Ade A Wosim Denam Osuahu A Ɛyɛ Yaw So
Saa osuahu yi fi ɛna bi a ɔwɔ Australia a bere a n’aware sɛee no ɔsɔɔ biribi foforo hwɛe no ho
ME NE ɔbarima bi traa ase bɛyɛ sɛ mfirihyia abiɛsa a yɛanware. Dɛn na efii mu bae? Metumi aka wɔ nokwaredi nyinaa mu sɛ, wɔ nkate ne adwene mu no, ɛyɛ m’asetra bere mu mfirihyia abiɛsa a enye koraa.
Yɛhyɛn abusuabɔ a ɛte sɛɛ mu a yekura adwene a nnipa pii kura mprempren no bi, sɛ, ‘Nea ɔwɔ aka no suro sonsono,’ afei nso, ‘Wunhu obi gye sɛ wo ne no atra ansa.’ Enti sɛ nneɛma anyɛ yiye a, mete nka sɛ ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ mɛtetew saa abusuabɔ no mu kyɛn sɛ yebegyae aware wɔ asenniibea.
Ahobammɔ a Enni Hɔ De Ɔhaw Foforo Ba
Nanso saa nsusuwii no ara na ɛde ɔhaw horow no ba. Efi mfiase pɛɛ na ahobammɔ a wonni nkate fii ase. Wobɛyɛ dɛn ate ahobammɔ nka, anaasɛ wote hɔ dwoodwoo, bere a wunnim sɛ oniiko a wo ne no te no ne wo bɛtra afe yi anaasɛ afe sesɛɛ, anaasɛ mpo ɔsram a ɛreba no mu.
Abusuabɔ a wɔpene so saa ara no kyerɛ biribi a ɛrenkyɛ. Osuro wɔ hɔ bere nyinaa sɛ obi foforo bepue na abusuabɔ no bɛdan akɔ oniiko no so. Enti saa ninkuntwe nkate a ɛyɛ hu a ɛsɛe ade no wɔ hɔ bere biara, a asiesie ne ho sɛ ɛbɛpae.
Ɔhaw Afoforo
Yiw, ɔhaw wɔ hɔ bere nyinaa. Wo koma ntumi ntɔ wo yam, efisɛ ɛsɛ sɛ wohwɛ wo ho so yiye bere nyinaa sɛ worenyɛ biribi anaa worenka biribi a ɛbɛpam ɔfoforo no ama wakɔ. Na wote osuro nso nka, efisɛ nea ɛde ntawtawdi no aba ne sɛ obi de nkate yi bedi dwuma wɔ ɔkwammɔne so aka sɛ, ‘Ɛnde merekɔ.’
Asɛm sɛ wopene so saa ara yɛ ɔhaw kɛse ma me. Ɛma mete nka sɛ me nsom bo na ɛma mehweree obu a mewɔ ma m’ankasa me ho wɔ adwumayɛ mu, efisɛ ɛsɛ sɛ mekyerɛkyerɛ mu sɛ meyɛ ɔyere a wɔafa no saa ara. Ɛyɛ a na mepɛ sɛ mekyerɛkyerɛ mu yiye sɛ menyɛ obi a ɔbɔ ahohwi, na menyɛ onipa a ofi ɔbarima biako so kɔ ɔfoforo so. Nanso, madan obi a ɔbɔ ahohwi, sɛ ɛyɛ ɔbarima biako anaasɛ bebree, na m’ahonim haw me kɛse.
Adwenemhaw nkate nso fii ase. Metee nka sɛ m’abotow, me mfata, sɛ masɛe m’ankasa me ho. Mprempren mpo, bere a saa abusuabɔ yi baa awiei bɛyɛ mfirihyia anum ni no, m’afɛre na mete nka sɛ me ho ntew koraa na mepɛ sɛ misiw eyi ho nkae nyinaa fi m’adwenem koraa. Nanso mintumi, efisɛ, sɛnea Ɔbɔadeɛ no ka no, ‘nea wudua no ɛno na wutwa.’ Me ba abarimaa ketewaa a minyaa no fii saa aware no mu no kae me eyi da biara da.
Ɛnyɛ sɛ mewɔ saa nkae yi wɔ nipa dua mu nko na mmom esiane ɛno nti mesakraa me din faa n’agya din. Metee nka sɛ metumi abɔ ɔne ne me mmabarima baanu no ho ban afi me mfitiase aware no ho a minnya adwemmɔne biara. Aniani so no na ɛte sɛnea m’aware mpɛn abien. Nanso ɛma meyɛɛ obi a onni nokware da biara a wɔde saa din no bɛfrɛ me.
Bere a Mitwa M’ani Hwɛ M’akyi
Sɛ mitwa m’ani hwɛ m’akyi a, mihu sɛ meyɛɛ pii kyɛn m’ankasa me din a mesɛee no. Mede me mma baasa no baa tebea bi mu a ɛbɛma mmofra afoforo asɔre atia wɔn wɔ sukuu mu, ne nyinaa wɔ wɔn na abrabɔ nti a wɔrentumi nnye ho akyinnye. Ɛbɛma wɔafɛre.