Mmofra Bisa Sɛ. . .
Sɛ Dwom No Si A, Yɛyɛ Dɛn Di Ɔhaw Ahorow No Ho Dwuma?
NÁ SUKUU da foforo aba awiei. Afei de, Susan a na ɛyɛ no dɛ no, betumi akɔ fie, na ne nkutoo akɔhyɛ ne dan mu abɔ nnwom na wama ne werɛ afi biribiara!
So eyi yɛ asɛm bi a ɛfa wo ho? Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Berlin ne Hamburg, Germany, a ɛfa mmofra ani a egye nnwom ho, daa no adi sɛ, wɔde fi dɔnhwerew biako ne fã kosi abiɛsa tie nnwom dabiara. Edu biara mu baasia de nnwom a ano yɛ den ne pop nnwom di nea wɔpɛ no kan. Dɛn nti na wɔn mu dodow no ara ani gye nnwom a ɛte sɛɛ ho?
Mmofra a wobisabisa wɔn nsɛm kae sɛ, ɛyɛ esiane di a wiase a atwa wɔn ho ahyia no adi wɔn huammɔ ne pɛ a wɔpɛ sɛ woyi wɔn adwene fi wɔn haw ahorow no so ntia. Na eyi te saa titiriw wɔ Susan fam. Akyerɛkyerɛfo afotu, sukuu adwuma ne sɔhwɛ ahorow yɛ nea ne werɛ fi ne nyinaa wɔ nnwom a edi kan no mu. Nea ne werɛ taa fi nso ne ofie nnwuma ne sukuu dwumadi a ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ fie no.
Ná Susan ne n’awofo nni nkitaho pii. Ná ɔntaa nhu n’agya, ebia dapɛn awiei na n’ani twa ne so. Ne na kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “N’agya de bere pii yɛ adwuma dodo.” Na Susan ntumi nhu ankasa de. Nanso na ɔwɔ ade biako mu ahotoso: na ɛnyɛ saa aware yi bi na obenya. Ne kunu benya bere ama ɔne mmofra no, te sɛ nea ne nnwom a ɔpɛ no biako ka ho asɛm no.
Ná ɛte sɛnea ne maame a ɔno nso yɛ adwuma no ayɛ basaa bere nyinaa. Ná ɛte sɛnea bere nyinaa wabrɛ, na onni adagyew a ɔmpɛ sɛ otie obiara a ebia ɔpɛ sɛ ɔka biribi kyerɛ no no. Ɔde ahoɔhare siesie aduan a wobedi anwummere, yɛ ofie nnwuma kakra, na afei ebia ɔkɔhwɛ television anaasɛ ɔkɔda ne mpa so a wabrɛ.
Ná Susan nim mmofra afoforo pii a wɔka nsɛm ahorow fa wɔn awofo nso ho. Ɛyɛ nokware sɛ, wɔ nnansa yi mfe yi mu no, nkitahodi a ɛda awofo ne mma ntam no mu ayɛ mmerɛw kɛse. Awofo pii ntie nea wɔn mma pɛ sɛ wɔka kyerɛ wɔn bio, na mmofra pii nhwehwɛ wɔn haw ahorow ho akwankyerɛ mfi wɔn awofo hɔ bio.
Nanso, ne nyinaa mu no, mmofra hia mmoa wɔ wɔn daakye ho nsɛm mu. Wohia obi a obetumi ama wɔanya nhumu, obi a obetie wɔn bere a wɔka wɔn daakye nhyehyɛe anaasɛ huammɔdi ahorow a atwam ho nsɛm no. Esiane sɛ nnwom yɛ wɔn asetra fã titiriw nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ mpɛn pii wobu nnwontofo sɛ nnipa a ɛsɛ sɛ wodi wɔn nhwɛso akyi. Yiw, ɛtɔ bere bi mpo a wɔde wɔn yɛ anyame.
Dɛn na Pop Nnwontofo Wɔ De Mo?
Nnɛyi nnwom ahorow taa ka ehu a aka nnɛmmafo ne wɔn abasam a atu no ho asɛm. Enti mmofra a nneɛma ahorow yi haw wɔn ankasa no te nka sɛ nnipa a wɔto nnwom a ɛfa wɔn ho no te wɔn ase.
Ampa, sɛ́ wobɛka sɛnea nneɛma asɛe nnɛ no ho asɛm ara kwa—sɛ wɔyɛ eyi wɔ nnwom mu mpo a—mma nneɛma nsesa ankasa na enni ɔhaw ahorow no ho dwuma nso. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔhaw koro no ara a yɛn nyinaa nim no ka wɔn a wɔto wiase bi a ɛda adi sɛ eye ho nnwom, anaasɛ anyɛ yiye koraa, wɔsõ biribi a ɛte saa ho dae no nso.
Asetra mu nsɛm ankasa sɔ ɔbra ko a obi pɛ sɛ ɔbɔ hwɛ, na ɛma wohu sɛ ɛyɛ nea ebetumi ayɛ yiye anaasɛ dabi. Mpɛn pii ɔbra a nnwontofo bu ne ahofadi bra a ɔbrɛ biara nnim na akyea a wɔto ho nnwom no. Mpɛn pii rock nnwontofo ntumi nkari pɛ wɔ ayɔnkofa mu nkitahodi mu. Chrissie Shrimpton ka ɔne Mick Jagger, Rolling Stones kuw no muni, dɔ ho asɛm sɛ: “Ná ɛyɛ adammɔ sɛ mɛpɛ sɛ me ne ɔbarima a wɔ ɔkwan biako so no, ɔpɛ sɛ ɔyɛ obiara de, nanso wɔ ɔkwan foforo so no ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ wo de bere mpo a ɔwɔ adagyew no bɛbɔ bra.”
Wɔ nea ɛboro mfirihyia aduonu mu no na Elvis Presley yɛ odwontofo a wagye din yiye. Wɔ Presley asetra ho nsɛm nhoma mu no yɛkenkan sɛ ɛwom sɛ na ɔwɔ “adwuma a edi mu de ná onni anigye. Na ne nnamfo ankasa yɛ kakraa bi. Sɛnea na ɔtaa ka no, wɔn a wotwa ne ho hyia ne ‘wɔn a wɔn ani gye ne nnwom ho anaasɛ antɔborɔfo.’ Ná onni asomdwoe.”
N’asetra kowiee dɛn? Ne ho nsɛm nhoma no kɔ so sɛ: “Wantumi annyina ano. Ofii ase nom nnuru ahorow, nea ano yɛ den ne nea ano nyɛ den, ɔbɛyɛɛ okyinnyegyefo, na ɔnyɛ aberante a n’ani da hɔ no bio. Ná wɔn a wonim no yiye no ani da so ara gye ne ho, nanso na wɔnnɔ no bio. Na ne nkutoo na ɔte, ɛwom na ɛnyɛ baabi a atew ne ho de, na owui a na onni obiara.”
Edin a obi gye ne anuonyam nyɛ nea awiei koraa no wobetumi de asi asetra a ɛwɔ atirimpɔw na akomatɔyam wom ananmu. George Harrison a na ɔka kan Beatles kuw no ho kae sɛ: “Na akomatɔyam biara nni mu bio.”
Ebia din-gye-hunu yi ne asetra a anigye nni mu a ɛde ba no ka ho na nnwontofo a wɔagye din no bi yɛ wɔn ade saa no. Wɔasɛe ahɔhodan ahorow, wɔasɛe kar ahorow, na mpɛn pii no nkurɔfo pirapira. Nneyɛe a ɛte sɛɛ kyerɛ sɛ wɔnkari pɛ na wɔyɛ nnipa a wonnwo. Mmom no, ɛda basaa a wɔayɛ no adi.
Bere bi Mick Jagger adamfo bi kae sɛ: “Bere nyinaa na apereperedi bi kɔ so wɔ Mick mu. Na ɔmpɛ nneɛma bɔne a wɔde to ɔne Stones kuw no mufo so no. Nanso sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi agyina ano no, ɔbɛyɛɛ onipa bɔne ne obi a n’asɛm yɛ den sɛnea nsɛm ho amanneɛbɔfo kae sɛ ɔyɛ no. . . . Wɔ ɔkwan foforo so no, na osusuw wiase bi a emu dwo na nsɛmmɔnedi ne tumi ho apereperedi nnim ho bere nyinaa.”
Wiase a asomdwoe ne biakoyɛ wom a pop nnwontofo to ho nnwom no yɛ nea eye. Na ebia ɛbɛyɛ nea eye paa sɛ wɔda nea enye wɔ yɛn nnɛ wiase yi ho no adi. Nanso tebea bi ho nimdeɛ a obi wɔ nyɛ nea ɛma ɛsakra. Na ɔbra a wobu no ne wiase a emu dwo a wɔso ho dae no bɔ abira, wiase a wɔn ankasa mpo nsa ntumi nka na ato afoforo no. Ɛnkyɛ na dwom no asi, a nneɛma ahorow da so ara rehaw odwontofo no ne nea otie no nyinaa.
