Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 4/8 kr. 22-23
  • Sɛ́ Ebefi Hɔ Koraa—So Ebetumi Ayɛ Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ́ Ebefi Hɔ Koraa—So Ebetumi Ayɛ Yiye
  • Nyan!—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bɔhyɛ Ahorow a Anigye Wom
  • Nneɛma a Ɛde Adwenemhaw Ba
    Nyan!—2001
  • Adwenemhaw Redi Mmabun Nya—Adɛn Ntia? Dɛn na Ɛbɛboa?
    Nyan!—2017
  • So Ne Nyinaa Wɔ Adwene No Mu?
    Nyan!—1982
  • Ɔkwan A Wubetumi Afa So Ako Atia Adwenemhaw
    Nyan!—1982
Nyan!—1982
g82 4/8 kr. 22-23

Sɛ́ Ebefi Hɔ Koraa​—So Ebetumi Ayɛ Yiye

EBINOM se “entumi nyɛ yiye!” “Ɛdɛn, adwenemhaw a wobeyi afi asase so koraa begye nsakrae kɛse. Yɛanya adwenemhaw mfe mpempem bebree na wohwɛ daakye a ɛte sɛ nea adwenemhaw bɛtra hɔ bere tenteenten.”

Susuw tebea horow a ɛde adwenemhaw ba no kakraa ho​—asetra a nhyɛso wom, ntawntawdi a ɛwɔ yɛne afoforo ntam abusuabɔ mu, asetra bɔne, mmerɛwyɛ ahorow a ɛwɔ yɛn mu ne ɔyare. Ɛte sɛ nea eyinom nyinaa a wɔbɛyɛ no yiye ho anidaso biara nni hɔ.

Bɔhyɛ Ahorow a Anigye Wom

Bible no hyɛ bɔ sɛ Onyankopɔn de ne Ba Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no bedi dwuma, sɛ ɔsoro hene de ayi nnɛyi tebea a atwa yɛn ho ahyia a ɛde adwenemhaw ba no afi hɔ. Nkɔmhyɛ mu no, Bible no ka sɛ: [‘Onyankopɔn hene] bebubu nhyɛsofo mu pasapasa. Na obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, . . . Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.’​—Dwom 72:4, 12-14.

Nhyehyɛe bɔne a ama atirimɔdensɛm ne nhyɛso akɔ so no befi hɔ akɔ daa. Susuw ahotɔ a ɛde bɛba no ho hwɛ! Na Bible no nso hyɛ ahotɔ a yebenya afi nipadua mu nhyɛso horow mu ho bɔ. Nneɛma a bɔne ne sintɔ de aba betwam akɔ. (Romafo 8:20-22; Adiyisɛm 21:3, 4) Nyarewa​—a adwenemhaw ka ho​—betu ayera. Afodi ne nkate ahorow a obi nya sɛ ne ho nni mfaso befi hɔ na ama obu a obi benya ama n’ankasa ho aba, bere a nnipa betumi adu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a ɛwɔ hɔ ma ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so tra ase wɔ pɛyɛ mu ho no. Ntease ne ɔdɔ a ɛyɛ pɛ bɛda adi wɔ nnipa afoforo a yɛne wɔn bɛbɔ abusua no mu.

Bible no bɔhyɛ ahorow binom abam pɛpɛɛpɛ dedaw. Nsɛm a ɛresisi nnɛ rema Bible nkɔmhyɛ ahorow a wɔkyerɛwee bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni no abam. (Mateo 24:3, 7-14; 2 Timoteo 3:1-5) Mfaso a ɛwɔ Bible mu nsɛm a yɛadi kan adan adwene akɔ so wɔ saa asɛm yi mfiase mu so no di adanse sɛ onyansafo kɛse bi na ɔkyerɛwee. So ntease nni mu mma wo sɛ emu nsɛm no fi Obi a onim yɛn tebea​—nkate fam ne nipadua fam​—a ɔne, Onyankopɔn anaa?

Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ nsase bɛboro 200 so agye atom sɛ ɛrenkyɛ, bɔhyɛ ahorow a Onyankopɔn de ama yi nyinaa bɛyɛ hɔ. Saa anidaso yi boa wɔn, mpo bere a wɔwɔ adwenemhaw a emu yɛ den mu. Obi a n’adwenem haw no kyɛe kae sɛ: “Saa ɔhaw ahorow a na minim sɛ ebetwam da bi, ne tebea horow a ɛyɛ anigye a ɛbɛba ‘asase foforo’ no so a misusuw ho no, boaa me.”​—2 Petro 3:13.

Saa anidaso yi, a mmɔden a yɛbɛbɔ sɛ yɛde nea Bible ka wɔ yɛn abrabɔ ho bedi dwuma ka ho no, de anigye a ɛtra hɔ daa ba. Yehowa Adansefo fi wɔn pɛ mu bɛboa wo ma woanya gyidi a ɛte saa. Wɔbɛboa wo ma woabɛn Onyankopɔn a wɔka ne ho asɛm sɛ otumi ‘ma ahobrɛasefo nya nkwa, na ɔmfa wɔn a wɔabubu wɔn no koma nya nkwa’ no mpo.​—Yesaia 57:15.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena