Mmofra Bisa Sɛ. . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi Ne Afoforo Abɔ?
“SO MO mu bi te nka sɛ ɔne afoforo ntumi mmɔ?” saa na Robert Conklin a ɔyɛ nhoma kyerɛwfo ne nhwehwɛmufo wɔ nnipa nkitahodi ho nsɛm mu no bisa. Nanso, ɔntaa nya obi a ɔka sɛ Yiw. Nanso nnipa 1,000 a ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkyerɛ nea ɛde wɔn abufuw abiɛsa a emu yɛ den sen biara bae no, wɔn mu 998 kyerɛe sɛ abufuw a emu yɛ den sen biara a wɔanya wɔ wɔn asetra mu no yɛ nea nnipa afoforo na wɔma ɛbae.
Conklin de baa awiei sɛ wɔ nokware mu ankasa no, saa nnipa yi reka sɛ: “Mete nka sɛ me ne wo tumi bɔ yiye a asɛm biara nni ho kosi sɛ wobɛyɛ biribi a mempɛ. Afei me ne wo mmɔ bio wɔ me mu. Me bo fuw, ɛhaw me, meyɛ basaa.”
So saa na ɛtɔ bere bi a wote nka wɔ nnipa a wunim wɔn no ho? Nkate horow a ɛte sɛɛ—sɛ́ ɛyɛ nea woda no adi anaasɛ wode hyɛ wo mu no—yɛ nea ebetumi asɛe wo ne afoforo abusuabɔ a asomdwoe wom. Nanso asetra a atirimpɔw wom na edi mu gyina afoforo a wɔne wɔn tumi bɔ yiye so.
Nanso ɔkwan pa a wubetumi afa so na ama wo ne afoforo ntam abusuabɔ ayɛ yiye no bi ne nea ɛwɔ he?
Wo ne Afoforo Nni Nkitaho
Nya ɔpɛ sɛ wo ne afoforo bɛkasa! Nkitahodi pa de abusuabɔ a emu yɛ den ba. Sɛ yɛne afoforo betumi abɔ a, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ ɛnyɛ yɛn nkate ahorow nko ho asɛm na yɛbɛka,’ na mmom sɛ́ yebetie nso.
Nhwɛso titiriw biako da bo a tie a yebetie som no adi. Bere bi Yesu Kristo hyiaa Samariani bea bi wɔ asubura bi ho na ɔne no bɔɔ nkɔmmɔ. Srɛ a ɔsrɛɛ no sɛ, “Ma me bi mennom!” no na efii saa nkɔmmɔbɔ no ase. (Yohane 4:5-26) Yesu yɛɛ komm tiee n’adwene. Eyi maa Samariani bea no ani gyee ne ho kɛse. Yesu ne no dii nkitaho. Ná onim sɛnea wotie asɛm ne sɛnea wɔkasa nso. Robert Conklin kyerɛwee sɛ: “Wɔ nneyɛe ahorow nyinaa a ebetumi ama onipa foforo ate nka sɛ ne ho wɔ mfaso na ɔfata mu no, emu biara nni hɔ a ɛho hia kɛse sen tie a wubetie obi a ɔrekasa yiye.”
Nkitahodi boa wo nso ma wo ne w’awofo tumi bɔ. Mpɛn pii fie betumi adan ntɔkwaw nkutoo. Nanso Don a wadi mfirihyia 17 no se: “Me ne m’awofo kã yiye efisɛ yedi nokware na yɛne yɛn ho yɛn ho kasa.” Nanso so kasa a wone afoforo bɛkasa no kyerɛ sɛ wubetumi aka nsɛm a ɛmfata anaa wobɛkasa abufuw so? “Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wom, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara,” afotu a Bible de ma nen. So saa afotu yi ye ankasa?—Kolosefo 4:6.
Wiɛ, sɛ wo kasa yɛ nea “nkyene wom” a, ɛyɛ nea wogye tom kɛse. Sɛ nhwɛso no, sɛ na wo bo afuw obi mpo a, nsonsonoe kɛse da sɛ́ wode abufuw bɛka sɛ: “Wohyɛ me abufuw!” ne sɛ wobɛka no brɛoo sɛ: “Nea woka kyerɛɛ me nnɛra bere a na yɛapɔn sukuu no haw me” no ntam. Nsɛm yi mu nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ wobegye atom na nneɛma pa afi mu aba?
Nanso, nea ɛho hia nso wɔ afoforo a wo ne wɔn bɛbɔ mu ne hu a wubehu bere a ɛsɛ sɛ wode ka biribi. Salomo, ɔhene nyansafo a na odi tete Israel so de “asɛm a wɔka wɔ bere a ɛsɛ mu’ totoo “sika aduaba wɔ dwetɛ kyerɛnkyɛ mu” ho. (Mmebusɛm 25:11, NW) Sika aduaba a odwumfo ayɛ a wɔde dwetɛ atwa ho ahyia yɛ ahode a na ɛsom bo kɛse wɔ tete Israel—saa ara nso na hu a wubehu bere a ɛsɛ sɛ wokasa ne bere a ɛnsɛ sɛ wokasa no som bo. Nsɛm a eye a woka no ɔkwan pa so ne wɔ bere a eye mu yɛ wo ne afoforo ntam nkitahodi pa nhyɛase.
Gye Papa a Ɛwɔ Afoforo Mu no Tom
Wote nka dɛn bere a afoforo kamfo wo nokware mu wɔ wo nipasu, nneɛma ahorow a wobɔ mu mmɔden, ne ade, ho no? So w’ani nnye ho? Ɛwom sɛ adɛfɛdɛfɛsɛm—nkamfo a ɛnyɛ nokware anaa ɛtra so—betumi ayɛ ahi de, nanso nkamfo a ɛyɛ nokware betumi ayɛ pii de ama nkitahodi a emu yɛ den anya nkɔso.
“Ebia ɛbɛyɛ nea yɛrensusuw yɛn ankasa ho kɛse, yɛrensusuw yɛn su pa ahorow no ho,” saa na Tim kae. Nanso bere a saa aberante yi regye tumi a nkamfo a ɛyɛ nokware wɔ sɛ ɛtwe obi bɛn ɔfoforo ho no atom no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ́ obi bɛka asɛm a eye wɔ wo ho yɛ nea mfaso wɔ so, na m’ani gye sɛ me ne nnipa a wɔte saa bɛbɔ.” So wonte nka saa?
Ná Yesu nim eyi na ogyee papa a ɛwɔ afoforo mu no toom. Ɔka kyerɛɛ Natanael a akyiri yi ɔbɛyɛɛ n’asomafo no mu biako no sɛ, “Hwɛ, nokware Israelni a nnaadaa nni ne mu ni!” (Yohane 1:47) Yesu kaa saa asɛm yi bere a akyinnye biara nni ho sɛ wate animtiaa a Natanael buu kurow a na Yesu fi mu no: “So biribi pa bi betumi afi Nasaret da?” (Yohane 1:46) Sɛ́ anka ɛbɛhaw no mmom no, Yesu twee adwene sii Natanael su horow a ɛda nsow no so. Adamfofa a emu yɛ den dii akyi.
Te sɛ Yesu no, so wubu w’ani gu mfomso nketenkete so na wohwehwɛ su pa ahorow a ɛwɔ afoforo mu no? ‘Nanso nnipa binom ma nneɛma haw me! Ɛmfa ho sɛ mmɔden bɛn ara na wobɔ sɛ wobɛtew w’anim no, wɔma wo bo fuw!’ saa na pii ka. Ampa, nkurɔfo wɔ wɔn mfomso ahorow. Nanso, sɛ́ wubetumi ne afoforo akɔ so anya abusuabɔ a asomdwoe wom no da so ara yɛ nea egyina hu a wubehu su a ɛho hia titiriw na ama woatumi ne afoforo abɔ no so nso. Saa su no ne ntease.
Nya Ntease
Wobɛyɛ wo ade dɛn, sɛ ebia wode kar retwam na wuhu aberante bi a wama ne nsa so regyina wo. Nanso woannyina. Mpofirim ara aberante no tow ɔbo bɔ wo kar no mu. Wugyina, wufi kar no mu na wokɔ faako a ɔwɔ no.
Nneɛma pii ba w’adwene mu: Ɛsɛ sɛ otua nneɛma a wasɛe no no ka. Dɛn nti na nkurɔfo pɛ nsɛmmɔnedi saa? Merentumi mma ɔmfa ne ho nni wɔ eyi ho. Wobɛn no na wuhu obi a ɔresu a wayɛ basaa gyina w’anim. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ, ‘Ná ɛsɛ sɛ meyɛ ma wugyina.’
Afei wɔ ne nkyɛn pɛɛ na wuhu aberante foforo a wapira kɛse sɛ ɔda wura no mu a ohia mmoa. Afei wuhu sɛnea asɛm no te nyinaa na wunya nkate soronko wɔ aberante a ogyina wo nkyɛn no ho. Yiw, wo te ase!
Nsɛm a emu yɛ den, ne ɛtɔ bere bi a, ɔhaw ahorow a anidaso biara nnim ka nnipa pii. Afoforo nni ahotɔ wɔ nkate mu na ebia eyi fi sɛnea wɔtetee wɔn anaasɛ abusua a enye mu tebea horow. Ebia afoforo nso bɛte nhyɛso a emu yɛ den nka a Bible no mpo ka sɛ ebetumi ‘abɔ onyansafo dam’ no. (Ɔsɛnkafo 7:7) Ebia eyinom nyinaa na ɛma wɔyɛ ade a ɛyɛ abufuw na ɛma wɔka nsɛm a wonu wɔn ho wɔ ho akyiri yi no. So wubetumi de nneɛma ahorow a ɛte saa no afiri na woabu w’ani agu so?—Mmebusɛm 19:11.
Ntease betumi aboa yɛn ma yɛahwehwɛ nsemmisa yi ho mmuae: Dɛn nti na ɔyɛ n’ade wɔ saa kwan no so? anaasɛ, Dɛn nti na ontie na onsusuw nneɛma ho? Sɛ́ yɛremfa ahopere nya afoforo ho adwene bi no ma ntease nya nkɔso. Eyi ne biribi a Scotlandni bi a wadi mfirihyia 27 asua. Ɔpaee mu kae sɛ: “Ná mewɔ su a ɛne sɛ mitumi nya obi ho adwene wɔ asɛntiaa anaa akasakasa bi a ebesi mu. Mema eyi ka sɛnea meyɛ m’ade ne sɛnea mete nka wɔ saa onipa no ho.” Nanso, ɔsesae na ohui sɛ obetumi ne afoforo abɔ yiye. Ɔde kaa ho sɛ: “Afei de mahu sɛ eye sɛ merenni kan mmu obi atɛn na mmom sɛ mɛma bere bi atwam na ama mahu onipa mũ no nyinaa. Mebɔ mmɔden sɛ mɛte nea enti a ɔyɛɛ n’ade saa no ase.”
Ɛwom, mmere bi wɔ hɔ a worenna ntease a ɛho hia no adi. Ebia ɛnyɛ bere nyinaa na wobɛyɛ onipa a ɔwɔ nhumu a “ne honhom dwo.” (Mmebusɛm 17:27) Sɛ eyi ba saa a, so wunhui sɛ ɛyɛ nea ɛho hia sɛ woka biribi kyerɛ obi a ɔbɛn wo a woahaw no no, sɛ ebia wobɛka sɛ, ‘Ɛyɛ me yaw, mepa wo kyɛw, mante ase’ anaa?
Enti di nneɛma a ɛbɛma wo ne afoforo anya abusuabɔ pa akyi. Sua nkitahodi. Ma afoforo nhu sɛ w’ani sɔ su horow a eye a wɔwɔ no. Bɔ mmɔden sɛ wubehu nea enti a afoforo yɛ nneɛma ahorow na bɔ mmɔden sɛ wobɛte ase. Nnyinasosɛm ahorow yi a wode bedi dwuma wɔ w’asetra mu no betumi ayɛ nea nhyira kɛse wɔ so ma wo ne wɔn a wo ne wɔn bɔ no.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
Hu a wubehu bere a ɛsɛ sɛ wode kasa yɛ afoforo a wo ne wɔn benya abusuabɔ pa nhyɛase
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]
“Mmere bi wɔ hɔ a worentumi nna ntease a ehia no adi”
[Kratafa 13 mfoni]
Hwɛ nea ɛsen nneyɛe na bɔ mmɔden sɛ wubenya ntease