Aware A Wɔnam Ntamgyinafo So Hyehyɛ—So Ebetumi De Anigye Ankasa Aba?
Efi Japan “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
BERE a ɔrema wɔayɛ ne ti ama ayeforohyia no, na Hiroko resu. Nea ɔreyɛ ne ti no de abufuw kae sɛ, “ɛnsɛ sɛ wusu wɔ wo ayeforohyia da.”
Nanso Hiroko tee nka sɛ na ɔdɔ obi foforo sen ɔbarima a na n’awofo apaw sɛ ɔnware no no. Wɔpɛe sɛ ɔware ɔbarima a wanyin kakra sen ɔbea no ankasa. Hiroko penee wɔn gyinaesi no so sɛ ɛyɛ “nkrabea.”
Wɔ ayeforohyia no akyi nna bi no, ne kunu no ani begyei yiye na ɔbea no bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛkata ne nkate biara so na anyɛ yiye koraa no wama okunu no ne n’awofo no ani agye.
Woahu, na Hiroko awofo adi tete Apueifam aman bebree amanne a ɛne sɛ wɔde ntamgyinafo di dwuma de nya ɔbarima a “ɔfata” ma wɔn babea no akyi.
Aware a Wɔnam Ntamgyinafo So Hyehyɛ
Nnansa yi nkutoo na wɔ Japan no wɔde nakõdo (ntamgyinafo) adi dwuma de ahyehyɛ aware ahorow, bere a mmerante ne mmabaa fii ase sɛ wɔnware wɔn ankasa kurom no. Nanso wɔ bebree fam no, nakõdo no abɛyɛ tebea bi ho sɛnkyerɛnne. Wobu no daa sɛ mpɛn dodow a ntamgyinafo no yɛ otitiriw no, dodow no ara na anidaso a wonya sɛ ayeforo no bedi yiye daakye no yɛ kɛse. Enti, onipa titiriw bi a ɔwɔ kurom hɔ betumi de ne ho agye ayeforohyia nhyehyɛe ɛno mu na wanya abodin nakõdo ɛwom mpo sɛ onipa foforo na ɔhyehyɛɛ aware no de.
Nakõdo no adwuma ne sɛ ɔbɛyɛ nhyehyɛe ama aberante ne ababaa no ahyiam. Sɛ biribiara yɛ yiye a, ɔno na ɔbɛyɛ ayeforohyia nhyehyɛe no nso.
Na nakõdo a Hiroko awofo paw wɔn no yɛ nnipa atitiriw baanu a wɔwɔ kurow no mu. Wɔyɛɛ nhyehyɛe ne ɔbarima a wɔrehwehwɛ ɔbea ama no a wɔfrɛ no Katsumi kasae. Wɔmaa wɔn tii ne keeki na ntamgyinafo baanu no ne awofo no fii ɔdan no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma kwan ma aberante ne ababaa no ahu wɔn ho yiye. Ɛno akyi no, nakõdo no kasa kyerɛɛ wɔn mu biara kokoam de hwɛe sɛ na wɔn ani gye ho sɛ wobekura abusuabɔ no mu ara anaa.
Mfaso biako a ɛwɔ so sɛ wonya nakõdo ni. Esiane sɛ wobu no sɛ ɛnyɛ ɔpɔw wɔ Japan sɛ wobɛka no pen sɛ wone obi nyɛ adwene nti, wɔtaa de ntamgyinafo di dwuma fa ɔpɔw kwan so gyina nea ɔmpene no anan mu yɛ saa. Na Hiroko awofo adi kan ahyɛ no nkuran, na enti bere a wɔde no kyerɛɛ Katsumi no, wɔpenee so sɛ wɔbɛtoa wɔn abusuabɔ no so esiane wɔn abusuafo nti.
Ebetumi ayɛ den ama mmerante ne mmabaa a wotutu kɔtra nkurow akɛse mu no sɛ wobenya aware mu ɔhokafo bere a wonni wɔn awofo mmoa no. Enti, wotumi si gyinae tua sika bi ma obi a ɔboa ma nkurɔfo nya ɔyere, na saa nipa no bɛhwehwɛ ɔhokafo a ɔfata afi ne kyerɛwtohɔ ahorow mu. Sɛ nhwɛso no, adwumayɛfo a wɔwɔ Mitsubishi Adwumayɛkuw no mu betumi atua sika yen 8,000 (Amerika dɔla, 40) na wɔahyehyɛ biribi wɔ nkrataa so de ahyɛ kuw no computer afiri a edi dwuma sɛ ntamgyinafo mu. Bere bi wɔnam computer afiri a edi dwuma sɛ ntamgyinafo so daa aberante bi a na ɔyɛ adwuma wɔ New York ne ababaa bi a ɔwɔ Tokyo adi kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho na wohyiae nea edi kan wɔ Hawaii wɔ wɔn ayeforohyia ase!
