Wɔn A Wɔhwehwɛ Ɔkwan A Wɔbɛfa So Agye Wɔn Ho—So Wɔasiesie Wɔn Ho Ama Awiei No?
“MEREKA akyerɛ nkurɔfo sɛ womfi nkurow akɛse mu nkɔ nkurow nketewa mu, efisɛ anibuei a ɛwɔ wiase no mu nyinaa aba awiei.” Saa na wɔn a wogyina kuw bi a ɛrenya nkɔso akyi no mu biako bɔɔ kɔkɔ a ɛma obi ho dwiriw no na eyi ehu: wɔn a wɔhwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so agye wɔn ho! Sɛnea wɔn din no kyerɛ no, wɔyɛ nnipa a wɔawe ahinam so sɛ wobenya ɔkwan a wɔbɛfa so agye wɔn ho afi wiase no sɛe a wɔte nka sɛ wɔrentumi nkwati no mu—sɛ́ ɛyɛ nuklea de, ɔsɛe ankasa, asetra anaa sikasɛm mu de. Faako a ɔsɛe no befi aba no mfa wɔn ho kɛse, efisɛ wosiesie wɔn ho ma biribiara a ɛbɛba.
Nhoma horow a edin no yi hu te sɛ Life After Doomsday de “amanneɛbɔ a ɛma wohu biribi fa mmeae ahorow a wobehintaw, sɛnea wɔde nnuan sie, akwan horow a wɔbɛfa so ayɛ wɔn ho aduru wɔ fie, ɔkwan a wɔbɛfa so agye wɔn ho ho adwen horow ne ɔkwan a wɔbɛfa so abɔ wɔn hintabea no ho ban ma.” Nhoma ahorow a ɛba bere ne bere mu te sɛ Survive ma wohu nnwinnade ahorow a aba nnansa yi a wɔde bedi dwuma de agye wɔn ho: atuo, nnuan ahorow a awɔw ama akyenkyen, ɔko ntade ne adan a nuklea akode ho mframa bɔne nnya kwan nkɔ mu.
Eyinom yɛ nneɛma a wɔayeyɛ no mu binom a ama nea U.S.News & World Report kaa ho asɛm wɔ bere bi a atwam mu sɛ, “Adwuma Foforo a Ɛrenya Nkɔso” no aba. Wɔn a wɔhwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so agye wɔn ho no mu binom a wɔn nimdeɛ mu dɔ de wɔn sika resisi asase ase adan sɛnea ɛbɛyɛ a wobefi ‘nuklea Harmagedon’ mu aka wɔ ahotɔ mu.
Nni mfomso. Wɔn a wɔhwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so agye wɔn ho no ani abere. Ɛyɛ nokware, efisɛ ɛte sɛ nea wɔn sraadi ne sua a wosua atuo tow no yɛ ade a eyi hu. Life nsɛmma nhoma no bɔɔ “Ɔkwan a ɔman no Bɛfa so Agye Ne Ho ho Agoru” a ɛregye din no ho amanneɛ nnansa yi. Ɛha no, agorudifo a wɔhyehyɛ asraafo ntade nantenantew nwura mu totow wɔn ho atuo a emu aboba no ntumi mpira nnipa—ɔko a nnipa a wɔnyɛ asraafo ko ho adesua. Ɛde besi nnɛ no, “Agoru no mu atrɛw adu [U.S] amansin 38 mu,” saa na Life nsɛmma nhoma no bɔɔ amanneɛ.
Mmofra agoru? Ebia saa na ebinom te nka nen. Nanso afoforo bu nsrabɔ a ɛtete sɛɛ sɛ adeyɛ a anibere wom. Wɔn a wɔhwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so agye wɔn ho no mu biako kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a nneɛma mu ayɛ den no, nkurɔfo bewia yɛn nneɛma. . . . Nkurɔfo bekunkum nnipa de agye brodo sin.”
Abɔdamfo anaa Nnipa a Wɔn Adwenem Da Hɔ?
Nanso nnipa pii serew wɔn a wɔhwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so agye wɔn ho no sɛ wɔyɛ abɔdamfo, nanso afoforo te nka sɛ wɔnyɛ nnipa a wɔn adwene asɛe koraa. Ehu a nuklea ɔko yi ne nnipa a wɔredɔɔso dodo a ɛde ɔkɔm, nsɛmmɔnedi, sikasɛm nhyehyɛe a asɛe anaa adesamma abusua no nhyehyɛe a asɛe mpo aba no nyɛ nneɛma a obi a n’adwene asɛe betumi asusuw ho. Saa ɔhaw horow yi ma abenfo mpo yɛ basaa kɛse. Sɛ nhwɛso no, sɛnea The Auckland Star kyerɛ no, kuw bi a wɔyɛ nhwehwɛmu a wɔfrɛ wɔn Worldwatch tintim nhwehwɛmu bi nnansa yi a ɛkyerɛ sɛ, “adebɔ mu nneɛma ahorow a ɛresa no ama wiase no abɛn sikasɛm ho nhyehyɛe mu ɔhaw.”
Esiane sɛ wɔnte sɛ wɔn a “wɔato wɔn adwene mu,” no nti, wɔn a wɔhwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so agye wɔn ho no bɔ mmɔden sɛ wobegyina ehu a ɛtete sɛɛ ano. Ɛwom sɛ wofi mmusua horow ne sika ho nhyehyɛe ahorow mu, na ɛwom sɛ nkyerɛkyerɛ ne akwan horow a wɔfa so no apaapae wɔn kuw no mu de, nanso ade biako a ano yɛ den aka wɔn abom—EHU. Wɔte nka sɛ “nhyehyɛe” no adi nkogu—sɛ nniso horow, polisifo nhyehyɛe ahorow, asennibea ahorow ne sika ho nhyehyɛe ahorow rentumi nni ɔhaw ahorow a ɛrenya nkɔso wɔ saa mfe yi mu no ho dwuma. Enti wɔpaw sɛ wɔde wɔn ho bɛto wɔn ankasa mmɔdenbɔ ne wɔn nhyehyɛe ne wɔn nimdeɛ horow so—ntetee a ɛkɔ anim a wonya a ɛma wɔn ho kokwaw—begye wɔn bere a ɔsɛe no aba no.
Ɔkwan Pa a Ɛsɛ sɛ Wɔfa So?
Nanso so adan a nuklea akode ho mframa bɔne nnya kwan nkɔ mu, nnuan a wɔahata ma akyenkyen ne sika a wɔaboaboa ano no yɛ ɔkwan pa a obi bɛfa so agye ne ho daakye? Dɛn na ebetumi ayɛ ankasa bere a nuklea ɔko asi no? Wofii asɛm bi a wɔato din sɛ “Nea Ebefi Nuklea Akodi Mu Aba Wɔ Abɔde Nsɛm Mu a Ɛbɛkyɛ” a epuei wɔ Science mu ase denam eyi a wɔkae no so sɛ: “Nnansa yi nhwehwɛmu ahorow a wɔyɛe wɔ nuklea akode a wɔde bedi dwuma kɛse wɔ ɔko mu ho no akyerɛ sɛ, nnipa ɔpepem 750 bewuwu amonom wɔ to a ɛbɛtow no nkutoo mu; na to a ɛbɛtow, ogya ne mframa bɔne a ebefi mu aba bekunkum nnipa ɔpepepem 1.1; na ebehia sɛ wɔyɛ ɔpepepem 1.1 foforo a wɔapirapira aduru. Enti bɛyɛ adesamma abusua no mu nnipa ɔha biara mu 30 kosi 50 betumi ayɛ wɔn a wɔn ho bɛkã ntɛm ara wɔ nuklea ɔko mu.”
Fa no sɛ beae a wokohintaw no ma woguan fi ɔsɛe a ɛba mpofirim yi mu. Newsweek ka too hɔ sɛ: “Wɔ mmeae horow a wɔakohintaw a eye sen biara mu mpo no, nyarewa ahorow te sɛ atiridii ne kɔlera betumi abu so. Wɔrentumi nni tiafi ho dwuma wɔ kwan pa so, ayaresabea ho bɛyɛ den na amu pii bɛporɔw akyɛ ansa na wɔatumi asie. Mmeae horow a wɔakohintaw no mu pii beduru sum, emu bɛyɛ nwini na wɔrentumi ne wɔn a wɔwɔ atrae no akyi nni nkitaho. Nkyereso, ehu ne nea wonnim sɛ ɛbɛba bɛma adwenem basaayɛ anya nkɔanim. Wɔn a wɔbɛba akyiri yi betumi ama eyi ho nyarewa a aka wɔn no ayɛ afoforo, na ehu kɛse a aka wɔn no bɛsan afoforo.” Nanso nea ebesisi a eyi hu yi yɛ nea ɛbɛba wɔ ko a wɔamfa nuklea akode anni dwuma kɛse wom mu!
Wɔ ne nhoma Nuclear Madness mu no, Ɔbenfo Helden Caldicott kɔ so ka sɛ: “Wɔn a wobefi mu aka wɔ mmeae horow a wɔakohintaw anaa wɔ nkuraase no bɛsan aba wiase bi a asɛe pasaa a nneɛma ahorow a adesamma abusua no nkwa gyina so nni mu mu.” Wɔn a wobefi mu aka no mma benya agyapade a eyi hu: “Mframa bɔne a ebefi to a ɛbɛtotow no mu aba a ɛbɛka awode no a ɛremma pii ntumi nwo mma. Nea ebefi mu aba nso ne yafunu a ɛsɛe ne mmofra a wɔadi dɛm a ebenya nkɔanim ne nsakrae kɛse a ɛbɛba wɔ awosu mu.” Bɛyɛ bere tenten bɛn? Ɔbenfo Caldicott ka sɛ, “wɔ bere a aka no nyinaa mu.”
Nnansa yi nhwehwɛmu bi a wɔato din sɛ, “Nuklea Awɔwbere: Nea Ebefi Nuklea Ɔtopae Pii a Ɛbɛtotow Mu Aba Wɔ Wiase Nyinaa” ka tebea bi a anidaso biara nni mu ho asɛm. Amanneɛbɔ yi de ba awiei sɛ, mframa ne wusiw pii a ɔko a wɔamfa nuklea akode anni dwuma kɛse wom mpo de bɛba no, “bɛma nsakrae kɛse aba wɔ wim—ɛbɛda adi denam wim a ɛbɛyɛ kusuu adapɛn pii ne awɔw a ano yɛ den a ɛbɛba asram pii no so.” Wɔ nhwehwɛmu biako a ɛka ho mu no, nyansahufo kuw bi kaa nsɛm a eyi hu yi de baa awiei sɛ: ‘Ɛte sɛ nea tɔre a asase so mmoa, nnua ne mmoawa nketenkete a aniwa ntumi nhu wɔn ase betumi atɔre no yɛ nea ebetumi aba na yɛrentumi nyi tɔre a adesamma abusua no ankasa ase bɛtɔre no mfi mu.’
Ɛnyɛ nwonwa sɛ ayɛsɛm kyerɛwfo a wɔfrɛ no Nevil Shute susuwii sɛ wɔ nuklea ɔko akyi no, “ateasefo bɛtwe awufo no ho ninkunu.”
“Yɛn anaasɛ Wɔn”
Enti mfaso a ɛkame ayɛ sɛ ɛbɛba wɔ ɔkwan a wɔbɛfa so agye wɔn ho ho ntetee mu no yɛ kakraa bi. Nanso sɛ yɛfa no sɛ, nea nyansahufo no aka ato hɔ no yɛ nea ɛtra so a, ɔhaw a ano yɛ den da so ara wɔ ɔkwan a wɔbɛfa so agye wɔn ho ho adwene no ho: Bere a ebia nuklea ɔko bɛsɛe nniso horow ne asraafo, sɛnea yenim wɔn mprempren no, ɛrentumi nyi nea ɛde ɔko ba mfi hɔ. Nokwarem no, Bible no ka sɛ: “Ɛhe na ɔsa ne ɔko a ɛwɔ mo mu no fi? Emfi mo akɔnnɔ a ɛne mo honam akwaa ko no mu anaa?” (Yakobo 4:1) Di a obi de n’ankasa pɛsɛmenkominya yiyedi di kan bere nyinaa no de ɔko ba.
So nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛka wɔn a wɔhwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so agye wɔn ho bom no nyɛ nea ɛyɛ pɛsɛmenkominya kwan so de ma enti adifudepɛ ne pɛsɛmenkominya nyɛ nea wobesusuw ho kɛse bere a ɔsɛe a aba wiase no so ama nneɛma ho ayɛ nna no? The Christian Century faa Jerry Younkins a ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so agye wɔn ho a wɔyɛ “Kristofo” no kasamafo asɛm kae nnansa yi sɛ, “Nea edi kan no yɛyɛ Kristofo, nea ɛto so abien no yɛyɛ wɔn a wɔhwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so agye wɔn ho.” Ɛdenam eyi so no, ɔkyerɛe sɛ, bere a asiane aba no, (anyɛ yiye koraa no nea edi kan no) wɔbɛbɔ mmɔden adi Kristofo nnyinasosɛm ahorow akyi. Ɔtoaa so sɛ, “Yɛne afoforo bɛkyɛ nea yɛwɔ sɛnea yebetumi.” Nanso sɛ nneɛma a wɔwɔ no fi ase sɛ ɛresã nso ɛ? Owura Younkins kae sɛ, “Yebekunkum wɔn. Ɛyɛ tiawa: Ɛyɛ yɛn anaasɛ wɔn wɔ saa tebea no mu.”
Wɔ tebea a eyi hu a ɛte sɛɛ mu no, nnuan anaa sika a wɔde asie betumi ama wɔabu obi a ɔhwehwɛ ɔkwan a ɔbɛfa so agye ne ho no kumfɔ.
Tetefo a Wɔhwehwɛɛ Ɔkwan a Wɔbɛfa So Agye Wɔn Ho
Ɔkwan a wɔbɛfa so agye wɔn ho ho adwene nyɛ ade foforo ankasa. Nokwarem no, wɔn a wɔhwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so agye wɔn ho no te sɛ kuw bi a na ɛwɔ afeha a edi kan no mu wɔ Yɛn Bere yi mu no: Yudafo a Na Wɔyɛ Katee Wɔ Ɔsom Mu No. Bere a mfe aduɔson no bɛn n’awiei no, na ntawntawdi a ɛda Yudafo ne wɔn Romafo sodifo a wɔhyɛ wɔn so ntam no redu baabi a emu yɛ den. Nyamesom mu kateeyɛ, nneɛma te sɛ asasewosow ne aduankɔm ma wosuroe sɛ nneɛma nhyehyɛe a na ɛwɔ hɔ no awiei adu. (Mateo 24:6-8) Te sɛ wɔn a wɔhwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so agye wɔn ho nnɛ no, ebinom bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ wɔn ho ban ama daakye. Bere a Roma asraafo a wɔhyɛ ɔsahene Cestius Gallus ase tow hyɛɛ Yerusalem so no, Yudafo binom a wɔyɛ katee wɔ ɔsom mu no tumi ko faa kurow a wɔfrɛ no Masada no. Bere a wɔhyɛ wɔn abodan akɛse a ne soro kɔ bɛyɛ anammɔn 1,300 mu no, na wɔn a wɔyɛ katee wɔ ɔsom mu no wɔ akode ne nnuan ne nsu a ɛdɔɔso pii. Na ɛte sɛ nea wɔatumi agye wɔn ho.
Nanso bere a Roma ɔsahene Titus sɛee Yerusalem wɔ afe 70 YB. mu no, Masada bɛyɛ beae a Romafo no de wɔn ani sii so. Wɔn a wɔyɛ katee wɔ ɔsom mu no tumi gyinaa ɔko no ano bɛyɛ asram ason. Nanso Roma mfiridwumayɛfo tumi yɛɛ biribi te sɛ pempe a ɛmaa asraafo no tumi kɔɔ abannennen no mu. Esiane sɛ na wonim sɛ kyere a wɔbɛkyere wɔn no bɛma wɔayɛ nkoa nti, mmarima, mmea ne mmofra 960 a wɔwɔ Masada no kunkum wɔn ho. Mmɔden a wɔbɔe sɛ wobegye wɔn ho denam hintaw a wokohintaw abankɛse bi a ɛwɔ mmepɔw a akode pii wom no mu no yɛɛ ɔkwa.
Nea ɛyɛ anigye no, nnipakuw bi wɔ hɔ a wonyaa nkwa wɔ saa ɔsɛe yi mu a wɔamfa akwan horow a ɛte sɛɛ a wɔn a wɔhwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so agye wɔn ho no faa so no so.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
‘Ɛte sɛ nea tɔre a asase so mmoa, nnua ne mmoawa nketenkete a aniwa ntumi nhu wɔn no ase bɛtɔre no yɛ nea ebetumi aba na tɔre a adesamma abusua no ase bɛtɔre no nyɛ nea wobetumi ayi afi mu’
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
So sɛnea wɔn a wɔhwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so agye wɔn ho nkyerɛkyerɛ ahorow te no remma pɛsɛmenkominya ne adifudepɛ mmu so bere a nneɛma ho ayɛ nna no?
[Kratafa 4 mfoni]
So ɔdan a nuklea akode ho mframa bɔne nnya kwan nkɔ mu ne aduan ne sika a wɔde besie ne ɔkwan a wɔfa so siesie wɔn ho ma gye a wobegye wɔn ho?
[Kratafa 5 mfoni]
Mmɔden ahorow a wɔn a wɔyɛ katee wɔ ɔsom mu bɔe sɛ wɔbɛpɛ akode de agye wɔn ho wɔ Masada no annye wɔn nkwa