Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 7/8 kr. 23
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
  • Nyan!—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • HU A WOBEHU NOKWARE SOM
  • NEA WƆNWOO NO NO ADAMFO
  • ASASE DAAKYE
  • NNANU ANWONWADE AHOROW
  • So Woahu Nokware Som No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Nokware Som No A Yebehu
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Henanom Na Wɔsom Nokware Som?
    Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa Mu No—So Woahu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 7/8 kr. 23

Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

HU A WOBEHU NOKWARE SOM

M’ani gyee mo asɛm “Dɛn Nti Na Nyamesom Ahorow Pii Wɔ Hɔ” a mokyerɛwee no ho. Ɛbɔ mmɔden sɛ ɛbɛda nyamesom mu biakoyɛ, titiriw wɔ Yesu nkyerɛkyerɛ mu no adi. Nanso wɔ asɛm no awiei no ɛkyerɛ mu sɛ ɔsom kronn yɛ nea ɛnam hu a wohu, ne som a wɔsom sɛ Yehowa Adansefo no mu biako no so. Sɛ́ Kristo Asɔre no muni no, mesɔre tia obiara a ɔka sɛ wɔn kuw no so nkutoo na Kristo nhyira wɔ no. Sɛnea ɔsomafo Paulo kae no, wobetumi agye nnipa nyinaa denam wɔn gyidi wɔ Yesu sɛ Onyankopɔn akyɛde a wɔde ama kwa no so. (Romafo 3:22-25) Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ nyinaa ne sɛ yebegye Kristo wu ne ne wusɔre ma yɛn bɔne no atom sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye yɛn. Sɛ mobɛbɔ Onyankopɔn Asɛm no dawuru a, mesrɛ mo mommɔ no atemmu kwan so saa.

J. L., Nebraska

Yegye tom sɛ Kristo wu ne ne wusɔre no na ɛde nea wogyina so de bɔne ahorow firi ne nkwagye a ɛkɔ daa nkwa mu no ma. Nanso ɛsɛ sɛ obiara a ogye akyɛde a wɔde ma kwa yi tom no nya nneɛma ahorow bi te sɛ gyidi ne nnwuma a wɔada no adi wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible mu no. (Yakobo 2:26) Eyinom ne nokware som agyiraehyɛde ahorow no. Bere a asɛm a woaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no mmɔ Yehowa Adansefo din no, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ da a yɛdaa agyiraehyɛde a ɛte sɛɛ adi no ma ebinom susuw Yehowa Adansefo ho no di adanse sɛ Yehowa Adansefo wɔ saa nokware som agyiraehyɛde yi.​—ED.

NEA WƆNWOO NO NO ADAMFO

Ɛyɛ me anigye sɛ mokyerɛw asɛm “So Woyɛ Nea Wɔnwoo No No Adamfo?” Sɛ́ obi a na anka meyɛ nnuruyɛ kyerɛwtohɔ ho ɔdesuafo no, misuaa nka a teratogens nya wɔ obi so, a wɔkyerɛ mu sɛ ɛyɛ nneɛma bi a wonim sɛ epira abofra a ɔwɔ ɔyafunu mu no, ho ade. Ɛyɛ me anigye yiye sɛ morema ɔmanfo ahu saa nneɛma yi. Wɔ me fam no eye mpo sɛ yɛbɛhwɛ yiye kakra wɔ nnuruyɛfo ho. Afe yi mfiase mu hɔ, bere a mifii ase faa afuru no, oduruyɛfo a ɔhwɛ me no kae sɛ wɔnhwɛ sɛnea me ba no tebea te. Aka dɔnhwerew biako na wɔahwɛ no, oduruyɛfo no ka kyerɛɛ me sɛ mennom kɔfe anaa tii dodow biara a mepɛ. Ná minim sɛ kafeine betumi apira nea wɔnwoo no no, titiriw wɔ asram abiɛsa a edi kan a emu yɛ den no mu, enti menomee nea kafeine nnim mmom.

R. T., New Hampshire

ASASE DAAKYE

Esiane mmɔbɔ a wɔyɛ me nti, na daa migye nsɛmma nhoma fi Yehowa Adansefo a wɔba me pon ano no hɔ, na sɛnea misusuwii no, wɔ saa kwan no so no ná mede sika fam mmoa rema wɔn. Sɛ Yehowa Adansefo no san ba na wobisa me sɛ makenkan nsɛmma nhoma no a, da biara me mmuae ne ‘Dabi.’ Nanso wɔkɔɔ so de nsɛmma nhoma no bae. Bere bi a na mede me ho ahyɛ Yoga adeyɛ mu bio no, mebɔɔ mpae sɛ ‘O Onyankopɔn, sɛ wowɔ hɔ ampa a, kyerɛ me wɔ ɔkwan bi so.’ Ɛbɛyɛ sɛ saa mpaebɔ yi nti na wɔtwee m’adwene sii Nyan! a ekura atifi asɛm ‘Asase Daakye​—Sumina anaasɛ Ofie a ɛte sɛ Turo?’ no so no. Eyi na efii nokware no sua ankasa ase.

J.v.d.N., Netherlands

NNANU ANWONWADE AHOROW

Afei ara na mawie asɛm “Nnanu Anwonwade Ahorow” no kenkan na mepɛ sɛ meda mo ase pii wɔ asɛm a ɛyɛ anigye a ɛfa onuadɔ ho no ho. M’ani gyee ho yiye! Saa asɛm yi kaa me ma menyaa ɔpɛ sɛ mɛyɛ saa ahofama adwuma yi bi. Enti, m’ani begye yiye sɛ mobɛkyerɛ me faako a wɔbɛyɛ adansi adwuma a ɛte sɛɛ bi a ɛbɛn baabi a mete. Ɛyɛ me pɛ sɛ mɛyɛ biribiara, efi nnɔte a wɔfra so kosi ntayaa a wɔsoa so.

M. B., Georgia

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena