“Twa A Mubetwa” Afe A Edi Kan Wɔ Aware Mu No
“NÁ EMU yɛ den.” Saa na nnipa pii ka wɔ afe a edi kan wɔ wɔn aware mu no ho. Aberante bi a ɔyɛ okunu kae sɛ: “Ansa na merebɛware no na misusuw sɛ me na mewɔ abusua asetra ho nimdeɛ sen obiara wɔ wiase. Ná mewɔ ahotoso sɛ mehu sɛnea wodi asɛnnennen biara ho dwuma Nanso bere a mewaree no, mihui sɛ minnim hwee.” Ne yere de ka ho sɛ: “Misui pii wɔ afe a edi kan no mu sen sɛnea mayɛ pɛn. Misusuw sɛ na ɛyɛ nhyɛso ahorow no a na minnim nea wɔhwɛ kwan ankasa.”
Bere a afe a edi kan wɔ aware mu no nyɛ nea ɛyɛ den ankasa ma awarefo nyinaa no, ɛno nkyerɛ sɛ ebia ɛbɛyɛ mmerɛw. Bible no se: “Saafo [wɔn a wɔware] no ho behia wɔn ɔhonam mu.” Anaa, sɛnea nkyerɛase foforo ka no no: “Wɔn a wɔware no bɛte ɛyaw ne awerɛhow nka.”—1 Korintofo 7:28, The New English Bible.
Aware betumi de anigye ne akomatɔyam aba, nanso egye bere—ne adwumaden. Nnipa baanu a ɛsono obiara su a ɛsɛ sɛ wɔka bom. Muhyia nhyɛso ahorow foforo, nneɛma ahorow a emu yɛ den foforo ne tebea horow foforo. Ɛnyɛ nwonwa sɛ mo afe a edi kan no mu yɛ den. Nanso, ɔhaw ahorow bɛn titiriw na nnipa baanu a wɔaware foforo hyia? So wobetumi “atwa” wɔ anigye mu? So Bible no afotu a entwam da no boa ankasa?
Hu a Obehu Wo
Bere a ayeforohyia mu anigye no aba awiei na moaworɔw ayeforohyia ntade no agu hɔ no, afei ɛka wo ne onipa no ankasa. Wunim onipa yi yiye dɛn? Yegye di sɛ mo nantew a edi aware anim no ma wuhuu no kakra. Nea ɛyɛ awerɛhow no, wɔ nantew a edi aware anim no mu no, ebinom taa ma ɔbarima ne ɔbea ntam agodi fura wɔn ani wɔ mfomso ne su ahorow a enye ho.
Nanso nneɛma kakraa bi na wubetumi ahu wɔ obi ho wɔ nantew a edi aware anim no mu. Sɛ́ wo ne obi bɛtra ne asɛm no ankasa. Ebia wo hokafo no bɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ n’ade pɛpɛɛpɛ wɔ adapɛn kakraa a edi kan no mu. Yebetumi ate ababaa a ɔyɛɛ ayeforo a oguaree mprɛnsa da koro sɛnea ɛbɛyɛ a ne kunu rensusuw sɛ ne ho bɔn no ase.
Nanso ɛrenkyɛ na woahu sɛnea wo hokafo no te ankasa: obi a odwo anaa ɔma ne ho so, obi a n’adwene sua anaa n’ani da fam, obi a ne ho tew anaa ɔyɛ oburu. Sɛ wo hokafo no su ahorow no bi ma wo ho dwiri wo a, ɛda adi sɛ ɛyɛ sɛnea wɔtetee mo mu biara ne faako a wɔyɛɛ saa no nti. Ebia ɛho behia sɛ wubu w’ani gu nneɛma ahorow bi so; su dedaw ahorow fi hɔ nkakrankakra. Ebia ebegye bere nso na wo hokafo no de ahu ofie nnwuma ahorow bi yɛ yiye. Ebia ɔdan no da so nwini; ebia na aduan no nyɛ dɛ. Nanso musua pii fa mo ho mo ho ho bere a mode nneɛma nketenkete no bi yɛ serew no.
Sɛnea asetra te nnɛ no yɛ nea ɛde ahokyere ba na ɛyɛ mmerɛw sɛ wode wo ho bɛhyɛ adeyɛ bi mu a ɛremma wo ne wo hokafo no nnya kwan nkasa. Okunu bi kae sɛ: “Na mebrɛ wɔ adwuma mu pii na na mede adwuma mu adwennwen ne ɔbrɛ no ba fie. Ná me ne me yere mmɔ nkɔmmɔ na na nea ɛka so biara mfa me ho.” Ɔfoforo kae sɛ: “Kan no sɛ meba fie a ntɛm ara na mabue TV no. Nanso misuae sɛ me ne me yere bɛtra ase na yɛabɔ nkɔmmɔ mmom.”
Yiw, egye mmɔdenbɔ na ama anigye a afi ase wɔ mo abusuabɔ no mu no akɔ so. Mommma ɛnyɛ mfonoe. Sɛ́ mode mo adwene besi nsonsonoe ahorow a ɛda mo ntam so mmom no, monhwehwɛ nneɛma a mo adwene hyia wɔ ho. Mommom nkɔ mo anim na moanya nkoso pɛ.
Nna ho Adwene Mu Nsakrae a Wɔbɛyɛ
Ɛda adi sɛ nnipa baanu a worebɛware hwɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa a wobenya kwan, sɛnea Sulemni ababaa a yɛate ne nka wɔ Bible mu no yɛe no. (Nnwom mu Dwom 1:13) Nkitahodi a ɛte sɛɛ betumi ayɛ anigye mu a wofi kyerɛ ɔdɔ ne emu “ntintan” a wɔtɔ. (Mmebusɛm 5:18, 19) Bere a pii yɛ nna ho adwene mu nsakrae yi ntɛm no, sɛ ɔbarima ne ɔbea nna yɛ nea abasamtu wom mfiase no a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ mo nwonwa. Okunu bi kaa no pen sɛ: “Ɔsram a edi kan no yɛɛ den maa yɛn baanu nyinaa. Na meyɛɛ basaa paa.”
Nsɛm ahorow a ɛte sɛɛ nyɛ nea ɛntaa nsisi. Mmea no ntaa nnya ahotɔ mfiase no wɔ nna mu. Okununom no ntaa nhu sɛ ɔbea nkate wɔ nna mu no yɛ nyaa kakra sen ɔbarima de. Esiane sɛ wonnim sɛ ɔbea hia akorɔkorɔ ne ɔdɔ nti, ebinom nsiesie wɔn yerenom mma ɔbarima ne ɔbea nna. Ahopere anaa ahosodi a wonni ma wodwudwo wɔn akɔnnɔ ano gyaw ɔbea no hɔ a wayɛ basaa. Ɛwom sɛ bere, osuahu ne boasetɔ betumi ayɛ ano aduru de, nanso ɛsɛ sɛ ahokafo baanu no mu biara bɔ mmɔden sɛ ɔbɛte ne yɔnko ahiade ahorow ne faako a n’ahoɔden kodu no ase. (1 Petro 3:7) Sɛ obiara ‘hwehwɛ nea ɛyɛ ne yɔnko de’ a, ɔbarima ne ɔbea nna rentaa nyɛ asɛm a emu yɛ den.—Fa toto 1 Korintofo 10:24 ho.
Ɔbarima ne ɔbea nna ho nimdeɛ a wonni abu so, na ebinom hu sɛ eye sɛ wobedi kan asiesie wɔn ho. Ɔyere bi a ɔyɛ ababaa kae sɛ: “Ná minni ɔhaw biara wɔ eyi fam. Ná memfɛre sɛ mesua ho ade—mekenkan ɛho nsɛm ahorow. Ná minim nea ɛsɛ sɛ mehwɛ kwan. Me kunu nso tee ase na ɔmaa nneɛma yɛɛ bɔkɔɔ koraa.” Ɛtɔ bere bi a afotu a efi nnuruyɛfo hɔ betumi aboa. Ɛsɛ sɛ mosusuw nyansahyɛ ahorow a Kristoni ɔwofo anaa adamfo a ɔyɛ ɔwarefo a ne ho akokwaw a mubetumi aka mo nsɛm akyerɛ no de ma no ho yiye. Ɔyere a yɛkaa ne ho asɛm wɔ atifi hɔ no de ka ho sɛ: “Ná me maame bɔ mmɔden yiye wɔ nneɛma ho nkyerɛkyerɛmu mu. Ná ɔka ho asɛm nyinaa kyerɛ me.”
Nanso, sɛ awarefo no ammom anni asɛyɛde ho dwuma a, ebetumi de ɔhaw aba. Sɛ nhwɛso no, sɛ awarefo si gyinae sɛ wonnya nwoo mma a, mmarima no taa te nka sɛ ɛyɛ ɔbea no adwuma sɛ obesiw nyinsɛn no ano. (“Wo na ɛyɛ w’asɛyɛde. Wo na ɛsɛ sɛ wudi ho dwuma!”) Bere a “n’asɛyɛde” yi ahyɛ ne so no, ɔbea no betumi asuro ɔbarima ne ɔbea nna. Hwɛ oye ara a eye bere a Kristoni barima gye ne fam de a ɛsɛ sɛ ɔyɛ tom, a ɔkwan ko a ebia wɔbɛpaw sɛ wɔbɛfa so abɔ awo ho ban no mfa ho, no.
Mo nkate ahorow ho asɛm a mobɛka nso ho hia yiye. Ebia ɔbarima no bɛte nka sɛ ne yere nkyerɛ ho anigye. Ebia ɔyere bɛte nka sɛ ne kunu yɛ nhyɛso. Ebinom ma eyi bɛyɛ ɔhaw. Nanso awarefo bi tu fo sɛ: “Monka ho asɛm. Ebia wubesu pii. Ebia ɛbɛma woayɛ sɛ obi a wabɔ dam mpo. Nanso monka ho asɛm!” Sɛ edu nneɛma a ɛte sɛɛ ho nsɛm so a, nkitahodi ankasa bɛma ɔdɔ ne ahotoso a mowɔ ma mo ho mo ho no anya nkɔso.
“Nimdeɛ” Twentwɛn Abufuw Ase
Ɛrenkyɛ na adwene a enhyia wɔ nneɛma ho a edi kan no aba. Ebia ɛbɛyɛ biribi ketewaa bi anaa nea emu yɛ den. Enti Bible no tu fo sɛ: “Momma wonyi anobow nyinaa ne bobɔne ne ne abufuw ne ano kurokuro ne abususɛm, ɛne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu.” (Efesofo 4:31) Ebia wobɛka sɛ: “Nanso wunnim me yere. Ɛtɔ bere bi a wurentumi ne no nsusuw nneɛma ho bɔkɔɔ, na ɛma me bo fuw!” Nanso, Mmebusɛm 19:11 tu fo sɛ: “Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuw ase.”
Sɛ nhwɛso no, mmarima ntaa nnya nkate mu nsakrae a ɛba ɔbea so esiane n’asabu nti no ho “nimdeɛ” pii. “Ne nyinaa wɔ n’adwene mu,” saa na ebinom susuw. Ebia nnɛyi mmea binom mpo begye aniberesɛm a tebea horow a ɛte sɛɛ yɛ no ho kyim. Sini ahorow ne TV ntaa nna no adi sɛ ɛka mmea kɛse saa. Nanso nnuruyɛ mu nhwehwɛmu da no adi sɛ nsakrae ahorow a ɛkɔ so wɔ nipadua no mu yi betumi aka ɔbea nipasu kɛse.
Ɔbarima bi paee mu kae sɛ: “Ná minnim sɛ mmea su tumi sesãsesã saa.” O, ohuu sɛnea ne na anaa ne nuabea yɛɛ ade abufuw so no kakra. Nanso ɔde ka ho sɛ, “wurentumi mfa onuabea ntoto ɔyere ho.” Yiw, basaa a wo yere yɛ no nyinaa yɛ nea ebia afei ɔbɛyɛ wɔ wo so. Ebia ɔbɛyɛ obi a nneɛma yɛ n’abufuw, ɔbɛyɛ katee, ɔbɛyɛ obi a ɛnkyɛ na ɔresu, na ebia ɔbɛyɛ nneɛma afoforo bebree a mmea pii yɛ no saa bere yi mu wɔ ɔsram no mu no.
Wo yere nkate ahorow ho ntease a wubenya—anaa anyɛ yiye koraa no mmɔden a wobɛbɔ sɛ wobɛte ase no—yɛ nea ebia ‘ɛbɛtwentwɛn w’abufuw ase’ sɛ ɔka asɛm bi a ɛnyɛ dɛ anaasɛ ɛyɛ yaw a. Ɔbea warefo bi kae sɛ: “Mitumi yɛ otutupɛfo ankasa wɔ ɔsram no mu saa bere no na ɛtɔ bere bi a me kunu werɛ fi nea enti a ɛte saa no. Ɛtɔ bere bi mpo a, me werɛ fi nea enti a mereyɛ saa no.” Esiane eyi nti, awarefo bi maa bere a ɔyere no de kɔ afikyiri no traa wɔn adwene mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ani bɛba wɔn ho so sɛ ɔbea no bɛyɛ basaa kakra saa bere no wɔ ɔsram no mu, na obehia ɔdɔ ne ayamye kɛse. Ɛsɛ sɛ mmea nso hu sɛ bere bi wɔ hɔ a mmarima ani gye na bere bi wɔ hɔ a nneɛma haw wɔn. “Nimdeɛ” a ɛte saa ara betumi ayɛ ade a ɛremma akasakasa mma.
Hena na Ɔhwɛ Ha?
‘Ahobrɛase’—ade a mmea pii kyi nnɛ no—ne nea Bible no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ mmea yɛ. (Efesofo 5:22-27) Yebetumi aka pii de akyerɛ sɛnea nhyehyɛe a efi Onyankopɔn hɔ yi ye ankasa, nanso eyi ankasa mma brɛ a wɔbɛbrɛ ho ase ahyɛ tiyɛ ase no nyɛ mmerɛw. Mmea binom atra ase a na wɔnhyɛ obiara ase na ebia sɛ́ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ wɔn kununom ase no bɛyɛ wɔn den. Ɔbea bi a waware foforo kae sɛ: “Mannyin pii na mewaree na me nkutoo antew me ho antra ase pii ansa na mereware. Nanso na ɛda so ara yɛ den ma me sɛ mɛbrɛ me ho ase. Ebia ɛbɛyɛ sɛ mansusuw nea sɛ́ wobɛbrɛ wo ho ase kyerɛ ankasa no ho yiye.”
Sɔre a wɔbɛsɔre atia tiyɛ mfiase no betumi ahaw okunu foforo a afei na ɔrebɔ mmɔden sɛ n’ase betim no. Dɛn na wubetumi ayɛ, sɛ wo yere nni biribi a woka ho dwuma ntɛm ara a? Ebia ɛsɛ sɛ wosan susuw ho bio. Ebia ɛyɛ biribi nti. Sɛ woda so ara susuw sɛ nea woka no teɛ a, bɔ mmɔden sɛ wo ne no bɛsan asusuw ho bio bɔkɔɔ. Na sɛ wo ne no susuw ho na ɛnyɛ yiye nso ɛ? Ɔyere bi kae sɛ: “Mfiase no, meka sɛ ‘DABI!’ Nanso minnye nni sɛ makura saa gyinaesi no mu pɛn.” Te sɛ ɔba a ɔwɔ Yesu bɛ no mu no, pii bɛpene so akyiri yi, sɛ wɔma wɔn bere ma wɔde susuw ho a.—Mateo 21:28-31.
Ɔbarima bi a ɔyɛ ɔwarefo se: “Ɛtɔ bere bi a mmarima bu wɔn ho dodo. Ampa, dodow a moware kyɛ no, dodow no ara na woma wo yere nneɛma ahorow pii ho kwan.” Ɔno, te sɛ mmarima pii no, ohuu eyi wɔ ɔkwan a ɛyɛ den so. “Mfiase no, mepɛe sɛ midi sikasɛm horow nyinaa ho dwuma. Wampɛ no saa, efisɛ na ɔyɛ obi a ne nkutoo na ɔte a ɔnhyɛ obiara ase.” Nanso bere a bere kɔɔ so no wasua sɛ obenya nea ne yere yɛ mu ahotoso. Kae, “ɔyere pa” a wɔyɛɛ ne ho mfonini wɔ Bible mu wɔ Mmebusɛm 31:10-31 no nyɛ ɔbea a onni adwene a ohia akwankyerɛ wɔ biribiara a ɔyɛ ho. Ɔyɛ obi a onim adetɔ, onim sɛnea wɔyɛ nneɛma ho nhyehyɛe, na mpo onim sɛnea wɔpɛ mfaso ankasa! Hwɛ, “ne kunu koma da no so”! Nya wo yere mu ahotoso. Ɛmfa mmara ne anohyeto ahorow a ɛho nhia nkyekyere no.
Ɔyerenom, mubetumi ama akasakasa ano abrɛ ase denam “asoɔmmerɛw” a mobɛyɛ so. (Yakobo 3:17) Monkyerɛ mo adwene wɔ nneɛma a ɛho hia ho, nanso monntwe nsɛm mu wɔ nneɛma a ɛho nhia ho. ‘Munnyiyi mo ho abufuw’ denam wo kunu gyinabea a wobɛsɔre atia no so.—Galatifo 5:26.
Ɔyerenom bi ka sɛ wɔn kununom nni anim wɔ nneɛma ho dwumadi mu, ‘wɔnnyɛ wɔn ade sɛ mmarima.’ (1 Korintofo 16:13) Okununom, so eyi te saa wɔ mo ho? Ebia faako a wufi ne ɔkwan a wɔfaa so tetee wo bɛka ho bi. Ɔbarima bi kae sɛ: “Wɔ m’abusua mu no, na me maame na ɔde akwankyerɛ ma wɔ m’asetra bere pii mu a na agya biara nni hɔ a obedi anim wɔ nneɛma mu.” Sɛnea aka me? “Ɛtɔ bere bi a mibisa me yere sɛ, ‘Dɛn na wopɛ?’ na ɔno nso bisa sɛ, ‘Dɛn na wopɛ? na mibua sɛ, ‘Nanso me na midii kan bisaa wo!’”
Sɛ mo, okununom wɔ tebea a ɛte sɛɛ a ɛne gyinae a muntumi nsi mu a, ɛsɛ sɛ mobɔ mmɔden afei sɛ mubedi anim wɔ nneɛma ho dwumadi mu. Ɔkwan bɛn so? Denam gyinae ahorow a mubesisi so. Ɛrenyɛ mmerɛw mfiase no, nanso bere a wo yere hyɛ wo nkuran na ɔboa wo no, ebetumi abɛyɛ mmerɛw ama wo. O, wobɛyɛ mfomso ahorow, nanso ɛno ye sen sɛ wode fɛre beguan afi asɛyɛde ho!
Te sɛ ɔsomafo Paulo no, fa tumi a wowɔ sɛ ti no di dwuma yiye. Sɛ́ ɔbɛyɛ nhyɛso mmom no, Paulo ‘nam Kristo dwo ne n’ayamye so’ tuu fo.—2 Korintofo 10:1; 13:10.
“Muntwa”—Na Munnya Mu Anigye!
Ebia eyinom na ɛbɛyɛ mo afe a edi kan wɔ aware mu mu ɔhaw ne anigye ahorow no. Nanso ɛnyɛ mo botae ne sɛ mubetwa ara kwa. Mufi kar asiane mu fi, nanso mopɛ sɛ munya mo aware no mu anigye. Munnya adwempa. Monnhwɛ nneɛma a ɛrentumi nyɛ yiye kwan. Momfa nneɛma no bi nyɛ serew. Hu wo hokafo no na yɛ obi a ɔte asɛm ase. Aware biara nni hɔ a asɛm nni mu. Nnipa baanu biara nni hɔ a wɔn nneɛma nyinaa behyia pɛpɛɛpɛ da. Nanso fakaa a wobɛyɛ no betumi ama nneɛma ayɛ yiye. Ma ɔdɔ a wudii kan nyae no nkɔ so, mma ano mmrɛ ase.
Ɔhene Salomo kaa no yiye sɛɛ se: “Asɛm awiei ye sen ne mfiase.” (Ɔsɛnkafo 7:8) Yiw, bere a wonya boasetɔ na bere kɔ so no, aware ahorow a mfiase no na ehinhim kɛse mpo betumi abɛyɛ abusuabɔ a anigye wom a ɛtra hɔ kyɛ na wɔte wɔn ho wɔn ho ase.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 16]
Mmarima ntaa nnya nkate mu nsakrae a ɛba ɔbea so esiane n’asabu nti no ho “nimdeɛ” pii
[Kratafa 14 mfoni]
Su dedaw ahorow fi hɔ nkakrankakra
Momfa nsɛm nketenkete no bi nyɛ serew
[Kratafa 15 mfoni]
Monka ho asɛm!
[Box on page 17]
“Ɔyepa, hena na obenya? Nanso ne bo sen nhene pa koraa. Ne kunu koma da no so, na siade ade nhia no. Ɔyɛ no yiye, na ɔnyɛ no bɔne bi, ne nkwa nna nyinaa. Odwen kuntu ne asaawa ho, na ɔde ne nsa yɛ adwuma fɛw so. Ɔte sɛ oguadini ahyɛn, ɔde n’aduan fi akyirikyiri ba. Ade nnya nkyee a, na wasɔre, na wama ne fifo aduan, na wama ne mmaawa nnwuma. Odwen afuw ho na ɔtɔ, ɔde ne nsa ano aba yɛ bobeturo.”—Mmebusɛm 31:10-16.