Gyinaesi Abien A Eye Wɔ Swaziland
Efi Swaziland “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
DECEMBER 22, 1982 no, Asennibea Kunini a ɛwɔ Swaziland, wɔ Afrika Keseefam no de akokoduru sii gyinae bi a ɛma nyamesom mu ahofadi ho kwan. Na asɛm no fa mmofra baanu, Celiwe ne Sivikelo a mfe abien a atwam no wɔpam wɔn fii Emhlangeni Mfitiase Sukuu mu esiane wɔn nyamesom mu gyidi horow nti no ho. Saa da a yɛabɔ din wɔ atifi hɔ no so no, Swaziland Temmufo Hassanali hyɛe sɛ wɔnsan nnye mmofra yi wɔ sukuu mu.
Dɛn na ɛde asɛm no bae? Celiwe ne Sivikelo yɛ Yehowa Adansefo mma. Efi 1970 no wɔapam Adansefo mmofra bɛboro 90 afi sukuu ahorow mu, na ne nyinaa mu no, esiane sɛ wɔne afoforo ammɔ mu ammɔ mpae anaasɛ wɔanto asɔre ne ɔman dwom, ade a na wɔyɛ wɔ sukuu mu anɔpa biara no nti. Ɛwom sɛ wɔanyɛ biribiara amfa anhaw adeyɛ no de. Nanso bere a Yehowa Adansefo pene so sɛ ɛsɛ sɛ wɔma afoforo kwan ma wɔsom sɛnea wɔpɛ no, wonnye gyidi afrafradi ntom. Na asɔre ne ɔman nnwom ahorow a wɔto no pii kura nyamesom mu nsɛm ne nkate horow a ɛne nea mmofra no asua afi wɔn Bible adesua mu no nhyia. Enti wogyinaa hɔ nidi mu bere a wɔn mfɛfo sukuufo too dwom anaasɛ wosii wɔn ti ase bɔɔ mpae no. (Mateo 4:10; 1 Korintofo 10:14, 21, 22) Sukuu mpanyimfo ne akyerɛkyerɛfo no nyaa eyi mu kyɛfa a Adansefo mmofra no annya no ho adwene ɔkwan foforo so. Enti wɔpam wɔn.
Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ ɔtan ara kwa nti na Emhlangeni Mfitiase Sukuu no de dii dwuma bere a wɔpam Celiwe ne Sivikelo no. Mmom no, na sukuu no agye mmofra yi bere a wɔapam wɔn afi sukuu afoforo mu. Nanso, afoforo hyɛɛ sukuu mpanyimfo no so na awiei koraa no wɔpam wɔn. Celiwe ne Sivikelo agya de asɛm no kɔɔ asennibea, na sɛnea yɛahu no, gyinae a etwa to a wosii no ye paa.
Ɛyɛ anigye sɛ mfitiase Swaziland ɔmanyɛ mmara a wogye toom bere a ɔman no nyaa ahofadi wɔ 1968 mu no, wɔyɛɛ nsiesiei bi maa nsɛm a ɛtete sɛɛ. Wɔ asɛmti “Ahonim ho ahofadi ahobammɔ” ase no wɔkaa nea edi so yi: “Gye sɛ ɔno ankasa pene so (anaasɛ, sɛ ɔyɛ abofra a, n’awofo pene so) , wɔrenhyɛ obiara a ɔkɔ sukuu wɔ baabi no sɛ onsua nyamesɛm anaasɛ ɔnkɔ asɔre bi, anaasɛ ɔmfa ne ho nhyɛ nyamesom mu afahyɛ anaa adeyɛ bi mu, sɛ saa nkyerɛkyerɛ, afahyɛ anaa adeyɛ no fa asɔre bi a ɛnyɛ n’ankasa ne de ho a.”
Wɔ 1973 mu no wɔde Swaziland ɔmanyɛ mmara no too nkyɛn sɛ wɔbɛkyerɛw foforo a ɛne Swazifo asetra behyia. Yɛwɔ anidaso sɛ wɔbɛsan de ahofadi ahorow a ɛfata te sɛ nea na ɛwɔ mfitiase ɔmanyɛ mmara no mu ahyem bio. Enkosi saa bere no, Yehowa Adansefo ani sɔ gyinae a Asennibea Kunini no asi, a ɛma ɔsom mu ahofadi a ɛte saa kwan no yiye.