Nnansa yi de, ɛyɛ nea abu so sɛ mmerante ne mmabaa bɛka akyerɛ wɔn nnamfonom ma wɔaboa wɔn ma wɔahwehwɛ aware mu ɔhokafo. Mpɛn pii no, wɔsrɛ Yehowa Adansefo ananmusifo akwantufo ma wɔka mmerante ne mmabaa a wɔwɔ gyidi biako anaasɛ wɔyɛ adansefo ho asɛm kyerɛ ɔfoforo. Baabi a aberante ne ɔbea hyia wɔn ankasa ho na wɔn ani gye wɔn ho wɔn ho no, ɛnkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wobisa wɔn awofo hwɛ sɛ wɔpene so, sɛ wɔbɛkɔ so ne ntamgyinafo bi adi nkitaho ahyehyɛ aware no anaa.
Ebia wɔn a wonim Bible bɛkae sɛ agyapanyin Abraham de ntamgyinafo dii dwuma paw ɔyere maa ne babarima Isak. Ntɛm ara ntamgyinafo no huu ɔbea bi a wɔfrɛ no Rebeka, nea oduu ahwehwɛde ahorow a Isak agya de sisii hɔ no ho no. Bible kyerɛwtohɔ no se: “Ɔyɛɛ ne yere, na ɔdɔ no.” (Gen. 24:67) Wɔ Japan no, mpɛn pii ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn ho wɔn ho nso ba wɔ ayeforohyia no akyi nna bi. Asentiaa bi a ɛda adwene ne nkate a Japanfo bebree wɔ wɔ ho adi ne eyi: “Ɔdɔ a wɔhyehyɛ fi ase anigye mu na ano brɛ ase. Aware a wɔhyehyɛ fi ase basaa na ekowie anigye mu.”
Ayefofohyia Da Ahosiesie Horow
Ayeforohyia yɛ abusua da titiriw na mmusua dodow no ara pɛ sɛ ɛyɛ anigye kɛse ma amannifo ne nnamfo. Enti kɔ ara na nneɛma a wɔde hyia ayeforo bo rekɔ so yɛ den. Awarefo bɔ ka bɛboro yen ɔpepem asia. (dɔla 30,000) Ayeforohyia no ankasa gye sika bɛyɛ yen 18,000 (dɔla 90) pɛ, na adidi ne ɔnom kakra a wɔde gye nkurɔfo ani no yɛ yen 13,000 (dɔla 65) ma onipa biako biara, na mpɛn pii no, wɔto nsa frɛ nnipa 70 kosi 80. Nanso wommu no sɛ ɛyɛ nea ɛmfata sɛ wɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no ankasa ntua nea wobedi ne nea wɔbɛnom ho ka. Adidi ne ɔnom no akyi no, obiara a wɔtoo nsa frɛɛ no no de ntama bag bi a akyɛde horow a efi ayeforo ne ayeforokunu no hɔ wom kɔ fie.
Awarefo fã kɛse ara fɛm wɔn ayeforohyia ntade fi adwumayɛkuw bi a eyi nkutoo na wodi ho dwuma no nkyɛn. Amanne ma ayeforo no hyɛ kimono, atade tenten bi a wɔadi adwinhorow te sɛ nsukɔnkɔn, nkyekyere ne siade ne onyinkyɛ ho sɛnkyerɛnne ahorow agu mu. Wɔde srekye ntama kɛse bi bɔ pɔw bi te sɛ afofantɔ gu ne kɔn mu de gyina hɔ ma anigye. Ɔbea no hyɛ biribi te sɛ abotiri bi a wɔfrɛ no tsuno kakushi, a wɔkyerɛ sɛ sɛ woyi fi ne ti so a, na apam abufuw nyinaa a anka obenya ama ne kunu daakye no afi hɔ.
Amanne kwan so no, ayeforokununom hyɛ atade tuntum bi a wɔadi agyiraehyɛde bi a abusua bi de di dwuma ho adwini bi wom. Ebia nnɛyi ayeforokununom ani begye coat ne trousers ho. Wɔn a wɔto nsa frɛ wɔn no nyinaa ba hɔ a wɔhyehyɛ kimono anaasɛ ntade tuntum.
Wɔ Ayeforohyia Adeyɛ no Ase
Shinto sɔfo na ɔyɛ ayeforohyia ahorow fã kɛse no ara. Abusuafo a wɔbɛn pɛɛ ne ntamgyinafo no ne ne yere nkutoo na wɔkɔ adeyɛ yi ase. Wohyia afoforo a wɔato nsa afrɛ wɔn no akyiri yi wɔ faako a wobedidi anom wɔ hɔ no. Shinto sɔfo no di kan hinhim sasaki dubaa kɛse bi sɛ ahodwira adeyɛ bi. Afei ɔkenkan norito (Shinto mpaebɔ) no, na ɔbɔ anyame no amanneɛ sɛ ɔrebɛka nnipa baanu yi abom sɛ awarefo.
Adeyɛ no fã titiriw fa san.san.kudo, anaasɛ nkuruwa a wɔde ka ntam no ho. Eyi yɛ ayeforohyia nkuruwa abiɛsa a ɛsono biara kɛse, ne kuku anaasɛ ɔsɛn a sake kronkron (ɛmo nsa) a wɔfa fi afɔremuka so wom. Miko (ɔbosom abaawa) de kuruwa a esua koraa no ma ayeforokunu no kan na ohwie sake anaasɛ ɛmo nsã no bi gu mu mprɛnsa. Ayeforokunu no de tua n’ano twa no mprɛnsa na ɔsan de kuruwa no ma miko anaasɛ ɔbosom abaawa no. Afei ɔde kuruwa no ma ayeforo no, na ohwie sake no kakraa bi gu kuruwa no mu bio, na ayeforo no de tua n’ano nom no mprɛnsa. Saa ara na wɔyɛ wɔ nkuruwa afoforo no ho. Japanfo asɛmfua san.san (mmiɛnsa-mmiɛnsa) no nso betumi akyerɛ awo dodow, na ɛma san.san.kudo yɛ biribi a ɛfa awo ho.
Nea etwa to no, ayeforokunu no kenkan ntanka asɛm bi a woakyerɛw (mmom ɛtɔ bere bi a ntamgyinafo no bɛkan) na wɔde sasaki dubaa kronkron ma. Wɔn a wɔwɔ hɔ no nsa ka kuruwa a saba wom na wɔnom, a ɛrekyerɛ sɛ wɔaka mmusua abien yi abom denam aware so. Afei simma 20 Shinto ayeforohyia adeyɛ no ba awiei.
Budhafo ayeforohyia ahorow te saa ara, ɛwom sɛ wɔntaa nyɛ de. Asɔre ayeforohyia adeyɛ horow nso wɔ Japan.
Ayeforohyia Ahorow Wɔ Yehowa Adansefo Mu
Sɛ wɔde toto adeyɛ ahorow a wɔaka ho asɛm dedaw no ho a, Yehowa Adansefo ayeforohyia ahorow yɛ soronko. Atiefo no yɛ mmusua ne nnamfo. Ayeforokunu no ne ayeforo no adamfo a ɔbɛn wɔn yiye no de ɔkasa a ɛkanyan a efi Bible mu ma. Bere nyinaa no, ɔkyerɛkyerɛ aware nhyehyɛe mfitiase mu. Ɔma wɔn baanu no te sɛ nea ɛde aware mu anigye anaasɛ yiyedi ba yɛ biakoyɛ nkutoo, a mmɔden a ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere no bɛbɔ ayɛ saa ka ho. Wɔnyɛ honhom mu adeyɛ biara na mmom awarefo foforo no ne wɔn a wohyia hɔ nya afotu anaasɛ akwankyerɛ a mfaso wom fi Bible mu. (Nhwɛso ne Efesofo 5:22-33.)
Wɔ Japan no, Aban no mpene nyamesom mu dwumadi ahorow a wɔyɛ wɔ ayeforohyia da no so. Wommu obi sɛ waware mmara kwan so kosi sɛ onya Aware Mpeneso Nhoma fi aban hɔ. Nanso, awarefo dodow no ara pɛ sɛ wonya nyamesom kwan so guasodeyɛ bi a ɛte saa. Bere a nyamesom kuw ahorow foforo gye aware ho nneɛma horow a wɔyɛ ho sika no, Yehowa Adansefo mu de, ɔsomfo a ɔtra agua mu ne afoforo a wɔfa ayeforohyia nhyehyɛe no ho no yɛ saa a wonnye hwee.
Ayeforohyia no Akyi
So ebetumi ayɛ yiye sɛ wufi anigye mu bɛware, sɛ w’ankasa wunya ɔhokafo a ntamgyinafo bi kaa ne ho asɛm kyerɛɛ wo a? Ɔbea a wɔabɔ ne din wɔ yɛn asɛm yi mfiase hɔ no se: “Mfe a edi kan wɔ m’aware mu no, misusuwii sɛ na ɛyɛ me ‘nkrabea’ na ɛsɛ sɛ mefa ɔkwan bi so bɔ mmɔden hwehwɛ anigye bi.” Afei nsakrae bi bae. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a yɛn baanu ne Yehowa Adansefo fii Bible sua ase na yɛbɔɔ asu no, metee anigye nka ankasa sɛ mewaree no.”
Nanso ɛnyɛ awarefo nyinaa na wonya saa anigye yi. Fi 1963 reba no, awaregu akɔ anim kɛse wɔ Japan, ɛwom sɛ ɛda so ara aba fam sen sɛnea ɛte wɔ aman pii mu de. Akwahosan ne Yiyedi ho Dwumadi ho nhwehwɛmu bi bɔɔ amanneɛ sɛ aware horow ɔha biara a egu mu 55 no, ɔyerenom na wɔhwehwɛ saa, ɛmfa ho sɛ wɔn mu ɔha biara mu 2 na wɔnya nea okununom de gyaa wɔn kwan anaasɛ wɔde ma wɔn wɔ awaregu akyi no. Nea ɛka hyia a wɔn adwene nhyia ho no, nokware a wonni wɔ aware mu, sikasɛm, nkitaho a wontumi nni, susuw a wonsusuw ɔfoforo ho yɛ nea wɔbobɔɔ din sɛ nea ɛde awaregu fã kɛse ara ba.
So anka afotu a ɛfata betumi aboa ma wɔadi ɔhaw ahorow yi binom so? Ɔbea bi a ɔwaree wɔ asɔre bi mu wɔ Japan se: “Sɛ mekae a, na menhwɛ kwan sɛ menya anigye ankasa wɔ m’aware mu: Yɛtee nka sɛ ɛbɛyɛ mmerɛwyɛ a yɛreda no adi, sɛ yɛhwehwɛ mmoa fi baabi foforo sɛnea ɛbɛyɛ a yebesiesie yɛn haw ahorow no mu biara a. Nanso yɛwoo yɛn babea akyi no, Yehowa Adansefo mu biako baa me pon ano. Bere a mifii ase ne wɔn suaa Bible no, nea edi kan no misuaa nea ɛfa aware ho nyinaa—sɛ́ me kunu a me ne no bɛka abom ho hia ma abusua anya anigye. ‘Baanu no bɛyɛ honam biako’ nnyinasosɛm no nyaa nkɛntɛnso kɛse wɔ yɛn abusua asetra mu biribiara so. Mihui sɛ anigye wɔ ɔma mu ampa sen ogye.” (Mat. 19:4, 5) Afotu a ɛfata a efi Bible mu ayɛ mmoa ankasa ama abusua yi.
Wo nso ɛ? Anka wubesusuw ho sɛ wode ntamgyinafo bedi dwuma apaw ɔhokafo? Anaasɛ wobɛtwɛn akosi sɛ wubenya wo dɔfo na woaware obi a w’ankasa w’ani gye ne ho? Emu biara wɔ mfaso horow, nanso emu biara nni hɔ a ɛde anigye ho anidaso ma. Sɛnea ɛbɛyɛ na woanya aware a anigye wom ampa no, wuhia akwankyerɛ a efi “anigye Nyankopɔn,” Yehowa, nea ofii aware nhyehyɛe ase no hɔ.—1 Tim. 1:11.
[Box on page 23]
Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, sɛ moyɛ ma Awurade; efisɛ okunu yɛ ɔyere ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no ti no, na ɔne nipadua no agyenkwa; na sɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara nso na ɔyerenom nyɛ mma wɔn ankasa wɔn kununom, ade nyinaa mu. Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no de ne ho mae maa no, . . . Saa ara na ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Nea ɔdɔ ne yere no dɔ ne ho. . . ”Eyi nti onipa begyaw n’agya ne ne nã na wakɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ honamkoro.” . . . Nanso, mo mmiako mmiako nso, momma obiara nnɔ ne yere saa ara, sɛ ne ho; na ɔyere de, ma ɔmfɛre ne kunu.—Efe. 5:22-33.
[Kratafa 20 mfoni]
Japanfo amanne kwan so ayeforohyia atade
[Picture on page 21]
Ayeforo no abotiri