Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 5/8 kr. 21-23
  • Daakye Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ Ma Yɛn Mu Biara?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Daakye Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ Ma Yɛn Mu Biara?
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti Na Basabasayɛ Pii Wɔ Hɔ Saa?
  • Nea Wɔde Si Atuatew Ananmu
  • Yɛn Daakye Bɛyɛ Dɛn?
    Nyan!—1983
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Mmofra
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Gyidi Ne Wo Daakye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Mmabunbere a Wobɛma Ayɛ Nea Mfaso Wɔ So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 5/8 kr. 21-23

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Daakye Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ Ma Yɛn Mu Biara?

NANSA YI, mmofra a wɔwɔ Europa ho nsɛm apue amanneɛbɔ ho nsɛm ahorow mu. Mmofra a wɔyɛ basabasa asɛe nneɛma a ne bo som Amerika sika dɔla ɔpepem 2.5 wɔ Ɔhemmea Beatrix aguabɔbea wɔ Netherlands. Basabasayɛfo sɛee nneɛma a ne bo reyɛ adu Amerika sika dɔla ɔpepem 5 wɔ Zurich. Amanneɛbɔ wɔ Berlin kyerɛ sɛ wɔredan beae a wodi gua a agye din kɛse a wɔfrɛ no Kurfurstendamm no “beae a wodi ako.” Wɔ Great Britain no, mmofra a wɔyɛ aborɔfo sɔre hyɛɛ nnipa afoforo a ɛsono wɔn honam ani hwɛbea akuw a wɔnnɔɔso no.

Adwene bɛn nti na wɔyɛɛ saa? Obi a ɔka basabasayɛfo no ho kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ London Financial Times sɛ: “Basabasayɛ ne ɔkwan koro pɛ a yɛbɛfa so ama nkurɔfo ate mfomso ahorow a wɔadi no ase. Wɔahyɛ yɛn bɔ ahorow pii nanso ɛnyɛ yiye da. Nea aka ne sɛ yɛbɛsɛe nneɛma ahorow.” “Mfomso ahorow” bɛn na na ɔreka ho asɛm no?

Wɔ Netherlands no, ɔdan ho asɛm a ɛyɛ den no na wɔde fii ase. Adan a ne bo nkɔ soro pii ho yɛ den yiye wɔ hɔ, enti mmofra a wonni afie a wɔte mu kuw bi tu kɔɔ adan bi a obiara nte mu mu na wɔde hɔ yɛɛ wɔn atrae. Nanso na ɛno yɛ mfiase ara kwa. “Yɛde adan ho asɛm na efii ase. Nanso ankyɛ na yehui sɛ ɔman mũ no nyinaa asɛe,” saa na aberante bi ka kyerɛɛ Time nsɛmma nhoma no akyerɛwfo

“Mfomso” afoforo nso wɔ hɔ​—sɛ nhwɛso no, adwuma a wonnya nyɛ. Wɔ Europa kuw Common Market no mu no, nnipa a wɔnyɛ adwuma no ɔha mu 40 yɛ wɔn a wonnii mfe aduonu anum. Nuklea akode ho ahunahuna no nso yɛ ‘mfomso’ foforo. Wɔ Europa no wohu mmofra a wɔreyɛ ɔyɛkyerɛ akɛseakɛse de atia atomik akode ahorow. Ɛwom sɛ ɛtɔ bere bi a ɛte sɛnea ntease nni basabasayɛ no mu mma obi a ɔwɔ akyiri de. Kratawa bi kae sɛ: “Zurich da ogya mu. Nkurɔfo rebisa sɛ, ‘Dɛn nti na Zurich a ɛhɔ tew, Zurich a ɛhɔ yɛ komm no?’ Ɛho mmuae a yɛwɔ ara ne sɛ bere adu sɛ eyi ba.” Wɔn a wɔyɛ basabasa no mu biako ka kyerɛɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo bi wɔ Zurich sɛ: “Biribiara yɛ pɛ, biribiara rekɔ so wɔ asomdwoe mu, obiara yɛ ɔdefo. Ɛma yɛn bo fuw.”

