɔ.”
Yehowa Adansefo de anigye bɛboa wo ma woasua pii afa anidaso a ɛka koma yi ho. Anidaso a ɛte saa no ho hia. Dabi, ɛremma yaw no nnyae na mmom ebetumi ama ayɛ mmerɛw ma woagyina ano. Ɛno nkyerɛ sɛ worensu bio anaa wo werɛ befi wo dɔfo no. Na mmom wubetumi ahyɛ wo ho den. Na bere a woyɛ saa no, nea ato wo no bɛma woanya ntease ne ahummɔbɔ wɔ afoforo a wobɛboa wɔn ma wɔagyina tebea a ɛte saa ara ano no mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Ɛsɛ sɛ yehu sɛ wɔ nsɛm ahorow binom mu no, ebia obi a ɔde ɛho afotu ayɛ n’adwuma ho behia, ne titiriw no, sɛ nea ne dɔfo bi awu no adwenem taa haw no anaasɛ ɔtaa dwene ne ho dɔm a obedi ho a. Sɛ wopɛ akwankyerɛ ahorow a, yɛsrɛ wo hwɛ October 22, 1981 Awake! no nkratafa 24 ne 25.
[Kratafa 24 adaka]
NYANSAHYƐ AHOROW BI A EYE
Fa wo ho to wo nnamfo so: Sɛ afoforo de wɔn ho ma sɛ wɔbɛboa a, ma wɔnyɛ saa. Te ase sɛ ebia ɛyɛ ɔkwan a wɔnam so kyerɛ wo sɛnea wɔte nka; ebia wonhu asɛm a eye a ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ wo.
Hwɛ w’akwahosan so yiye: Ɛho hia sɛ wo nipadua no home, ɛyɛ adwuma na enya aduan pa. Sɛ wubu w’ani gu w’akwahosan so a, ɛbɛyɛ papa sɛ woma wo abusua no oduruyɛfo no hwɛ wo.
Tu gyinaesi atitiriw hyɛ da: Sɛ ebetumi a, dɛn nti na wontwɛn nkosi sɛ w’adwene mu bɛda hɔ kɛse ansa na woasi gyinae sɛ wobɛtɔn wo fie anaa wobɛsakra w’adwuma?—Mmebusɛm 21:5.
Ma afoforo kwan: Bɔ mmɔden sɛ wubenya boasetɔ. Hu sɛ ɛnyɛ ade a wɔn ani gye ho. Esiane sɛ wonnim nea wɔbɛka nti, ebia wɔbɛka asɛm a ɛnteɛ.
Nnwennwen ntra so sɛnea ɛnsɛ: Ebia wubehu sɛ woahaw. ‘Dɛn na ɛbɛto me afei?’ Bible no tu fo sɛ yɛnwenne da biara nkutoo ho. Okunafo biako kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Da biara da mu nsɛm nkutoo ho a midwen no boa me ankasa.”—Mateo 6:25-34.