Ayiyɛ Ho Nsɛm a Emu Yɛ Den
Nsɛmma nhoma foforo a ɛka eyi ho, Ɔwɛn-Aban a ɛbae September 1, 1983, mu no wɔdaa ɔhaw foforo adi a ɛfa ɔsom mu ahofadi ho wɔ Swaziland. Ná wɔreyɛ Yehowa Adansefo ayayade de wɔn agu afiase a ɛmfata esiane sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ Ɔhene Sobhuza II a ɔkaa baabi no ayiyɛ mu nneyɛe horow bi mu nti.
Na asɛm no nyɛ nea ɛfa obu anaa osetie ho. Yehowa Adansefo fa ɔsomafo Petro asɛm no aniberesɛm: “Munsuro Onyankopɔn! Munni ɔhene ni!” (1 Petro 2:17; Romafo 13:1-7) Nanso, asɛm no bae bere a wɔhyɛe sɛ wɔn a wɔwɔ Swazi man no mu nyinaa mmɔ tikaw mfa nhyɛ nea waka baabi no anuonyam no. Saa tikaw a wɔbɔ no yɛ nyamesom mu ade a egyina gyidi a ɛne sɛ ɔkra nwu da no so. Esiane ‘suro a wosuro Onyankopɔn’ nti, Swazi Yehowa Adansefo antumi amfa wɔn ho anhyɛ adeyɛ a ɛte sɛɛ mu. Ɔtaa fii ase bere a mpanyimfo bi bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ wɔn ma wɔayɛ biribi atia wɔn ahonim no.
Pii a wɔtee eyi no tee nka sɛ saa adeyɛ no nteɛ, na wɔkyerɛkyerɛw nkrataa kɔmaa mpanyimfo ahorow daa wɔn nkate adi. Dɛn na efii mu bae? February 18, 1983 no, atesɛm krataa The Times of Swaziland kae sɛ nsa kaa “nkrataa dodow a ɛyɛ hu.” Ɛbɔɔ amanneɛ sɛ: “Nkrataa a ɛbae no bunkam aban mpanyimfo no so . . . Asɛm no ahaw mpanyimfo yi ara ma wobesusuw ho wɔ ɔman mpanyimfo nhyiam ase.”
Sɛnea atifi hɔ atesɛm krataa mu amanneɛbɔ yi kyerɛ no, ɔman panyin biako, ɔtemmufo Panyin Charles Nathan, ankasa buee nkrataa 2,000 ano, na ofi ayamye mu kyerɛw Ɔwɛn Aban Asafo no dwumadibea ti a ɛwɔ New York, U.S.A. no, kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔrentumi mma nkrataa no ho mmuae mmiako mmiako. Yehowa Adansefo a wɔwɔ Swaziland no ani sɔ ɔdɔ ne ayamhyehye a wɔn nuanom a wɔwɔ nsase afoforo so no yii adi kyerɛɛ wɔn no.
Fida, April 8, 1983 no, The Times of Swaziland daa amanneɛbɔ foforo adi. Ɛdaa no adi sɛ Ɔtemmufo Panyin Nathan san tiee Yehowa Adansefo 13 a na ɔman Asennibea abu wɔn fɔ sɛ wɔanni ɔman ahyɛde so antwitwa wɔn ti no asɛm anɔpa yi. Ɔtemmufo Panyin no sii gyinae sɛ ɔkwan a wɔfaa so dii Adansefo no asɛm no yɛ nea “ɛmfata” na enti “watie wɔn adesrɛ no atwa ɛfɔ a wobuu wɔn ne asotwe a na ɛsɛ sɛ wɔde ma wɔn no mu.” Ná eyi yɛ gyinaesi a ɛfata, na yɛhwɛ kwan sɛ eyi bɛka nsɛm afoforo te sɛ eyi a afei na wobedi no.
Yehowa Adansefo kɔ so bɔ mpae sɛ ɔman mpanyimfo bɛte ase na wɔagye wɔn nyamesom mu ahofadi no atom. Wɔne wɔn mma de obu kɛse ma sukuu mpanyimfo a wɔtete sɛɛ nyinaa na wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi ahyɛde horow a ɛmmɔ wɔn gyidi abira nyinaa so. Wɔsrɛ sɛ wɔmma wɔn kwan mma wɔntra ase komm, na wɔn ho nnwo wɔn wɔn Yehowa Nyankopɔn, wɔn Bɔfo, no som mu.—1 Timoteo 2:1, 2.