Ano aduru afoforo bɛn na mmofra a wɔyɛ basabasa no wɔ a wɔde ma? Ebinom kura adwene horow a ano yɛ den na ɛyɛ katee. Sɛnea World Press Review kyerɛ no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi wɔ Germany daa no adi sɛ anyɛ yiye koraa no adesuafo ɔpepem biako yɛ wɔn a wɔpɛ nsakrae wɔ wɔn amammerɛ mu​—sɛ ɛbɛyɛ yiye a nea ɛte sɛ North America Indiafo mmusua horow de no. Obi a wadi mfe aduonu kae sɛ: “Yɛpɛ yɛn de a ɛyɛ soronko. Na wɔn a wɔhwɛ anantwi no nso betumi atra wɔn baabi.”

Nanso, nea ɛhaw adwene kɛse no, atuatewfo no pii nni tebea horow no ano aduru foforo biara a wɔde ma. Wɔko tia asetra kwan a ɛwɔ hɔ nnɛ wɔ Europa aman horow so no ara kwa. Nkyerɛwee a ogu afasu no ho wɔ West Berlin da nhyɛso adwene bi adi: “Wo ankasa, ɛnyɛ ɔman.” Wɔte nka sɛ nneɛma nkɔ yiye nanso wonni ɔkwan a wɔbɛfa so ama nneɛma ayɛ yiye ho adwene biara.

Dɛn Nti Na Basabasayɛ Pii Wɔ Hɔ Saa?

So mmuae no betumi ayɛ nea ɛwɔ nnyinasosɛm ahorow abien a wobu wɔ Bible mu no mu anaa? Nnyinasosɛm bɛn? Nea edi kan no yɛ nea Yesu ankasa na ɔkae: “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi [Yehowa] anom so.” (Mateo 4:4) Nea ɛto so abien no wɔ Mmebusɛm nhoma no mu: “Anisoadehu nni hɔ a, ɔman yɛ bisibasaa.” (Mmebusɛm 29:18) So wutumi hu sɛnea saa nnyinasosɛm ahorow yi kura nneɛma a ɛhaw mmofra nnɛ no ano aduru no?

Yesu asɛm no kyerɛ sɛ onipa wɔ honhom fam ne honam fam ahiade ahorow. Efi wiase ko a etwa to no so no, aman binom a wɔwɔ Apuei fam Europa ayɛ aman a wodi yiye wɔ honam fam a wɔka aman a wɔadi yiye sen biara wɔ wiase abakɔsɛm mu no ho. Nanso, Europafo pii mfa wɔn adwene nsi honhom mu ahiade so kɛse. Enti, mprempren a wɔmfa ahobammɔ wɔ honam fam nneɛma mu nyɛ hwee no, nnipa pii hu sɛ ɛyɛ nea mfaso biara nni so.

Bible mu abebusɛm no kyerɛ sɛ yehia “anisoadehu,” anaasɛ nhumu​—faako a yɛrekɔ ho adwene a emu da hɔ. Esiane adwuma a wonnya nyɛ, efĩ a mfiridwuma de ba, nuklea akodi ho ahunahuna, sikasɛm a ɛreyɛ basaa ne ade nti, daakye yɛ nea aduru sum ama mmofra pii. Asetra ho ɔbenfo bi a ɔwɔ Germany kae sɛ: “Nnɛyi mmofra da ehu ne ahoyeraw adi a efi daakye ho anidaso biara a wonni nti.” Wiase no rentumi mma wɔn nsa nka “anisoadehu” a wohia no. So obi wɔ hɔ a obetumi?

Nea Wɔde Si Atuatew Ananmu

Yiw, obi wɔ hɔ. Susuw aberante ne ababaa bi a wɔyɛ awarefo osuahu no ho. Mfiase no na Buz ne Becky ne nnipa afoforo pii na wɔte faako, nanso nsɛmmɔnedi, basabasayɛ ne nneɛma afoforo a ɛyɛ ahobow a wɔkenkan ho nsɛm no maa wɔn ho dwiriw wɔn. Enti ɛma wɔtwee wɔn ho.

