Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 10/8 kr. 21-23
  • Daakye Pa Ho Anidaso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Daakye Pa Ho Anidaso
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anidaso Fibea
  • Yɛ Ho Biribi Mprempren na Woanya Daakye Pa
  • Ɔko Nni hɔ Bio
    Nyan!—1999
  • Gyidi Ne Wo Daakye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nokware Ahofadi​—Wɔ Ahenni No Nniso Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Ahenni a “Wɔrensɛe no Da”
    Som Nokware Nyankopɔn Koro No
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 10/8 kr. 21-23

Daakye Pa Ho Anidaso

BERE a ɔwɔ wim akwansin 150 na ofi hɔ rehwɛ asase no, wimhyɛn a wɔfrɛ no Columbia no akwantu a ɛto so abiɛsa no kwankyerɛfo panyin Jeck Lousma kae sɛ: “Ɛda adi sɛ na yɛrehwɛ wiase a ɛte sɛnea Onyankopɔn bɔɔ no no pɛpɛɛpɛ a ahye ahorow a yehu wɔ asase mfonini ahorow a yɛwowɔ wɔ yɛn afie ne sukuu ahorow mu so no nni hɔ.” Afei, ɔde wiase no retoto wimhyɛn ho no, ɔde kaa ho sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛne yɛn ho yɛn ho tumi bɔ yiye sɛ wimhyɛn mufo kuw biako a wɔretu kwan, anyɛ saa a, ɛrentumi nyɛ akwantu a eye mma yɛn mu biara.”

Ɛde besi mprempren yi de, ayɛ nea emu da hɔ ma nnipa pii sɛ, sɛnea ɔhaw ahorow a ɛrehyia yɛn nnɛ no te no yɛ nea ɛboro nea ɔman biako bi, anaa mpo aman ahorow bi a wɔaka wɔn ho abom betumi adi ho dwuma. Tumidifo ne afoforo pii a wɔka ho ahu sɛ ɔkwan koro pɛ a wobetumi afa so adi adesamma ɔhaw ahorow a ano yɛ den no ho dwuma ne sɛ aman ahorow no de wɔn ho bɛma anaasɛ anyɛ yiye koraa no wɔbɛbrɛ wɔn ankorankoro tumidi ahorow no ase ahyɛ wiase anaa nniso biako ase.

Arnold Toynbee, Britaniani abakɔsɛm kyerɛwfo a wagye din no kaa no mpɛn pii wɔ ne nhoma A Study of History a ɛyɛ apo 12 ne nhoma afoforo mu sɛ adesamma daakye wɔ “Wiase a ayɛ biako wɔ amanyɛkuw biako tumidi ase” a wɔbɛhyehyɛ, ne “nnipa ahorow nyinaa a wɔaka wɔn abom a wɔwɔ nniso biako a ɛno na ankorankoro biara a ɔwɔ kuw no mu de ne ho bɛma.” Ohui nso sɛ nhyehyɛe a ɛte sɛɛ ne ɔkwan koro pɛ a wɔnam so betumi ayi ɔko afi hɔ. Ɔkae sɛ, “Egye aman ahorow na wɔne wɔn ho wɔn ho adi ako, na anyɛ yiye koraa no egye aman abien na wɔatumi ako.” “Ɔman nni hɔ a, ɔko nni hɔ.”

Ɛwom sɛ wɔkasa tiaa Toynbee adwene a onyae mfirihyia aduonu anum a atwam ni no sɛ ɛyɛ nsusuwii a ɛrentumi nyɛ yiye de, nanso efi saa bere no wɔate nnipa pii a wɔka asɛm koro no ara. Sɛ nhwɛso no, Aurelio Peccei a ɔtew Club of Rome no se nnɛyi amammui nhyehyɛe a ankorankoro aman pere wɔn tumidi ho no nyɛ nea “ehinhim, enni mu, ne bere atwam” nko, na mmom ɛne “nnɛyi nokwasɛm ahorow nhyia” nso. Ɛwom sɛ na ɔrenka wiase nyinaa nniso ho asɛm de, nanso ɔte nka sɛ wiase nyinaa nhyehyɛe foforo ho hia na wɔde agye adesamma afi wɔn mprempren ɔhaw ahorow no mu. Ɔde ka ho sɛ: “Sɛ mote po so hyɛn a ɛremmem mu a, ɛsɛ sɛ biakoyɛ ba nnipa a wɔyɛ hyɛn no mu adwuma ne akwantufo no ntam, anyɛ saa a, basabasayɛ bɛsɔre na mo nyinaa bewuwu.”

Adwene ne nhumu a ɛwɔ nsɛm a ɛte sɛɛ mu no da adi pefee. Nanso ɛma asemmisa no sɔre sɛ: Ɔkwan bɛn so na wiase nyinaa nhyehyɛe, anaa nniso a ɛte sɛɛ nam bɛba? Nokwarem no, hena na ɔfata sɛ ɔyɛ ne sodifo na wagye adesamma afi wɔn ho a wɔrebɛsɛe no mu?

Anidaso Fibea

Bɛyɛ sɛ mfirihyia 3,000 a atwam ni no, ɔhene nyansafo a ne ho akokwaw bi kae wɔ nea ɛrebɛn ne mfirihyia 40 tumidi a ɛkɔɔ so yiye no awiei mu sɛ:

“[Yehowa] na kɛseyɛ ne mmaninyɛ ne anuonyam ne nidi ne aseda wɔ wo, na nea ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa wɔ wo, Wo nko [Yehowa], na ahenni wɔ wo, na wo na woama wo ho so di ade nyinaa so ti. Na ahonya ne anuonyam fi w’anim, na wo na wudi ade nyinaa so, na wo nsam na ahoɔden ne mmaninyɛ wɔ, na nnipa nyinaa kɛseyɛ ne denhyɛ wɔ wo nsam.”​—1 Beresosɛm 29:11, 12.

Bere a ɔreka asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no, Ɔhene Dawid a na ɔwɔ tete Israel no huu nea amammuifo rehwehwɛ no​—tumi biako a ɛyɛ den na ɛyɛ kɛse, na ɛwɔ anuonyam ne nidi, na bere koro no ara mu nso ‘etumi yɛ kɛse na ɛde denhyɛ ma nnipa nyinaa’ a wɔyɛ ne nkoa. Nanso asemmisa a ɛho hia titiriw ma yɛn ne sɛ ebia Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn, Yehowa, no ankasa ani gye adesamma nsɛm ho sɛ ɔbɛpɛ sɛ odi yɛn so. Ne mmuae a ɔde ma denam odiyifo Daniel so ni:

“Na ahene no nna [ankorankoro aman nniso a wɔwɔ asase so a wodi aperepere wɔ awiei bere yi mu] no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asa, na ɛno de, ebegyina daa.”​—Daniel 2:44.

Yiw, Onyankopɔn Ahenni no bɛba abegye adesamma. Daakye pa ma adesamma wɔ yɛn anim pɛɛ.

Eyi nyɛ nneɛma pa ho dae bi ara kwa a wɔsõ anaasɛ biribi a nnipa a wɔwɔ tebea a emu yɛ den mu yɛ ho mfonini wɔ wɔn adwene mu. Efisɛ wɔ n’Asɛm, Bible no mu no, Onyankopɔn ada sɛnea obeyi adesamma ɔhaw ahorow no afi hɔ no adi pefee.

Asomdwoe ne ahotɔ bɛba, ɛnyɛ nea ɛnam akodeyɛ ho akansi so, na mmom denam akode nyinaa a wobeyi afi hɔ so. “Ɔma akodi gyae kosi asase ano,” saa na Bible no ka. Na ɔkwan bɛn so? “Obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew teaseɛnam.” (Dwom 46:9) Nea Amanaman Nkabom ahyehyɛde no ka sɛ ebetumi ayɛ a ɛne sɛ, “wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio” no, yɛ nea ɛbɛbam wɔ Onyankopɔn Ahenni no trenee ne asomdwoe nniso no nkutoo ase.​—Yesaia 2:4.

Wiase a emu tew na emu nyɛ hu, nea efĩ ne ɔyare ahorow nnim ne nea ebefi Onyankopɔn Ahenni nniso wɔ asase so no mu aba. Ɛho renhia sɛ adesamma gyaw asase yi na wɔkɔ ahunmu kɔhwehwɛ tebea a ɛte saa a wɔbɛtra mu. Onyankopɔn bɛma nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔsɛe no aba awiei denam ‘wɔn a wɔsɛe asase no a ɔbɛsɛe wɔn’ no so. (Adiyisɛm 11:18) Afei wɔbɛma Ahenni no mma no kwan ma wɔadi Onyankopɔn mfitiase ahyɛde a ɛne sɛ wɔnhyɛ asase so ma na wɔnhwɛ wura ne mmoa a ɛwɔ so so no ho dwuma (Genesis 1:28) Asase bɛyɛ adesamma fie a ɛwɔ hɔ daa​—Paradise.

Asomdwoe ne ahofadi bɛyɛ ade a obiara a ɔwɔ saa Paradise asase a wɔatew so no so no nsa bɛka. Eyi remma denam gyinapɛn ahorow nyinaa a wobegyaa mu anaasɛ denam “yɛ w’ankasa ade” nsusuwii a wobedi akyi no so. Mmara pa a agye din yiye​—“Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara”​—no bɛyɛ da biara da abrabɔ mmara. Obiara bɛba abehu sɛ, ampa, ‘ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.’​—Mateo 7:12; Asomafo no Nnwuma 20:35.

Wɔ yɛn nhwehwɛmu tiaa wɔ nsɛm a ɛfa daakye ho no mu no, yɛahu sɛ wɔ mfe pii mu no, nyansahufo, abakɔsɛm akyerɛwfo ne afoforo bɔ kɔkɔ sɛ adeyɛ a egye ntɛmpɛ ho hia na wɔde asiw awiei a ɛyɛ hu a ɛbɛba anibuei, sɛnea yenim no nnɛ so, no ano. Yɛahu nso sɛ, sɛnea wɔtaa yɛ no, wɔabu wɔn ani agu kɔkɔbɔ ahorow a ɛte sɛɛ so, a nea ɛde aba ne nneɛma ahorow a ama kɔ a adesamma bɛkɔ so atra ase ho aba asɛm kɛse no, a wɔnnka daakye a eye ho asɛm mpo.

Yɛ Ho Biribi Mprempren na Woanya Daakye Pa

Wɔ ɔkwan foforo so no, wohu wiase abusua foforo bi sɛ sɛe a adesamma bɛsɛe wɔn ho ananmu. Bere a abenfo no ho akyere wɔn na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔde nhyehyɛe pa bi bɛba no, bere tenteenten ansa na adesamma rebehu ɔhaw ahorow no mpo no, na Yehowa Nyankopɔn ada akwan a ɔbɛfa so ama asase no asan ayɛ Paradise wɔ nniso biako a ɛteɛ, n’Ahenni no ase adi pefee.

Wɔ nea ɛboro mfirihyia 100 mu no, Yehowa Adansefo adan adwene akɔ Onyankopɔn Ahenni no so sɛ adesamma anidaso koro pɛ ma daakye pa. Yɛwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛboa wo, yɛn ɔkenkanfo, ma woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ mprempren na woanya saa daakye a ɛyɛ anigye no ama wo ho ne w’adɔfo.

[Kratafa 23 adaka]

“Na wɔn a wahyira wɔn na ebedi asase no, na wɔn a wabɔ wɔn dua no, wobeyi wɔn hɔ. [Yehowa] na ɔde onipa anammɔn sisi yiye, na ne kwan sɔ n’ani, sɛ ɔhwe ase a, ɔremmea fam koraa, efisɛ [Yehowa] kura ne nsam. Mayɛ abofra, na afei mabɔ akora, nanso minhuu onipa trenee a wɔapa no anaasɛ n’asefo srɛ aduan. Ohu mmɔbɔ daa, na ɔde fɛm, na n’asefo nso yɛ nhyira.”​—Dwom 37:22-26.

[Pictures on page 22, 23]

So SƐƐ na daakye no bɛyɛ anaasɛ . . .

. . . ɛbɛyɛ SƐƐ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena