Kratafa Abien
Nnipa pii bu aware sɛ biribi a sɛ anyɛ yiye a na wɔagyae, ɛnyɛ asetra nyinaa mu apam bio. Abrabɔ pa a emu agow, asanom bebrebe, sikasɛm mu ahofadi ma mmea ne pɛsɛmenkominya nsusuwii horow—nneɛma a ɛmma aware nyɛ yiye no kakraa bi nen. Esiane eyi nti aware mu afotu abɛyɛ adwuma a ɛrekɔ so kɛse. Afotufo ahorow pii yi nyinaa wɔ akwan horow a wɔfa so de afotu ma ne gyinapɛn ahorow. Sɛ wuhia aware mu afotu a, anka ɛhe na wobɛdan akɔ? Nsɛm ahorow yi betumi aboa wo ma woasi gyinae
So Muhia Aware Mu Ɔfotufo? 3
So Ɔfotufo No Bɛkyerɛ Obu Ama W’ahonim 6
Ɔkwan A Wɔfa So De Afotu A Ɛboa Ankasa Ma 8