Anya Mfirihyia 100 Na Ɛyɛ Den Sen Bere Biara!
MFIRIHYIA 100
WƆDA so ara bara Ɔwɛn Aban Asafo no anaasɛ wɔato ano hye wɔ aman ahorow bi a nyamesom mu ahofadi ankasa nni hɔ mu. So eyi kyerɛ sɛ wɔnka Onyankopɔn Ahenni nniso no ho asɛmpa no wɔ aman ahorow yi mu? Bere a Yudafo asɔfo no baraa Kristofo asomafo no, wɔyɛɛ wɔn ade dɛn? Wɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa. Na yɛn na yɛne honhom kronkron nso a Onyankopɔn de ma wɔn a wotie no no yɛ nsɛm yi ho adansefo.”—Asomafo no Nnwuma 5:29, 32.
Asɛntitiriw bi wom. Yehowa Adansefo adi yiye na mprempren wɔyɛ den sen bere biara wɔ faako a wɔato wɔn ano hye mpo, esiane Onyankopɔn honhom kronkron akwankyerɛ ne ahobammɔ nti. Nokwarem no, esiane sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ amammuisɛm mu na wɔyɛ nnipa a wɔwɔ ɔdɔ na wɔpɛ asomdwoe nti, ɛda adi nso sɛ wonni ahobammɔ kɛse biara. Wonni amammui tumi bi ase na saa ara na wonni emufo a wɔde wɔn ho bɛbɔ wɔn na wɔabɔ wɔn ho ban. Ɛnde ɔkwan bɛn so na wɔatumi atra ase na wɔadi yiye?
Bible Nyankopɔn no ma mmuae. “Akode biara a wɔbɔ hyɛ wo renyɛ yiye, na tɛkrɛma biara a ɛbɛsɔre ne wo ayi ntɛn no, wobebu no fɔ; ɛno ne [Yehowa] nkoa agyapade ne wɔn trenee a efi me no, [Yehowa] asɛm ni.” “Ɛnyɛ ahoɔden so na me honhom so Asafo [Yehowa] na ose.”—Yesaia 54:17; Sakaria 4:6.
Anya Mfirihyia 100 na Ɛyɛ Den Sen Bere Biara
Ebeduu 1918 awiei no, na Adansefo mpempem kakraa bi na wɔwɔ wiase nyinaa, na na wotintim wɔn Bible mu nhoma ahorow no wɔ kasa horow bɛyɛ 17 mu. Sɛnea yɛahu no, efi 1933 kosi 1945 no, Ɔwɛn Aban Asafo no hyiaa ɔtaa bere foforo a emu yɛ den wɔ aman ahorow pii mu. Wɔ United States a mmara bɔ ɔsom mu ahofadi ho ban mpo mu no, Yehowa Adansefo nam mmara kwan so abɔ hokwan a wɔwɔ sɛ wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no ho ban. (Fil. 1:7) Wobuu wɔn bem mpɛn 21 wɔ wɔn som ne wɔn nnyinasosɛm ahorow ho wɔ United States Asennibea Kunini no anim. Bere a Wiase Nyinaa Ko II baa awiei no, na Adansefo 141,606 na wɔwɔ nsase horow 68 so, bere a na wɔyɛ 71,509 wɔ bere a ɔko no fii ase no mu. Wɔ 1945 mu no, nnipa a wɔn dodow yɛ 186,137 na wɔkɔɔ Kristo wu Nkae a wodi no afe afe no ase.
Dɛn na Adansefo no atumi ayɛ wɔ mfe 39 akyi? Mprempren Adansefo bɛboro 2,842,000 na wɔreka asɛmpa no wɔ aman horow 203 mu ne bɛyɛ kasa horow 190 mu. Wɔn a wɔkɔɔ Nkaedi no ase wɔ 1984 mu no dodow bɛyɛ 7,000,000. Wɔdɔɔso sen nnipa a wɔwɔ aman ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no mu fã kɛse no ara mu nnipa a wɔwɔ saa aman no mu biara mu!
So Yehowa Adansefo kamfo wɔn ho wɔ eyi ho? Dabi. Bere a wogye asɛyɛde a ɛkyerɛ sɛ wɔnka Ahenni no ho asɛmpa no tom no, wohu sɛ ‘Onyankopɔn na ɔma enyin.’—1 Korintofo 3:6, 7.