Dɛn Na Esiw Amansan Nuayɛ Kwan?
WƆ AFE 1469 Y.B. mu no, wɔwoo ɔbarima bi a wɔfrɛ no Niccolo Machiavelli wɔ Florence, Italy. Ɔkyerɛw amansɛm ho nhoma bi a ɔtoo din “The Prince,” a ɔde Cesare Borgia, Paapa Alexander VI babarima yɛɛ nhwɛso. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo bi kyerɛ no, na Borgia yɛ “oniferefo wɔ ‘amammui tumidi’ mu, na ɔde ɔhyɛ anaasɛ nnaadaa a ɛte saa dii dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtrɛw ne nkonimdi ahorow mu na wahyɛ mu den, a na ɔnte awerɛhow nka anaasɛ onnu ne ho wɔ ho.”
Encyclopaedia Britannica ka sɛ Machiavelli “na ɔde amammui ho nyansasua ma nnɛ wiase no bae.” “Machivellianism” yɛ asɛmfua nnɛ a ɛkyerɛ amammui nnyinasosɛm a ɛne sɛ sodifo bi betumi afa “ɔkwan biara, sɛ́ ɛyɛ bɔneanaasɛ ɛyɛ nea ɛmfata koraa” so adi ne tumi.
Amammui a ɛte saa ahaw afeha a ɛto so 20 yi. Ɔko ahorow, nniso anidan ahorow, ɔporɔw, basabasayɛ a ɛyɛ hu ne amumɔyɛ nyinaa yɛ nea edi ho adanse. Amammuisɛm pae Apuei ne Atɔe mu. Ɛpaapae aman horow, nkurow akɛse (te sɛ BerIin) ne mmusua mpo mu. Amansɛmdi yɛ nneɛma ahorow a ɛpaapae adesamma mu kɛse no mu biako.
Nea ɛbata amansɛm a ɛtete saa ho a amammui mpanyimfo taa de di dwuma ne . . .
Ɔmampɛ
Wɔ saa asɛm yi ho no, wɔka asɛm bi a ɛyɛ serew fa asraafo sɔfo bi a na ofi Scotland a, bere a ɔwɔ asraafo nsra foforo bi mu no ɔhwehwɛɛ adwumayɛfo ma wosiesiee ɔsan dedaw bi de yɛɛ asɔredan no ho. Bere a ɔsɔfo no nni hɔ no, adwumayɛfo no de nkyerɛwde akɛse kyerɛw afɔremuka no atifi sɛ: “Scotland ntra hɔ daa daa.” Ɔsɔfo a ne ho adwiri no no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmma nea wɔakyerɛw no mmɛn nyamesom kakra. Wɔyɛe. Afei nkyerɛwee no bɛkenkanee sɛ: “Scotland ntra hɔ daa daa. AMEN.”
Wonim Scotlandfo sɛ wɔn ani gye wɔn man ho yiye. Nanso ɛnyɛ wɔn nkutoo na wɔte saa wɔ eyi mu. Sɛ nhwɛso no, Engiresifo mmofra, titiriw wɔ mmere a na Britania Ahemman di wiase so tumi no, wɔde ɔman ho dɔ tetee wɔn fi wɔn mmofraase pɛɛ. Wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn ma wogye dii sɛ ‘Britania Di Asorɔkye no So,’ ne sɛ Engiresifo yɛ ɔman a wɔwɔ tumi kɛse, a Onyankopɔn ahyira wɔn.
Wɔ ɔman biara mu no, amansɛmdifo a wonim sɛ ɔmampɛ honhom a emu yɛ den di wɔn atirimpɔw ho dwuma yiye no ma nkate ahorow a ɛte saa ara kɔ so. Nanso ebia na wɔn atirimpɔw no nyɛ nea ɔmanfo no ani gye ho. Wɔ asɛm bi a wɔkyerɛwee a wɔtoo din “Ɛsono Ɔmampɛ wɔ Ɔman Ho Dɔ Ankasa Ho” mu no, ɔkyerɛwfo Sydney J. Harris kãe sɛ: “Ɔmampɛ kyerɛ Hitler, Stalin anaasɛ sodifo tirimɔdenfo foforo biara a ɔde frankaa si hɔ ka sɛ wɔmfa ɔsom a ɛmfata mma Ɔman, na akyiri yi otiatia nea ɔmanfo wɔ ho kwan sɛ wɔyɛ so no ‘akyi a wɔredi.’”
Afei nso, sɛnea asɔredan a ɛwɔ Scotland no ho asɛm no kyerɛ no, ɔmampɛ ne nyamesom taa bom di dwuma. Dr. Robert L. Kahn a ɔyɛ ɔsɔfo no kyerɛwee sɛ: “Nyamesom ne Ɔmampɛ di dwuma bom bere nyinaa. Wɔ ɔko mmere mu titiriw no, . . . ’Ko ma Onyankopɔn ne Ɔman’ ba bɛyɛ asɛm a wɔka de piapia nkurɔfo ma wɔkɔ ɔko. Eyi ayɛ saa bere nyinaa. [Wɔ Wiase Ko II mu] no, na nnwom a agye din no mu biako ne ɔko dwom a na ɔsraani sɔfo bi to a ese, ‘Monkamfo Awurade na Monkyekyɛ Akode No.’”
Ɔmampɛ honhom aka agorudi mpo kɛse. Sɛ nhwɛso no, wɔ Europa bɔɔlbɔ akansi bi a England ne Belgium bɔɔlbɔfo hyiaam bɔe wɔ Turin, Italy no mu mo, wogyaee bɔ simma dodow bi bere a Engiresifo bɛhwɛɛ-adefo ne Italy polisifo koe, ma nnipa bebree pirapirae no.
Mmusua Mu Mpaapaemu
Wɔ mfuw bebree a ɛwɔ South Africa mu no, oburoni kuafo mma ne abibifo adwumayɛfo mma de nneɛma a wɔde di agoru wɔ wɔn mmofraase bom di agoru asomdwoe mu, na wɔyɛ saa te sɛ anuanom. Abusua a obi fi mu ho adwemmɔne nyɛ nkate a wɔde wo nnipa. Nanso, bere a wonyin no, wonya anaa sɛ wosuasua mmusua a wofi mu no su horow. Enti, mpɛn pii no, saa mfitiase su a wɔwɔ a wonnim hwee no yera. Nkate ahorow te sɛ nitan, ahantan, ahoɔyaw ne abufuw si ananmu.
Nanso, mmusua mu mpaapaemu nni Afrika nkutoo. Nnipa bebree a wɔwɔ Amerika anim gu ase wɔ ade a wɔde yɛ Indiafo a wɔwɔ wɔn man mu no ho. Afei nso, ɔkwan a wɔfaa so yɛɛ abibifo ade wɔ nkoatɔ mmere no mu ne tebea horow a amanehunu wom a wɔnam so de wɔn twaa Atlantik na wɔtɔn wɔn te anantwi wɔ Amerika no yɛ nea agye din. Basabasayɛ a ɛyɛ hu kɔ so ara wɔ Amerika. Wɔ England nso, abusua a obi fi muho ntawntawdi mu reyɛ den bere a ahɔho a wofi West Indies, India ne mmeae afoforo hyɛ mmeae bi ma no.
Wɔn a wohu amane esiane abusua mu nyiyim a ɛwɔ Afrika anaasɛ baabi foforo no betumi ama wɔn ani agye sɛ na wɔnyɛ Yudafo a wɔtete Germane wɔ Nazi nniso no ase. Sɛ wudwen ho a, ɛte sɛ nea wuntumi nnye nni sɛ wɔ Kristofo aman no biako mu, wɔ sodifo a ɔyɛ Roma Katolekni (Hitler) ase no, wokunkum Yudafo ne Europa aman horow mufo ne afoforo ɔpepem pii esiane ɔman a wofi mu nti.
Nokwasɛm a ɛne sɛ nnipa a wɔyɛ Kristoman fã na wodii atirimɔdensɛm a ɛtete saa no ma akyinnyegye ahorow sɔre sɛ ebia saa nyamesom nhyehyɛe no yɛ nokware. Mmom ho, so ɛyɛ nsisi a ɛsõ? Momma yɛntɔ yɛn bo ase nsusuw tumi a wiase yi mu nyamesom ahorow wɔ wɔ onuayɛ ankasa so no ho.
[Kratafa 4 mfoni]
Amammuisɛm yɛ nneɛma a ɛde mpaapaemu ba adesamma mu kɛse no mu biako
[Kratafa 4 mfoni]
Wɔnnwo mmofra nkumaa a wɔyɛ nnipa mu nyiyim