Nhwɛso Pa a Wobɛpow Adi Akyi
Esiane eyi nti, mmofra pii ahu sɛ, sɛ́ wɔde pop nnwontofo bɛyɛ nhwɛsofo a wɔbɛhwɛ wɔn asuasua wɔn abrabɔ no yɛ nea ɛnteɛ. Eyinom mu biako ne Germanni abarimaa a wadi mfe dunan a ɔkyerɛw nsɛm a edi so yi brɛɛ Ɔwɛn Aban Asafo no:
“Ansa na meredi mfirihyia dumien no na ɛte sɛnea nnwom nni me so tumi kɛse. Ɛwom, na mitie nnwom wɔ radio so, nanso na ne nyinaa nen. Nanso eyi sesae mpofirim ara bere a yetui na me nenabea maa me ne me nuabarima afiri a wɔde bɔ nnwom no. Na minhu nnwom ko a ɛsɛ sɛ metɔ. M’awofo kyerɛe sɛ Elvis Presley de ye, na mepenee so. Metɔɔ n’apawa no biako. Bere a mitiei no m’ani gyee ho. Mesan tɔɔ foforo. Nanso na ɛnyɛ ne nyinaa nen. Mifii ase boaboaa atesɛm nkrataa mu nsɛm a ɛfa ne ho ne ne mfonini ahorow ano. Akyiri yi metɔɔ ne mfonini akɛse no bi. Nanso na eyi da so ara yɛ ne mfiase ara kwa. Miyii me ti te sɛ Elvis de no, na mifii ase suasuaa n’akwan. Mebɔɔ mɔden sɛ mesiesie me ho sɛnea ɔyɛ no. Bere a midii mfirihyia dunan no, na dɛn na mewɔ? Anyɛ yiye koraa no, Elvis mpaawa dunum, ne mfonini ahorow, ne ho nsɛm ahorow a maboaboa ano ne ahonim bɔne.”
Dɛn nti na “ahonim bɔne”? Efisɛ ɛwom sɛ na onnyinii de, nanso saa abofra yi behui sɛ, sɛ́ wobesuasua anaasɛ wɔde onipa a ɔnyɛ pɛ bɛyɛ nyame no yɛ nea nyansa nnim na ɛkyerɛ nkogu a obi adi. Mprempren n’adwene ayɛ nea ɛkari pɛ na ɔde ne krataa no ba awiei sɛ: “Momma eyi nyɛ kɔkɔbɔ mma mmofra afoforo na wɔankɔ akyiri pii.”
Nnipa pii a abofra yi ka ho asi gyinae sɛ wobesuasua obi foforo mmom. Ɛyɛ ɔbarima bi a ɔtraa ase mfirihyia 1,900 bi a atwam ni na ɔtoo nsa frɛɛ n’atiefo sɛ “mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome” no. (Mateo 11:28) Nea ɔkaa saa asɛm no ne Yesu a ofi Nasaret no.
Abofra a ɔde obu ma Onyankopɔn Asɛm, sɛnea Yesu yɛe no, na ɔma ɛkyerɛ no kwan wɔ n’asetra mu mmɔden a ɔbɔ nyinaa mu no behu sɛ ɛde afotu a eye ma wɔ ɔkwan a wɔbɛfa so abɔ bra a anigye wom ne sɛnea wogyina asetra mu ɔhaw ahorow ano ho. Bio nso, ɛde anidaso a ɛyɛ nwonwa a ɛne sɛ da bi wobeyi ɔporɔw, basabasayɛ, nsɛmmɔnedi, nsisi ne efĩ afi asase yi so ma.
Sɛ́ wobɛpaw sɛ wubesuasua saa ɔbarima, Yesu yi, ne ne nnɛyi akyidifo no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wobɛyɛ obi a ɔnyɛ biribi mfa nnye n’ani koraa. Hwɛ Yehowa adansefo Kristofo. Wubehu sɛ wɔyɛ nnipa a wɔwɔ anigye, na wɔte sɛ afoforo ara. Wofi osuahu mu ahu sɛ afotu biara nni hɔ a eye a wobetumi de agyina asetra mu ɔhaw ahorow ano sen nea ɛwɔ Bible mu no. Wɔpɛ sɛ wɔto nsa frɛ wo na wo ankasa wohwehwɛ asɛm no mu hwɛ.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 23]
Ɛnkyɛ na dwom no asi, a nneɛma ahorow da so ara rehaw odwontofo no ne nea otie no nyinaa
[Kratafa 24 mfoni]
Wɔn nnwom no fa ehu ne abasamtu ahorow a ɛwɔ asetra mu nnɛ no ho
[Box on page 23]
“Dɛn na mede mɛhyɛ Yehowa anan mu, ne yiye a ɔyɛ me nyinaa ho? Mɛma nkwagye kuruwa so, na mabɔ Yehowa din. Mede m’aboade mɛma Yehowa, ne man nyinaa anim.”—Dwom 116:12-14.