Wɔtɔn wɔn fie na wɔfaa wɔn babea a wadi mfirihyia abien no na wɔkɔtraa asraafo ntamadan mu wɔ ɔman no fã baabi. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn asetra ayɛ nea ɛba fam koraa a na wɔte nka sɛ wɔ saa kwan yi so no na wɔremfa wɔn ho nhyɛ wiase a wɔresɛe no no mu. Nanso wohui sɛ mmɔden kakraa a wɔn nkutoo bɔe no amfa nsakrae biara amma. Da bi, wɔhwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim na wɔkae sɛ: “Onipa nnsusuw ho. Asase no rebɛsɛe, na ɛbɛyɛ nea daakye biara nni hɔ mma yɛn mma.” Saa anadwo no Becky yɛɛ basaa wɔ ne mpa so a na ontumi nna. Ná onim sɛ daakye biara nni hɔ. Awiei koraa no efĩ a ɛwɔ mframa anaa nneɛma a ɛtete saa mu anaasɛ biribi foforo bekunkum nnipa nyinaa.

Nanso, wonyaa ano aduru. Ná ɛnyɛ basabasayɛ na mmom biribi a eye kyɛn so. Wonyaa anidaso. Ɛyɛɛ dɛn? Yehowa Adansefo baa wɔn nkyɛn na wɔma wohuu biribi a na wonsusuw ho pɛn. Onyankopɔn wɔ atirimpɔw ma asase yi, na saa atirimpɔw no bɛbam a ɛmfa ho sɛ dɛn ara na onipa yɛ. Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔasɛe asase no,’ nanso ɔde daakye a akomatɔyam wom bɛbrɛ wɔn a wɔma wɔn asetra ne ɔkwan a ɔfa so yɛ nneɛma hyia no. (Adiyisɛm 11:18) Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ nuklea akode ahorow a wɔde di dwuma anaasɛ wɔn a wɔyɛ nnwuma akɛseakɛse no na wobenya nkwa na mmom nnipa a wɔwɔ asase so a wodwo no nkutoo: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne trabere a, na onni hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”​—Dwom 37:10, 11.

Ná saa anidaso yi fi Onyankopɔn nkyɛn ankasa efisɛ Yehowa Adansefo no kyerɛɛ wɔn wɔ Bible, a ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm no mu. Ɛma wonyaa nea na wohia wɔ asetra mu no. Wohui sɛ saa anidaso yi nyɛ nnaadaa bi ara kwa​—biribi a wɔde ho to so de guan fi nokware ho; dabi, eyi yɛ paara. Mmofra afoforo ahu ade koro no ara.

Tony a onnii mfirihyia aduonu a ofi Oregon, USA, no kae sɛ: “Nea na ɛyɛ su mu nsakrae a ɛho hia titiriw wɔ me fam ne hu a mibehui sɛ Bible no yɛ nokware no, na ná yɛ a mɛyɛ Onyankopɔn apɛde ne anidaso koro pɛ ma me.” Abofra bi a ofi Central America a wɔfrɛ no Mario tee nka bere bi sɛ sɛnea tebea no ayɛ no gye sɛ owia ade ansa na watumi atra ase. Wɔkyerɛɛ no anidaso yi wɔ Bible mu na afei ose: “Mprempren a me ne me Bɔfo no anya saa abusuabɔ yi, mitumi hu sɛ nea wiase no wɔ a ɛde bɛma nyinaa yɛ nwura dodow.”

Enti, biribi a wobetumi de asi basabasayɛ anaa twe a wɔtwe wɔn ho ananmu wɔ hɔ. Onyankopɔn ama yɛn anidaso a ɛyɛ nwonwa na ɛyɛ nokware, ntease wom, na ɛbɛyɛ hɔ nso. Dɛn nti na wo ankasa wonhwehwɛ mu nhwɛ? Ebia ɛbɛyɛ nea worehwehwɛ no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena