Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 2/8 kr. 17-19
  • So Ɔbonsam Na Odi Nneɛma So Ampa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɔbonsam Na Odi Nneɛma So Ampa?
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wokyerɛkyerɛ Mu Dɛn?
  • Adammɔ Kwan a Ɔfaa So
  • Amammuisɛmdifo a Ɔwɔ Tumi
  • Abɔdamsɛm no a Wɔbɛma Aba Awiei
  • Afei Asomdwoe!
  • Daa Nkwa Tamfo
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • “Munsiw Ɔbonsam Kwan” Sɛnea Yesu Yɛe No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Ɔbonsam Wɔ a Ɔwɔ Hɔ no Nyɛ Gyidihunu Kɛkɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 2/8 kr. 17-19

Mmofra Bisa Sɛ. . .

So Ɔbonsam Na Odi Nneɛma So Ampa?

SO WO ANKASA wobɛma kwan ma ɔkɔm akum wo? Wobɛnom aduru awu? So wo ne obi bɛko ɔko a anidaso biara nni mu sɛ mo mu biara benya nkwa?

Wobɛka sɛ, “Dabi, memmɔɔ dam.”

Ɛnde, wususuw wiase a ne sikasɛm ne asetra nhyehyɛe ma kwan ma aduan sɛe bere a ɔkɔm de ɔpepem pii no ho dɛn? Anaa wususuw aman a wɔsɛe asase yi mframa ne nea ɛkeka ho bere a wɔde akode ahorow siesie wɔn ho ma nuklea akodi no ho dɛn?

Mfe du a atwam no mu no ná nea ɛwɔ hɔ ne sɛ wɔde asodi no bɛto “onipa” anaa wiase no adammɔ nneyɛe a “wɔde asi hɔ” no so. Nanso Bible no kyerɛ sɛ ɛyɛ “wi yi ase nyame” bi a aniwa nhu no a wɔfrɛ no Satan a ‘wafura wɔn a wonnye nni no adwene ani’ no. So ebetumi aba sɛ obi a ɔyɛ ɔbonsam bi na ɔrefura adesamma ani wɔ wɔn yiyedi a ɛsen biara no ho? Anaa so nsusuwii a ɛte sɛɛ yɛ “ɔdesani asɛyɛde ho a woguan fi, atoro gyidi bi,” sɛnea Katolek sɔfo Peter J. Riga frɛɛ gye a wogye di sɛ Ɔbonsam wɔ hɔ no bere bi no?​—2 Korintofo 4:4.

Wɔ Newington, Connecticut no, Bruce a wadi mfirihyia 14 traa ase wɔ sukuu mu bere a wɔresua wiase abakɔsɛm no na osusuw sɛe a onipa pɛ sɛ ɔsɛe ne ho no ho. Sukuuni biako de nkyerɛkyerɛmu a Bible de ma no kyerɛɛ no. Bruce kae sɛ: “Ná m’awofo nnye nni sɛ Ɔbonsam wɔ hɔ. Nanso ɔkwan bɛn so na metumi akyerɛkyerɛ wiase a abɔ dam no mu?”

Wokyerɛkyerɛ Mu Dɛn?

Rumaniani agoru-kyerɛwfo Eugene Ionesco kae sɛ: “Abakɔsɛm yɛ nea wɔrentumi nkyerɛkyerɛ mu, sɛ yeyi adaemone ho asɛm no fi mu a.” Ɔreda n’adwene adi akyerɛ Germany atesɛm nkrataa akyerɛwfo no, ɔde nsusuwho no bae sɛ: “Nanso sɛ adaemone wɔ hɔ a eyi bɛma yɛde asɛm no aba awiei sɛ ɛsɛ sɛ Ɔsorosoroni, Onyankopɔn, bi nso wɔ hɔ. Ɛyɛ Onyankopɔn yi na mepɛ sɛ migye no di. Yɛrentumi nhwɛ biribi foforo kwan mfi nnipa hɔ. Sɛ wogyae onipa ankasa a, akyinne biara nni ho sɛ ɔbɛkɔ ɔsɛe mu. Ɛno ne nea migye di na misuro.”​—Welt am Sonntag, September 2, 1979.

Tom a ɔyɛ abarimaa a ɔkɔ kɔlege no yɛɛ basaa koraa esiane da a ada adi sɛ wiase nsɛm tebea renkosi baabiara no nti. Ogyaee adesua a ɛbɛma wanya abodin wɔ mfiridwuma mu no na ɔkɔɔ ɔman no fa baabi a atew ne ho wɔ akuraa bi ase. “Mekae yiye sɛ misusuwii sɛ sɛ́ wobegye adi sɛ Ɔbonsam wɔ hɔ yɛ nea nyansa nnim, biribi a wɔde yi nnipa hu te sɛ hell gya.” Nanso afei Tom ankasa fii ase kenkan nea Bible no ka wɔ Ɔbonsam ho no.

Adammɔ Kwan a Ɔfaa So

Bible no da Satan adi pefee sɛ obi a n’adwene mu abue, nea onim nyansa. Bere bi na anka ɔyɛ pɛ a ɔka honhom abɔde mpempem a Onyankopɔn bɔɔ wɔn wɔ soro no ho. (Hiob 38:7) Nanso ɔyɛɛ ne ho otuatewfo. Ebia woakenkan ɔkwan a ɔfaa so nyaa Adam ne Hawa ma wɔtwee wɔn ho fii Onyankopɔn ho no wɔ Genesis. Ne nsusuwii? Sɛ́ obenya wiase nyinaa ma wɔadi n’akyi. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Satan sɛ ɛwom sɛ obenya akyidifo de, nanso awiei koraa no ne nsusuwii no bedi huammɔ.​—Genesis 3:15.

Enti ná n’akyidifo no betumi abɛyɛ “satan nketewa”​—sɛnea agya te no, saa ara na ɔba nso te. Sɛnea Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔbɔɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛsɔre atia no no: “Mo agya a mufi no mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase, . . . ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.” (Yohane 8:44) Eyi na ɛkyerɛkyerɛ nyaatwom, adifudepɛ ne abɔdamsɛm a wuhu wɔ mpanyimfo mu no mu.

Ɛnde so ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ ɔbonsam bɛma nsɛm ahorow a ɛyɛ atoro akɔ so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhu onipa ko a ɔyɛ? Ɔmaa hell gya ho hu kɔɔ so wɔ Misraim, Babilon, Persia ne Hela. Adwene a ɛne sɛ ɔbonsam wɔ mmɛn, ɔwɔ dua ne biribi te sɛ adinam a ɔde tow nkurɔfo gu ogya mu no fi Pluto, a ɔyɛ anansesɛm mu asase ase nyame bi ne Pan a ɔyɛ Helafo nyame no hɔ. Anansesɛm mu nsusuwii no dan nkurɔfo fi Ɔbonsam atirimpɔw ankasa no ho.

Bere a Tom fii akuraa no ase bae no, ɔkae sɛ: “Bere a misuaa Bible no, ankyɛ na mihui sɛ ɛkyerɛ pefee sɛ Ɔbonsam wɔ hɔ. M’ani gyee Kyerɛwsɛm mu nsɛm no ho​—honhom mu nipa a n’ani atew na onim nyansa kɛse a ɔma wiase no yɛ ade adammɔ kwan so. Bere a mihui sɛ hell gya anaa Kristoman anansesɛm adwene a ɛne ɔbonsam bi a okura biribi te sɛ adinam a ɔwɔ mmɛn ne dua, ne nea ɛkeka ho no nni Bible mu no, afei biribiara yɛɛ nea ntease wom.” Nanso ɔkwan bɛn so na Bible da no adi sɛ Satan a ne din no ase kyerɛ “osidifo” no na odi wiase nhyehyɛe a ɛpow Onyankopɔn no so?

Amammuisɛmdifo a Ɔwɔ Tumi

Ɔbonsam de ahenni horow a ɛwɔ hɔ nyinaa maa Yesu sɛ ɔnkotow nsɔre no na ɔmfa. Yesu powee. Nanso susuw tumi a na ɛwɔ amammuisɛm a ɛte sɛɛ mu no ho: “Ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: Wo na mede tumi yi nyinaa ne emu anuonyam mɛma wo; na wɔde ahyɛ me nsa, na obiara a mepɛ no, mede mema no.”​—Luka 4:6, 7.

Ɛno a Janet kenkanee wɔ Bible mu no na ɛma ɔtee nneɛma ase. Ogye toom sɛ: “Ɛwom sɛ bere a na merenyin no na migye Onyankopɔn di de, nanso mansusuw Ɔbonsam ho kɛse kosii sɛ midii mfe 24 na mekenkanee Bible sua mmoa nhoma a ɛne Nokware a Ɛde kɔ Daa Nkwa Mua no. Nea ɛkãa me wɔ Bible sua mmoa nhoma yi mu ne tumi a ɔbonsam wɔ no. Ɛkãa me kɛse bere a mekenkanee Daniel ti 10 no.”

Daniel nhoma no frɛ Satan abɔfo atuatewfo no sɛ ‘mmapɔmma.’ Wɔkyerɛ sɛ mmapɔmma yi nyaa tumi wɔ wiase ahenni horow a atwam no so​—Babilon, Persia, Hela, ne nea ɛkeka ho. Ti a ɛwɔ Bible mu a ɛkãa Janet no ma wuhu Satan ahyehyɛde a aniwa nhu no ho asɛm bi. Ɔbɔfo a wɔfrɛ no Gabriel kae sɛ: “Na afei na mɛsan me ne Persia bapɔmma no akɔko; . . hwɛ, Hela bapɔmma no bɛba. . . . na obiara nni hɔ a obegyina aso me mu atia eyinom gye mo bapɔmma [ɔbɔfo foforo] Mikael.” (Daniel 10:20, 21) Yehowa Nyankopɔn nkutoo ma obetumi asiw Satan ano, na wasiesie nneɛma a Satan wiase nhyehyɛe no ama ayɛ basaa no.

Abɔdamsɛm no a Wɔbɛma Aba Awiei

So w’ani begye sɛ Onyankopɔn beyi Satan ne ne nhyehyɛe no afi hɔ wɔ wo bere so? Bible no kyerɛ sɛ yɛn bere yi yɛ ‘amanehunu’ (ɔhaw ahorow) bere, “efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”​—Adiyisɛm 12:12.

Nea edi kan wɔ abakɔsɛm mu, wɔ 1914 mu no, wiase ko bi fii ase. Ɛde amanehunu ahorow a ebi mmae da baa asase nyinaa so. Afei Wiase Ko II ne aman ahorow ntam akodi wɔ Korea, Vietnam, Middle East ne mmeae afoforo bae. Afei, atumfoɔ no suro wiase ko a ɛto so abiɛsa a ɛbɛma nnipa ankasa asɛe wɔn ho. Yɛn bere yi so wiase ko no da nsow. Bible no ka ho asɛm ka basabasayɛ (“amumɔyɛ,” awofo asɛm ho asoɔden, apamsɛefo) , ne aduankɔm ne asasewosow ho. Yesu de saa nneɛma a ebesisi yi kaa ‘nneɛma nhyehyɛe yi awiei ho sɛnkyerɛnne’ no ho.​—Mateo 24:3, 7, 12, 34; 2 Timoteo 3:1-3.

Nyansapɛ ne akontaabufo Bertrand Russell huu nsakrae horow a efii ase 1914 yi. Ɛwom sɛ onnye nni sɛ Onyankopɔn anaa ɔbonsam wɔ hɔ de, nanso ɔkaa sɛe a adesamma pɛ sɛ wɔsɛe wɔn ho fi saa afe no so no ho asɛm.

“Efi 1914 no, obiara a onim nneɛma a akɔ so wɔ wiase yɛ obi a nneɛma ahaw no kɛse esiane nea ɛte sɛnea wɔadi kan ahyɛ ato hɔ sɛ yɛbɛto santen akɔ ɔsɛe kɛse mu bere nyinaa no nti. Nnipa a ɛyɛ aniberesɛm ma wɔn pii abɛte nka sɛ biribiara nni hɔ a wobetumi ayɛ . . . Wohu adesamma abusua no te sɛ Helafo amanehunu mu ɔkokodurufo bi a anyame a wɔn bo afuw repiapia no a onnim nea ɛbɛba bio.”​—New York Times Magazine, September 27, 1953.

Dɛn na eyi kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ ɔbonsam bere no ayɛ “tiaa” ampa, efisɛ Yesu de kaa ho sɛ, “Awo ntoatoaso [a, na wɔte ase 1914] yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba mu ansa.” Sɛ́ “eyinom” mu biako no, Onyankopɔn bɛsɛe Satan nhyehyɛe no. Ɛno akyi no Onyankopɔn bɛma Yesu Kristo ‘atu’ Satan ankasa.​—Mateo 24:21, 34; Hebrifo 2:14.

Afei Asomdwoe!

Ɛsɛ sɛ ɛma wote nka dɛn, sɛ wubehu sɛ Ɔbonsam na odi nneɛma so ampa sɛ “wi yi ase nyame” no? Janet se: “Ɛnyɛ asɛm a wususuw ho a ɛma ehu ka wo. Ɛyɛ nea ɛbɔ ɛno abira. Ɛkyerɛkyerɛ nea ɛrekɔ so nnansa yi no mu.” Wɔ Bruce fam no, ose, “Ɛma wunya anidaso a ɛyɛ den. Wunim sɛ Onyankopɔn soro nniso, n’Ahenni no bedi nkonim.” Tom bisa sɛ, “Ɔkwan bɛn so bio na wubetumi ahwɛ kwan nokwarem sɛ asase bɛyɛ Paradise?”​—Dwom 37:9-11.

Ɛbɛyɛɛ Amerikani aseresɛmyifo Flip Wilson asɛm a ɔde yi serew sɛ, “Ɔbonsam na ɔma meyɛe.” Nanso so ɛsɛ sɛ wote nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛde w’ankasa mfomso ho asodi to ɔbonsam so? Ɛno bɛyɛ nea nyansa nnim. Wo ankasa kenkan nkyerɛkyerɛmu a Bible de ma wɔ wiase tebea horow ho no​—ɛno na nyansa wom. Dɛn nti na wonkɔ so nhwehwɛ mu mprempren ara?

[Ase hɔ nsɛm]

a Ɔwɛn-Aban Bible ne Nhomawa Asafo no na etintimii.

[Kratafa 19 adaka]

“Susuw Nea Ɛma Ɛba Saa No Ho Yiye”

Wall Street Journal samufo asɛm bi hwehwɛɛ asɛm a ɛfa nsɛmmɔnedi ho no mu. Ɛkae sɛ, “Wɔn a wɔwɔ nnɛyi wiase no mu pɛ sɛ wɔde asodi no to onipa so.” Nanso asɛm bɛn na ɔka twaa to? “Ade a edi kan a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ nsɛmmɔnedi ho dwuma a wobedi no mu ne sɛ wobesusuw nea ɛma ɛba saa no ho yiye. Wɔ eyinom mu de yɛn nananom dii yɛn kan. Sɛ wode asodi no to Satan so a na wobɛn nokware no kakra sen sɛ wode bɛto onipa so.”​—October 28, 1977.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena