Sɛnea M’ani Sɔ “Onyankopɔn Ayamye Su No”!
Sɛnea Myrtle Quackenbush ka kyerɛe
Egyee m’abusua mufo, na ɛda so ara gye afoforo pii
MPREMPREN madi mfe 91, nanso na meyɛ abeawa ketewaa a madi mfe anum bere a wɔde Ahenni nokware no baa yɛn fi wɔ 1895 mu. Ɛyɛ saa bere no na ɔkwampaefo—Ɔwɛn Aban Asafo no somfo a ɔkɔ afie afie bere nyinaa—baa yɛn fi wɔ Indiana. Me nã gyee Bible mmoa nhoma a wɔtoo din Millennial Dawn (a akyiri yi wɔfrɛɛ no Studies in the Scriptures) no apo abien a edi kan no bi maa m’agya. Ná nea n’ani gye ho titiriw ne nyamesom, nanso na ɛnte saa bere nyinaa. Nsakrae no bae wɔ n’asetra mu bere a wɔwoo me wɔ Riceville, Indiana wɔ 1890 mu no akyi pɛɛ.
Ɛno akyi bere tiaa bi no yetu kɔɔ Jasper, Indiana, a ɛhɔ na na yɛwɔ akwantufo asoɛe, na yedii yiye kakra. M’agya de ne ho hyɛɛ amansɛmdi mu, teɛteɛɛm hwehwɛɛ nnipa a wɔbɛtow aba ama Grover Cleveland, na bere a wɔpaw no no, ahokyere kɛse bɛboom. Yɛn akwantufo asoɛe no fii yɛn nsa, na m’agya kɔyɛɛ adwuma wɔ keteke gyinabea, a wotua no Amerika sika dɔla 1.25 da koro—a ɛno na ɔde bɛhwɛ nnipa baawɔtwe a yɛwɔ abusua ɛno mu no. Da koro bi na mete abrannaa so a meresu. Ofipamfo bi a ɔretwam bisae sɛ: “Dɛn nti na woresu, Myrtle?” Mede su kae sɛ: “Ɔkɔm de me!” Ɔbrɛɛ me anowatere. Ahokyere no amma m’agya anya Cleveland ne amansɛmdi mu ahotoso. Afei ɔdan kɔɔ nyamesom so.
Bible Mmoa Horow Ba
Ɔbɛyɛɛ nea wɔfrɛ no sɛ “Nteɛteɛm Methodistni.” Ná “nteɛteɛm” no da adi titiriw wɔ ɔsesɛwfo nhyiam horow ase. Ná ɔbɛsan aba fie wɔ nhyiam horow yi akyi a n’ani agye kɛse, nanso na yedi ne ho fɛw mmom sen sɛ yɛbɛfa nea ɔka no aniberesɛm Me nã huu nyaatwomfo a asɛnkafo no yɛ, nanso ogyee Bible no dii. Enti bere a Ɔwɛn Aban nanmusifo no baa ɔpon no ano no, ogyee nhoma no maa m’agya. N’ani gyee ho, na ofi adwuma ba a obisa sɛ, “Me nhoma nketewa no wɔ he?” Nanso, na asɛm no mu nna hɔ pefee saa bere no sɛnea ɛte nnɛ yi, na ɔkɔɔ so ara yɛɛ Methodistni. Na gyinae a obesi ama nokware som no da so ara wɔ akyiri.
Yetu kɔɔ Arkansas akuraa bi ase wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ “Bɔhyɛ Asase” wɔ 1898 mu. Ná ɛmmɛn ho koraa—atɛkyɛ bi a awɔ ayɛ mu ma. Ná faako a wɔde nneɛma mana ne Egypt. Na mempɛ hɔ, na mepɛe sɛ yetu fi Egypt. Ɛha na m’agya behui sɛ ná wotintim ɔsɔfo C. T. Russell kasa ahorow no wɔ dapɛn dapɛn atesɛm krataa Kansas City Star mu, na ɔkrae sɛnea ɛbɛyɛ a obenya bi bere nyinaa. Yɛn nyinaa kɔɔ asɔre—ná baabiara nni hɔ bio a yɛbɛkɔ —nanso na m’agya nko na ɔde ne ho ahyɛ nyamesom mu ankasa.
Ebetumi aba sɛ ebi kãa me. Ná meyɛn nkokɔ, na bere biara a ebi bewu no meyɛ n’ayi. Ayi biako de ɛyɛɛ awerɛhow kɛse. Bere a yɛanom akokɔ nkwan Kwasida anwummere bi awie no, mihuu akokɔnini a mepɛ n’asɛm paa no ti wɔ ade a wotwitwa so nam no ho—ɔno na yɛawe ne nam no. Ehu ne awerɛhow kaa me. Ne ti no nkutoo ho ayiyɛ no hyɛɛ me awerɛhow kɛse, na mekae sɛ nnwom a metoe wɔ saa ‘asɔreyɛ’ no ase ne asɔre nnwom dedaw “Ebia Ɔkyena Awia Rempue.” Na m’ani gye nyamesom ‘ho araa ma, anyɛ yiye koraa no, mitumi yɛɛ awufosɔre maa nkokɔ. M’agya de, ɔkɔɔ so suaa ne ‘nhoma nketewa’ no, na ɔkɔɔ so kɔɔ Methodist asɔre no.
Yɛtraa Teaseɛnam Mu Kɔɔ Indiafo Asasesin Mu
Bere a ná madi mfe 10 wɔ 1900 mu no, yɛde nteaseɛnam abien, a apɔnkɔ ne mfurumpɔnkɔ, nantwi, ɔkraman, nkokɔbere asia ne akokɔnini biako ka ho, na yesii mu sɛ yɛrekɔ Indiafo Asasasin—a akyiri yi wɔfrɛɛ no Oklahoma—no mu. Ná aborɔfo adi kan de wɔn nsa akɔto Indiafo asase no so, na ná afei wɔde pii rema ma wɔatra so, na saa bere yi de na ntontobɔ so na wɔnam de ma.
Bere a yɛne yɛn mmoa yi anantew ɔsram biako, atwa nsuten a ayiri ma enti na ɛsɛ sɛ mmoa no guare twa akyi no, yekoduu Indiafo Asasesin no mu. M’agya ne me nuabarima panyin de wɔn nsa kɔhyɛɛ ntontobɔ no ase, nanso wɔannya asase no bi. Yɛtraa baabi a ɛbɛn Fort Sill afe biako. M’agya ne me nuanom mmarima baanu kɔyɛɛ keteke nnade ho adwuma. Ná Indiafo wɔ baabiara—Komankyefo ne Kiowafo ne afoforo a na wɔahyɛ da ayi wɔn asi nkyɛn. Nanso, Apakyefo fa na wɔwɔ Geronimo ase no powee sɛ wɔde wɔn nsa bɛhyɛ apam bi ase, na na bere ne bere mu no ɛsɛ sɛ Geronimo de ne ho bɛkyerɛ wɔ Fort Sill. Owui 1909 mu wɔ hɔ.
Nanso 1901 mu no yɛsan kɔɔ Arkansas, “Bɔhyɛ Asase” no so—yɛsan kɔtoo nsɛnkafo ne asɔfo a wɔtratra apɔnkɔ so fi kurow so kɔ kurow so kɔyɛ ɔsesɛwfo nhyiam horow, ne Methodist asɔre no bio. Nanso m’agya kɔɔ so kenkan Studies in the Scriptures nhoma no. Akyiri yi yetu kɔɔ Jonesboro, na ɛhɔ na m’agya hyiaa Andrew ne ne yere a ná wɔka Bible mu nokware ahorow no ho asɛm kyerɛ afoforo na wɔkyekyɛ Ɔwɛn Aban nhoma horow no. Saa bere yi na me nã wui, ná m’agya ne Bible Asuafo kɔ fie nhyiam ahorow, na mihyiaa Ralph Quackenbush.
Babilon Mu a Mifii
Awiei koraa, wɔ 1908 mu, mfe 13 fi bere a odii kan suaa Ɔwɛn Aban nhoma horow akyi no, m’agya sɔree Kwasida anɔpa bi gyinaa asafo no nyinaa anim wɔ Methodist asɔre no mu, kae sɛ wontwa ne din mu mfi asɔre no mu. Saa bere yi na ɔne Kwasida Sukuu no so ɔhwɛfo. Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ afei de ɔyɛ Bible Suani, a ɔde ne ho abɔ Ɔwɛn Aban Asafo no. Egyee no bere pii ansa na ɔrehwɛ ne ho, nanso ɛda adi sɛ obi a ɔbɔ mmɔden wɔ adansedi adwuma no mu a ohyiaa no no hyɛɛ no nkuran. Ɛkyerɛ ɛbo a fekubɔ pa som ne hia a ɛho hia. Efi saa bere yi, ɔkaa Onyankopɔn ahenni no ho asɛm kyerɛɛ afoforo kosii sɛ owui 1914 mu.
Ná ɔwɔ asafo nhyiam ase a wɔreyi Adebɔ ho Ɔyɛkyerɛ Mfonini no akyerɛ. Ɛrekɔ nhyiam no awiei no, ɔbea bi a na ɔte ne nkyɛn ka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔsra n’adamfo bi na ɔnka nokware no ho asɛm nkyerɛ no, na ɔkyerɛw n’adamfo no din ne n’adress guu krataa so maa no. Bere a wɔn nyinaa resɔre agyina hɔ abɔ mpae de awie no, wansɔre. Bere a wowiee mpaebɔ no, ɔbea no kɔhwɛɛ m’agya. Ná ɔte hɔ, a krataa no hyɛ ne nsam a wamua so. Na mogya akɔ ne tirim ma wawu bere a wɔrebɔ mpae no.
Meyeree me ho afe koro no ara mu. Saa bere no na mete Paragould, Arkansas, a me ne Ralph Quackenbush aware. Ná mawo me babarima a ɔto so abiɛsa June mu wɔ saa afe no ara mu, na asram abien akyi no Wiase Ko I fii ase. So na eyi yɛ nea m’agya aka ho asɛm bere tenteenten, sɛ Ahenni no bɛba 1914 mu no na ɛrefi ase anaa? Ɛma mifii ase yeree me ho suaa ade, na saa ara na me nuanom mmea baasa ne ɔbarima biako nso yɛe. Mekɔɔ so twɛnee mfe anan ansa na meregye asubɔ wɔ 1918 mu. Ɛno akyi bere tiaa bi na me kunu gyee asubɔ. Yɛsrɛe sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no mfa yɛn din nka nnipa a wɔbɛpɛ sɛ Asafo no ananmusifo akwantufo—a wɔfrɛɛ wɔn “anuanom Akwantufo” saa bere no—bɛtra wɔn fi na wɔka asɛm wɔ kurow no mu no ho. Yenyaa honhom mu nhyira wɔ ɛno akyi mfe pii denam saa ahɔho yi a yenyaa wɔn wɔ yɛn fi no so.
1922 mu, me ne me mma mmarima baasa no kyekyɛɛ atemmusɛm atitiriw ason a etia Kristoman no mu nea edi kan no. Saa bere yi na yɛte Glendale, California. Yɛkɔɔ adesua wɔ hɔ ara kosii sɛ yetu kɔɔ Chatsworth, wɔ San Fernando Bon no anaafo nohoaa. Na yɛatew yɛn ho wɔ hɔ, na yɛn som adwuma no so tewee. Ná yɛrekɔ fam honhom mu.
Akyinnyegye bi San Kanyan Yɛn
Afei me babarima a otwa to no fii ase kɔɔ ntoaso sukuu. Na ɔne mmofra baanu na efi hɔ kɔ. Na wɔn mu biako yɛ Methodistni a ɔyɛ den, na da koro bi ɔkaa nsɛmmɔnedifo. bi a wɔantwe wɔn aso ho asɛm, na ɔkae sɛ wobenya wɔn akatua a ɛfata wɔ hell gya mu. Me ba no ka kyerɛɛ no sɛ beae a ɛte saa biara nni hɔ. Ɔbaa me nkyɛn wɔ fie bɛhwehwɛɛ kyerɛw nsɛm de kosii n’asɛm no so dua. Abusua no nyinaa de wɔn ho gyee mu hwehwɛɛ Kyerɛwsɛm mu nsɛm ahorow te sɛ nea edidi so yi:
Dwom 146:4: “Ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.”
Ɔsɛnkafo 3:19-21: “Honhom biako na wɔn nyinaa wɔ, na ɔkyɛn a onipa bɛkyɛn aboa nni hɔ; na ade nyinaa yɛ ahuhude. Ade nyinaa kɔ faako, ade nyinaa fi dɔte mu, na ade nyinaa san kɔ dɔte mu. Hena na onim nnipa mma honhom [ahome] sɛ ɔforo kɔ ɔsoro, ne mmoa honhom sɛ osian kɔ asase ase?”
Ɔsɛnkafo 9:5, 10: “Na ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara. . . . Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.”
Hesekiel 18:4: “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.”
Romafo 6:23: “Na bɔne so akatua ne owu.”
Nanso, Methodistni kumaa yi ante eyinom ne kyerɛw nsɛm afoforo pii no ase sɛ wɔnyɛ abɔnefo ayayade daa wɔ hell gya mu. Nanso saa Bible mu nhwehwɛmu yi kanyan yɛn abusua no wɔ honhom mu araa ma yɛsan bɛyɛɛ den a ano akyi no yɛannyae bio.
Yetu kɔɔ Burbank, a ɛbɛn Los Angeles, faako a wɔyɛ dapɛn dapɛn nhyiam horow no bere nyinaa no. Yefii ase kɔe daa na yɛkɔɔ adansedi nso. Meyɛɛ adwuma wɔ kar a wɔde akasamu afiri asi so mu a ɛkɔ San Fernando Bon no mu nyinaa, a na akutu, awi ne asɛ na wodua wɔ hɔ titiriw no.
Kar a akasamu afiri si so no bɔɔ Bible mu ɔkasa horow a wɔakyere agu hama so, afei yɛn kar no mufo dii akyi kɔɔ afie a ɛbemmɛn hɔ no nyinaa mu. Saa bere no yɛde adansedi nkratasin na edii dwuma, yɛka kyerɛ afiewuranom sɛ wɔnkenkan, afei yɛde Bible nhoma ma gye ho ntoboa. Akyiri yi yɛde afiri nketewa bi a ɛbɔ Bible mu ɔkasa ntiantia a wɔakyere agu hama so kɔɔ nkurɔfo no nkyɛn. Awiei koraa no yɛde yɛn adwene sii ɔkasa tiawa a yɛbɛma wɔ apon ano, na yɛde nhoma ama so. Yɛsan kɔɔ mmeae ahorow a na wɔkyerɛ anigye no kɔyɛɛ sankɔhwɛ na yefii Bible adesua ahorow a wonnye ho hwee ase wɔ wɔn a wɔpɛ no afie mu.
Wɔbɔɔ me mma mmarima nkumaa baanu no asu 1935 mu, na afe a edi hɔ no wɔkɔɔ Betel, Ɔwan Aban Asafo no ti wɔ Brooklyn, New York, de wɔn bere nyinaa somee wɔ nhoma tintimbea hɔ. Honam mu akisikuru kum me kunu 1947 mu—ná ɔyɛ ɔsomfo wɔ Burbank Yehowa Adansefo Asafo no mu. Saa bere yi mu nyinaa me babarima panyin no anyɛ nokware no ho hwee. Nanso awiei koraa no ogyee asubɔ wɔ 1945 mu na ɔkɔɔ so yɛɛ den ara kosii sɛ owui wo 1979 mu, a ná saa afe no ɔno ne Sherman Oaks Asafo no guamtrani Asram abiɛsa ni a me babarima biako foforo, Myron wui bere a na ɔresom wɔ Asafo no “Ɔwɛn Aban Afuw” no mu. Me babarima a ɔto so abiɛsa no da so ara resom wɔ New York, wɔ Asafo no nhoma tintimbea hɔ wɔ Brooklyn.
Meda so ara wɔ California, a meda so ara rehwɛ kwan sɛ mehu Onyankopɔn ahenni wɔ Kristo ase sɛ abɛpopa nsɛmmɔnedi afi asase so. Sɛ mantra ase anhu saa bere no a, ɛnde mewɔ anidaso sɛ Onyankopɔn bɛkae me, me kunu ne me mma baanu a wɔawuwu no bere a wobenyan ɔpepem pii ne ebia ɔpepepem pii a wɔadeda mprempren wɔ owu mu no—na wanyan wɔn ma wɔabenya daa nkwa hokwan wɔ paradise asase so no.—Yohane 5:28, 29.
“Onyankopɔn Ayamye Su” ma Obiara
Mewɔ mfe 91 mu yi, mewɔ pii a mekae. Egyee me ne m’abusua no bere tenten ansa na yɛrehu hia a ɛho hia sɛ yehyira yɛn ho so ma Yehowa Nyankopɔn, gye asubɔ na yedi n’ahenni no ho adanse. Ɛno ma m’ani sɔ Yehowa ‘ayamye ne ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre bebrebe, Onyankopɔn ayamye su a ɛde yɛn kɔ adwensakra mu’ no kɛse. (Romafo 2:4, NW) Na afei sɛ mede ahopere susuw mfe pii a mede atwɛn na mahwɛ n’ahenni no kwan sɛ ɛbɛba ɛbɛpopa nsɛmmɔnedi afi asase so na ɛde asase so paradise aba no ho a, mekae kyerɛwsɛm a ɛwɔ 2 Petro 3:9 no sɛ: [Yehowa] nkyɛ ne bɔhyɛ ho, sɛnea ebinom bu sɛ ɛkyɛ, na mmom ɔma ne bo dwo kyɛ ma mo, ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.”
Boasetɔ ne abodwokyɛre a ɛyɛ Onyankopɔn ayamye su a na ɛho hia ma me ne m’abusua no da so ara ma afoforo pii kwan sɛ wɔmfa nsakra na wɔanya daa nkwa. Ɛnnɛ wiase nsɛm tebea horow resɛe ntɛmntɛm, adanse horow a ɛkyerɛ sɛ yɛrebɛn wiase dedaw yi a ɛwɔ Satan ase no awiei reda adi pii, na Yehowa Adansefo reyɛ adwumaden wɔ wiase nyinaa de aka asɛm no. (Mateo 24:14) Nnipa pii hu hia a ɛho hia sɛ wosi gyinae ma Onyankopɔn ahenni no na wɔreyɛ saa ntɛmntɛm. Na eyi ma m’ani gye kɛse.
Mintumi nkenkan ade bio na m’anan ayeyɛ mmerɛw de, nanso Onyankopɔn Asɛm no da so ara yɛ m’adwene ne me koma ma na me gyidi yɛ den te sɛ kan no ara. Mepɛ sɛ metra ase hu Ahenni no sɛ aba, na abeyi nhyehyɛe bɔne yi a ɛwɔ Satan ase no afi hɔ. Nanso mempɛ sɛ ɛba bere a Onyankopɔn bere a ɛfata no nnui, a na wonwiee adansedi adwuma no sɛnea ɛsɔ n’ani, anaasɛ nnipa a wɔwɔ komapa wɔ Onyankopɔn ho a wɔaka no nnyaa saa “Onyankopɔn ayamye su” yi mu mfaso. Ɛmmoa wɔn mu pii mma wonnya adwensakra ne nkwagye—sɛnea wɔmaa me ne m’abusua nyae, a ná yehia kɛse no.
[Box on page 19]
“Na mewɔ Onyankopɔn ho anidaso . . . sɛ owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.”—Asomafo no Nnwuma 24:15.