Agauadidan Mu Adewia—Ɛyɛ Mmarato Ketewaa Anaasɛ Bɔne A Emu Yɛ Duru
WƆ AGUADIDAN kɛse bi a ɛwɔ Amerika nifa fam apuei mu no, ɔbarima bi a n’atifi dwen na ne mu akurum gyina baabi a wɔtontɔn nneɛma te sɛ pensere, pen ne nneɛma a ɛtete saa ho redannan pen ne pɛnsere ahorow bi. Bere a ɔyɛ te sɛ nea biribi haw no no, ɔhwɛ baabi a ogyina no soro ne fam. Bere a ɔyɛ bɔkɔɔ no, ɔdan ne nipadua a agurow no hwɛ ɔfã foforo na n’ani kyin fa n’akyi wɔ faako a ɔwɔ hɔ. Ogyae ne nsa nifa to ne ho na ɛdenam nsateaa biako a ɔyɛ ntɛm de fa so no, ɔde adaka ketewa a pen anaa pɛnsere dodow bi hyem no kɔhyɛ m’atade soro nsa ho. Bere a ɔnantew bɔkɔɔ fi hɔ kɔ no, ɔyɛ ntɛm de ne nsa hyɛ n’atade soro kotoku mu na ɔde pen ne pɛnsere adaka no to mu. Nanso, ansa na akwakora no redu ɔpon a epue abɔnten no ano no na nsa bi a emu yɛ den aso ne mu retwe no, na wofi hɔ kɔ ɔdan bi mu.
Simma aduonu abiɛsa akyi no, mmeawa bi a wɔyɛ mmofra koraa hwehwɛ ntade bi a wɔde asensɛn hɔ a wɔakyerɛw abɔ hɔ sɛ, WƆDE HYƐ KƆ SUKUU mu hwɛ. Ɛda adi sɛ wɔn ani agye atade biako bi ho sɛ ɛbɛfata wɔn. Wɔn mu biara so mu de toto ne ho hwɛ sɛ ɛne no bɛyɛ pɛ anaa. Womiamia atade a emu yɛ bɔkɔɔ no hwɛ. Wɔhwɛ ɛbo no. Ne bo yɛ den. Wosusuw ho, na nea efi eyi mu ba ne anigye, ɔserew ne gyinaesi. Wohu sɛ onipa a ɔtɔn ade no nni hɔ. Aboawa biako yɛ ntɛm ma n’atade so, na ɔde atade a wɔrehwɛ no kyekyere n’asen basaa bi na ogyaw n’atade no gu so bio. Ansa na wɔredu ɔpon a ɛkɔ abɔnten no ano no, ɛdɔn bi bɔ na, te sɛ nhyehyɛe bi a wɔadi kan ayɛ no, obi a ɔwɛn aguadidan hɔ kyere mmeawa a wɔayɛ basaa na wɔn ani atane wɔn ho no. Wɔde wɔn nso fi hɔ kɔ ɔdan bi mu.
Bɛyɛ sɛ saa bere no ara abeawa bi a ɔwɔ ne mfe 20 mu a okura biribi a wɔakyekyere ho de ntoboase rehwehwɛ anyinam ahoɔden radio dɔn anaasɛ wakye bi ho hwɛ. Ɔde ne nsa suso ade fɛfɛ no mu. Ɛyɛ ade a ɛyɛ fɛ yiye a ɔbea biara nya bi wɔ ne dan mu a eye. Bere a radio dɔn no kura ne nsam no, ɔnantew kakra kɔ baabi, na bere a ɔsan ba no, na radio dɔn no nkura no. Na ayera afi ade a ɛkyekyere ho no mu akɔhyɛ baabi foforo. Ahokyere anaasɛ kitikiti wɔ ɔkwan a wɔfa mu pue abɔnten no ano. Abeawa no fi mu kɔ kar bi a ɛretwɛn ho. Wɔn a wɔwɛn aguadidan hɔ no mu abien so ɔno ne ofirikafo no mu. Baanan no fi hɔ kɔ ɔdan bi mu.
Nsɛmmɔnedi Kɛse
Asɛm a woakenkan no mprempren yi yɛ nokware. Wɔn nyinaa yɛ wɔn a wowiawia aguadidan mu nneɛma! Wɔabu akontaa ahu sɛ nnwuma nketenkete abiɛsa biara mu biako a wɔbɔ ka ma afiase anaasɛ aguadidan no gu no yɛ saa denam nneɛma a wowiawia fi afiase no mu tẽe no so. Ɛyɛ nsɛmmɔnedi biako a ɛfa sika ho a ɛsõ sen biara wɔ ɔman mu.
Wɔ 1978 mu no, wɔn a wowiawia sika fi sikakorabea ahorow a wɔwɔ Amerika wiaa sikakorabea ahorow sika dɔla ɔpepem 25. Wɔ 1977 mu no, nneɛma a ɛyerayerae a efi afiase nneɛma a wowiawia a wobuu ho akontaa no, na ɛbɛyɛ dɔla ɔpepem mpem 8—ɔpepem 20 da koro biara. Animdefo anaasɛ abenfo tumi huu saa sika dodow no sɛ ɛrekɔ anim kɛse boro dɔla ɔpepem mpem 10 wɔ 1979 afe no mu.
Nnipa a wowiawia afiase mu nneɛma baasa biara mu baanu a wɔahu wɔ aman pii mu no nya nnii mfe 21. Nanso, ɛnyɛ mmofra nkutoo na wowia nneɛma fi aguadidan mu. Ɔbarima a ne mfe akɔ anim a wɔkaa ne ho asɛm mfiase wɔ asɛm yi mu no na wadi mfe 90. Nanso, na mmeawa nkumaa no adi mfe 10 ne 11. Nokwarem no, sɛnea animdefo bi kyerɛ no, wɔn a aka kakra ma wɔawie ntoaso sukuu no trɛw mmofra a wowia afiase mu nneɛma a wɔrefi ase no mu.
Mpɛn pii no, bere a ɛfa nnipa baanu ho, te sɛ mmeawa nkumaa baanu a yɛaka wɔn ho asɛm dedaw no, wofi anibiannaso mu wia aguadidan mu nneɛma bere a wonim sɛ ɛyɛ hu anaasɛ asiane betumi afi mu aba no. Wɔ afoforo fam no, ebia ɛbɛhwehwɛ sɛ wɔde wɔn ho bɔ fekuw bi, anaasɛ ɛdenam nhyɛso a efi mmofra ana atipɛnfo hɔ nti. Wɔbɔ amanneɛ sɛ kakraa bi pɛ na wowia ade fi afiase esiane sɛ wohia ade no ankasa nanso wontumi ntua ho ka nti.
Eyinom yɛ wɔn a wɔmfa nyɛɛ wɔn adwuma. Wɔyɛ mmofra ne mpanyin, nnipa ahorow nyinaa, na neɛma ahorow pii nti na wowia ade. Sɛ wɔde wɔn toto wɔn a wɔde ayɛ wɔn adwuma no ho a na eyinom dɔɔso pii.
Wɔyɛ ɔhaw ma oguadini a ɔyɛ mmerɛw. Nea ɔde afiase nneɛma a wowia ayɛ n’adwuma no te saa ara. Onya nea ɔde hwɛ ne ho denam nneɛma a owia a ɔsẽsa kɔ sika mu no so. Enti, nneɛma a owia no yɛ aboɔden sen nea wɔn a wɔmfa nyɛɛ wɔn adwuma wia no. Bebree a wɔde ayɛ wɔn adwuma no fa nneɛma te sɛ television ahorow, radio ahorow, mmarima ntade, mpaboa—nneɛma a wɔfa dɔɔso pii. Aa, sɛ saa adan a wɔfa nneɛma kɔ mu kosusuw hwɛ no tumi kasa nkutoo a!
Sɛ odwumayɛni a ɔbɔ nneɛma ho ban hu obi a ɔde ayɛ n’adwuma no saa a, obu eyi sɛ hokwan anaasɛ akyɛde a wanya. Nanso nea ne ho akokwaw wom no na ɛsɛ sɛ nea ɔbɔ nneɛma ho ban no hwɛ ne ho yiye wɔ no ho. Mpɛn pii no, ɔkorɔmfo no kura akode na, nea etwa to koraa no, ɔde bedi dwuma. Sɛ wohu no a, nea ɔde aguadidan mu adewia ayɛ n’adwuma no ho betumi ayɛ hu.
Nhyehyɛe a Emu Yɛ Den
Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔadi dwuma atia adewia a ɛkɔ so wɔ aguadidan mu no, aguadidan ahorow fã kɛse ara a ɛwɔ Amerika nyinaa reyɛ nhyehyɛe a emu yɛ den. Wɔabɔ ka dɔla ɔpepem pii wɔ nneɛma ahorow a anyinam ahoɔden ma edi dwuma a ɛfata ho reyɛ eyi. Akwakora a wadi mfe 90 a wohuu no sɛ ɔrewia pen ne pɛnsere a ɛhyɛ adaka mu no, ná wɔde afiri a wɔde twa mfonini rehwɛ no, na afei ɛdenam radio bi a nnipa baanu de di nkitaho so no, ɛkyerɛɛ aguadidan ‘bi a ɛbɛn hɔ wɛmfo kwan kɔɔ ne nkyɛn. Saa kwan no ara so na wɔnam kyeree ɔbea a na okura radio dɔn no. Wɔ mmeawa nkumaa baanu a na atade wɔ wɔn hɔ fam no, ade ketewaa bi a anyinam ahoɔden wom a na wɔde abɔ atade no mu a ɛsɛ sɛ ɔdetɔnfo no tew bere a obi atɔ atade no, bɔɔ dɔn ketewaa bi bere a ɛfaa anyinam ahoɔden bi mu no.
Aguadidan ahorow bebree afi nhyehyɛe titiriw ase de retete adwumayɛfo sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu wɔn a wowia aguadidan mu nneɛma no mfitiase su horow ne akwan horow a wɔfa so. Aguadidan ahorow binom mpo afa nnipa bi a wosuasua wɔn a wowia aguadidan mu nneɛma ma wɔkyere wɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔhwɛ no betumi ahu sɛ wɔde nhyehyɛe bi a emu yɛ den redi dwuma. Afiase awɛmfo no mu biako a ɔtaa pia ade a ɔretotɔ nneɛma gu mu no yɛ te sɛ ɔdetɔfo bi a ne ho nni asɛm.
Bere a wɔde ɔbarima a wadi mfe 90 no kɔɔ ɔdan mu no, wodii kan hwehwɛɛ ne ho hwɛe sɛ ɔwɔ akode hyɛ ne ho anaa. Afei wɔkaa nea wobetumi ayɛ no kyerɛɛ no ɛwom sɛ na ɛnyɛ wɔn asɛyɛde de. Esiane sɛ wohui sɛ na eyi ne ne mmarato a edi kan na ne mfe akɔ anim nti, wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkyerɛw ne mfomso a wadi no mma wɔn na wɔhyɛɛ no sɛ ɔmma hɔ bio da. Mmeawa nkumaa baanu no abasam tui anaasɛ wɔn ho popoe, ɛnyɛ sɛ na wɔn a wɔwɔ aguadidan no mu ahu wɔn nko, na mmom sɛ wɔmaa wɔn awofo baa hɔ beyii wɔn a sɛ wɔkyere wɔn bio a nea ebesi ho kɔkɔbɔ ka ho nti. Yɛwɔ anidaso sɛ eyi bɛdɔɔso yama mmeawa no, na ɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn sɛ aguadidan mu adewia yɛ bɔne a emu yɛ duru.
Nanso, wɔ ababaa no fam de, wɔanhu no mmɔbɔ saa. Wonyaa dɔla ɔhaha pii fii nneɛma a wɔawia afi saa aguadidan no ne afa foro a ɛwɔ kurow no mu wɔ kar no a wɔhwehwɛɛ mu no mu. Na ɔka kuw bi a wɔhwehwɛ nneɛma a wɔawia atɔ no ho. Wodi ɔno ne n’afirikafo no asɛm sɛ wɔn a wɔato mmara atoa so mprɛnsa.
Nea Ɔwofo Betumi Ayɛ
So woyɛ ɔwofo a woma nsɛm yɛ wo ahiasɛm? Ka kyerɛ wo mma sɛ nneɛma a wowia fi afiase yɛ mmarato a emu yɛ duru. Aguadifo redi dwuma a emu yɛ den de atia wɔn a wowia afiase nneɛma a sɛnea nea wowiae no bo te, anaa sɛ woyɛ ɔbarima anaa ɔbea, mfe a obi adi, honam ani hwɛbea ne asetra mu dibea a obi wɔ mfa ho. Kyerɛkyerɛ mu sɛ ka a wɔka sɛ obi di fɔ sɛ ɔdebɔneyɛfo esiane nneɛma a owia fii aguadidan mu nti no kyerɛ kyerɛwtohɔ a polisifo ayɛ a ebetumi ama wɔahwere adwuma a wobenya ayɛ, sɛ aban bɛhwɛ wɔn esiane mmɔden a wɔbɔ wɔ adesua bi mu nti anaasɛ bosea a wobetumi abɔ mpo. Ebetumi aka biribiara a ɛfa nea wɔayɛ atwam a ehia sɛ wɔhwehwɛ mu daa no.
Dɛn na anka abeawa a ɔde atade a wawia afi aguadidan mu bɛba fie no bɛka akyerɛ n’awofo? Anka ɔbɛka sɛ ɛyɛ atade bi a n’adamfo de ama no. Eyi betumi ayɛ anoyi a ɛfata ama awofo a wonsusuw adebɔne mma no no. So anka wobɛtwentwɛn wo nan ase sɛ wubebisa faako a atade, ntama anaa nneɛma ahorow soronko bi fi bae, sɛ wunim sɛ w’abofra asɛe sika sen nea onya a? Sɛ na w’abofra wɔ su a ɛne sɛ bere nyinaa “otu ahu” a, so anka wobɛhwehwɛ mu? Adefude a entumi nyɛ nokware pii a wɔde ba fie betumi asɔ sɛnea wokari ade wɔ ɔkwan a eye so no ahwɛ, anaasɛ atade a ne bo yɛ dɔla 40 a wɔatew so aba dɔla 5 betumi ama sika a ɛkɔ soro na ɛba fam no ayɛ wo nwonwa. Raincoat (osutade) anaasɛ bag a wɔde kura a obi ani gye ho kɛse a ɛno nkutoo na ‘wɔde kodi gua’ wɔ store mu betumi ayɛ biribi a ɛrebɔ wo kɔkɔ. Nsuro sɛ wubebisa nea enti a ɛte saa. Ɛyɛ papa sɛ ɔwofo bebisa sen sɛ obegyae ama afiase mpanyimfo a wɔbɔ hɔ ban no.
Mmara bi a afe biako ni a wɔhyɛe wɔ Oregon ma aguadidan ahorow kwan sɛ wɔnkyerɛw nkrataa nkɔma wɔn a wowia aguadidan mu nneɛma sɛ wɔmfa nneɛma a wɔawia no nsan mmra, a nneɛma no bo ne sika a wɔregye no ka ho. Pow a wɔpow sɛ wobetua kotwa wɔ asennibea. Mmaratofo no mu fã kɛse ara tua. Sɛ nea wɔato mmara no yɛ abofra a, wɔde hõ asodi to awofo no so. Ebinom bo fuw anaasɛ ɛyɛ wɔn ahi. Obiako kyerɛw kɔmaa store bi sɛ: “Mo ani begye sɛ mubehu sɛ abofra a obewiaa ade wɔ mo aguadidan no mu no mprempren yɛama waka n’ano atom na yɛde hama akyekyere no.” Nanso, awofo afoforo kyerɛ anisɔ, na wɔda aguadidan ahorow no ase sɛ wɔma wohuu asɛm no mu, na wɔma mmofra no tua ka no denam adawurubɔ nkrataa a wɔtɔn ne wɔn sika a wonya so.
Boa w’abofra ma onkwati saa ade a wofi anibiannaso ne nhyɛso a efi wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ nnamfo hɔ mu bɛma wasɔ ahwɛ no. Sɛ wobɛteɛteɛm agu wɔn so nkutoo bɛkɔ akowie amanehunu kɛse mu. Wiase dedaw yi ne n’adefudepɛ retwam ntɛmntɛm akɔ. Boa w’abofra ma onyae nneɛma a ɛyɛ obi foforo de a ɔbɛfa, adeyɛ a ɛyɛ wiase yi fã kɛse no. ‘Awifo rennya Onyankopɔn ahenni no.’ (1 Kor. 6:10) Fa adebɔne a obekyi na wadɔ adepa hyɛ ne mu, na obenya ahonyade mmoroso wɔ Yehowa Nyankopɔn trenee nhyehyɛe foforo a abɛn yiye no mu.—Mmeb. 8:13.